Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 8/8 kr. 22-23
  • Adwuma A Wɔyɛ No Ɔhare So Wɔ Kusuu Fam Nohoa!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adwuma A Wɔyɛ No Ɔhare So Wɔ Kusuu Fam Nohoa!
  • Nyan!—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Amanaman Ntam Mmoa
  • Kurow no Mufo Boae
  • Adwuma no Wie
  • Nnanu “Anwonwade Ahorow”
    Nyan!—1982
  • Paradise Adansi A Wɔsɔ Hwɛ
    Nyan!—1985
  • Ahenni Asa Adansi Adwuma—Ade a Ɛho Hia wɔ Ɔsom Kronn Mu
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • Wo Fam De a Ɛsɛ Sɛ Woyɛ Wɔ Adansi Adwuma Ma Daakye No Mu
    Yɛn Ahenni Som—1990
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 8/8 kr. 22-23

Adwuma A Wɔyɛ No Ɔhare So Wɔ Kusuu Fam Nohoa!

Efi Norway “Nyan!” kyerɛwfo hɔ

“ƐYƐ nwonwa. Ɛno nkutoo ne asɛm a yebenya de akyerɛkyerɛ nea Yehowa Adansefo yɛe dapɛn a etwaam no awiei no mu.”

Saa kwan no so na Norwayfo atesɛm krataa a wɔfrɛ no Finnmarken no fii amanneɛbɔ bi a ɛfa Ahenni Asa a ɛyɛ Yehowa Adansefo asafo no nhyiambea bi a wosii wɔ Kirkenes a ɛyɛ kurow ketewa bi wɔ Norway kesee fam ho wɔ ahohuru bere a etwaam yi mu no ase. Dɛn na na ɛyɛ nwonwa wɔ ho no?

Nnipa bɛboro 200 a wɔatu wɔn ho ama a wofi aman ahorow anum so de nnansa na esii ɔdan a ne kɛse yɛ anammɔn 2,258, na nnipa bɛyɛ ɔha betumi atra mu no. Ná ɛsɛ sɛ wɔtɔ wɔn bo ase hyehyɛ ɔdan no na wɔkatakata ho yiye efisɛ Kirkenes da baabi a ɛhɔ yɛ nwini wɔ nea wɔfrɛ no borɔfo mu sɛ Artic Circle no kesee fam bɛyɛ akwansin 217 wɔ faako a Norway, Finland ne Russia ahye hyia no. Ɛyɛɛ dɛn na saa adansi adwuma yi bae?

Efii ase bere a asafo ketewaa a emufo yɛ 80 no kobisaa kurow no mu mpanyimfo sɛ wobenya asase atɔ no. Mfiase no wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ baabiara nni hɔ a wɔayi ama atirimpɔw a ɛte saa. Esiane sɛ na mpanyimfo no wɔ adwuma no ho adwempa nti, wɔsan twaa baabi a wobesisi nhyiam adan ne nea ɛtete saa bi too hɔ. Wɔhyɛe sɛ Fida, June 27 kosi Kwasida June 29 ne nnansa a wɔde besi ɔdan no.

Amanaman Ntam Mmoa

Ná wɔato fapem no awiei dedaw, na anwummere a ade bɛkye ma wɔafi adwuma no ase no, wɔde ɛho nneɛma no nyinaa beguu beae hɔ. Na adwumayɛfo no nso ɛ? Wɔ kurom hɔ asafo no mufo akyi no, mfɛfo Adansefo a wofi akyirikyiri ne mmeae a ɛbɛn bae, Mmusua mũ de kar ahorow bae, a nea wɔbɛda mu ka ho. Nnipa a wɔatu wɔn ho ama a wɔayɛ bɔs biako ma fi Oslo mpɔtam hɔ wɔ Norway kesee fam bae. Wɔn a na wɔka ho ne Adansefo a wofi Denmark, United States, ne Canada. Bɔs biako a nnamfo a wɔyɛ Finlandfo 44 wom nso bae. Ne nyinaa mu no na nnipa bɛboro 200 na wɔwɔ hɔ.

Saa anwummere no ara adwumayɛfo no nyinaa hyiae wɔ Sports House a ɛbɛn hɔ a na asafo no akogye no mu tiee adwuma no ho nhyehyɛe. Wɔkyerɛɛ ne nyinaa ase kɔɔ Finnish ne Engiresi kasa mu. Na wɔrete ɔdɔ ne nkabom honhom a na ɛbɛda adi wɔ ɔdansi no nyinaa mu no nka dedaw.

Fida anɔpa 7:00 no, wosusuw da no mu Bible mu asɛm no ho wɔ Finnish ne Norwayfo kasa mu. Mpaebɔ ne anɔpa adidi akyi no, obiara siesiee ne ho maa adwumayɛ. Ɛbɔɔ nnɔnwɔtwe pɛpɛɛpɛ no, wɔtee asae nnyigyei a edi kan. Ɛbɔɔ 9:45 no na wɔde afasu asia no mu anum asisi hɔ. Afei wofii nnua a wɔde bɛwowaw ɔdan no bobɔ ase. Dɔnhwerew biako akyi no wɔde mmɔso no nnyinaso a edi kan sii hɔ.

Saa anɔpa no ɔbarima bi a ɔte mpɔtam hɔ huu nnipakuw wɔ ne mfɛnsere akyi. Ɔkɔɔ mukaase kɔyɛɛ tii kuruwa biako na osiesiee abodoo kaa ho na ɔsan baa mfɛnsere no ano, na bere a ohuu sɛ wɔrema ɔdan no so asi hɔ no, ɛkaa kakraa bi anka ogyaw ne kuruwa no bɔɔ fam.

Wɔ adwumfo a wɔama obiara adwuma pɔtee bi akwankyerɛ ase no, adwuma no kɔɔ so ntɛmntɛm. Ebinom yɛɛ adwuma anadwo no de wiee mmɔso no. Esiane sɛ ɛhɔ yɛ kusuu fam akyirikyiri nti owia bɔ wɔ hɔ nnɔnhwerew 24 saa bere no wɔ afe no mu, enti ɛma wonyaa hann a ɛfata. Wɔ ɔdan no mu no, na wɔawie afasu no ne nsɛmso no ho adwumayɛ.

Wɔde sɛnkyerɛnne dii dwuma de dii kasa ho asɛnnennen no pii so. Wohui sɛ wobetumi afa saa kwan no so aka nsɛm pii. Na wɔ faako a entumi nyɛ yiye no, nnamfo a wɔyɛ Finlandfo a wɔte Engiresi anaa Sweden kasa a ɛne Norwayfo kasa no sɛ no yɛɛ kasa asekyerɛfo. Enti kasa mu akwanside a wodii so no ma wɔtee biakoyɛ nka kɛse.

Kurow no Mufo Boae

Kurow no mufo boa maa adwuma no kɔɔ ntɛmntɛm. Sɛ nhwɛso no, bere a Adansefo no kobisaa nnuatɔnfo ne aguadidan bi a wɔtɔn anyinam akanea ho nneɛma wom sɛ ebia wɔbɛyɛ adwuma nnawɔtwe awiei no sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ wɔn nneɛma no sa a, wɔbɛba abɛtɔ bi no, wɔde nsaafe no maa wɔn sɛ wɔnkyerɛkyerɛw nneɛma ahorow a wobeyi no nyinaa na sɛ ebi ka a wɔnsan mfa mmra.

Wobisaa kurow no mu turo sohwɛfo no Memeneda anwummere sɛ ebia wobenya nhwiren atɔ akodua anaa. Ɛwom sɛ na ahɔho wɔ turo sohwɛfo yi a wahyɛ suit na wabɔ tai yi nkyɛn de, nanso n’ankasa bae na obeduaa nhwiren no. Ɔkae sɛ: “Eyi ne nea kurow no de rekyɛ mo wɔ mo dan no ho.”

Ɔpanyin a ɔhwɛ anyinam akanea adwuma so no baa hɔ Memeneda. Ɔmaa adwumayɛfo no ho dwiriw wɔn bere a obisae sɛ ebia obetumi asan aba da a edi hɔ no abɛsɔ kanea no anaa no. Ɛtaa gye adapɛn pii ansa na wɔayɛ eyi, na ansa na eyi reba no, na wɔnyɛɛ saa da Kwasida. Bere a wɔsɔɔ akanea no wiei na Adansefo no daa wɔn ase no, ɔpanyin no kae sɛ: “Sɛ na ɛsɛ sɛ meba anɔpa yi nnɔnnum mpo a anka mɛba. Obi a ɔrempɛ sɛ ɔbɛboa wɔ adwuma a ɛte sɛɛ mu no na biribi haw no. Eyi yɛ osuahu a wonya no pɛnkoro pɛ wɔ asetra mu.”

Adwuma no Wie

Eduu Kwasida no, na wɔreyɛ awie ɔdan no ho nneɛma nyinaa na na wɔaduadua nnua nso. Ɛbɔɔ nnɔnkron no na wɔaduadua nsensan wɔ ho nso. Adwumayɛfo no de nnuro kaa ɔdan no mu, wɔde nkrataa fomfam ho, wɔkataa ɛfam hɔ, na wɔyɛɛ nnwuma ahorow a wɔde wie no nyinaa. Ɛreka sɛnea na beae hɔ tew fa ho asɛm no, atesɛm krataa bi kyerɛwee sɛ: “Yɛn nyinaa nim sɛnea baabi a wɔresi ɔdan te​—nwura ahorow pii a ɛyɛ a na egugu hɔ. Nanso bere a na Yehowa Adansefo resi wɔn Ahenni Asa no, wɔanhu nnua asinasin anaa nneɛma afoforo biara a egugu hɔ.”

Ɛbɔɔ anwummere nnɔnsia no, na wɔawie asa no si a nea na aka ne nsu ne anyinam akanea nneɛma bi a wɔbɛhyehyɛ nkutoo. Wɔ asa kɛse no akyi no, na ɔdan bi a wobetumi de ayɛ nneɛma ahorow, nhomakorabea, adekorabea ne adan a wɔhome wom wɔ ɔdan no mu.

Ɛbɔɔ anwummere nnɔnson no wɔyɛɛ nhyiam a edi kan, na na nnipa 250 na wɔwɔ hɔ. Wɔyɛɛ Bible adesua a egyina Ɔwɛn-Aban mu asɛm bi so, na woyii adwuma no yɛ nyinaa wɔ video so. Obiara kyerɛɛ anisɔ wɔ hokwan a wonyae sɛ wɔbɛka abom aboa wɔn nuanom Kristofo ma wɔasi baabi a wɔbɛsom wɔ hɔ wɔ ɔhare so wɔ kusuu fam nohoa no ho.

[Asase mfoni a ɛwɔ kratafa 22]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)

ARCTIC CIRCLE

[Kratafa 23 mfoni]

Ahenni Asa no adansi adwuma no afã horow fi Fida kosi Memeneda

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena