Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g88 11/8 kr. 4-6
  • Protestantsom ne Nnipa mu Nyiyim

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Protestantsom ne Nnipa mu Nyiyim
  • Nyan!—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Nnipa mu Nyiyim . . . Asɔre Nhyehyɛe”
  • So Ɛyɛ Bible Kyerɛkyerɛ?
  • “Nea Ɛsɛ sɛ Wogye di ho Asɛnnennen”
  • Ɔman A Emu Apaapae—Dɛn Ne Ano Aduru?
    Nyan!—1986
  • Asɔre Kyɛwpa na Mpaapaemu Kɛse Adi
    Nyan!—1992
  • South Africa Nyamesom Nwenehosɛm
    Nyan!—1988
  • Yehowa Ahyehyɛde a Me ne no Renyin wɔ South Africa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1988
g88 11/8 kr. 4-6

Protestantsom ne Nnipa mu Nyiyim

ASƐM bi a epuei wɔ South African Digest mu bɔɔ amanneɛ sɛ wɔabue DR (Dutch Reformed) Asɔre no “adan, asɔreyɛ, ne emuni a obi bɛyɛ ano ama obiara a abusua anaa honam ani hwɛbea mfa ho.”

Wɔ mfe du du pii mu no na DR Asɔre no pene mmusua mu nyiyim so kɛse. Dɛn na ɛde saa abakɔsɛm mu nsakrae a wogye toom wɔ October 1986 mu asɔre akannifo nhyiam bi ase no bae?

Ebia ɛbɛyɛ nnipa pii nwonwa sɛ wobehu sɛ wɔ afeha a edi akyiri no mu no na aborɔfo, abibifo a wɔyɛ nkoa, ne Europafo ne Afrikafo afrafrafo asefo nyinaa yɛ DR Asɔre biako mufo. Nanso wɔ 1857 mu no, asɔre asɔfo nhyiam bi gyaw wɔn ho mu maa mmusua ho ɔtan a na ɛrekɔ so no na wɔkyerɛe sɛ wobetumi ayɛ asɔre ama afrafrafo wɔ adan a ɛsonsonoe mu. Asɔfo nhyiam no gye toom sɛ Bible no anhyɛ gyinaesi a ɛte sɛɛ ho nkuran, nanso wosii gyinae no “esiane ebinom mmerɛwyɛ nti.” Eyi ma wɔtee asɔre foforo maa afrafrafo wɔ 1881 mu a na wɔfrɛ no Nederduitse Gerefomeerde Sendingkerk, anaasɛ DR Mission Asɔre.

Ná saa asɔre akannifo no nnim nea wɔafi ase no. Ankyɛ na wɔtetee asɔre afoforo nso maa abibifo ne Indiafo. Wogyaw DR Asɔre ahorow no mu kɔ maa aborɔfo nkutoo. Nea bere bi na wobu no sɛ “mmerɛwyɛ” no bɛyɛɛ asɔre nhyehyɛe a emu yɛ den. Ɛtɔ mmere bi a na wɔpam abibifo fi wɔn ankasa adwumawuranom a wɔyɛ aborɔfo no ayie ase. Animguase a ɛte saa no de abufuw baa asɔre mufo a wɔyɛ abibifo no mu.

“Nnipa mu Nyiyim . . . Asɔre Nhyehyɛe”

Wɔ 1937 mu no, FC (DR Asɔre Ɔman Bagua) bisaa nniso no sɛ wɔnyɛ mmara a ebesiw aborɔfo kwan ma wɔrennware afrafrafo. Nniso no ampene. Wɔ 1939 mu no, FC no tii saa abisade yi mu, na wɔ bere koro no ara mu no ebisae nso sɛ wɔmma aborɔfo trabere, sukuu, ne sukuupɔn ahorow a wɔatew wɔn ho. Wotuu asɔfo mpɛn pii ma wokohuu nniso no wɔ eyi ho. Wɔ 1942 mu no DR Asɔre Ɔman Bagua no kyerɛw nniso no sɛ: “Asɔre no pɛ sɛ ehu sɛ wodi saa mmusua mu nyiyim nnyinasosɛm yi akyi dennen daakye.”

Afei, wɔ 1948 mu no wɔtoo aba paw National Party amanyɛkuw a aborɔfo na wɔwom no ma ebedii tumi, na ɛhyɛɛ bɔ sɛ ɛbɛyɛ adwuma de ahwehwɛ nnipa mu nyiyim amammui mmara no. Ankyɛ na nnipa mu nyiyim mmara foforo dii akyi. Wɔ abato no akyi no. Die Kerkbode a ɛyɛ DR Asɔre no nsɛmma nhoma no de ahohoahoa kae sɛ: “Sɛ́ asɔre no . . . yɛahyɛ da de ayɛ yɛn botae bere nyinaa sɛ yɛbɛtetew saa nnipa akuw abien yi ntam. Wɔ eyi mu no wobetumi afrɛ nnipa mu nyiyim ma afata sɛ ɛyɛ asɔre nhyehyɛe.”

So Ɛyɛ Bible Kyerɛkyerɛ?

Ɛde besi saa bere no na nnipa mu nyiyim a asɔre no hwehwɛ no gyina atetesɛm so titiriw. Wɔ 1948 mu no, Transvaal Asɔfo Nhyiam no gye toom mpo sɛ na womfii “wɔn ahonim mu nkae sɛ Bible nnyinasosɛm ahorow kyekyere wɔn.” Nanso afei na ɔkwan foforo bi ahyɛ ase dennen​—nnipa mu nyiyim a wɔde bɛma sɛ Bible ɔkyerɛkyerɛ.

Wɔ 1974 mu no DR Asɔre no Asɔfo Nhyiam Kɛse no de amanneɛbɔ bi a wɔfrɛɛ no Ras, Volk en Nasie en Volkereverhoudinge in die lig ban die Skrif (Nnipa Ntam Abusuabɔ ne South Africa Asɛm no wɔ Kyerɛwnsɛm Mu) too gua. Ɔbenfo Johann Kinghorn a ɔhwɛɛ nhoma a wɔfrɛ no Die NG Kerk en Apartheid (DR Asɔre no ne Nnipa mu Nyiyim) no mu no kyerɛ sɛ: “Emu na nnipa mu nyiyim nyaa ne gyinabea a ɛkorɔn.” Bere a amanneɛbɔ no aka adesamma mu mpaapaemu wɔ Babel no ho nsɛm pii akyi no, ɛkyerɛe sɛ: “Amammui nhyehyɛe a egyina . . . nnipa akuw horow a wɔatew wɔn ho so no yɛ nea wobetumi afi Bible no mu apene so.” Amanneɛbɔ no kaa Yesu abisade sɛ n’akyidifo ‘nwie pɛyɛ biakoyɛ mu’ no nso ho asɛm. (Yohane 17:23) Amanneɛbɔ no kae sɛ “ɛho nhia sɛ” biakoyɛ a ɛte saa no “da adi wɔ ahyehyɛde biako mu.”

“Nea Ɛsɛ sɛ Wogye di ho Asɛnnennen”

Wɔakasa atia South Africa Protestantsom mpɛn pii. Wɔ 1982 mu no World Alliance of Reformed Churches (Reformed Asɔre Ahorow Wiase Nyinaa Nkabom) no hyiae wɔ Ottawa, Canada, na wɔkae sɛ nnipa mu nyiyim nyamekyerɛ no yɛ “abusude.” Wɔbɔɔ South Africa DR Asɔre no sɛnee wɔ kuw no mu. Nea ɛka ho no. South Africa nniso no ankasa de nhyɛso baa asɔre ahorow no so denam nnipa mu nyiyim mmara no bi a etwaam a na nea ɛbara nea wɔfrɛ no afrafrafo aware no nso ka ho.

Dɛn na asɔre ahorow no ayɛ wɔ ho? DR Asɔre no asɔfo binom nso akasa atia nnipa mu nyiyim no dennen wɔ baguam. Wɔ nhoma Apartheid Is a Heresy mu no. DR Asɔre nyamekyerɛfo Ɔbenfo David Bosch kyerɛ sɛ: “Afrikaan Reformed Asɔre ahorow no asan akɔ wɔn nkyi a nea wohui ara ne sɛ nea mprempren wɔn ani gye ho no nyɛ hwee sɛ abusude.”

Nanso nkɛntɛnso bɛn na akyirisan a ɛte saa no anya wɔ asɔremma so? DR Asɔre nyamekyerɛfo Ɔbenfo Bernard Combrink ka sɛ: “Asɔremma binom ntwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛka nea ɛsɛ sɛ wogye di ho asɛnnennen a ɛwɔ asɔre no mu no ho asɛm wɔ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔakyerɛkyerɛ gyinapɛn anaasɛ nhyehyɛe bi sɛ egyina Kyerɛwsɛm so mfe pii na afei ‘mpofirim ara’ wɔkyerɛkyerɛ gyinapɛn afoforo mu sɛ ɛne Kyerɛwsɛm hyia no mu.”

Nokwarem no “nea ɛsɛ sɛ wogye di ho asɛnnennen” a ɛwɔ DR Asɔre no mu no duu ne pɔw so wɔ October 1986 mu bere a n’asɔfo nhyiam kɛse no penee nnipa mu nyiyim mpaemuka a ne fã bi ka eyi no so no: “Gyidi no ayɛ kɛse sɛ wɔrentumi nka sɛ nnipa ho a wɔhyɛ ma wɔtew wɔn ho fi na woyiyi wɔn mu no yɛ nea Bible kyerɛ. Ɛsɛ sɛ wogye tom sɛ mmɔden a wɔbɔ de kyerɛ sɛ ade a ɛte saa no fi Bible mu no yɛ mfomso ne ɔwae.”

Saa nnipa mu nyiyim nyamekyerɛ a wɔpow yi de basaayɛ nkate aba aborɔfo mu. Pii te nka sɛ DR Asɔre asɔfo nhyiam no nkɔɔ akyiri biara esiane sɛ ɛmpɛ sɛ ɛne abibifo ɔsesɛw asɔre ahorow no bɛka abom ayɛ kuw biako no nti. Nanso, afoforo te nka sɛ asɔre no akɔ akyiri dodow na enti wɔmmfa sika mmoa bio. Memeneda, June 27, 1987 mu no. DR Asɔre no asidifo 2,000 hyiae wɔ Pretoria. Ɛdenam dodow abato so no. wɔtew asɔre foforo maa aborɔfo nkutoo na wɔfrɛɛ no Afrikaanse Protestante Kerk (Afrikaans Protestant Asɔre) .

Bere a Dutch Protestantsom dii anim ma wɔde nnipa mu nyiyim sii hɔ no, South Africa asɔre ahorow a wɔka Engiresi kasa no akasa atia nhyehyɛe yi a wɔkasa ho pii no wɔ baguam. Nanso, aborɔfo asɔfo baanu, Methodistni ne Congregationalni, gye tom sɛ asɔre ahorow a wɔka Engiresi kasa no mu abrabɔ da so ara “da mmusua mu mpaapaemu ne nyiyim a ɛtɔ mmere bi a ɛkɔ so na emu yɛ hyew sɛnea wohu wɔ Afrikaans Reformed Asɔre ahorow mu no adi.”​—Apartheid Is a Heresy.

Abibifo asɔremma ayɛ wɔn ade dɛn? Bere a aborɔfo nyamekyerɛfo gye nnipa mu nyiyim ho akyinnye denneennen no, abibifo nyamekyerɛfo atitiriw anya wɔn ankasa nsusuwii ahorow.

[Kratafa 6 adaka]

Katolekfo Nso mu Apaapae

Wɔ September 1986 mu no, Katolek asɔfo a wɔwɔ South Africa no nhyiam bi yɛɛ mpaemuka bi a ɛfa nnipa mu nyiyim a wɔde bɛba awiei ho. The Cape Times bɔ amanneɛ sɛ: “Roman Katolek asɔfo a wowɔ ɔman no mu nyinaa kae sɛ wɔboa South Africa Katolek Asɔfo Mpanyin Nhyiam no gyinabea wɔ boa a wɔboa sikasɛm mu nhyɛso a wɔde bɛba South Africa so no mu.”

Nanso, bere a wɔkaa nsusuwii a ɛte sɛɛ no ho asɛm afe no mfiase wɔ Mass ahorow a wɔbɔe wɔ Johannesburg ase no. Katolekfo pii fii asɔredan no mu. Bere a ɔbarima bi ne n’abusua refi akɔ no, ɔteɛteɛm kasa tiaa ɔsɔfo no na asafo no mufo dodow no ara bɔ gyee no so. Nea ɛho hia no, South Africa Katolekfo pii atew ahyehyɛde bi a ɛsɔre tia Katolek asɔfo ho a wɔde hyehyɛ amammuisɛm mu no.

[Kratafa 5 mfoni]

Asɔre akannifo daa nnipa mu nyiyim adi sɛ ɛyɛ Bible kyerɛkyerɛ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena