Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g82 1/8 kr. 16-21
  • Nnanu “Anwonwade Ahorow”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnanu “Anwonwade Ahorow”
  • Nyan!—1982
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛyɛ Bebree a Wɔasisi No Mu Biako Pɛ
  • “Minnye Nni!”
  • ‘Yɛtee Nka Sɛ Yɛakõ Agu’
  • Adwuma a Wɔde Ɔdɔ a Pɛsɛmenkominya Nni Mu Yɛ
  • “Onyankopɔn Nsa Di Dwuma”
  • So Na Ɛso Wɔ Mfaso?
  • “Anidaso Bi”
  • Ɛkyerɛkyerɛ “Asuade Bi a Ɛsõ Kyɛn Saa”
  • Mo Ahenni Asa No Te Dɛn?
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • Adan a Yesisi De Hyɛ Yehowa Anuonyam
    Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!
  • Ɛha na Yɛhyiam Som
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Adwuma A Wɔyɛ No Ɔhare So Wɔ Kusuu Fam Nohoa!
    Nyan!—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1982
g82 1/8 kr. 16-21

Nnanu “Anwonwade Ahorow”

SAA AHENNI ASA AHOROW YI NYƐ NEA WƆAYƐ N’AFÃ HOROW AWIE DEDAW. WƆDE ƆDAN HO NNEƐMA A WƆABOA ANO AGU HƆ ANKASA NA ESI

BERE a ɔde ne kar kɔfaa mpɔtam hɔ baabi no, nea Bill hui ara ne nnipa dodow bi a wɔatwa nhyɛase bi a wɔde nnua ne ntayaa ato ho ahyia. Na ɛyɛ anɔpatutuutu. Wansusuw sɛ sɛ ɔresan aba a obehu biribi a ɛbɛma ne ho adwiriw no.

Nnɔnhwerew anan akyi, bere a Bill bɛnee saa beae koro no ara no, ohui. Ɔtɛee n’anom. Na wɔasi dan asi saa nhyɛase no so! Ɛwom sɛ na wonwiei koraa de, nanso na wɔabɔ dan no so, ato n’afasu, de mfɛnsere ahyehyɛ mu. Ne ho a edwiriw no no maa n’adwene fii kar a ekura no no so bere a ɔmanee no, na ofii kwan no so. Sɛ wamma ne ho anyɛ hare a, anka ɛkɔhwee ase.

Bill huu nnanu “anwonwade” no mfitiase. Ná adwumayɛfo bi a wɔyɛ nsi resi Yehowa Adansefo Ahenni Asa awie​—emu ne akyi​—awɔ nnanu pɛ mu. Ankyɛ na kurow a wɔfrɛ no Grafton, a ɛwɔ North Dakota, tee adwuma a ɛyɛ nwonwa, yi ho asɛm. Obi kae sɛ: “Wɔde ɔdan besii hɔ anadwo!” Ɔfoforo kae sɛ: “‘Entumi nyɛ yiye. Dabi, wosii ankasa!”

Ɔbarima bi a ɔwɔ Memphis, Tennessee a ɔkenkan nnwuma yi biako ho asɛm no, kãe sɛ amanneɛbɔ no de “anidaso bi ma adesamma tebea” mae. Dɛn nti na ɛte saa? Nokwarem no, sɛ wohwɛ adesamma tebea nnɛ a, ɛnyɛ fɛ. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ adwuma bi ho asɛm trɛw kɔ akyiri saa? Wubehu.

Ɛyɛ Bebree a Wɔasisi No Mu Biako Pɛ

Stanley Peck a ɔyɛ wɔn a wɔyɛ nhyehyɛe no mu biako se wɔasisi Ahenni Asa ahorow bɛboro 60 wɔ “bere tiaa mu” saa, na wɔde asa bi a mfe 10 a atwam ni wosii wɔ Webb City, Missouri, na efii ase. Wɔ ɛhɔ no, nnipa 50 de nnanu wiee fasu ahorow no bɔɔ so. Peck kae sɛ: “Ɛbae sɛ sɛ yɛhyehyɛ nneɛma yiye ankasa a, yebetumi ayɛ adwuma no nyinaa wɔ dapɛn awiei. Ɛhɔ na adwene no fii ase.” Asa biara a wɔkɔɔ ho no, ɛkaa kakra ma wɔde nnanu wiei. John Langan a ɔyɛ wɔn a wodi dwumadi no anim no mu biako kae sɛ: “Wɔ asa 20 anaa nea ɛte saa a etwa to a yɛasisi no, ɛkaa ketekete na yewiei.”

Ná ɔdan no nyinaa a wowie de nkanea kɔ mu, na ɛtɔ da bi a woduadua nhwiren wɔ anim, ka nea wotumi yɛ no ho. Mpɛn pii no, ná wotwiw mu anaasɛ wɔka ho, wɔde nkrataa a adwinhorow a ɛyɛ fɛ wɔ so fomfam ban no ho anaasɛ wodi adwinhorow gu ban no ankasa ho, ɛne kapɛt a wɔde sɛw fam no hyia ma ɛyɛ fɛ. Ná saa adan no nyɛ nea wɔayɛ n’afã horow no nyinaa dedaw a wɔde sisi hɔ ara kwa. Ebinom trɛw yɛ anammɔn 60 na ne tenten yɛ anammɔn 70, a nnipa 250 betumi akɔ mu. Ɛsono sɛnea emu biara te, a adan ahorow wom, baabi a obi tumi kɔyɛ ne ho yiye, nhomakorabea ne baabi a wohyia. Wɔde akasamu mfiri ahorow kɔ mu. Biako bi a ɛwɔ Oklahoma de, baabi a wɔsɔ gya wom! Mpɛn pii no, wɔkyerɛ sɛ ɛho ka boro nea anka ɛsɛ sɛ ɛyɛ no so mpɛn abiɛsa anaasɛ nea ɛboro saa.

“Minnye Nni!”

Sɛ obi hwɛ adwuma a ɛrekɔ so no​—na nnipa pii fi mpɔtam hɔ a wɔhwɛ​—a, na nhyehyɛe no yɛ nwonwa. Adwuma fi ase nnɔnson Memeneda anɔpa. Dɔnhwerew biako akyi no na fasu ahorow no akɔ soro! Afei nnua a wɔde bɔ dan so di so. Mmea fi ase de nkyɛnsee ba ma wɔde gye ho, na wɔde nnadewa bobom. Wɔn a wonim anyinam ahoɔden ho adwuma no fi ase sesã nhomawa horow. Wɔ nnɔnhwerew abiɛsa mu no na wɔato ntayaa a edi kan no. Wɔn a wodi afiri a ɛde mframa a ɛyɛ nwini ba dan mu ne nea ɛma ɔdan mu yɛ hyew ho dwuma no twɛn sɛ wɔde ɛnonom bɛhyehyɛ mmeae horow. Biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ. Adwumayɛfo no mu biako kae sɛ: “Mihu, nanso minnye nni.” Nanso biribi foforo ma ɛyɛ “anwonwade’” kɛse mpo.

Obi a ɔyɛ atesɛm krataa ho amanneɛbɔfo wɔ Tulsa, Oklahoma, kyerɛwee sɛ: “Wontuaa pɛsewa mpo mmaa wɔn wɔ wɔn dɔ adwuma no ho. Nnipa a wɔyɛ adwuma dennen a ɛte sɛɛ, nanso wonnye akatua biara no nyɛ biribiara sɛ “anwonwade.”

Esiane sɛ wɔn adwene mu yɛ wɔn nãa wɔ sɛnea adwuma no te ho nti, nnipa bebree a wɔwɔ Guymon, Oklahoma, frɛɛ kurow no mu adansi so hwɛfo no. Ɔhwɛfo no kae sɛ: “Meka kyerɛɛ wɔn sɛ sɛ wɔpɛ sɛ wohu biribi a wɔyɛ no pɛpɛɛpɛ a, ɛsɛ sɛ wɔbɛhwɛ asa no! Nneɛma a ebehintaw a wonhu no mpo, moreyɛ no pɛpɛɛpɛ!”

Nanso adwumayɛfo no mu pii nyɛ wɔn a wosisi adan. Wɔkyerɛ eyinom bere a wogu adwuma no so no. Wɔn a wɔnyɛ adansifo a na wɔka adwumayɛfo no ho wɔ ɔdan biako a wosii ho ne adufrafo, ntoaso sukuu kyerɛkyerɛfo, mfonini-twafo, nnuruyɛfo baanu ne okuafo. Nanso sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhwɛ na obiara ampira no, ɔdansefo a onim ɔdansi ho adwuma nantenantew faako a wɔreyɛ adwuma no hwehwɛ nneɛma horow a ebetumi de asiane aba no.

Nanso so nneɛma kɔ so bɔkɔɔ bere nyinaa?

‘Yɛtee Nka Sɛ Yɛakõ Agu’

Adwuma no fã a ɛyɛ den ne nsamso no ne ban a ɛwɔ dan no mu no. Adwumayɛfo bi yɛ eyi ho adwuma Memeneda anadwo nyinaa. Bere a mmarima yi repɛ ntɛm awie ɔdan nsam so no wɔ Elk City, Oklahoma, bɛyɛ 3 a.m. no, mpofirim na wɔtee nnyigyei kɛse bi. Akanea no nyinaa dunnumii. Ankyɛ na biribi foforo paee na ɛsoo gya, na ɛsɛee afiri a ɛma anyinam ahoɔden wɔ mpɔtam hɔ a ɛwɔ asa no akyi ho biribi. Kurow mu anyinam ahoɔden ho adwumayɛfo kae sɛ: “Kanea remma kosi anɔpa!” Ná bere retwam kɔ. Sɛ wɔanwie ansa na ade akye a adwuma no renkɔ so.

Wɔn mu biako kae sɛ: “Ná ɛyɛ abasamtu ankasa. Yɛtee nka sɛ yɛakõ agu koraa bere a akanea no dunnumii no.” Nanso mmarima no mu biako kaee ne kar bi a na esi asa no nkyɛn. Ná ɛwɔ n’ankasa n’afiri a etumi sɔ kanea! Simma kakraa bi mu no, wonyaa kanea. Ɛno ara na na wohia na ama wɔawie bere ano.

Dwumadi no so ɔhwɛfo foforo, Harold Cheek, kae sɛ: “Ɛtɔ bere bi a na nneɛma a yehia no nyinaa nni hɔ wɔ mfiase no. Ɛtɔ da bi a yetumi du nea yehia no so pɛɛ ansa na yɛn nsa aka, nanso ɛmmae da sɛ ɛsɛ sɛ yegyae adwuma no anaasɛ yetwam.”

Adwuma a Wɔde Ɔdɔ a Pɛsɛmenkominya Nni Mu Yɛ

Adwumawura bi a ɔsosɔw nneɛma a ɔde n’ankasa wimhyɛn baa beae hɔ kae sɛ: “Minnim saa adwuma yi ho ade pii, nanso mɛyɛ biribiara a mopɛ.’” Afoforo te nka saa ara. Ɔde ne ho hyɛɛ adwuma fĩ a ɛne sementi ne anhwea ne nsu a wɔrefra na wɔresoa no mu. Mmusua nyinaa yɛɛ adwuma boom. Na onifuraefo bi reyɛ akasamu ho adwuma denneennen​—titiriw no na ɔnam ne nsa a ɔde suso nneɛma mu so na ɛyɛ. “Aboafo” bebree dii dwuma te sɛ n’aniwa. Mmofra yiyii nneɛma asinasin a egugu fam no ma ɛhɔ yɛɛ fɛ na afei nso wɔde nnɔkɔnnɔkɔwade memaa adwumayɛfo no.

Bere a awɔw wom kɛse na mframa a ano yɛ den kɛse bɔe no, wɔn a wɔwɔ Vinita, Oklahoma, no mu biako teɛɛm se: “Sɛ yɛreyɛ agye sika a, anka yɛrenyɛ adwuma nnɛ​—dabida!” Na nsu nketenkete a akyen anaasɛ ayɛ ice wɔ ebinom ano mfemfem mu bere a wɔreyɛ adwuma no! Nanso bere a wim yɛ hyew pii no, adwumayɛfo koro no ara sii asa a ɛwɔ Purcell, Oklahoma. Ɛtɔ mmere bi a osu tɔ nnanu no nyinaa, sɛnea ɛyɛe wɔ Monmouth, Illinois no. Harold Cheek kae sɛ: “Onua biako pɛ mpo amfi beae hɔ. Wɔkɔɔ so yɛɛ adwuma ara.”

Nanso, dɛn nti na saafo yi yɛ no bere nyinaa? Ababaa bi a ɔhyɛ ade nsow yiye kaa nea enti no kyerɛe. Ɛwom sɛ na ɔnyɛ Ɔdansefo de, nanso ɔka kyerɛɛ abusua a ɔne. wɔn tuu kwan kɔɔ hɔ no sɛ: “Biribi baa me mu ara kwa. Yennim saa nkurɔfo yi mu biara. Yɛnkɔɔ wɔn asa so da. Nanso yɛreyɛ adwuma dennen yi nyinaa. Ei, yɛde yɛn ho rebɔ afɔre ama obi foforo.’ Eyi yɛ biribi a eye!”

Yiw, ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nni mu kanyan wɔn. Ɛyɛ saa ɔdɔ yi na Yesu kae sɛ ɛbɛhyɛ ne nokware akyidifo agyirae, efisɛ na ɛsɛ sɛ wɔdodɔ wɔn ho wɔn ho ‘sɛnea ɔdɔɔ wɔn’ no. Yesu de wɔn yiyedi dii n’ankasa de anim. Owu maa wɔn mpo.​—Yoh. 13:34, 35.

Wɔn ho a wɔde bɔ afɔre no da adi wɔ akyirikyiri a ebinom fi tu kwan kɔ no mu. Cheek kae sɛ: ‘“Yɛbɔ mmɔden sɛ yɛrenkɔ akyiri nsen akwansin ahanum anaasɛ ahansia fi yɛn fie wɔ Oklahoma, efisɛ eyi yɛ dakoro kwan bere nyinaa. Nanso, abusua bi twaa akwansin 1,600, wɔn kɔ ne wɔn ba. Foforo nso twaa akwansin 920 na wɔde akɔ hɔ nkutoo! Wɔ ɔdan biako bi si mu no, adwumayɛfo fi amantam 10 mu bae. Bere nyinaa no, wontua akwantu ho ka ahorow no mma wɔn a wɔba no. Sɛnea ɛbɛyɛ na anyɛ adesoa pii dodo amma ebinom no, John Langan yɛ nnipa bɛboro 800 a wɔde wɔn ho ma no din ne wɔn address ahorow ho kyerɛwtohɔ na ɔnam saa yɛ so tumi hu wɔn a wɔte bɛn faako a adwuma a wɔrebɛyɛ no wɔ no.

Nanso so saa nnanu “anwonwade” yi nam nea nnipa a wɔwɔ ahofama yɛ ne nhyehyɛe a nyansa wom so ara na ɛba anaa?

“Onyankopɔn Nsa Di Dwuma”

Wɔ Dumas, Texas no, awarefo bi srɛe sɛ wɔkɔhwɛ asa foforo no mu. Ɔbea no kae sɛ: “Sɛ mehwɛ mu hyia a, mitumi hu Onyankopɔn nsa sɛ edi dwuma.” Awarefo bi a wɔkɔhwɛɛ adwuma no wɔ Elk City, Oklahoma, gye toom sɛ: “Yenhuu biribi sɛ eyi da! Ɛwom, yɛnyɛ Yehowa Adansefo de, nanso yenim sɛ saa adwumayɛfo yi Onyankopɔn honhom na ɛkanyan wɔn. Ɛbɛyɛ dɛn na anka wobetumi ayɛ pii saa?”

Yiw, sɛ́ anka adwumayɛfo no fi ahantan mu bɛhoahoa wɔn ho wɔ wɔn adwuma a “ɛte sɛ nea entumi nyɛ yiye sɛ wɔbɛyɛ” no ho no, nkɔmmɔ a kuw no bɔ fa “adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa nhyira wɔ wɔn mmɔdenbɔ so no ho.”

So Na Ɛso Wɔ Mfaso?

Wɔ Kwasida bi anwummere no, obiara twɛnee sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ nhyiam a edi kan wɔ asa foforo a wɔasi no so. Mfe kakraa bi a atwam no, ná mpanyimfo a wɔwɔ hɔ no mu biako nkutoo ne Ɔdansefo a ɔwɔ mpɔtam hɔ. Na wahu sɛnea nneɛma anya nkɔso de abesi sɛ wɔanya wɔn Ahenni Asa foforo a “wɔde bere tiaa” sii no. Na ne si no akanyan anigye wɔ mpɔtam hɔ dedaw. Wɔsrɛɛ ɔpanyin yi sɛ ɔmmɔ mpae wɔ nhyiam no awiei. Wɔ mpaebɔ no mu no, ne werɛ howee na osui. Aseda hyɛɛ no ma. Asa, yi bɛyɛ agyapade kɛse bi bere a saa asafo ketewa no trɛw Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa no mu no. (Mat. 24:14) Bere tiaa a wɔde sii dan no koraa nnɔnhwerew bebree so a afei wobetumi de adi dwuma wɔ asɛnka adwuma no mu.

Mpɛn pii no, ɛma wɔn a wɔba nhyiam wɔ asa no so mmɔdenbɔ nya nkɔanim. Sɛnea Ɔdansefo biako kae bere a wowiee asa no si no: “Afei de ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho kasa kyerɛ afoforo na yɛhyɛ asa no ma!” Ɛdenam nnamfo a wɔba bɛhwɛ nnanu “anwonwade ahorow” no so no, Bible mu nkɔmmɔbɔ ahorow a edi mu afi mu aba.

Nanso dɛn na ɛkaa obi a yɛaka ne ho asɛm dedaw sɛ ɔkɔhwɛe no ma ɔkae sɛ saa nnwuma yi de “anidaso bi ma adesamma tebea” ma no?

“Anidaso Bi”

Nea enti a ɔkae saa ne sɛ ná wakenkan sɛ wɔ baabi a abibifo nkutoo na wɔte hɔ wɔ Memphis, Tennessee no, ná “abibifo ne aborɔfo, mmofra ne mpanyin” reyɛ adwuma bom te sɛ abusua kɛse biako. Bere a wakɔhwɛ asa no si akyi no, ɔbarima dwumayɛfo bi a wagye din wɔ Grafton, North Dakota, kae sɛ: “Na eyi yɛ soronko koraa. Mitumi huu biakoyɛ ne onuadɔ. Misusuwii wɔ me komam sɛ, ‘Saa na ɛsɛ sɛ nnipa yɛ ankasa.’” N’ani gyei yiye na ofii ase sɛ ɔbɛyɛ Yehowa Adansefo mu biako.

Yiw, sɛnea “ɛsɛ sɛ nnipa yɛ ankasa.” Sɛ nhwɛso no, na Amerika Indiani bi a ɔtan aborɔfo ka adwumayɛfo no ho.’ Ɔbarima kɛse yi a ne tenten yɛ anammɔn asia yi kae sɛ: “‘Sɛ buroni bi ka me a, mɛbɔ no akum no.” Afei de, ɔne aborɔfo bebree abom ayɛ asa pii ho adwuma​—a oyi ɔdɔ adi kyerɛ na wɔdɔ no. Sɛ yɛn nyinaa wɔ biakoyɛ a ɛte saa a, hwɛ yiye a anka yɛn wiase yi bɛyɛ!

Ɔdansifo bi a ɔnyɛ Ɔdansefo kae sɛ: “Sɛ meboaboa adwumfo ahorow ahorow ɔha ano a, wɔ simma aduasa mu no, wɔbɛkasa atiatia wɔn ho na wɔne wɔn ho wɔn ho ako.” N’ani gyei sɛ ohuu dua adwumfo, abantofo, anyinam ahoɔden ho adwumayɛfo sɛ wɔn nyinaa reyɛ adwuma bom.

Sɛ́ anka obedwen adwuma no nkutoo ho no, ɛwom sɛ na onni adagyew de, nanso adwuma no so ahwɛfo no mu biako gyee bere kɔboaa ɔbea bi a wabubu koraa a ɔpɛe sɛ n’ankasa hu Ahenni Asa a wɔresi no. Ɔmaa no so fii kar no mu, piaa no, anaasɛ ɔmaa ne werɛ kyekyee pii. Ne werɛ remfi saa ayamye no da, efisɛ ɔde nusu hwɛɛ nea ɛrekɔ so no.

Ɛkyerɛkyerɛ “Asuade Bi a Ɛsõ Kyɛn Saa”

Wɔ ne krataa a ɔkyerɛw kɔmaa atesɛm krataa akyerɛwfo mu no, ɔbarima bi a ofi Memphis, Tennessee, de baa awiei sɛ: “Meda mo ase wɔ asɛm ketewaa yi a ɛfa nnipa ahobrɛasefo a wɔreyɛ adwuma bom wɔ ɔkwan pa so ne adesua a ɛsõ kyɛn saa a ɛkyerɛkyerɛ yɛn nyinaa a yɛte wiase bi a ehia mmoa a ebetumi anya nyinaa mu ho no ho.” Nnipa a wɔbom yɛ adwuma wɔ asomdwoe ankasa mu nhwɛso no “kyerɛkyerɛ” pii.

Ɔdansefo bi a wakɔyɛ saa adansi yi ho adwuma mpɛn bebree no kae sɛ: “Nnɛ, kasa dodow afono nnipa. Akwan horow pii a wosusuw sɛ eye ho nni mfaso. Nkurɔfo pɛ sɛ wohu biribi. Wiɛ, sɛ wuhu nnipa 200, a abusua a wofi mu anaasɛ baabi a wofi mfa ho, sɛ wofi wɔn komam reyɛ adwuma, a ɛmfa ho sɛ tebea a wɔwom nye, na obiara dwen ɔfoforo ho no a, eyi kyerɛ biribi. Ɛyɛ biribi paa ankasa, adanse a ani tua sɛ ‘Ampa, Bible no di dwuma ankasa!’”

Ná ɔbarima bi a ɔbɛboae no nyɛ Ɔdansefo, ɛwom sɛ na onim wɔn nkyerɛkyerɛ no de. Ɔbarima yi a mprempren wabɛyɛ ɔdansefo mmɔdenbɔfo no kae sɛ: “Na mate Nokware no ho asɛm mfe bi, nanso mprempren ne nea edi kan a mahu!”

Saa biakoyɛ yi yɛ biribi foforo a ɛbɛba ho mfonini. Bible no kyerɛkyerɛ sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn bɛyɛ nnɛyi “adesamma tebea” yiye denam nsɛmmɔnedi a obeyi afi hɔ na wama “ahobrɛasefo” a wotie Bible no atra asase so wɔ asomdwoe mu no so. (Dw. 37:10, 11, 34) Ɔdansi adwuma biara a ehia wɔ trenee nhyehyɛe foforo no mu no bɛyɛ nea ɔdɔ nkabom wom wɔ wiase nyinaa te sɛ nea wohu wɔ saa Ahenni Asa dwumadi ahorow yi ho no. Odwumayɛfo biako kae sɛ: “Ɛkanyan wo koma sɛ wudwen sɛ ɔkwan eyi ara so na yɛbɛfa ayɛ adwuma abom wɔ nhyehyɛe foforo no mu a.” Yiw, adwuma a nnipa bebree ka bom de ɔdɔ yɛ a ada adi kɛse no ma saa anidaso no yɛ paara ankasa.​—2 Pet. 3:13.

Nea aberante bi hui nnanu no kanyan no nokwarem. Bere a wahyehyɛ nneɛma wɔ ne kar mu awie a ɔrebetwa kwan tenten akɔ fie bio no, ɔhwɛɛ hɔ hyiae nea etwa to. Bere a onhu nea ɔnka wɔ ne nkate ahorow ho no, ɔtoo ne kyɛw kɔɔ soro, na obuu dikyi abien na afei ohuruw traa kar a na n’abusuafo te mu resrew twɛn no no mu. Bere a otuu kar no kɔe no, ogyaw Ahenni Asa foforo a ne kɛse yɛ anammɔn 2,800 ahinanan a egyee mmarima, mmea ne mmofra 150 a wɔahyira wɔn ho so ne wɔn dɔ​—ne nnanu ma wɔde sii no.

[Kratafa 19 adaka]

NSƐM A EFI MPANYIMFO HƆ

“Mepɛ sɛ . . . meda anisɔ ankasa a Purcell Ɔmanfo wɔ Ahenni Asa fɛfɛ no ne ɔkwan a mofaa so sii no ho no kyerɛ mo.”​—Kurow so Ɔhwɛfo. Purcell Oklahoma.

“Mihui sɛ wɔyɛɛ nkanea a wɔde kɔɔ dan mu hɔ no ho adwuma fɛfɛɛfɛ, na wɔde anyinam ahoɔden ho nneɛma pa ankasa na ɛyɛe.”​—Anyinam Ahoɔden so Ɔhwɛfo, Lake Charles, Louisiana.

“Bere a madi ho dwuma na m’ankasa mahu adan bebree a nkurɔfo yi asisi no, metumi aka sɛ adansi no bedu nea Ɔdansi Ho Mmara Horow pii hwehwɛ no na aboro so.”​—P W. D. Panyin, Borger, Texas.

“Mete nka sɛ na mowɔ adwumfo ankasa a wɔyɛɛ adwuma no, na ɛda adi wɔ sɛnea mo dan no su te no mu.”​—Ɔdansi Sohwɛfo Panyin, Craig, Colorado.

[Kratafa 17 mfoni]

MEMENEDA 7:00 A.M

MEMENEDA 10:00 A.M

KWASIDA 6:00 P.M.

[Kratafa 19 mfoni]

ADANSEFO A WOFI MMUSUA HOROW MU BOM YƐ ADWUMA ƆDƆ MU

[Kratafa 20 mfoni]

MMARIMA NE MMEA​—MMOFRA NE MPANYIN​—A WƆREYƐ ASA A WƆDE “BERE TIAA” SI HO ADWUMA. OBIARA ANNYE KAPRƐ MPO SƐ AKATUA

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena