Bible Nnyinasosɛm Ho Wɔ Mfaso—Sɔ Hwɛ!
SO ƐYƐ wo sɛ Bible no yɛ nhoma a ne bere atwam na ɛho nni mfaso? So wote nka sɛ ɛnsɛ sɛ wɔfa n’afotu aniberesɛm?
Saa na nnipa binom te nka. Nanso bebree wɔ hɔ a wɔsakraa wɔn adwene bere a obi boaa wɔn ma wotee emu nsɛm ase no. Bere a wɔtee ase pefee no, wotumi fii ase de dii dwuma wɔ wɔn asetra mu. Nokwasɛm no ne sɛ nnipa bɛboro ɔpepem abien wɔ wiase nyinaa a wofi osuahu a wɔn ankasa anya mu ahu sɛ Bible no ho wɔ mfaso kɛse ne sɛ bu a wubebu sɛ ɛho hia no kyerɛ nyansa a wowɔ.
Sɛ nhwɛso no, na Tulsa, Oklahoma, atesɛm krataa World, January 24, 1980 de no kura asɛmti “Bible Kaa Mmusua Boom wo Basabasayɛ ne Owu Bere Mu.” Asɛm no kɔɔ so kyerɛe sɛ:
“Bere a basabasayɛ no rekɔ so denneennen [wɔ Idabel] no, aborɔfo baanan, Mexicofo baasa ne obibini baako hyiae wɔ ofie kɛse bi mu suaa Bible. Esii wɔ John ne Joan Langan fie. Wɔyɛ Yehowa Adansefo a mfe abien a atwam ni wɔpawee sɛ wobetu akɔ baabi a ɛbɛn Oklahoma 37, a ɛnam baabi a, abibifo te titiriw wɔ kurow yi mu no mfinimfini mu.”
Bere a mmusua ahorow ahorow wɔ hɔ resua Bible no, ntɔkwaw sii abɔnten na na etuo aboba nenam baabiara. Nea ɛte ne sɛ, ɔko no bae bere a ɛbae sɛ na ɔman no mu mpanyimfo abu wɔn ani agu so sɛ wɔbɛyɛ aberante bibini bi a na wadi mfe 15 wu ho biribi no. Esiane basabasayɛ no nti, wokum polisini biako, nnipa bebree pirapirae ma, ade kyee no, Langan ne ne yere huu obibini bi funu sɛ ɛda wɔn fie akyi. Wɔn ankasa fie no ho hwee ansɛe; mfɛnsere mpo ammɔ. Nanso tuo aboba bobɔɔ aguadidan bi a ɛbɛn hɔ a wɔtɔn nufusu, buturu ne keesu wom no; ne mfɛnsere nyinaa bobɔe. Wɔyɛɛ pɛtrol tɔn bea bi a ɛbɛn hɔ pasaa. Aguadidan ahorow abiɛsa a ɛbɛn hɔ nso wɔsɛee no faa mu nneɛma, na wobubuu aguadidan bi a wɔtɔn nsã wom pasapasa.
World no kae sɛ: “Langan ne ne yere fam de, . . . ná atamfo biara nni abɔnten. Owurayere Langan kae sɛ: ‘Ná yensuro nkurɔfo no, nea na yesuro ara ne sɛ ebia etuo aboba bi bɛfom abepira yɛn.’” Atesɛm krataa no kae nso sɛ Yehowa Adansefo yɛɛ wɔn asafo nhyiam horow wɔ “saa ofie koro pɛ a wohyia wom wɔ kurom hɔ no mu, faako a aborɔfo ne abibifo na wɔwɔ asafo no mu no.” Ɛyɛ asafo a nnipa bɛyɛ sɛ 60 wom, na nnipa bɛyɛ 100 kotie Bible baguam ɔkasa ahorow a wɔma Kwasida biara.
World no kɔɔ so kaa asɛm a Owurayere Langan kae no sɛ: “Minim sɛ basabasayɛ wɔ hɔ, m’ani mfurae. Nanso ɛdenam ɔkwan a yɛfa so ne nkurɔfo—abibifo ne aborɔfo di nti, abusuabɔ pa wɔ yɛn ntam. Sɛ wɔwɔ ɔdɔ ma Onyankopɔn a, nea yehia nyinaa nen na yɛatumi abom atra ase anigye mu. Nsonsonoe a ɛwɔ honam ani hwɛbea mu no ma ɛyɛ fɛ mmom. Yɛn ani gye honam ani hwɛbea ahorow ahorow no ho.” Atesɛm krataa no nso kae sɛ “bere a Langan ne ne yere baa Idabel no wɔn ani gyee kurom hɔfo a wɔma wɔbaa wɔn afie mu no adamfofa su a woyii adi no ho. Owurayere Langan kae sɛ: ‘Ade a edi kan a yɛhyɛɛ no nsow ne sɛ nkurɔfo no wɔ ahɔhoyɛ su. Kakraa bi na na wommu ade. Yehui sɛ titiriw no, na nkurɔfo no yam ye papaapa wɔn yam da so ara ye.’”
Basabasayɛ no akyi anɔpa no, Langan ne ne yere hui sɛ kurow mũ no nyinaa abɔ twi. Baabi a aguadidan ahorow nkutoo wɔ hɔ a wɔmma kwan mma kar biara mfa hɔ no, wohuu aborɔfo adwumawuranom sɛ wɔn nyinaa kurakura atuo. Kuw bi a aborɔfo atew a wɔfrɛ no Ku Klux Klan a wɔde ko tia anaasɛ wɔde hunahuna abibifo no mufo nso bae, na anibere aba. Nea wɔtee nka sɛ ɛrekɔ so yi nyinaa akyi no, Langan ne ne yere kɔɔ afie afie kɔkaa Onyankopɔn ahenni no ho asɛmpa.
Wɔ ofie a edi kan pɛɛ mu no, aberante bibini bi kae sɛ, “Mommra mu.” Wɔkɔɔ mu na wohuu abibifo bɛyɛ 20 rekɔ 30 wɔ saa fie ketewa no mu. Ná wɔn ani abere kɛse wɔ ha nso. Wobisaa Owura Langan sɛ: “Morepɛ dɛn?” Ɔkaa baabi a ɔno ne n’abusuafo te kyerɛɛ wɔn sɛ wɔyɛ Yehowa Adansefo a wɔreka Bible mu asɛm akyerɛ afoforo. Afei ɔkɔɔ so kae sɛ nnipa ntumi mfa atɛntrenee mma, na Onyankopɔn nkutoo na obetumi ayɛ saa. Eyi huruu wɔn bo mmom. Owurayere Langan bisae sɛ ebia okununom a wɔwɔ yerenom ne mma wɔ wɔn mu na so ɛnyɛ ampa sɛ ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛma obiara a ɔwɔ wɔn abusua no mu ani agye bere nyinaa anaa? Sɛ ɛyɛ den ma ɔbarima sɛ obedi eyi ho dwuma wɔ n’ankasa abusua mu a, ɛbɛyɛ dɛn na yebetumi ahwɛ kwan sɛ nnipa nniso horow bɛma obiara anya anigye. Ɔbɔadeɛ no nko na obetumi ayɛ saa. Bere a wɔtee eyi no, wɔn ho dwoe na wotumi tee nka sɛ asomdwoe aba hɔ.
Ɛdaa adi sɛ, saa abusua yi na na wɔakum wɔn babarima a wadi mfe 15, a efii ɔhaw no nyinaa ase no. Adansefo baanu no maa wɔn due na wɔkãe sɛ na wonnim wɔn a wɔreba wɔn hɔ bere a wɔbɔɔ wɔn pon no. Wɔde Bible mu asɛm te sɛ Adiyisɛm 21:4 a ɛka bere a Onyankopɔn bɛpopa nusu nyinaa afi nnipa aniwam na ɛyaw ne owu nni hɔ bio no kyekyee abusua a wɔn ba awu no werɛ. Wɔdaa anidaso a ɛwɔ Bible mu a ɛfa awufo sɔre ho adi kyerɛɛ abusua a wɔredi awerɛhow no na wotumi gyaw nhoma a wɔde sua Bible maa wɔn.
Wɔrefi hɔ no, Langan ne ne yere hui sɛ aberante bibini bi de ne nsa agu n’akyi na odi wɔn akyi. Owura Langan dan ne ho na ɔkãe sɛ: “Me din de John. Wo din de dɛn?” Aberante no bɔɔ ne din na afei obisae sɛ, “Dɛn na moreyɛ wɔ ha?” Bere a wɔkaa nea wɔde baa hɔ kyerɛɛ no no, ne koma tɔɔ ne yam. Ná okura sekan wɔ ne nsam.
Dɛn na ‘ɛkaa Langan ne ne yere no ma wokuraa adwempa ne ntease pa a wɔwɔ wɔ mmusuasɛm ho no mu? Bible no ka sɛ Onyankopɔn ‘maa nnipa aman nyinaa fi [onipa] biako mu traa asase so nyinaa.’ (Aso. 17:26) Onyankopɔn Asɛm nso ka kyerɛ yɛn sɛ ‘yɛnnɔ yɛn yɔnko sɛ yɛn ho’ na “sɛnea mopɛ sɛ nnipa nyɛ mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.”—Marko 12:31; Luka 6:31.
Langan ne ne yere de saa nnyinasosɛm yi tra ase, mpo sɛnea Adansefo afoforo yɛ no, na wɔabu sɛ ɛnyɛ sɛ saa a wɔbɛyɛ no ho wɔ mfaso nko, na mmom ɛde anigye a ɛsõ sen biara ba. Yiw, Bible nnyinasosɛm ho wɔ mfaso. Sɛ wopɛ sɛ wunya mmoa na wote Bible nnyinasosɛm ahorow ase ne ɔkwan a wobɛfa so de adi dwuma wɔ w’asetra mu a, fa ɔkwan biara a wubetumi so hu Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam. Sɛ wuntumi nyɛ saa a, kyerɛw wɔn a wotintim nsɛmma nhoma yi na wɔbɛka faako a Adansefo no asafo a ɛbɛn wo fie no hyiam no akyerɛ wo.