South Africa Mmusua Pii, Ntawntawdi Pii, Nanso Ebinom Nya Asomdwoe
Efi South Africa “Nyan!” kyerɛwfo hɔ
SOUTH AFRICA yɛ ɔman a nneɛma ahorow pii wɔ so. Nsase pa a ɛtrɛw, anhweatan a ɛsosoe, mmepɔw ne nsubɔnten a ɛnam abon a emu yɛ ahabammono mu. Mmoa ne nnomaa ahorow a wɔn ho yɛ anika ne afifide pii wɔ hɔ. Mmusua ahorow ahorow wɔ ha nso.
Nanso nea ɛyɛ awerɛhow no, mmusua ahorow a adi afra yi de ɔhaw ahorow aba. Owura Laurens van der Post kyerɛwee sɛ, “Nnipa ntam ntawntawdi wɔ South Africa sen ɔman foforo biara a ɛwɔ wiase no mu mu: ntawntawdi wɔ aborɔfo ne Asiafo, abibifo ne Asiafo, Afrikanerfo ne Britaniafo, ne Afrikanerfo ne Britaniafo ne abibifo nyinaa ntam.”
Hena na odii kan baa ha? Nea ɛyɛ nwonwa no, ɛnyɛ nnipa a yɛaka wɔn ho asɛm wɔ atifi hɔ no mu biara! Ɔbenfo Tyrrel kyerɛwee wɔ Tribal Peoples of Southern Africa mu sɛ, “Ɛyɛ nea wogye tom sɛ wɔ mmusua ahorow a wɔwɔ hɔ nnɛ mu no, Ɔhamuni ne ‘obi a watra hɔ akyɛ sen obiara’ ne sɛ, afoforo a wɔaka no yɛ atubrafo, abibifo no fi kusuu fam na aborɔfo no fi kesee fam.” Ahamufo no yɛ nnipa bi a wɔn honam ani yɛ akokɔsrade a wɔn ase reyɛ atɔre a wɔte sɛ Pygmyfo a wɔwɔ Afrika mfinimfini no. Wɔka nnipa a wotwa to a wɔnam ahayɔ ne aduan ano a wɔboaboa nkutoo so tumi tra nkwa mu wɔ asase so no ho.
Wɔn a wɔsɛ Ahamufo no kɛse ne Hottentotfo—a wogye di sɛ wɔyɛ Ahamufo ne abibifo a wɔadi afra no. Ná wɔn nso yɛ ha nanso esiane sɛ wɔnte sɛ Ahamufo no nti, wɔyɛn wɔn ankasa anantwi ne nguan. Esiane sɛ na wɔn na wɔte mpoano wɔ kesee fam nti, Hottentotfo ne nnipa a wodii kan ne aborɔfo—a wɔbɛtraa Afrika kesee fam pɛɛ fi 1652 no dii nkitaho.
Efi afeha a ɛto so anan reba no, Afrika mmusua a wɔyɛ abibifo no fii ase kɔɔ Afrika kesee fam. Ankyɛ biara na abibifo no dodow duu ɔpepem pii—a wɔapaapae wɔn ho mu ayɛ mmusua akuwakuw ɔhaha pii a wɔn mu biara wɔ n’ankasa hene. Mmusua ahorow bi a wɔka kasa koro hyehyɛɛ mmusua akuw akɛseakɛse te sɛ Zulu, Xhosa, Sotho, Tswana, Pedi, Venda ne Tsonga.
Ɔko a Wɔde Peree Asase
Ná Ahamufo no asetra kwan—ne Hottentotfo ne Afrikafo mmusua ahorow no de nhyia. Ɔko a wɔkoe wɔ nsase ho no mu yɛɛ den bere a Europafo a na wɔhwehwɛ mfuw akɛse ama wɔn nyɛmmoa bae no. Ɛwom sɛ na ɔbɔmmɔfo ketewaa no wɔ akokoduru kɛse de, nanso wɔhyɛɛ no ma ɔmaa wɔn kwan na awiei koraa no, wantumi annyina aborɔfo atuo no ano. Ebinom kɔtraa aman afoforo te sɛ Sotho mu na afoforo nso tumi traa Kalahari anhweatan a ɛso asetra yɛ den no so.
Wɔ ɔko a edi kan akyi no, na Hottentotfo no wɔ ɔpɛ kɛse sɛ wɔde wɔn ho bɛma na wɔasom aborɔfo atubrafo no. Wɔ bere tiaa bi mu no, wɔbɛyɛɛ nnipa a ɛsono wɔn honam ani hwɛbea a wɔte Cape no mufo, mmusua ahorow a wɔadi afra a wɔwɔ adamfofa su—a Europafo asefo ka ho—a wɔn honam ani hwɛbea fi fitaa kosi nea ani beredum so.
Ɔhamuni a wɔpam no fii hɔ ne Hottentotfo no so a wodii amfa asomdwoe amma South Africa. Sɛnea Gold and Workers nhoma no kyerɛkyerɛ mu no: “Ɔko a emu yɛ den a wɔde peree asase fii ase, nea edi kan wɔ Cape apuei fam wɔ Xhosafo ne Dutchfo ntam, ne akyiri wɔ Britaniafo ntam ne afei wɔ Natal wɔ Zulufo ne Dutchfo ne Britaniafo ntam . . . Nsakrae bae bere a Britaniafo de asraafo dɔm kɛse kɔɔ South Africa no. Wɔn na wɔma ɛbaa awiei. Esiane sɛ na wokura apɔnkɔ, nnɛyi atuo ne aprɛm nti, awiei koraa no wotumi dii Xhosafo so nkonim wɔ Cape apuei fam ne Zulufo no so nkonim wɔ Natal.”
Wɔ mfirihyia 20 akyi wɔ 1899 mu no, ko a Engiresifo ne Boerfo koe fii ase na ɛkɔɔ so bɛyɛ mfirihyia anan. Ná ɛyɛ ko a Engiresi aborɔfo ne Dutchfo asefo koe a ekunkum nnipa bɛboro 40,000. Yɛ nea abibifo no hui no ho mfonini. Na eyinom ne “Kristofo” a wɔde Bible brɛɛ wɔn a wɔrekunkum wɔn ho wɔn ho no.
Abibifo ne Asiafo
Ná abibifo a wɔdɔɔso sen mmusua a wɔaka wɔ South Africa no nso ɛ? So wɔyɛ biako? Wɔ afeha a ɛto so 19 mfiase pɛɛ no, Zuluni ɔkofo bi a na ɔwɔ tumi kɛse, Shaka, dii mmusua ahorow a ɛbemmɛn hɔ no dodow bi so nkonim. Ne nkonimdi ahorow no maa mmusua ahorow no ne wɔn ho wɔn ho koe na ɛmaa nnipa ɔpepem pii wuwui.
Wɔ afeha a etwaam no mu, bere a wohuu nsase a sika kɔkɔɔ pii wom na mfiridwuma nyaa nkɔanim no, abibifo mmusua ahorow no de nkakrankakra tu kɔtraa nkurow a aborɔfo tete mu mu kɔpɛɛ adwuma yɛe. Abibifo no mu nkyem abiɛsa mu biako a wɔka kasa ahorow ahorow tete nkurow a ɛbemmɛn nkurow a aborɔfo tete mu mu mprempren. Nhwɛso biako ne Soweto a abibifo bɛyɛ ɔpepem biako wom a ɛbɛn South Africa kurow a ɛso sen biara, Johannesburg, no. Abibifo a wɔtete nkurow yi mu no yɛ wɔn ade te sɛ Europafo wɔ akwan horow pii so, nanso wɔda so ara kura wɔn mmusua gyidi horow mu.
Wɔn a wɔka mmusua ahorow ahorow no ho ne nkorontufo a wɔyɛ abibifo mpempem pii a wofi Botswana, Lesotho, Swaziland, Malawi ne Mozambique a ɛbɛn hɔ no. Eyinom ba bɛpɛ sika de ma wɔn mmusua a wɔwɔ wɔn man mu no. Wɔte faako a nkorɔn no wowɔ no, faako a mpɛn pii mmusua ahorow ne wɔn ho wɔn ho ko no.
Awiei koraa no, Asiafo bɛboro ɔpepem fã wɔ South Africa. Wɔyɛɛ dɛn baa ha? Wɔ afeha a ɛto so 19 mu no, Britaniafo dii Natal a ɛwɔ South Africa mpoano no so tumi. Ná Zulufo no da so ara wɔ tumi na na wɔmpɛ sɛ wɔbɛyɛ adwuma wɔ ahwerew mfuw a aborɔfo no wɔ no mu. Enti efi 1860 reba no, wɔkɔfaa apaafo fii India na eyinom mu pii paw sɛ wɔbɛtra hɔ bere a wɔn adwuma nhyehyɛe baa awiei no. Fi a wɔde nkurɔfo fii India bae no kɔɔ so kosii 1911, a ebeduu saa bere no na mmarima, mmea ne mmofra bɛboro 150,000 de South Africa ayɛ wɔn man na wɔbɛyɛɛ wɔn a wɔka ne mmusua ahorow ahorow no ho. Nea ɛyɛ awerɛhow no, eyinom mpo ne wɔn ho wɔn ho nyɛ biako. Wɔn a wɔka wɔn ho ne Hindufo, Nkramofo, ne Kristoman asɔre ahorow no mufo dodow bi na ɔtan a ɛwɔ abibifo ne Indiafo binom ntam no da so ara kɔ so de besi nnɛ.
Ebia afei akenkanfo betumi ate nea enti a ɔkyerɛwfo a ofi South Africa a yɛafa n’asɛm aka dedaw no kae sɛ ‘nnipa ntam ntawntawdi ahorow wɔ ɔman yi mu sen ɔman foforo biara mu wɔ wiase no mu’ no ase. Nnansa yi ara, aban a emufo yɛ aborɔfo nkutoo no yɛɛ nhyehyɛe ahorow foforo a wɔhwɛ kwan sɛ ɛbɛma Indiafo ne wɔn a ɛsono wɔn honam ani hwɛbea no koma atɔ wɔn yam. Nanso aborɔfo no mu pii kasa tiaa kɛse na ɛma wɔatew amanyɛkuw foforo.
Nhoma a wɔfrɛ no South Africa 1982 no bu akontaa sɛ abibifo ne aborɔfo a wɔwɔ South Africa no mu bɛboro ɔha biara mu 83 kyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo. Nanso mpaapaemu a ɛwɔ wɔn mu no ama nnipa pii asɔre atia Boerfo Kristosom. So eyi kyerɛ sɛ mfomso bi wɔ Bible no ho? Dabi, efisɛ Bible no kasa tia “ɔtan, ɔko, ahoɔyaw, . . . mpaapaemu” pefee, na ɛka sɛ “wɔn a wɔyɛ saa nneɛma yi rennya Onyankopɔn ahenni.” (Galatifo 5:20, 21, NW) Nokwarem no, Bible no ada no adi sɛ ɛwɔ tumi a ano yɛ den a ɛde biakoyɛ bɛba wɔ South Africa a ɔko ama mpaapaemu aba hɔ no mu.
Mmusua Ahorow Nyinaa a Wɔka Wɔn Bom wɔ Asomdwoe Mu
Wɔ 1915 mu tɔnn mpo no, wɔde amanneɛbɔ yi mae: “Kristofo dɔ ma mmusua ho tan gyae na Britaniani ne Boerni yɛ biako wɔ Kristo Yesu mu. . . . Biakoyɛ a ɛyɛ nwonwa bɛn ara na eyi yɛ sɛɛ yi, nea ɛboaboa . . . nnipa a wɔyɛ fitaa, tuntum ne akokɔsrade ano.” Wɔ ha no, na wɔretwe adwene asi Bible Asuafo (Yehowa Adansefo) nhyiam a wɔyɛe wɔ South Africa wɔ saa bere no mu no so.
So nokware Kristofo biakoyɛ a ɛte saa wɔ hɔ nnɛ? So atumi akɔ so atra hɔ na anya nkɔso? Nokwarem no, ɛyɛ yiw, sɛnea nnipa 7,792,109 a wofi mmusua ahorow nyinaa mu a wohyiaam asomdwoe mu wɔ wiase nyinaa wɔ April 4, 1985 de kaee Yesu Kristo wu no kyerɛ no.—Luka 22:19.
Nokware Kristofo biakoyɛ a ɛwɔ Yehowa Adansefo mu yi yɛ nea wobetumi ahu ntɛm ara wɔ nnipa bɛyɛ 200 a wofi mmusua nyinaa mu a wɔatu wɔn ho ama a wɔyɛ adwuma wɔ biakoyɛ mu wɔ wɔn adwumayɛbea ti a ɛwɔ South Africa a wɔkyerɛ Bible nhoma ahorow ase na wotintim wɔ kasa horow pii mu no mu. Amammuisɛm a ɛsɛe adwene nni nhoma yi mu na mmom ɛtwe adwene si “ahenni no ho asɛmpa”—Onyankopɔn adwinnade a ɛde asomdwoe bɛba asase so nyinaa no so.—Mateo 6:10; 24:14; Daniel 2:44.
So Ahenni asɛm a Yehowa Adansefo ka yi betumi ayi abusua ho adwemmɔne a wonya a ase atim kɛse afi hɔ ankasa?
Susuw Samuel Mase a ofi Xhosa man mu nhwɛso no ho. Na aborɔfo atow ahyɛ no so mprɛnsa. Onyaa wɔn ho tan na ɔyɛɛ basaa nanso biribi boae ma ɔsakrae: “Bere a me ne Yehowa Adansefo bɔe no, mihui sɛ wɔyɛ soronko wɔ asɔre afoforo ho. Wɔ England Asɔre no mu no, na Sothofo ne Xhosafo taa ham. Nanso hwɛ biakoyɛ ne ɔdɔ a mihui wɔ Adansefo no mu. Bere a mekɔɔ so suaa ade no, mihui mpo sɛ saa aborɔfo a wɔtow hyɛɛ me so bere bi no yɛɛ saa esiane pɛ a wɔnyɛ nti, te sɛ nea abibifo tow hyɛ abibifo afoforo a wɔne wɔn fi abusua koro mu so no.” Wɔ mfirihyia 40 a atwam no mu no, Samuel nso aboa nnipa ahorow pii ma wɔanya Onyankopɔn Ahenni no mu gyidi.
Wɔyɛn Isaac Langa a ofi South Africa wɔ abibifo kurow a wɔfrɛ no Alexandra, Johannesburg, no mu. Esiane sɛ na ɔwɔ abusua mu mpaapaemu honhom a ɛyɛ den nti na ɔtan aborɔfo na obuu Zulu man no sɛ ɛkorɔn sen abibifo a wɔaka no de. Bere a ɔkɔɔ nhyiam ahorow a ahyehyɛde bi a wɔabara a ɛsɔre tia nniso no yɛe no, Isaac de ne ho hyɛɛ basabasa a wɔyɛe wɔ South Africa wɔ 1978 mu no mu. Ɔka sɛ: “Polisifo kunkum nnipa pii; ebinom dan mmubuafo wɔ wɔn asetra nyinaa mu. Bere a mihuu eyinom nyinaa no, minyaa adwene sɛ mɛyɛ biribi atua wɔn so ka.
Mepɛe sɛ menya otuo a etumi tow ntɛmntɛm na makunkum pii sɛnea metumi ansa na wɔakum m’ankasa. Esiane sɛ mannya bi nti, misii gyinae sɛ medi afoforo a wɔafi hɔ kɔ aman a ɛbemmɛn hɔ no mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛtete wɔn sɛ asraafo no nhwɛso akyi.”
Wɔ bere a emu yɛ den yi mu no, Yehowa Adansefo kɔɔ Isaac nkyɛn wɔ wɔn afie afie asɛnka mu. Wɔde nhoma ahorow a ɛkyerɛkyerɛ Bible no mu gyaw no, na emu biako a ɛyɛ Nokware Asomdwoe ne Ahotɔ—Ɛhe Na Efi? nyaa ne so tumi kɛse. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Afei manya nokware asomdwoe a na merehwehwɛ no. Mihui sɛ Bible no ka sɛ: ‘Nea akyea no, wontumi nteɛ,’ ne: ‘Enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.’ Enti mibehui pefee sɛ mfaso nni ko a yɛreko atia wɔn no so efisɛ na ɛremfa asomdwoe mma asase so. Onyankopɔn Ahenni nkutoo na ɛbɛyɛ saa.”—Ɔsɛnkafo 1:15; Yeremia 10:23.
Nhwɛso foforo ne nea ɛfa Afrikaani bi a wɔtetee no ma onyaa abibifo ho tan ho no. Edu anadwo a, ɔne ne nnamfo baanu taa boro obibini biara a wohyia no wɔ kwan so no. Afei ofii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no. Ɔkɔɔ nhyiam bi a na abibifo a wɔyɛ Adansefo nso wɔ ase na ɔdɔ a ɛdaa adi wɔ mmusua ahorow ntam no nyaa no so tumi. Akyiri yi ofii ase yɛɛ adwuma maa ɔdansefo bi na wɔde no kɔyɛɛ adwuma wɔ akuraa bi ase. Ɔka sɛ, “Na ɛyɛ awɔwbere na na awɔw wom kɛse na medaa ɔsese bi mu. Ofirikafo a ɔyɛ obibini a ɔyɛ Ɔdansefo no bae na mede me kuntu ne me mpasotam no bi ne sumii sɛw kɛtɛ maa no.” Eyi maa obibini foforo a na onim ɔbarima yi kan kwan a ɔfaa so no ho dwiriw no. Wɔ mfe pii akyi no, Afrikaani yi a na anka ɔtan abibifo yi a mprempren ɔyɛ ɔdansefo no ka sɛ: “Ɛnnɛ menyɛ basabasa biara wɔ m’asetra mu. Ɛyɛɛ den maa me sɛ mɛyɛ nsakrae wɔ mfe pii akyi de, nanso minyiyi mmusua mu, ɛwom sɛ wiasefo frɛ me ‘kafferboetie’ [Negrophile] de yaw me de.
Asafo biako a aborɔfo ne Indiafo wom de baabi a nkorontufo no te bi kaa wɔn asasesin ho. Wosii gyinae sɛ wɔbɛtrɛw wɔn asɛnka no mu na wofii ase kaa Bible mu asɛm no wɔ abibifo adwumayɛfo a wɔyɛ atubrafo no mu. Wɔ bere tiaa bi mu no, wɔn mu dodow bi a Adansefo a wofi aman afoforo so ka ho fii ase kɔɔ nhyiam na wonyaa nkɔso kɛse. Asafo no bɔ amanneɛ sɛ:
“Na nnamfo a wofi Malawi, Zimbabwe, Lesotho, Mozambique, Transkei, Zululand na Angola mpo wɔ hɔ. Na wɔka kasa ahorow bɛyɛ ason, enti wɔde Zulu yɛɛ ɔkasa a wɔtaa ka, nanso na wɔma ho kwan ma wɔma mmuae wɔ ɔkasa ahorow no nyinaa mu wɔ nhyiam ase. Wɔkyerɛ baguam ɔkasa ahorow ase fi Engiresi anaasɛ Afrikaan mu kɔ Zulu mu.
“Akameakamedi a ɛwɔ asafo no akyi si ɔdɔ a ɛwɔ asafo no mufo mu no so dua. Mmerante nsɛmmɔnedifo kuw bi haw abibifo nkorontufo no wɔ bere ne bere mu wɔ baabi a wɔte no, na wɔ nsɛm ahorow bi mu mpo no, wɔwowɔ wɔn asekan kunkum wɔn. Eyi ma wonyaa wɔn ho wɔn ho tan kɛse na ama yɛn nyinaa nni ahotɔ. Nanso wɔ Ahenni Asa so no, ɔdɔ da adi denam serew, wɔn ho nsam a wokyia ne wɔn ho wɔn ho anigye kɛse a wɔkyerɛ no so.”
Bere a aka nhyiam a ɔdɔ a animhwɛ nnim a ɛte saa da adi wɔ ase ho asɛm akyi no, amanneɛbɔ no de baa awiei sɛ: “Ɛmaa yɛn nyinaa huu sɛnea ɛbɛyɛ nwonwa bere a asase sofo nyinaa bɛyɛ biako wɔ Yehowa som mu na wɔn nyinaa atra faako wɔ biakoyɛ a edi mu mu no.”
Yehowa Adansefo a wɔwɔ South Africa gye di ampa sɛ eyi bɛba efisɛ Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ. Ɛnyɛ sɛ wɔkyerɛ nsonsonoe a ɛwɔ wɔn mu no ho anisɔ kɛse nko, na mmom wɔhwɛ kwan nso sɛ wɔne nnipa a wofi mmusua nyinaa mu bɛtra ase abom daa wɔ asase a wɔatew so so.—Dwom 37:29; Adiyisɛm 7:9, 14; 21:3-5.
[Kratafa 28 mfoni]
Ɔhamuni
[Kratafa 29 mfoni]
Zulufo mmea
[Kratafa 30 mfoni]
Boerfo