W’ankasa Akwahosan Nso Ɛ?
ADURU bɔ mmɔden sɛ ɛbɛsa yare. Mpɛn pii no etumi yɛ saa, nanso ebia na anka asetra kwan a eye a wobɛfa so no betumi adi kan asiw ɔyare no ano.
Dr. Halfdan Mahler a ɔyɛ WHO kwankyerɛfo panyin no kae sɛ ɛsɛ sɛ yɛn ankasa tumi di yɛn akwahosan ho asɛyɛde ho dwuma, “yedidi nyansa mu, yɛnom nsa kakra bi, yɛnnom sigaret koraa, yɛde ahwɛyiye ka mfiri, yɛteɛteɛ yɛn apɔw mu sɛnea ɛfata, yesua sɛ yɛbɛtra kurow kɛse mu asetra nhyɛso no mu, na yɛboa yɛn ho yɛn ho ma yetumi yɛ saa.”
Bible mu afotu a nyansa wom a emu da hɔ no betumi aboa yɛn kɛse wɔ saa asɛm yi mu. Ne nnyinasosɛm ahorow no de asetra a asomdwoe wom kɛse ba na ɛnam saayɛ so ma wonya akwahosan pa wɔ yɛn wiase a nhyɛso hyɛ no ma yi mu. Ne nkyerɛkyerɛ no nyɛ “nsɛmpa a eye” wɔ honhom fam nko na mmom wɔ honam fam nso. Ne nsɛmpa no yɛ “nkwa ma wɔn a wohu, ne akwahosan ma ne honam nyinaa.”—2 Timoteo 1:13; Mmebusɛm 4:22.
Nanso nea ɛsen ne nyinaa mpo no, Bible nnyinasosɛm ahorow betumi ama nsɛnnennen a anibere wom na edi awu so atew. Ɔkwan bɛn so na ɛno betumi ayɛ yiye? Nhwɛso ahorow bi ni:
U.S. aban no frɛ sigaretnom sɛ ade a “ɛda adi sɛ ɛne nea ɛsen biara a ɛde nyarewa ne, ɔpatuwu ba wɔ United States a wobetumi asiw ano.” Wɔn a wɔnom sigaret a akisikuru kunkum wɔn no dodow boro wɔn a wɔnnom bi no so mpɛn asia. Bible se: “Momma yɛnhohoro yɛn ho mfi ɔhonam ne honhom mu fi nyinaa mu.” (2 Korintofo 7:1) Yehowa Adansefo de eyi adi dwuma wɔ sigaretnom nso ho bere tenten. Enti, wɔatew nea ɛde wiase nyarewa a ɛyɛ hu kɛse no biako ba no so ama wɔn no.
Ɛnyɛ berɛbo mu yare nko na asanom bebree ne asabow de ba na mmom ntɔkwaw, akyinnyegye, basabasayɛ, ne nnɛyi ɔhaw a ɛne mfiri a wɔde nya akwanhyia a edi awu pii no nso. So Bible no bɛboa wɔ ha?
Ɛde afotu ma wɔ nsa a wɔde anidahɔ bɛnom ho, na ese: “Na. . . . asabofo ne amanefo . . . rennya Onyankopɔn ahenni no.” Bio: “Nsã yɛ ɔfɛwdifo, mmosa yɛ otutupɛfo, na obiara a ɔtɔ mu ntintan no nhu nyansa” (1 Korintofo 6:9-11; Mmebusɛm 20:1) So ntease wɔ saa Bible mu afotu pa no mu?
Nnuru a wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so abɛyɛ akwahosan ho asɛnnennen wɔ nnɛyi mmofra mu. Health Crisis 2000 se: “Wɔsɛe sika kɛse wɔ wɔn a wowia wɔn ho tɔn nnuru a wɔbɛkyere wɔn no ho sen nea wɔsɛe wɔ yɛn mmofra a wɔyɛ mmerɛw no a wɔbɛboa wɔn na wɔamfa nnuru anni dwuma wɔ ɔkwammɔne so no ho.” Yehowa Adansefo de Bible nnyinasosɛm a ɛfa sigaretnom ho no di dwuma wɔ nnuru a ekyinkyim adwene no ho. (2 Korintofo 7:1) Awofo no yɛ nhwɛso wɔ eyi fam, wɔde kyerɛkyerɛ wɔn mma, na eyi yɛ pii wɔ twe a wɔbɛtwe wɔn ho afi ho nea edi kan no mu.
Mmaninyare, te sɛ babaso ne AIDS, yɛ biribi a ɛkɔ so hunahuna wɔn a wɔwɔ mmarima ne mmea nna mu ahokafo pii no. Dɛn na Bible no ka wɔ eyi ho? Ɛkasa tia mmarima ne mmea nna mu ɔbrasɛe. Ɛkyerɛkyerɛ sɛ wɔnware asetra mu ɔhokafo biako na wonni saa onii no nokware wɔ abrabɔ mu. Ese: “Wonni aware ni, ade nyinaa mu, na wonngu aware mpa ho fi; efisɛ nguaman ne awaresɛefo de, Onyankopɔn bebu wɔn atɛn.” (Hebrifo 13:4) Bio nso ɛka sɛ: “Na ɔhonam nnwuma no da adi pefee, ɛne aguamammɔ, efi, ahohwi, . . . wɔn a wɔyɛ saa nneɛma yi rennya Onyankopɔn ahenni.”—Galatifo 5:19-21; Mateo 5:32.
Bible nnyinasosɛm pa a ɛte saa no de akwahosan ba wɔ nnɛ wiase a ɔhaw ahyɛ no ma yi mpo mu, nanso ɛrentumi mfa ayaresa a ɛtra hɔ daa mma. Ayaresa a ɛtra hɔ daa ne nea yebesusuw ho wɔ asɛm a ɛdi hɔ no mu.
[Kratafa 7 mfoni]
“Gyidi a yenyae sɛ nyansahu, nnuruyɛfo ne ayaresabea ahorow no betumi asa yɛn yare sen sɛ yebedi kan asiw nneɛma a ɛde nyarewa ba ano no ama yɛde yaw pii awowɔ yɛn ho.”—Health Crisis 2000