Meda Nea Mewɔ No Ho Ase
Sɛ asiane to obi ma ɔbɛyɛ obubuafo a, ɔbɛyɛ dɛn atumi agyina ano? So gyidi a emu yɛ den wɔ Onyankopɔn ne ne bɔhyɛ ahorow mu no tumi boa? Abusua no mufo bɛyɛ wɔn ade dɛn? So ebetumi aba sɛ wɔn nyinaa bekura adwempa mu? Nea edi so yi yɛ asɛm a ɛfa sɛnea abusua bi bɔɔ mmɔden sɛ wobegyina ano no ho.
JUNE 1, 1957 ne da “pa” a etwa to wɔ m’asetra mu. Efii ase te sɛ ɛda foforo biara: mesɔree ntɛm na mekɔɔ m’adwuma sɛ nnuabufo wɔ Deer Lake a ɛwɔ Newfoundland no. Ná ɛte sɛ nea biribiara rekɔ yiye.
Mpofirim ara mframa bɔɔ dua kɛse a mabu a ɛrekɔ fam no na ɛdan no fii faako a ɛrekɔtɔ no a menhwɛ kwan! Ná aka akyi dodo sɛ metumi afi kwan no mu. Dua no bɛhwee m’abati so, ɛkaa me too fam na metɔɔ mum. Akyiri yi, bere a m’ani so tetewee no, na mintumi nkeka me ho!
Wɔde me kɔɔ ayaresabea wɔ Corner Brook. Nhwehwɛmu a wɔyɛe daa no adi sɛ ehon ntini kɛse a ɛwɔ m’akyi no mu atew, na ɛmaa ɛho behiae sɛ woyi m’akyi dompe no mu abiɛsa. Ná mayɛ obubuafo fi me kɔn kosi me fam!
Ɔdɔ di Nneɛma a Mintumi Nyɛ So
Ɛyɛ den sɛ wode w’ani bebu wo ho hwee a wuntumi nyɛ ne basaayɛ a asiane a ɛte sɛɛ de ba no. Ná mintumi nsrɛn me ti nhwi mu na na mintumi nnidi nso, Nokwarem no, sɛ ɔkɔm mpo da me a na mintumi nkyerɛ! Ná anka meyɛ onipa kɛse, a me ho yɛ den a mete apow. Afei de mayɛ obubuafo a ontumi nyɛ ne ho hwee. Enti na nsakrae pii ho hia na matumi akɔ so atra ase. Ahe na onipa betumi ayɛ? Ná mehu eyi wɔ mfe pii a na ɛbɛba no mu.
Sɛ ɛnyɛ me yere Hilda a ofi ɔdɔ mu hwɛɛ me a anka merentumi nyɛ hwee. Bible no bisa wɔ Mmebusɛm 18:22, NW sɛ: “Hena na wanya ɔyepa?” Ɛka sɛ, sɛ ɛte saa a, “wanya adepa.” Ampa na me yere yɛ nhyira ma me ne yɛn abusua a mmofra baason na wɔwɔ mu no.
Bere a asiane no too me no na yɛn ba a osua koraa no adi asram 18, enti ɛde besi saa bere no na Hilda de ne bere no mu pii hwɛ wɔn. Afei mebɛyɛɛ te sɛ wɔn mu biako, nea ɔsen saa mpo, efisɛ na bere a wɔaguare me awie asiesie me ho no, worentumi nyi me nsi ho mma mintutu mmirika nni agoru. Dabi, na ɛsɛ sɛ wode me to mpa so.
Nanso, na mmere bi wɔ hɔ a yehu nneɛma a ɛma yɛserew. Sɛ nhwɛso no, na me yere taa de me tra me mmubuafo akongua mu kokyinkyin. Bere bi de ɛyɛ a na merefi akongua no mu atɔ fam. Ɛyɛ a na wama me so asi yiye, nanso na ɛte sɛ nea saa da no de ɛnsɛ sɛ mitumi tene me ho. Awiei koraa no Hilda kae sɛ: “Lindsay, ɛyɛ asɛm bɛn?” Yeduu ofie no na yehuu ade ko. Bere a oyii me fii akongua no mu no, na pawda kankyee kɛse bi da akongua no so wɔ faako a mete no! Esiane sɛ nkate afi me mu nti, mante sɛ ɛwɔ hɔ koraa. Enti esiane sɛ na ama makyea me ho no nti, mekɔɔ so tɔ kɔɔ ɔfã biako.
Mmoa a Efi Ɔdɔ Mu
Wɔ me tebea a emu yɛ den yi nyinaa akyi no, Yehowa Nyankopɔn dɔ awowaw me. Mmebusɛm 3:5, 6 tu yɛn fo sɛ ‘yɛmfa yɛn koma nyinaa mmata Yehowa ho, na ɔno na ɔbɛteɛteɛ yɛn akwan.’ Nhyira bɛn ara na ɛno yɛ sɛɛ, efisɛ sɛ ɛnyɛ Yehowa dɔ ne Bible mu nokware no a, anka merentumi nnyina mu. Nanso na memfaa me ho ntoo Yehowa so bere nyinaa. Nokwarem no, ɛbere bi wɔ hɔ a na minnim no mpo.
Wɔwoo me 1911 mu wɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Little Catalina, Trinity Bay a ɛwɔ New Foundland no. Esiane sɛ awofo a wɔyɛ nyamesomfo na wɔtetee me nti, na mewɔ obu ma Bible no na na mekenkan no nnakoro nnakoro. Sɛ mekenkan a, nsemmisa tumi ba m’adwene mu, te sɛ: So onipa bɛtra asase so daa ampa sɛnea Dwom 37:29 ka no? Nea ɛbɛyɛ na manya ɛho mmuae no, mekɔɔ me sɔfo nkyɛn kobisaa no. Ne mmuae ne sɛ: “Ɛsɛ sɛ wotwɛn kosi sɛ ‘wubetwa Yordan ansa na woanya ho mmuae.” Ná ɛte sɛnea me nsemmisa pii no haw no. Enti ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Lindsay, wo haw ne sɛ wubisa nsɛm pii dodo.”
Mannya mmuae kosii 1948 mu bere a yetu kɔtraa Cormack mpɔtam hɔ no. Ɛho na mihyiaa Gus Barnes ne Jack Keats a na wɔyɛ Yehowa Adansefo no. Hwɛ sɛnea m’ani gyei bere a saa mmarima yi fi Bible no mu maa me mmuae ahorow no! Me koma tɔɔ me yam araa ma afe a edi hɔ no mebɔɔ asu de yɛɛ me ho so a mahyira ama Yehowa no ho sɛnkyerɛnne.
Saa afe no ara yɛsan tui, na saa bere yi de yɛkɔɔ kesee fam koduu Goose Bay, Labrador, faako a mekɔyɛɛ mfiri akɛse ho adwuma no. Ankyɛ na m’adwumawura no hui sɛ meyɛ Yehowa Adansefo no mu biako. Asram abien akyi no woyii me adi na wɔka kyerɛɛ me sɛ mimfi kurow no mu. Mepowee sɛ mɛyɛ eyi. Wɔ saa nna no mu no, na nkurɔfo suro sɛ wobetie biribi a ɛyɛ foforo, ɛwom sɛ na saa nkrasɛm yi akyɛ sen wɔn ankasa de.
Me mmofra no nso amfa wɔn ho anni. Wɔhaw wɔn pii wɔ sukuu mu kosii sɛ polisifo kɔkaee sukuu mpanyimfo no sɛ Yehowa Adansefo ako adi nkonim wɔ Canada wɔ asennibea nsɛm atitiriw a ɛfa ɔsom mu ahofadi ho no mu. Nea efii mu bae ne sɛ me mma no, ne mmofra a wɔwɔ ɔsom afoforo mu nyaa wɔn som mu ahofadi.
Nneɛma asakra wɔ hɔ nnɛ. Wɔ 1985 mu no wosii Ahenni Asa a wosi no ahoɔhare so no biako maa Yehowa nkurɔfo asafo a ɛredɔ ntɛmntɛm a me babea biako ka ho no.
Mmoa a Ɛma Mitumi Dii Adehwere So
Wɔ 1951 mu no yetu kɔɔ kurow a yɛda so te mu a ɛne Deer Lake no mu. Na boasetɔ ho hia wɔ saa mfe a na emu yɛ den no mu. Nanso na nneɛma bi besisi a ɛbɛma boasetɔ ho ahia kɛse mpo.
M’asetra mu ɔhokafo a medɔ no, Hilda a na ɔwɔ koma yare no wui wɔ 1963 mu bere a ne koma gyaee bɔ no. Asusow da bi a awɔw wom a mete me mmubuafo akongua mu rehwɛ no, wɔde no sii ɔdamoa mu. Ankonam nka a metee no ano yɛ den kɛse! Dɛn na na mɛyɛ afei? Ná mintumi nhwɛ me ho wɔ ɔkwan biara so na mene sɛ mɛhwɛ m’abusua.
Nanso Yehowa yɛ ɔnokwafo, na sɛ yɛde yɛn ho to no so a obue ɔkwan a yɛbɛfa so ma yɛn bere nyinaa. (1 Korintofo 10:18) Ne nkoa, me nuanom Kristofo mmarima ne mmea no kyekyee me werɛ, na ɛno hyɛɛ me den ma metoaa so. Me babea Yvonne fa too ne ho so sɛ ɔbɛhwɛ me. Na nhyira bɛn ara na wayɛ sɛɛ yi!
Ɛwom sɛ Yvonne wɔ n’ankasa abusua a ɛsɛ sɛ ɔhwɛ wɔn de, nanso wakɔ so adi m’ahiade ho dwuma. Ayaresabea a ɛbɛn koraa no yɛ akwansin 30. Mpɛn pii no na ɛsɛ sɛ me babea no de me kɔ hɔ ma wɔhwɛ me. Sɛ me yare no mu yɛ den a mede wimhyɛn kɔ ayaresabea a ɛwɔ St. John’s a ɛhɔ kwan tenten bɛyɛ akwansin 400 no. Yvonne ka me ho bere nyinaa.
Esiane sɛ me nipadua no ntumi nyɛ adwuma sɛnea ɛsɛ nti, ɛtɔ bere bi a nyarewa a anibere wom tumi bɔ me. Wayɛ m’asaabo ho oprehyɛn pɛn; nyarewa afoforo bi ama ɛho ahia sɛ wɔyɛ me oprehyɛn; akuru a minya esiane sɛ meda faako nti no ama madi asram pii wɔ ayaresabea ne wɔ mpa so wɔ fie, na akuru no bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wotwa me honam baabi de kata so; me yafunu taa haw me; na asikre yare nso de ne ho ba asɛm no mu.
Mogya a megye agu me mu ho asɛm taa sɔre. Nanso akyiri yi nnuruyɛfo no penee so sɛ wɔbɛyɛ me oprehyɛn a mogya nka ho. Esiane wɔn ahokokwaw ne wɔn ayamhyehye nti, mifii mu fii a mannye mogya.—Asomafo no Nnwuma 15:29.
Me babea no ne ne kunu ne wɔn abusua no ahwɛ me wɔ saa amanehunu yi nyinaa mu, wɔsɔre anadwo na wahwɛ me, wɔma me aduan, woguare me, wosiesie me ho, wɔde me kɔ Kristofo nhyiam ahorow a minya honhom mu ahoɔden wɔ hɔ no. Ɛtɔ bere bi mpo a minya nhyiam dwumadi no mu kyɛfa. Mma a wɔwɔ ɔdɔ yɛ nhyira a efi Yehowa hɔ ampa!—Dwom 127:3.
Nneɛma Pii a Ɛsɛ sɛ Meda Ho Ase
Yiw, mewɔ nneɛma pii a ɛsɛ sɛ meda ase wɔ ho. Bere a me nipadua ntumi nyɛ adwuma no, ‘m’adwene mu da hɔ, na mitumi kasa. Mede saa tumi yi adi dwuma de ama wɔn a wɔwɔ ayaresabea ahorow no mu a wobetie no ahu Yehowa din ne n’atirimpɔw—nnuruyɛfo, ayarehwɛfo, asɔfo a wɔbɛsrasra ayarefo, ne nnamfo a wɔbɛsra me.
Nea ɛka ho no, manya mmubuafo akongua bi a ɛde battery na ɛyɛ adwuma, mede ade bi a ɛwɔ ne nsa no so na ɛkyerɛ no kwan. Sɛ ɛtɔ bere bi na mede m’akongua no pue a, mihyia nnamfo ne afipamfo na minya hokwan foforo sɛ mɛka Onyankopɔn atirimpɔw ahorow ho asɛm akyerɛ wɔn. Meda ase sɛ mitumi yɛ eyi.
Me mma no mu pii ahyira wɔn nkwa so ama Yehowa, na wɔn nso retete wɔn mma ma wɔasom Onyankopɔn. Ɛno ma m’ani gye pii. Ná me yere yɛ Yehowa somfo a wabɔ asu, na me maame a ɔbɔɔ asu bere a wadi mfe 75 no nso som Yehowa kosii sɛ owui.
Mprempren merehwɛ ɛda a ‘Onyankopɔn ankasa ne ne nkurɔfo bɛtra na wapopa wɔn aniwam nusu nyinaa, a owu nni hɔ bio, na osu ne awerɛhow ne ɛyaw bi nni hɔ bio,’ ne bere a “apakye behuruw sɛ ɔforote” no kwan.—Adiyisɛm 21:3, 4; Yesaia 35:5, 6.
Saa bere no asomdwoe a edi mũ bɛkata asase so nyinaa, na wɔn a wɔde wɔn ho ma Onyankopɔn nniso no benya mu mfaso. Bible no hyɛ bɔ sɛ: “Ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.” Bere tenten bɛn? “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.”—Dwom 37:11, 29; 72:7.
Eyinom yɛ nneɛma a ɛyɛ nwonwa a ɛsɛ sɛ wohwɛ kwan. Na m’ani bewie gye bere a wɔ Yehowa nhyehyɛe foforo no mu no, ‘wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa befi adi’ no.—Yohane 5:28, 29.
Sɛnea meda ha nnɛ yi no, minya hokwan sa mɛpɛɛpɛe m’asetra mn na mahwɛ sɛ manya mfaso wo ɔkwan bi so anaa. Metumi aka no pen sɛ manya mfaso pii. Me. honhom fam yiyedi ako soro kɛse. Masua sɛ mede me ho bɛto Yehowa so pii. Sɛ́ anka menwiinwii wo nea ato me wɔ asetra mu no ho anaa nea minni ho no, masua sɛ mɛma m’ani asɔ nea mewɔ no. Na anisɔ a mewɔ ma m’abusua a ɔdɔ wom no ayɛ kɛse ankasa.
Enti meda nea mewɔ no ho ase wɔ nokwarem, na mehwɛ anidaso a ɛyɛ nwonwa no mmamu kwan—asetra wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no mu. Saa bere no na menya akwahosan a edi mũ. Anigye da bɛn ara na ɛno bɛyɛ sɛɛ yi!—Sɛnea Lindsay Stead ka kyerɛe.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 11]
Me yere a medɔ no no wu maa ɛho behiae sɛ minya boasetɔ kɛse
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 12]
Mma a wɔwɔ ɔdɔ yɛ nhyira a efi Yehowa hɔ ampa