Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g88 6/8 kr. 30
  • Mmusua Ho Ɔtan Sodi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmusua Ho Ɔtan Sodi
  • Nyan!—1988
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • South Africa Mmusua Pii, Ntawntawdi Pii, Nanso Ebinom Nya Asomdwoe
    Nyan!—1986
  • Nokware Kristosom Ka Mmusua Nyinaa Bom!
    Nyan!—1988
  • So Bible No Yɛ Oburoni Nhoma?
    Nyan!—1982
  • Wobetumi Adi Afoforo Ho Adwemmɔne A Wonya So
    Nyan!—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1988
g88 6/8 kr. 30

Mmusua Ho Ɔtan Sodi

WƆTETEE South Africani lsaac Langa wɔ abibifo kurow Alexandra, Johannesberg, mu. Bere a ɔwɔ mmusua ho honhom a ano yɛ den no, ɔtan aborɔfo na obuu Zulufo man no sɛ ɛkorɔn sen abibifo afoforo. Bere a Isaac kɔ ANC (African National Congress, amanyɛ kuw bi) a ɛyɛ ahyehyɛde a ɛsɔre tia nniso no a wɔabara no nhyiam horow no, ɔde ne ho hyɛɛ South Africa basabasayɛ a esii wɔ 1976 mu no mu. Ɔka sɛ: “Polisifo totoo pii atuo kunkum wɔn; ebinom bɛyɛɛ mmubuafo wɔn nkwa nna nyinaa. Bere a mihuu eyinom nyinaa no, minyaa aweredi honhom. Mepɛe sɛ minya tuo bia ɛtow mpɛn pii na mikunkum nnipa dodow biara a metumi ansa wɔakum m’ankasa. Bere a me nsa annka bi no, misii gyinae sɛ medi afoforo a wɔkɔ aman a ɛbemmɛn hɔ mu sɛ wɔrekogye asraafo ntetee no nhwɛso akyi.”

Wɔ saa bere titiriw yi mu no, Yehowa Adansefo kɔtoo Isaac wɔ wɔn afie afie asɛnka no mu. Wɔde nhoma ahorow a ɛkyerɛkyerɛ Bible mu nkrasɛm mu maa no, na biako titiriw, Nokware Asomdwoe ne Ahotɔ​—Ɛhe na Efi?, kaa ne koma, kɛse. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Afei minyaa nokware asomdwoe a mehwehwɛ no. Misuae sɛ Bible no se: ‘Nea akyea no, wontumi nteɛ,’ ne ‘Enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.’ (Ɔsɛnkafo 1:15; Yeremia 10:23) Enti emu daa hɔ maa me sɛ yɛn apereperedi no yɛ ɔkwa efisɛ ɛremmfa asomdwoe mma asase so. Onyankopɔn Ahenni no nkutoo na ɛbɛyɛ saa. (Adiyisɛm 11:17, 18) Bible no aboa me ma masakra me nsusuwii wɔ mmusua afoforo ho no nso. (Asomafo no Nnwuma 10:34, 35) Ɛyɛ akomatɔyam sɛ wuhu sɛ nnipa a wofi mmusua nyinaa mu de ase a wɔbɛtra daa wɔ paradise asase so wɔ Onyankopɔn Ahenni ase no ho anidaso te ase dedaw.”

Mprempren Isaac som sɛ bere nyinaa ɔhwɛfo kwantufo a ɔhyɛ Yehowa Adansefo asafo horow a aman ahorow mufo na wɔwom no den.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena