Wiase No Fi 1914
Ɔfã 5: 1943-1945 Wiase Ko II—N’awiei A Ɛyɛ Hu Na Ano Yɛ Hyew No
RAY kae sɛnea na ɔyɛ sukunni abofra wɔ 1940 mfe no mfiase mu hɔ no na ɔne ne nuabarima taa tra radio anim wɔ wɔn fi a ɛwɔ California no mu anadwo biara tie radio so atesɛm bere a abɔ nnɔndu no. Bere mu nsonsonoe a ɛda wɔn hɔ ne Europa ntam no ma otumi tee amanneɛbɔ ahorow a ɛfa atopae a wɔtoto guu Germany so saa anadwo no ho no. Wɔ saa mmerantewaa baanu yi fam no, ɛbɛyɛɛ ade a wɔtaa yɛ anadwo biara sɛ wɔbɛhwehwɛ Essen, Berlin, Stuttgart, Hamburg, ne Germanfo nkurow afoforo wɔ Europa asase mfonini kɛse a wɔabae mu asɛw fam wɔ wɔn anim no so.
Bere koro no ara mu no, na German mmofra resua ɔko no ho ade wɔ ɔkwan a ɛbɛn wɔn pɛɛ so. Ná nea wɔtaa yɛ anadwo ne sɛ wɔbɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛda atopae a efi soro ano hintabea ahorow a emu nna yɛ hu no mu. Mpɛn abien wɔ nea ennu mfe 30 mu no, ná wɔde nkakrankakra rehyɛ Germany ma wabu nkotodwe German atesɛm krataa bi kyerɛwee akyiri yi sɛ: “Nea na wosuro bere bi no bɛyɛɛ nea afei de aba—akyɛ koraa no wɔ 42/43 mfe no ahohuru bere mu: ná Germany rentumi nni nkonim wɔ ɔko a wadi mu nkogu bere tenten no mu.”
Ogya a Efi Soro
Nnamfo no atopae ahorow a ɛtetew gu te sɛ ogya a efi soro no boa maa Germanfo tee ase sɛ wobedi nkogu ɔkwan biara so. Wobu akontaa sɛ wɔ ɔko no mu no, ɛkame ayɛ sɛ afie a na ɛwɔ ɔman no mu no anum biara mu biako sɛee anaasɛ ɛho kae kɛse araa ma na wɔrentumi ntra mu bio. Wokunkum amanfo a wɔnyɛ asraafo bɛboro ɔpepem biako anaasɛ wopirapirae kɛse na efi ɔpepem ason kosi awotwe hweree wɔn afie.
Mpɛn dodow a na nsɛm a efi akono ba yi ye na wɔnhyɛ nkurɔfo mma wɔnna adan a wosuro sɛ wɔbɛtoto atopae agu so mu no, na wɔn mu pii wɔ ɔpɛ sɛ wobegyina Hitler ne n’amammui nhyehyɛe ahorow akyi. Nanso, sɛnea Sudeutsche Zeitung kyerɛkyerɛ mu no, “bere a wofii ase tee nsɛm a enye no, nsakrae kɛse bae.” German kokoam ahyehyɛde bi amanneɛbɔ bi a wɔkyerɛwee August 9, 1943 no gye tom sɛ na ɔko a wofi soro ko no sɛe ade. Ɛkae sɛ bere a na nkurɔfo “rehyia obi ankasa nkwa a obenya ho asɛnnennen a ɛte sɛ nea wɔrentumi nni so” no, afei de na wɔrebisa asɛm a wɔammisa mfiase no a ɛne sɛ “adɛn?” no.
Sum ase akuw horow a na wɔayɛ sɛ wɔde betu Hitler ade so anaasɛ wɔbɛhyɛ no ma wahwehwɛ asomdwoe no benyaa akyigyinafo afoforo. Wɔbɔɔ mmɔden pii sɛ wobekum no nanso wɔantumi, na biako a wɔkae yiye ne nea wɔyɛe wɔ July 20, 1914 mu no.
Nsɛm a ɛkyerɛ sɛ wɔmpene nea ɛrekɔ so no so nanso wontumi nka wɔ baguam no bɛyɛɛ naa abu so, na mpɛn pii no na wɔnam asereseresɛm so na ɛda no adi. Sɛ nhwɛso no, sɛnea asɛm bi a na wɔka kyerɛ no, na obi a ofi Berlin ne ɔfoforo a ofi Essen redi atopae a wɔtoto guu wɔn nkurow so no ho nkɔmmɔ. Nea ofi Berlin no kae sɛ atopae a wɔtoto guu Berlin so no mu yɛ den araa ma wɔ nnɔnhwerew anum akyi mpo no na mfɛnsere mu mparow da so yiyi gu. Nea ofi Essen no maa mmuae sɛ: “Ɛno de ɛnyɛ hwee koraa. Wɔ Essen ntua no akyi no, wohuu sɛ Fuhrer (ɔmampanyin) no mfonini ahorow fi mfɛnsere mu nenam wim adapɛn abien!”
Bere a Nnamfo no ntua wɔ Europa so a na wɔhwɛ kwan no rebɛn no, womiaa Nnamfo no ɔtopae a wɔto gu wɔn atamfo so a na wɔfrɛ no “Pointblank” no mu. Nokwarem no, ɛtoaa so ara kosii ɔko no awiei pɛɛ, a ɔko no mu atopae a wɔtowee no mu biako a wɔkasa ho pii no amma araa kosii February 1945 mu. Germanfo atesɛm krataa Stuttgarter Zeitung bɔ amanneɛ sɛ: “Nea edi kan no wɔde Berlin yɛɛ wɔn botae. Afei wosii gyinae sɛ wɔbɛpaw kurow bi a ɛde besi saa bere no na wɔmfaa nsa nkaa no koraa . . ., Dresden kurow kɛse no. . . . Sɛnea na ɔsɛe no te, a na Hiroshima de no mmae, no maa saa ntua yi bɛyɛɛ nea ɛyɛ soronko koraa wɔ afoforo no nyinaa ho.” Atesɛm krataa Illustrierte Wochenzeitung de ka ho sɛ: “Dresden a ɛyɛ Europa nkurow a ɛyɛ fɛ yiye no mu biako no bɛyɛɛ kurow a awu. German kurow biara nni hɔ a wɔde atopae bubu no nkakrankakra gui pasaa saa.”
Fa nnipa baanu a wɔde wɔn ani huu atopae a wɔtotowee yi nkyerɛkyerɛmu a ɛwɔ adaka a ɛwɔ ase hɔ no mu no toto ho. Afei bisa wo ho sɛ: So biribi foforo bi wɔ hɔ a wobetumi de akyerɛkyerɛ sɛnea ɔko yɛ atirimɔdensɛm ne adammɔ no mu pɛpɛɛpɛ?
Enti, bere tenten ansa na “‘nsoromma mu akodi” no reba no, na ada adi dedaw sɛ asiane ahorow pii wɔ ɔsoro sen nea wim tebea bɔne tumi de ba. Hwɛ sɛnea ɛno kae yɛn nea Yesu hyɛɛ ho nkɔm fa nna a edi akyiri yi ho no: “Na ahude ne sɛnkyerɛnne akɛse befi soro aba. Na nsɛnkyerɛnne bɛba owia ne ɔsram ne nsoromma mu.”—Luka 21:11, 25; fa toto Adiyisɛm 13:13 ho.
Kokoam Akode Antumi Ammfa Asomdwoe Amma
Nnamfo no pamoo Asis tumi no fii North Africa akyi no, wɔkɔtow hyɛɛ Sicily so wɔ July 1943 mu. Wɔ September mu no wɔkoduu Italy ankasa. Wɔ saa bere yi mu no, Italy nniso a na atu Mussolini nniso no agu no de ne ho mae. Wɔ October mu no, etuu Germany a na anka ɔyɛ ne hokafo no mpo so sa.
