Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g88 1/8 kr. 14-18
  • Fi Abibifo Akofofo Mu Bɛyɛ Yehowa Adansefo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fi Abibifo Akofofo Mu Bɛyɛ Yehowa Adansefo
  • Nyan!—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Madeline Bɛka Me ho wɔ Tufts
  • Yɛkyerɛkeyerɛ “Abibifo Som”
  • Abotu Fi Ase na Enyin
  • Abasamtuw Ba Mu
  • Hann a Yehui Sakra Yɛn Asetra
  • Honam Fam Nneɛma Nkutoo Nnɔɔso
  • Sɛnea Abibifo Nyamekyerɛ Sɔree
    Nyan!—1988
  • South Africa Mmusua Pii, Ntawntawdi Pii, Nanso Ebinom Nya Asomdwoe
    Nyan!—1986
  • So Bible No Yɛ Oburoni Nhoma?
    Nyan!—1982
  • Bible Nnyinasosɛm Ho Wɔ Mfaso—Sɔ Hwɛ!
    Nyan!—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1988
g88 1/8 kr. 14-18

Fi Abibifo Akofofo Mu Bɛyɛ Yehowa Adansefo

Abaninsɛm Akwantu a Efi Abibifo Tumi mu Kɔɔ Abasamtuw mu na Afei Ekowiee Hann a Wonyae Mu

NÁ ABORƆFO sukuufo a wɔwɔ wɔn ahosiesie dapɛn mu wɔ Tufts Sukuupɔn mu wɔ Boston no resua wɔn adesua ne sɛnea wɔbɛtra sukuu mu hɔ no ho ade. Ná Abibifo sukuufo no rehyia nnipa te sɛ Angela Davis, Dick Gregory, Abibifo Nkramofo. Ne na sukuu mpanyimfo no nnim ho hwee no, nsɛmmɔnedifo a wofi akofofo kuw mu nso. Wɔne wɔn ankɔbeafo bae bɛkaa nea ɛrekɔ so ne nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama anidan no akɔ so kyerɛɛ yɛn. Wobuee yɛn ani wɔ nneɛma bɔne a ɛrekɔ so ho na wɔkanyan yɛn wɔ sɛnea abibifo tumi ho hia no ho. Bere a wadi mfe 17 no, ɛnyɛ den sɛ ntɛnkyea bɛka wo, na mihuu sɛnea ɛho hia sɛ mekɔ so yɛ tumm no.

Ná ɛyɛ 1969 mu ne m’afe a edi kan wɔ Tufts. Ankyɛ na biribi a ɛbɛsɔ obibini a meyɛ no ahwɛ no sii. Ná wɔde abibifo adwumayɛfo kakraa bi resi dabere bi. Bere a owia puei no na yɛwɔ baabi a wɔresi ɔdan no. Nnipa afoforo a wofi baabi foforo de atuo ne akode afoforo bae. Yɛpaw asafohene. Ná meyɛ kuw biako so safohene. Na mmea abiɛsa ka me ho. Na yɛwɔ yɛn mfiri a yɛde di nkitaho na na yɛabram yɛn apon akyi.

Nanso bere a adansifo no baa adwuma no, mise, wɔn ani beree! Wɔ wɔn fam no na ɛyɛ asɛm a ɛfa nea wobedi ho. Na ɛne honam ani hwɛbea nni hwee yɛ. Na eyi reka wɔn mmusua. Wɔpɛe sɛ wɔtetew yɛn mu asinasin! Ankyɛ na polisifo bae, a wɔasiesie wɔn ho rebehyia basabasayɛ na wokura mporibaa a ɛware sen sɛnea anka ɛsɛ sɛ ɛyɛ no anammɔn biako. Wɔbɛyɛɛ ɔfasu wɔ yɛne adwumayɛfo no ntam, na abɔanimdi no baa awiei.

Ná merekɔ sukuu ahorow abien mu saa afe no. Na wɔakyerɛw me din wɔ Tufts, nanso na minya kyɛfa wɔ nsesadi nhyehyɛe a Tufts ne Massachusetts Institute of Technology reyɛ no mu. Obibini bi a ɔyɛ nyansahu mu ɔdesuafo baa me nkyɛn wɔ MIT. Atopae ne sraadi ho nsɛm pii wɔ MIT nhoma korabea hɔ. Wiɛ, saa obibini nyansahufo yi ka kyerɛɛ me sɛ: “Me nua, sɛ wo pɛ sɛ wode kɔ a [dabere a wɔresi no mu] ɛdɛn​—woyɛ mfiridwumayɛfo, ɛnte saa?” Mekaesɛ “Yiw.” Ɔkae sɛ: “Metumi ayɛ aduru a wɔde yɛ ɔtopae no bi, na wode ma yɛmfa ne nyinaa nkɔ fam hɔ kɛkɛ.” Nanso na mensiesiee me ho mmaa ɛno.

Me din de Larry Whitehead. Wɔwoo me wɔ Washington, D.C., na wɔtetee me wɔ Arlington, Virginia. Mihyiaa animguase, nketewaa ne akɛse, a wɔde ba abibifo so no pii. Mefaa afrafradi afe a edi kan no mu wɔ ntoaso sukuu mu​—Ku Klux Klan ne Nasi amanyɛ kuw no a na wɔaba Virginia no ammoa adeyɛ no. Na mewɔ nkate a emu yɛ den wɔ aborɔfo ho, nanso Tufts na ɛkyerɛkyerɛɛ me ma mebɛyɛɛ ɔkofofo.

Madeline Bɛka Me ho wɔ Tufts

Afe a edi hɔ mu no Madeline baa Tufts​—ɔde Afro ti nhwi kɛse bi, obibini kuturuku mfonini ahorow, Abibifo Tumi no mu biribiara na ɛbae. Ɔkyerɛkyerɛ sɛnea ɛyɛe no mu:

“Ná ɛyɛ soronko wɔ me fam. Bere a mebaa Tufts no, na meyɛ ɔkofofo dedaw. Menyinii wɔ baabi a na mene aborɔfo na ɛte; na aborɔfo na wɔdɔɔso wɔ ntoaso sukuu mu hɔ; na me nnamfo pii yɛ aborɔfo. Nanso wɔ m’afe a ɛto so 11 no mu no, basabasayɛ bi sii wɔ adidibea hɔ​—na wɔakum ‘Martin Luther King, na na nkurɔfo bo afuw pii wɔ mmeae pii. Enti abibifo ne aborɔfo koe wɔ adidibea hɔ. Na ɛsɛ sɛ wɔto sukuu no mu. Bere a me nnamfo aborɔfo a mene wɔn nyinii no daa ɔtan ne anibere adi no me ho dwiriw me kɛse. Ɛmaa me bo fuwii. Mesakrae kɛse. Mitwitwaa me ti nhwi, mema efuw yɛɛ Afro, na migye gyinaa Abibifo Tumi no mu. Bere a miduu Tufts no, na tan a metan aborɔfo no ayɛ kɛse.”

Mene Madeline nyinaa bɛyɛɛ nsi wɔ abibifo kuw no mu wɔ Tufts. Na ɛyɛ nsakrae kɛse bere. Ná wɔretete akuw atitiriw bi wɔ sukuu mu hɔ. Ná Vietnam ɔko no yɛ ɔsɛmpɔw a emu yɛ den. Ná Students for Democratic Society kuw no ano yɛ den. Afei na na nnubɔne a wɔde di dwuma no afi ase denneennen. Mene Madeline mu biara annom nnuru no bi, nanso ɛnyɛ sɛ wɔn a na yɛne wɔn bɔ no nom nko na mmom na wɔtɔn nso.

Ná Tufts yɛ sukuu a aborɔfo na wɔdɔɔso wom, nanso wɔmaa kwan maa abibifo sukuufo tew wɔn ho, na na yɛn nso yɛwɔ Afro Society Black Orientation kuw. Mebɛyɛɛ Afro-American Society kuw a na ɛwɔ mpeneso wɔ kurow no mu nyinaa no titrani. Kum a wokum Martin Luther King no kanyan saa abibifo dwumadi yi mu pii, Malcom X wu no de ne de bɛkaa ho, na bere a wokum Jack ne Bob Kennedy nyinaa no (na wɔne ‘aborɔfo a woye” sen biara) , ɛmaa abibifo abam bui.

Ná yɛn nso yɛpɛ sɛ wohu yɛn sɛnea yɛte. Yefii ase kenkan Marcus Garvey nhoma ahorow, Back to Africa, James Baldwin nhoma ahorow. Ná nea woyi wɔ yɛn sini mu ne amumɔyɛsɛm akwan, abibifo a ahia wɔn na wosisi wɔn. Woyii Arabfo mmea ne mmofra a wɔpɛ sɛ wɔkɔ mmeae bi a nnipa afoforo ntumi nkɔ, enti wɔkɔe a atopae hyehyɛ wɔn ho na wɔtow gu mmeae a ɛte saa​—wɔde wɔn nkwa too hɔ maa adeyɛ no. Enti wɔde hyɛɛ yɛn mu sɛ yɛnyɛ saa ara.

Yɛkyerɛkeyerɛ “Abibifo Som”

Ná migye Onyankopɔn di bere nyinaa, a na mehwehwɛ no. (Asomafo no Nnwuma 17:27) Nanso anka mereyɛ ahwere no koraa wɔ 1970 mu. Yɛkyerɛkyerɛɛ ade bi wɔ Tufts a na wɔfrɛ no Abibifo Som. Na ɛyɛ Bible no a wɔkasa tia ankasa. Ná Abibifo Nkramofo no na wɔn ano yɛ den wɔ eyi mu, na wɔkae sɛ aborɔfo a wɔde Bible ba mo nkyɛn no yɛ abonsam. Titiriw no wɔn a wɔn ani ayɛ bruu na wɔn ti nhwi yɛ kɔkɔɔ no. Ɔkwan foforo so no, na Yesu yɛ obibini a ne ti nhwi te sɛ oguan nhwi.

Bere a yeduu adesua no fã yi no na mehyiaa Tim Sieradski. Ná ɔso, ne ti nhwi kɔkɔɔ, n’ani bruu, a na ɔba a okura Bible wɔ ne nsam​—oburoni bonsam a n’ani bruu a mahyia no! Anaasɛ saa na misusuwii. Ná ɔyɛ Yehowa Adansefo mu biako. Bere aɔbaa me pon ano no, meka kyerɛɛ me ho sɛ: ‘Hwɛ saa ɔbonsam kɛse a n’ani bruu no a ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ me Bible.’ Nanso ankyɛ na mihui sɛ onim Bible no yiye, na na mepɛ sɛ ɔkyerɛ me Bible no mu faako a ɛka sɛ na Yesu ti nhwi te sɛ oguan nhwi no.

Mmom no ɔkaa saa wiase yi awiei ho asɛm, na ɔde kyerɛw nsɛm sii so dua. Esiane sɛ meyɛ mfiridwumayɛfo nti, na m’ankasa fi nyansahu mu ate ase sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Ná minnim Bible no mu yiye​—minsuaa da. Tim kenkan kyerɛwsɛm bi a ɛmaa me ho dwiriw me: “Ɔmaa nnipa aman nyinaa fi onipa biako mu traa asase so nyinaa.” (Asomafo no Nnwuma 17:26) Enti mitiee Tim.

Nanso ɛnyɛ Madeline! Ma ɔnka nea enti. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ná mayi m’adwene afi asɔre so koraa. Bere a midii mfe 16 no, mihui sɛ ɛyɛ nyaatwom kɛse. Na minim sɛ mentra ase wɔ ɔkwan pa so​—saa bere no na mene Larry nyinaa te faako​—nanso na meremfa asɔre kwan no so na memmɛyɛ nyaatwomni wɔ ho. Enti bere biara a Tim de ne ti nhwi kɔkɔɔ ne n’ani bruu ne ne Bible a ekura ne nsam no bɛba no, menkasa ne ho. Sɛ ɔba a na mapue afi.”

Yɛne Tim ntam tetewee. Ná yensiesiee yɛn ho sɛ yebegyaw Abibifo Tumi kuw no. Afro-American Society kuw no yɛɛ nhyehyɛe sɛ ɛbɛkɔ akohu kuw bi a wɔfrɛ wɔn The Last Poets no mufo. Na eyinom yɛ abibifo a wɔde anwensɛm hyehyɛ nnwom. Nea na wɔka ho asɛm nyinaa ne ɔman anidan: ‘Abibifo nka mmom, wɔnyɛ den, wontu aborɔfo ngu, na wɔmma asetra nyɛ yiye.’ ‘Monka mmom nyɛ adwuma, montwe kondua koro’ ne nnwom a na wɔto no mu nsɛm ahorow. Enti mene Madeline sii gyinae sɛ abibifo nkutoo na yɛne wɔn bɛbɔ.

Abotu Fi Ase na Enyin

Yɛkotuaa sika bi wɔ ɔdan bi a ɛyɛ abibifo bi dea ho. Bere a yɛatwɛn na yɛatie anoyi pii asram abiɛsa akyi no, wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ wɔde ama obi foforo. Ansa na ɛno rebɛba no, na mewɔ ɔdan wɔ baabi a abibifo nkutoo na wɔte hɔ, na abibifo bubui bewiaa biribiara a mewɔ. Anadwo bi na mewɔ aguadidan bi a wɔtɔn ais krim wɔ mu mu ne me maame a ɔwɔ akyirikyiri no rekasa wɔ telefon so. Abibifo baasa baa hɔ bewiaa beae hɔ. Manhu kosii sɛ obibini biako a ɔwɔ m’akyi no kae sɛ, “Yɛ bɔkɔɔ, me nua.” Mitwaa m’ani, na na ɔde tuo a wɔfrɛ no .45 automatic no bi asi m’akyi. Me nua bibini ampa!

Mihui sɛ abibifo tow hyɛ abibifo so sɛnea aborɔfo yɛ no ara pɛ. Ɛnyɛ ɔhonam ani hwɛbea, ɛnyɛ abusua; ɛyɛ nnipa ara kwa. Ɛyɛ awerɛhow ne abasamtuw. Yɛsan hwɛɛ abibifo a yɛne wɔn bɔ fekuw wɔ Tufts no mu bio. Wɔ mmarima ne mmea akuw horow no nyinaa mu no, na nokware onuadɔ biara nni hɔ; na saa ara nso na yɛanhu wɔ Afro-American Society kuw no mu. Na ɛnyɛ den mma me mfɛfo no mu binom sɛ wɔbɛbrɛ abibifo mmea ase. Ná abibifo mmeawa ba sukuu mu hɔ. Wɔn awofo de wɔn ho abɔ afɔre mfe pii sɛnea wobenya sika de wɔn aba hɔ. Afei abibifo mmarima kyerɛ wɔn nnuru nom. Nea ekowie ebinom mpo ne sɛ wɔbɔ mmɔden sɛ wobekum wɔn ho.

Afei yɛhwɛɛ saa mmofra a wɔatwa yɛn ho ahyia yi, abibifo ne aborɔfo no nyinaa. Ná ebinom yɛ wɔn a nnubɔne anya wɔn so nkɛntɛnso, ebinom yɛ asadweam, na na wɔn mu pii dwen wɔn nkutoo ho kɛse. Na eyi ne awo ntoatoaso a wiase no daakye hyɛ wɔn nsa? Baabiara a yɛbɛhwɛ no, na yennya mmuae biara, sɛ efi abibifo hɔ anaasɛ aborɔfo hɔ.

Abasamtuw Ba Mu

Na abotu redan abasamtu. Madeline kyerɛkyerɛɛ ne nsɛnnennen a na ɛrekɔ anim no mu: “Ná yɛkɔ nhyiam ahorow yi nyinaa, na wɔ ase no na wɔkɔ so ka sɛ ɛho nhia sɛ yenya mmara ahorow biara. Nea wopɛ sɛ woyɛ biara ye. Ɛno yɛ basabasayɛ. Wurentumi mfa saa ɔkwan no so nyɛ hwee.”

Me ne no yɛɛ adwene. Nea na mehwehwɛ bere nyinaa no ne akwankyerɛ bi a adesamma betumi de atra ase. Mfiase no na mete nka sɛ sɛ yɛn nyinaa yɛ abibifo a yɛn nyinaa fi faako na yɛaka abom wɔ ade biako bi a yɛrehwehwɛ ho mu a, ɛnde anka ɛbɛyɛ yiye. Ɛno na yehui sɛ abibifo nyɛ soronko biara wɔ aborɔfo ho​—ɛnyɛ papa, ɛnyɛ bɔne, papa ne bɔne a adi afra no ara. Ɛsɛ sɛ nkabom nya biribi a ɛsen abusua nkutoo gyina so.

Ɛdaa adi sɛ, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nsakrae ahorow. Na nneɛma rekɔ bɔne ama yɛn. Anwummere bi mekaakae sɛ: “Mehwɛɛ sini bi wɔ Tufts a na ɛkyerɛ amansan yi kɛse, sɛnea wɔahyehyɛ no no. Ɛmaa me ho dwiriw me kɛse, na mekae sɛ misusuwii saa bere no sɛ ɛno rentumi mma ara kwa. Sɛ nhyehyɛe a ɛte saa wɔ hɔ wɔ amansan no nyinaa mu de a, ɛsɛ sɛ akwankyerɛ ahorow a Onyankopɔn de ama adesamma nso wɔ hɔ.”

Yefii Tufts, yɛwaree, na yefii Onyankopɔn a ɔyɛɛ saa amansan yi a biribiara ahyehyɛ pɛpɛɛpɛ no, Asase okyinsoroma no, ne adesamma a wɔwɔ so no a yɛrehwehwɛ no no ase.

Wɔ yɛn nhwehwɛmu no mu no, yɛkɔɔ Bible adesua nhyiam bi wɔ African Methodist Episcopal asɔre no mu. Yɛde nhoma Aid to Bible Understanding a na Tim de ama yɛn asram bi a atwam mu no kaa yɛn ho kɔe. Na nkɔmmɔbɔ no fa guankɔbea nkurow ho. Na obiara nnim kosi sɛ mekenkan ho asɛm wɔ Aid nhoma no mu. Obiara ani gyei kosii sɛ wohui sɛ Yehowa Adansefo na wotintim nhoma no. Ɔdan no mu yɛɛ dinn. Na na eyi betumi ayɛ Bible adesua nhyehyɛe?

Hann a Yehui Sakra Yɛn Asetra

Yefii hɔ na yɛansan ankɔ bio. Ɛma mihui sɛ ɛbɛyɛ sɛ wɔn a wonim nea wɔreka ho asɛm no ne Tim ne Yehowa Adansefo no nkutoo. Mekaee Tim din a edi akyiri no, na mehwehwɛɛ ne telefon nɔma, na mene no kasae. Ɔne yɛn fii ofie Bible adesua a wɔyɛ no daa ase. Na afei de Madeline mpo ani gyei sɛ ɔne Tim bɛkasa​—ɔnyɛ saa “ɔbonsam a ne ti nhwi kɔkɔɔ na n’ani bruu” no bio.

Nneɛma a ɛyɛ anigye fii ase sisii. Ná meyɛ adwuma wɔ mfiridwuma kuw kɛse bi a ɛwɔ Boston no mu. Wɔfrɛɛ me kɔɔ office na wɔka kyerɛɛ me sɛ sɛ megyae Ɔdansefo a meyɛ no na masan akɔ kɔlege akonya abodin a, anka wɔde me bɛyɛ adwuma kuw no titrani abadiakyiri. Mepowee. Wɔbɔɔ me ne Madeline asu sɛ Yehowa Adansefo wɔ 1975 mu, na Madeline fii ase yɛɛ daa ɔkwampaefo bere nyinaa ɔsomfo.

Minyaa osuahu biako bi a ɛma akomatɔyam yiye wɔ mfiridwuma adwuma no mu hɔ. Na me ne Mike a ɔyɛ obibini mfiridwumayɛfo bi na ɛyɛ adwuma wɔ hɔ. Ná ɔyɛ okyinnyegyefo yiye, na nsɛm a n’ani gye ho kɛse no mu biako ne adannandi. Saa da no, bere a na mfiridwumayɛfo afoforo bɛyɛ baanum wɔ hɔ no, na wayere ne ho reka sɛnea wubetumi akyerɛ sɛ adannandi yɛ nokware no. Afei ɔdan ne ho kyerɛɛ me na ɔkae sɛ: “So ɛnte saa, Larry?”

Enti ɛhyɛɛ me ma medaa me gyinabea adi. Ná menhyɛɛ da nnii adanse nkyerɛɛ kuw biara. Ná anka ɛsɛ sɛ meyɛ saa nanso esiane sɛ meyɛ mfiridwumayɛfo no nti, mede siei. Nanso Mike twee me fii kommyɛ no mu. Enti meka kyerɛɛ Mike sɛ: “Mike, merentumi ne wo nyɛ adwene wɔ ɛno ho.” Anka ɔreyɛ ayera wɔ ahunmu! Akyiri yi mede Ɔwɛn Aban asafo no nhoma Did Man Get Here By Evolution or by Creation? no bi maa no. Mike kenkan nhoma no nyinaa! Mprempren ɔyɛ ɔpanyin wɔ Yehowa Adansefo asafo a ɛwɔ Richmond, Virginia no mu.

Honam Fam Nneɛma Nkutoo Nnɔɔso

Bere a mifii mfiridwuma a ɛwɔ Boston no mu wɔ 1977 mu no, wɔfrɛɛ me na wɔka kyerɛɛ me sɛ mereyɛ nkwaseade. Na wonim sɛ merefi hɔ efisɛ mepɛ sɛ mitumi yɛ pii sɛ Yehowa Ɔdansefo. Me werɛ remfi saa ɔbarima yi na ogyina mfɛnsere no mu hwɛ kurow no na ɔkae sɛ: “Whitehead, wubetumi anya wo ho, wubenya sika pii, wubetumi atotɔ kar ahorow” no da. Ɔkɔɔ so kae saa ara. Nanso na madi mfe 21 na na matɔ kar afoforo abien ne ofi dedaw. Ná me nsa aka nea saa bere no nnipa pii susuwii sɛ wubetumi anya bere a wadi mfe 40 no. Na biribi foforo biara nni ha a ɛsɛ sɛ yɛn nsa ka. Na nhyehyɛe no nni biribi foforo biara a ebetumi de ama yɛn wɔ ɔhonam fam.

Ná ɛnnɔɔso. Entumi mmee, sɛnea Bible no bɔɔ kɔkɔ mfehaha bi a atwam ni no: “Nea ɔpɛ sika no, sika mmee no, na nea ɔpɛ adedodow no nnya mu mfaso. Eyi nso yɛ ahuhude.”​—Ɔsɛnkafo 5:10.

Akyiri yi Ɔwɛn Aban Asafo no de yɛn kɔɔ Las Vegas a na wohia Adansefo pii wɔ hɔ no. Yɛtraa hɔ mfe anum ne fã. Yɛn baanu somee sɛ bere nyinaa asomfo wɔ bere ne bere mu. Mmere ahorow bi wɔ hɔ a na aduan ho yɛ nã, nanso yɛammu yɛn ani angu nea ehia no so da: adesua, ɔsom, mpaebɔ. Te sɛ ɔsomafo Paulo no, yenim taamudi ne hiadi.​—Filipifo 4:12

Wɔ Las Vegas no mifii ase yɛɛ adwuma sɛ duadwumfo, na afei me ne telefon adwumakuw no yɛɛ adwuma sɛ nhyehyɛeyɛfo, na awiei koraa no wɔyɛɛ me ɔmantam no nneɛma sesɛefo wɔ Central Telephone Company no dwumadi a wɔde computer na ɛyɛ mu adwuma no mu. Akyiri yi mesan kɔɔ Alexandria, Virginia. Me ne Xerox adwumakuw no yɛɛ adwuma sɛ computer nhyehyɛe nhwehwɛmufo, a na wɔde me kɔ adwumakuw akɛse ahorow mu. Mprempren m’ankasa yɛ m’adwuma sɛ computer nhyehyɛe nhwehwɛmufo.

Mprempren me ne Madeline resom wɔ Adansefo asafo a ɛwɔ Alexandria no mu. Meyɛ ɔpanyin ne asafo no ɔkyerɛwfo wɔ hɔ. Me ne Madeline nyinaa da Yehowa ase sɛ ɔmaa yehuu hann de tee ase sɛ onipa tumi biara sɛ́ ɛyɛ obibini anaasɛ oburoni de, rentumi mma wonya adesamma nsɛnnennen ano aduru. (Dwom 146:2, 3) Mprempren yi yɛn ani gye sɛ ‘yɛbɛma N’ahenni hann no ahyerɛn’ ama afoforo a wɔwɔ ani a ɛpɛ sɛ ehu hann no. (Mateo 5:14-16)​—Sɛnea Larry Whitehead ka kyerɛe.

[Kratafa 17 mfoni]

Whitehead abusuafo no mufo ne Tim a bere bi na anka ɔyɛ wɔn “ɔbonsam a ne ti nhwi kɔkɔɔ, n’ani bruu” no

[Kratafa 18 mfoni]

Whitehead abusua no mufo no hu sɛ nsi a wɔyɛ wɔ Kristofo ɔsom adwuma mu no ma wonya nea wɔhwehwɛ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena