Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g88 11/8 kr. 3
  • South Africa Nyamesom Nwenehosɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • South Africa Nyamesom Nwenehosɛm
  • Nyan!—1988
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Protestantsom ne Nnipa mu Nyiyim
    Nyan!—1988
  • Ɔman A Emu Apaapae—Dɛn Ne Ano Aduru?
    Nyan!—1986
  • Asɔre Kyɛwpa na Mpaapaemu Kɛse Adi
    Nyan!—1992
  • Nokware Kristosom Ka Mmusua Nyinaa Bom!
    Nyan!—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1988
g88 11/8 kr. 3

South Africa Nyamesom Nwenehosɛm

Efi South Africa Nyan! kyerɛwfo hɔ

SOUTH AFRICA yɛ nyamesom ɔman kɛse. Wɔn a wɔkɔ asɔre no dodow kɔ soro. Bible no wɔ South Africa kasa atitiriw no nyinaa mu na wɔkenkan wɔ afie pii mu. Nanso, ɔman no abɛyɛ baabi a wohu mmusua mu ntawntawdi ne basabasayɛ. Ebia wubesusuw sɛ: ‘Dɛn nti na asɔre ahorow no ntumi mma wonnyaa Kristofo dɔ ne biakoyɛ?’

Sɛ wohwehwɛ nnansa yi abakɔsɛm mu a nwenehosɛm no ba bɛyɛ kɛse. Eyi te saa efisɛ ɛda adi wɔ ɔkwan a ɛyɛ ahoyeraw so sɛ nyamesom wɔ asɛyɛde kɛse ankasa wɔ saa ɔman yi mu ntawntawdi no mu. Nea ɛbɛyɛ na woate nea enti a ɛte saa no ase no, susuw sɛnea South Africa nyamesom tebea no bae no ho.

Wɔ 1652 mu no Dutch Protestantfo kɔtraa Afrika kesee fam hɔ pɛɛ koraa nea edi kan. Ɛnnɛ wɔn asefo ka Afrikaans a ɛyɛ kasa a efi Dutch mu no. Wɔ bere bi akyi no, Dutchfo asɔre ahorow no mu paapae bɛyɛɛ ɔsesɛw asɔre ahorow pii a emu kɛse ne Dutch Reformed anaa DR Asɔre (Nederduitse Gerefomeerde Kerk) no. Ɔman no mu aborɔfo bɛboro nkyekyem abiɛsa mu biako na wɔyɛ DR Asɔre no mufo.

Engiresifo a wɔreba abɛtra South Africa nso pia bae. Na pii yɛ Anglicanfo a akyiri yi wɔn mu kyɛe bɛyɛɛ nea wose wɔfrɛ no Asɔre a Ɛkorɔn ne Asɔre a Ɛba Fam no. Na afoforo yɛ Methodistfo, Presbyteriafo, ne Congregationalfo. Wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so no, Germanfo a wɔbɛtraa hɔ no de Lutheran Asɔre bae. Enti South Africa bɛyɛɛ Protestantfo aban dennen a nea ɛde bae ne abibifo pii a wɔsakraa wɔn. Ɛnnɛ, South Africafo mu ɔha biara mu 77 na wɔka sɛ wɔyɛ Kristofo​—a wɔn mu nea ennu ɔha biara mu 10 na wɔyɛ Katolekfo.

Nanso, South Africa Protestantsom mu kɔ so paapae. Aborɔfo pii agyaw asɔre atitiriw no na wɔakɔdɔm akuw horow a wɔka sɛ wɔawo wɔn foforo no. Saa ara nso na abibifo pii de nea wɔkyerɛ sɛ ɛyɛ Afrikafo kwan so Kristosom bi asi hɔ. Nsɛmma nhoma a wɔfrɛ no Leadership no bɔ amanneɛ sɛ: “Asɔre ahorow a ɛde wɔn ho a ɛte saa no bɛyɛ 4,000 na ɛwɔ South Africa nkutoo.”

Atetesɛm Protestant asɔre ahorow no hyia nwenehosɛm foforo. Bere a wɔn nguankuw no so tew no, saa ara nso na sika fam mmoa yɛ. Nea ɛsɛe asɛm no koraa no, wɔn a wɔaka wom no mu apaapae kɛse wɔ mmusua mu nyiyim ho ɔsɛmpɔw a agye asɔre no adwene no ho. Bere a emufo binom hwehwɛ sɛ wɔn asɔre no boa anuɔden akwan ahorow a wɔde bɛma nnipa mu nyiyim no aba awie no, afoforo nso hwehwɛ sɛ wɔn asɔre no boa nnipa mu nyiyim no. Wɔ abirabɔ abien yi mu no, asɔremma no mu apaapae wɔ faako a ɛsɛ sɛ wɔn asɔre no kodu wɔ biakoyɛ ne mmusua nyinaa a wɔyɛ pɛ a wɔbɛma anya nkɔso mu no ho.

Anglicanni bi ka faa mmusua horow a wɔbɛka abom ayɛ asɔre ho nhyehyɛe no ho sɛ: “Mikyi sɛ wɔbɛka akyerɛ me sɛ ɛsɛ sɛ mekoso nnipa a minnim wɔn no nsa na meyɛ te sɛ nea mewɔ onuadɔ bi ma wɔn a wɔnte sɛ me no.” Anglicanfo aborɔfo pii nso kyi wɔn obibini ɔsɔfo panyin Desmond Tutu ho a ɔde hyehyɛ amansɛm mu no.

Enti South Africa Nnipa ho Adesua Nhwehwɛmu Bagua no amanneɛbɔ bi bɔɔ kɔkɔ sɛ nyamesom taa “di afã bi a ɛde mpaapaemu ba na ɛsɛe ade ho dwuma” denam “nyamesom atetesɛm koro no ara a wofi afã horow sɔre tia wɔn ho no hokwan a wontumi nsusuw ho” so. Nokwarem no, sɛnea yebehu no, South Africa Protestantsom anya afã a emu yɛ den wɔ mmusua mu ɔtan a wɔhyɛ mu den mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena