Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g88 11/8 kr. 8-10
  • Nokware Kristosom Ka Mmusua Nyinaa Bom!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nokware Kristosom Ka Mmusua Nyinaa Bom!
  • Nyan!—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ahenni Nkrasɛm No
  • South Africa Mmusua Pii, Ntawntawdi Pii, Nanso Ebinom Nya Asomdwoe
    Nyan!—1986
  • South Africa Nyamesom Nwenehosɛm
    Nyan!—1988
  • So Bible No Yɛ Oburoni Nhoma?
    Nyan!—1982
  • Ɔman A Emu Apaapae—Dɛn Ne Ano Aduru?
    Nyan!—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1988
g88 11/8 kr. 8-10

Nokware Kristosom Ka Mmusua Nyinaa Bom!

Wɔ 1982 mu no na South Africani obibini odeduani a wɔfrɛ no Mnguni redi n’afiase nna a ɛto so anan wɔ amumɔyɛsɛm mu a ɔde ne ho hyɛ nti. Ná mpanyimfo no ama no kwan sɛ obetumi akyerɛw krataa akɔ fie ma wɔabrɛ no nhoma ahorow. Bere a eyinom bedui no, ohui sɛ na biako bi a wammisa ka ho. Na wɔato din Nokware a Ɛde kɔ Daa Nkwa Mu a Yehowa Adansefo na wotintimii.

Nea Mnguni kenkanee no nyaa ne so nkɛntɛnso a emu yɛ den. “Ná migye di sɛ m’amumɔyɛsɛm no yɛ ɔkwan a wofi soro pene so. Na yɛn fene biako ne sɛ ‘Onyankopɔn wɔ wɔn a wɔhyɛ wɔn so no afã.’ Na meyɛ Lutheranni, na m’asɔre no annkasa antia me nneyɛe ahorow no anaasɛ ammu m’aba mu wɔ ho pɛnkoro mpo da. Mmom no, na wɔkasa tia nniso no wɔ nea wɔyɛ de tia me no ho. Asɔre ahorow ahyehyɛde bi di boaa me ne ‘m’ahokafo’ ma yenyaa mmaranimfo ma wɔkasa maa yɛn mpo.

“Nokware nhoma no ma mihui sɛ me nneyɛe ahorow no ne Onyankopɔn Asɛm bɔ abira. Ɛde Bible no dii dwuma de kyerɛe sɛ nniso biara nni hɔ a Onyankopɔn mmaa ho kwan ne sɛ ɛsɛ sɛ nokware Kristofo nyinaa brɛ wɔn ho ase ma tumidi ahorow no.” (Mateo 5:44; 1 Yohane 3:10-12; Romafo 13:1-7) Mnguni gyaee n’amumɔyɛsɛm no na bere a woyii no fii afiase akyi no ofii ase somee sɛ Yehowa Adansefo ɔsomfo.

South Africafo ɔpedudu pii​—abibifo ne aborɔfo​—agye nokware Kristosom a wɔkyerɛkyerɛ wɔ Bible mu no atom wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so. Nea ɛnte sɛ Protestantsom a ayɛ tumi a ɛde mpaapaemu ba no, nokware Kristosom ka mmusua nyinaa bom. Ɔkwan bɛn so?

Ahenni Nkrasɛm No

Yesu Kristo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “M’ahenni mfi wi yi ase.” (Yohane 18:36) Nokware Kristosom gyina ahenni a Kristo kyerɛkyerɛe no so. Ɛne amammui tumi horow a ɛwɔ wiase yi mu biara nni twaka biara efisɛ ɛyɛ nniso a ɛboro adesamma tumi so na efi soro di tumi. Sɛnea Bible kyerɛ no, ɛrenkyɛ ‘ebubu asase so amammui nniso horow nyinaa ama asa.’​—Daniel 2:44; Luka 21:7-33.

Dabi, saa ahenni yi nte sɛnea abibifo nyamekyerɛ kyerɛkyerɛfo bi kae sɛ ɛte, anigye a ɛda hɔ twɛn adaeso a ɛnyɛ nokware no. Wobetumi ahu paara a Ahenni yi yɛ no wɔ eyi mu sɛ Yehowa Adansefo bɛboro 3,400,000 a wɔwɔ wiase nyinaa​—bɛboro 40,000 wɔ South Africa nkutoo​—da wɔn ho adi sɛ wɔyɛ ne nkoa anokwafo. Wɔda wɔn ho adi sɛ wɔyɛ Ahenni yi nkoa anokwafo denam Yesu ahyɛde yi a wodi ho dwuma no so: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”​—Mateo 24:14.

Ahenni nkrasɛm a egyina Bible so a Yehowa Adansefo bɔ no dawuru no atwetwe South Africafo ɔpepem pii. Enti ama wɔatumi ayɛ nea ɛkyɛn mmusua ne amammui mu basabasayɛ no na wonya biribi a ɛyɛ soronko wɔ South Africa mu anigye​—mmusua mu biakoyɛ. Gert a na anka ɔyɛ DR Asɔre no muni no huu eyi. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔ Yehowa Adansefo mu no, nyiyim esiane mmusua anaasɛ ɔkasa nti biara nni hɔ​—enti na wɔwɔ wiase nyinaa biakoyɛ no. Ɛyɛ nwonwa dɛn ara sɛ wohu sɛ ‘Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim, na mmom ɔman biara mu, nea osuro no na ɔyɛ adetrenee no, ɔpɛ no agye no.’​—Asomafo no Nnwuma 10: 34, 35.

Nnansa yi ara, South Africa nniso no penee so sɛ ɛbɛyɛ nsakrae wɔ nnipa mu nyiyim mmara afoforo mu denam atrae binom a wɔbɛma kwan sɛ nnipa a wofi mmusua nyinaa mu betumi atra hɔ no so. Bere no mu no, mmara horow a ɛwɔ hɔ kyerɛ sɛ nnipa a wofi mmusua horow mu no nntra, na Yehowa Adansefo di mmara horow a ɛtete saa no so. Nanso, mmara no nsiw wɔn kwan sɛ wɔbɛka abom ayɛ adwuma na wɔayɛ wɔn ho wɔn ho yiye. Enti, Adansefo a wofi mmusua ahorow mu fi ayamye mu ka wɔn bere ne wɔn nneɛma bom de sisi wɔn nhyiambea ahorow a wɔfrɛ no Ahenni Asa no.

Wɔ mfe asia a atwam no mu no, Adansefo ɔpepem pii, abibifo ne aborɔfo, de wɔn ahoɔden ama kwa wɔ adan akɛse afoforo a wosii wɔ Krugersdorp, South Africa kurotia no mu nso. Bere a adwumakuw bi a wɔbɛhyehyɛɛ mfiri titiriw bi mu ɔpanyin ne adwumayɛfo a wofi mmusua ahorow mu yi abom adidi awia akyi no, ɔkae sɛ: “Ɛsɛ sɛ wɔde Amanaman Nkabom no mufo ba ha ma wɔbɛhwɛ sɛnea wɔyɛ no.” Mprempren Adansefo ɔhaha pii de saa adan yi di dwuma de kyerɛ Bible nhoma ase na wotintim.

Yehowa Adansefo a wɔwɔ South Africa bom som wɔ nhyiam akɛse ahorow ase nso. Sɛ́ wobehu sɛ Zulufo, Sosafo, Sothofo, Afrikaanfo, Engiresifo, ne South Africafo afoforo pii pia yuu kɔ ahyehyɛde biako a aka abom mu no yɛ soronko​—adanse a ɛyɛ nwonwa a ɛkyerɛ sɛ Kristosom te ase ankasa wɔ South Africa nnɛ! (Yohane 13:35; 17:23) Ɛde bi ka adanse a ɛkyerɛ sɛ yɛte nea Bible frɛ no “nna a edi akyiri” no mu no ho.​—Yesaia 2:2-4.

Nokwarem no, yɛn de yi yɛ awo ntoatoaso a wɔahyɛ no agyirae a ɛrenkyɛ ebehu basabasayɛ ne ntawntawdi nyinaa awiei. Na dɛn na ebedi akyi aba? Asase so paradise a treneefo a wofi aman nyinaa mu benya nkwa akɔ mu sɛ nniso biako ɔmanfo​—Onyankopɔn Ahenni no.​—Dwom 37:10, 11; Adiyisɛm 7:9, 14.

[Kratafa 9 mfoni]

Wɔ South Africa no, Yehowa Adansefo a wofi mmusua nyinaa mu taa hyia wɔ nhyiam akɛse ase

[Kratafa 10 mfoni]

Mmusua mu biakoyɛ a ɛwɔ Yehowa Adansefo mu wɔ South Africa no twetwe pii ba Ahenni nkrasɛm no ho

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena