Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 6/8 kr. 30
  • Asɔre Kyɛwpa na Mpaapaemu Kɛse Adi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɔre Kyɛwpa na Mpaapaemu Kɛse Adi
  • Nyan!—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Protestantsom ne Nnipa mu Nyiyim
    Nyan!—1988
  • Ɔman A Emu Apaapae—Dɛn Ne Ano Aduru?
    Nyan!—1986
  • South Africa Nyamesom Nwenehosɛm
    Nyan!—1988
  • Nyamesom mu Nsɛnnennen wɔ Netherlands
    Nyan!—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1992
g92 6/8 kr. 30

Asɔre Kyɛwpa na Mpaapaemu Kɛse Adi

“MEKA me bɔne ne afɔdi wɔ mo anim ne Awurade anim a ɛnyɛ m’ankasa de nko . . . na mmom—sɛ obi a ogyina afoforo ananmu no—meyɛ eyi nso wɔ Dutch Reformed Church no din mu.” Ɔbenfo Willie Jonker a ɔyɛ Dutch Reformed asɔfo mpanyin no mu biako gyinaa baguam de kyɛwpa a ɛyɛ nwonwa yi too gua wɔ nsɔre horow nhyiam bi a wɔyɛe wɔ November 6, 1990 mu, wɔ Rustenburg, South Africa no ase. Na bɔne bɛn na Jonker reka ho asɛm no? Na ɔreka “amammui, asetra, sikasɛm, ne ahyehyɛde mu ntɛnkyea a akɔ so” esiane South Africa nnipa mu nyiyim mmara no nti ho asɛm.

Ɔbenfo no toaa so kae sɛ: “Mete nka sɛ mewɔ hokwan sɛ meyɛ saa efisɛ Dutch Reformed Church no kae wɔ ne nnansa yi nhyiam ase sɛ nnipa mu nyiyim yɛ bɔne na aka n’ankasa afɔdi akyerɛ.” Nanso, nea nkurɔfo pii yɛe wɔ Jonker kyɛwpa no ho no kyerɛ sɛ asɔrekɔfo bebree nnye nsɛm a wɔn asɔre no ka wɔ nnipa mu nyiyim ho no ntom koraa.

Nea ɛde akasakasa yi aba ne sɛ South Africa Dutch Reformed Church no a emufo dodow no ara yɛ Afrikana aborɔfo titiriw no afi bere tenten apene nnipa mu nyiyim no so.

Nanso, wɔ October 1986 mu no asɔre bagua no yɛɛ nsakrae titiriw wɔ wɔn mmara mu denam ka a ɛkae sɛ obiara betumi akɔ asɔre no bi no so, ne sɛ asɔre no adi mfomso sɛ ɛbɔɔ mmɔden sɛ ɛbɛkyerɛ sɛ Bible pene nnipa mu nyiyim so no so. Afei nso, wɔ 1990 mu no, bagua no kae sɛ “anka ɛsɛ sɛ” asɔre no “apow adwene a ɛte saa bere tenten” ne sɛ “ahu na ɛreka saa a anyɛ no akyerɛ.”

Jonker kyɛwpa no de akasakasa bae, na ɛma wohuu mpaapaemu kɛse a asɔre no adwene wɔ nnipa mu nyiyim ho de aba no. Nokwarem no, ɛte sɛ nea mpaapaemu no wɔ asɔre no mu nyinaa, efi asɔremma so kosi bagua no kan guamtrani so. Wɔ Jonker kyɛwpa no ho no, Willie Potgieter a ɔyɛ Dutch Reformed sofo no tee nka sɛ “nyansa nnim sɛ ɔyɛ ade a ɛte saa mpofirim saa.” Ɔkae sɛ bɛyɛ sɛ n’asafo no mufo fã da so araa bu nnipa mu nyiyim sɛ Kristofo nhwɛso pa a ebetumi ayɛ adwuma.

Ɔkwan a ntease wom so no, mpaapaemu yi haw Dutch Reformed Church no mufo pii. Asɔre no muni bi a ne bo afuw kyerɛw kɔmaa Johannesburg atesɛm krataa Beeld sɛ: “Bere adu sɛ . . . yɛkoto srɛ fafiri wɔ yɛn mpaapaemu ne nneɛma bɔne a yɛka fa yɛn ho yɛn ho no ho.”

Nanso biakoyɛ a ɛte saa no renyɛ yiye; na ɛnyɛ Dutch Reformed Church no nkutoo ne asɔre a mpaapaemu a ɛte saa wom wɔ South Africa. Wɔn a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo yi akameakame no yɛ soronko koraa wɔ ɔdɔ ne biakoyɛ a Yesu kae sɛ ɛbɛyɛ ne nokware akyidifo suban no ho.—Yohane 17:20, 21, 26; fa toto 1 Korintofo 1:10 ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena