Dɛn Na Wubetumi Ayɛ Bere A Asase Wosow?
Efi Greece “Nyan!” kyerɛwfo hɔ
BERE tenten ahe na egye ansa na asasewosow atumi asɛe kurow bi? Nokwarem no egye bere tiaa bi a ɛyɛ nwonwa. Wɔ Kalamata a ɛyɛ kurow bi a ɛwɔ Greece man no kusuu fam baabi no fam de, egyee nea ennu anibu anum.
Asasewosow a ano den yɛ 6.8 wɔ Richter nsenia so no sɛee saa kurow a ɛda mpoano yi pasaa. Wɔ adan 21,000 a asasewosow no kaa no mu no, ná wobetumi asan asiesie 6,930, wokae sɛ nnipa rentumi ntra 13,440 mu bio, na 630 bubui pasaa. Anka akuraa a ɛbɛn ho a wɔfrɛ no Eleochori no nyinaa reyɛ asɛe na n’adan 125 no mu 117 bubu gui anaasɛ ɛho kae kɛse. Nnipa ɔhaha pii na wopirapirae, nanso nnipa 20 pɛ na wowui. Dɛn nti na ɛbaa saa? Dɛn na egyee nnipa pii nkwa saa?
Wɔn a Wonyaa Nkwa no Ankasa ka Wɔn Asɛm
Obi a ɔde n’ani hui ka kyerɛɛ Nyan! sɛ: “Ná ɛte sɛ nea biribi apae agu, te sɛ nea ɔtopae bi apae agu ɔdan no ase. Na metee nnyigyei soronko bi.” Ɔde kaa ho sɛ: “Ná ɛte sɛ nea meretɔ amoa donkudonku bi mu. Meteɛɛm frɛɛ me kunu sɛ, ‘George, ka wo ho, fa mmofra no fi. Afei akanea no dunnumii. Misoo abofra biako mu, na George soo biako mu na yetuu mmirika faa atrapoe no so kɔɔ abɔnten so. Ná mfutuma wɔ baabiara. Ɛkame ayɛ sɛ adan a ɛwɔ yɛn mpɔtam hɔ nyinaa bubui. Nanso obiara anwu efisɛ na nnipa no mu dodow ara wɔ mmɔnten so.”
Asɛm a etwa to yi ma yehu nea wɔbɛyɛ de anya ahobammɔ bere a asase wosow—fi adan mu na kɔ baabi a ɛhɔ da hɔ. Wɔ Kalamata no, asase no wosowee Memeneda bɛyɛ anwummere 8:20. Saa bere no na nnipa no pii wɔ mmɔnten so dedaw. Nokwarem no, na nnipa kuw pii wɔ mpoano hɔ a wɔrehwɛ asutwaree nhyehyɛe a ɛbɛkɔ Crete a wɔrebue ano no bi. Akyinnye biara nni ho sɛ saa tebea a ɛne no behyiae ara kwa yi gyee nnipa pii nkwa.
Owura Karalekas a ɔno nso de n’ani hui no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Mahu asasewosow ahorow pii, nanso na eyi yɛ soronko koraa. Ná ɛte sɛnea wowɔ po so hyɛn mu bere a ahum retu, ná hinhim a ehinhim no mma wuntumi nnantew. Metee nka ara pɛ na mikogyinaa aponnua no ase na meteɛɛm frɛɛ mmofra no sɛ wɔn nso nyɛ saa ara. Na ɛno bɛyɛ ahobammɔ wɔ bere bi mu. Afei bere a mihui sɛ metumi no, mede abusua no nyinaa sian atrapoe no kɔɔ adiwo hɔ. Nea ɛyɛ anigye no, me dan no ammubu.”
Wɔ bere tiaa mu no, aponnua a ɛyɛ den betumi agye nkwa. Nanso sɛnea na ɛte wɔ saa asɛm yi mu no, baabi a ɛhɔ da hɔ a wobɛkɔ ntɛm no ne adeyɛ a eye sen biara.
Aban no Mmoa—Ɛbaa Ntɛm na na Eye
Aban no yɛɛ ade ntɛm ara wɔ asiane no ho, na wɔde mmoa pii kɔɔ ɔmantam no mu hɔ. Wosisii ntamadan ahorow pii maa mmusua a wɔn afi asɛe no. Wɔyeyɛɛ dorobɛn mu nsu ho nhyehyɛe kɔɔ saa ntamadan “nkurow” no mu. Sɛnea atesɛm krataa amanneɛbɔ kyerɛ no, na Ioannis Haralambopoulos a ɔne ɔsoafo a ɔhwɛ ahobammɔ ho nsɛm so no ankasa wɔ hɔ a ɔde akwankyerɛ rema wɔ ogye ho nhyehyɛe no mu. Amannɔne nniso ahorow nso de mmoa mae. Po so hyɛn mu oguadini kɛse bi a ofi Greece de ne hyɛn a, wɔfrɛ no Marianna a nneɛma a ɛsom bo pii wom baa Kalamata po so hyɛn gyinabea hɔ na ɔmaa nnipa bɛboro apem dabere ne ahiade afoforo.
Yehowa Adansefo nso yɛɛ ade ntɛm de dii wɔn nuanom ne anigyefo afoforo a wɔwɔ Kalamata no ahiade ho dwuma. Wɔde nneɛma fi asafo ahorow a ɛbemmɛn mu ne Athens faa keteke bae. Ɛwom sɛ Adansefo no mu bi hweree wɔn adan ne agyapade afoforo de, nanso wɔkyerɛɛ sɛ wɔnhweree wɔn ani a ɛsɔ honhom mu nneɛma no. Ná ɛyɛ hu dodo sɛ wɔbɛkɔ wɔn nhyiambea a ɛwɔ kurow no mu no, enti wɔde ntamadan yɛɛ “Ahenni Asa” wɔ baabi a efi kurom hɔ kɔ hɔ bɛyɛ akwansin kakraa bi a wɔbɛyɛ wɔn Kwasida nhyiam ahorow no wɔ hɔ. Afei nso wosisii ntamadan nketewa anan wɔ kurow no mu a na wɔbɛyɛ dapɛn mfinimfini Bible adesua nhyiam ahorow wom. Wɔ ɔhaw no nyinaa akyi no, nnipa a wɔkɔe no dodow boroo asafo no mufo so ɔha biara mu 100.
Adansefo no mu biara ampira anaasɛ wanwu wɔ saa asiane yi mu. Nanso, yegye tom sɛ “bere ne akwanhyia” to nkurɔfo a ennyiyi mu. (Ɔsɛnkafo 9:11, NW; Asomafo no Nnwuma 27:13-20, 41-44) Wɔ mmere afoforo mu no, Adansefo apirapira na wɔawuwu wɔ asiane ne amanehunu ahorow mu. Enti nyansa wom bere nyinaa sɛ wubesiesie wo ho sɛnea ebetumi ama ɔhaw ahorow—ɔhaw te sɛ nsuyiri ne asasewosow—a ebia ɛtaa sisi wɔ mmeae ahorow bi no. Nyansa wom sɛ wubehu sɛnea wobɛyɛ w’ade wɔ tebea a ɛte sɛɛ mu. Sɛnea Bible tu fo no: “Onitefo hu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hintaw, ntetekwaa fam na wonya asotwe.”—Mmebusɛm 27:12.
[Kratafa 21 mfoni]
Nnipa baason wuwui wɔ ha, nanso wogyee abotafowa bi a wadi nna du nkwa
Bere tiaa mu ntamadan a wosisi maa wɔn a wɔn afie abubu
Ntamadan “Ahenni Asa” a wosii wɔ Kalamata kurow no akyi