Ɛde rekɔ saa afe no ara awiei bere a Hitler hui sɛ wofi atɔe fam rebɛto ahyɛ ne so no, ɔkɔfaa n’asraafo a wɔwɔ apuei fam no bi bae. Ná ɛho abehia yiye sɛ ɔkɔ so di Franse ne Belgium mpoano atifi fam so. Ɛhɔ na na ɔpɛ sɛ ofi yɛ ade a na ɔwɔ anidaso sɛ ɛbɛma wadi nkonim wɔ ɔko no mu no—kokoam akode bi!
Ná ɛno bɛyɛ dɛn? Sɛnea na wɔde ani bu no na ɛbɛyɛ ade a ebetumi apopaw kurow a ne kɛse te sɛ London afi hɔ wɔ bere tiaa mu. Atosɛm a wɔtee wɔ December mu no ne sɛ na wɔaka akyerɛ wɔn a wɔte Germany atɔe fam no sɛ wonsiesie wɔn ho sɛ wɔbɛhyehyɛ wɔn atopae a efi soro ano hintabea mu nnɔnhwerew 60. Afei bere a kokoam akode no adi n’atirimpɔw a ɛne sɛ wɔde reyɛ ade atua wɔn atamfo so ka no ho dwuma awie no, wobetumi apue aba wiase a asomdwoe a Nasifo de ma wom mu.
Nanso June 6, 1944 anɔpatutuutu no, ansa na Hitler de ne kokoam akode no redi dwuma no. Nnamfo no asraafo a wɔtete wimhyɛn mu baa Franse mpoano wɔ Normandy. Afei de na wɔatoa Hitler asraafo no fi apuei, atɔe, ne kusuu fam. Dapɛn biako akyi wɔ June 18 mu no, Hitler too ne kokoam akode a wahyɛ ho bɔ no. Nokwarem no, ná ɛyɛ akode ahorow abien. Ná biako yɛ ɔtopae a etu nam wim a wɔfrɛ no V-1 bɛmma, na na foforo no a wɔfrɛ no V-2 ɔtopae no ne nea akyiri yi wɔhwɛɛ so yɛɛ nnɛyi bɛmma akɛse a etwa kwan tenten no. Ná “V” no gyina hɔ ma German asɛmfua Vergeltungswaffen a ɛkyerɛ “aweretɔ akode.” Efi saa bere no kosi March a edi hɔ no mu no, wɔtoto koguu Britania ne Belgium so, na epirapiraa nnipa 23,000 kɛse a mpempem pii a wowuwui ka ho. Nanso ankyɛ na ɛdaa adi sɛ Hitler kokoam akode no tumi yɛɛ kakraa bi pɛ na na aka akyi dodo.
Afei ɛbɛdaa adi nso sɛ na Hitler benunu afoforo wɔ ne nkogu a wadi no ho. Ne nsɛm a edi akyiri a ɔkyerɛwee no mu bi na edidi so yi: “Nkurɔfo pii de ahotoso a mewɔ wɔ wɔn mu no adi dwuma wɔ ɔkwammɔne so. Nokware a wonni ne oyima sɛee ahoɔden biara a yɛde gyina wɔ ɔko no mu nyinaa.” Ɔkyerɛɛ sɛnea eyi yɛ nokware fa no denam Hermann Goring ne Heinrich Himmler a na anka wɔyɛ n’ahokafo a oyii wɔn fii amanyɛ kuw no mu ne wɔn adwuma so a afei de na obu wɔn sɛ afatwafo no so. Nokwarem, sɛnea sɛnkyerɛwfo ne nhoma kyerɛwfo a onyaa akyɛde a wɔfrɛ no Sebastian Haffner kyerɛ no, Hitler ankasa na na ɔyɛ “nea ɔboapa yɛɛ ne ho ɔfatwafo.” Ɛnsɛ sɛ wobu faako a Hitler yɛɛ atirimɔdenne de tiaa aman ne akuw horow kodui ne anibere a na ɛwom no adewa, nanso Haffner se, “sɛ wɔhwɛ no yiye a, Germany na Hitler sɛee no kɛse.”
Hitler a mprempren na ɔte ne fi a ɛwɔ asase ase a ɛwɔ Berlin no kum ne ho April 30, 1945 mu wɔ Berlin sohwɛ ho ɔko a ano yɛ hyew no mu. Sɛnea na waka no wɔhyew n’amu no wɔ ɔmampanyin atrae turo no mu. Hitler ne n’adaeso akɛse no nyinaa hyewee pasaa.
Biribi a na Enye Koraa Sen Dresden De
Saa bere no mu no, na Nnamfo no redi yiye wɔ ɔko a na wɔko tia Japan no mu. Ná wɔn nhyehyɛe sɛ wobetwa nsupɔw ahorow akodu Japan ankasa mu no yɛ ade ketewaa bi. Nanso na ne yɛ ankasa yɛ den. Nea ɛka ho no, na ne bo yɛ den yiye. Bio nso no, wobuu ano sɛ anyɛ yiye koraa no Nnamfo no nnipa ɔpepem fã ne ebia Japanfo a wɔdɔɔso sen saa bewuwu wɔ nsupɔw no a wɔbɛtow ahyɛ so no mu. Sɛ na anka ɔkwantiaa bi wɔ hɔ a wɔbɛfa so ma ɔko no aba awiei ntɛm a! So na kokoam akode a United States reyɛ no betumi ayɛ saa anaa?
Bere tiaa bi ansa na Wiase Ko II repae agu no, na Albert Einstein abɔ U.S. ɔmampanyin amanneɛ sɛ Germany nyansahufo resɔ ahwɛ sɛ wobetumi de atomik ahoɔden ayɛ akode anaa. Ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ, sɛ wotumi yɛ eyi a, wobetumi anya tumi kɛse a wɔde bedi dwuma wɔ sraadisɛm mu de adu wɔn botae horow ho. Nea ɛbɛyɛ na wɔabɔ saa asiane yi agu no, U.S. Ɔko Dwumadibea no yɛɛ nhyehyɛe bi wɔ 1942 mu a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no Manhattan Dwumadi a na ne botae ne sɛ wɔbɛyɛ atomik ɔtopae.
Wɔ July 16, 1945 mu no, wotumi too ɔtopae a ɛte sɛɛ wɔ New Mexico nea edi kan. Ná aka akyi dodo sɛ wɔde saa kokoam akode yi bedi dwuma wɔ Europa nanso na ɛnyɛ wɔ Asia.a Enti, wɔ August 6 no, wogyaee atomik ɔtopae too Hiroshima a ɛwɔ Japan so, na nnansa akyi no wogyaee biako too Nagasaki so. Sɛ na Dresden ntua no yɛ nea wɔkasa ho pii a, ɛnde na saa ntua abien yi nso ɛ? Ebinom ka sɛ na ɛteɛ, na ebia akyiri yi egyee nnipa ɔhaha pii nkwa. Nanso ebinom aka sɛ, sɛ ebia wɔsɔ hwɛe wɔ mmeae a obiara nte hɔ a, anka ɛno bɛhyɛ Japan ma wagyae ɔko no na ɔde ne ho ama. Nanso, esiane sɛ Japan hui sɛ ɔrentumi nyɛ tebea no hwee nti, ɛde ne ho mae. Ná ɔko no aba awiei—aba awiei ampa!
Asemmisa “Adɛn?” no ho Mmuaema
Wodii wɔn a Nnamfo no buu wɔn sɛ wɔn titiriw na wɔmaa ɔko no bae na ɛkɔɔ so no asɛm wɔ ɔko mu nsɛmmɔnedi ho. Wɔtwee wɔn a wodii fɔ no aso.b Ampa, na Nasisɛm de nsɛmmɔnedi a ɛyɛ hu kɛse wɔ abakɔsɛm mu no bi aba. Nanso dɛn na ɛde eyinom nyinaa bae? Bere a Ɔbenfo Walther Hofer a ɔyɛ Switzerland abakɔsɛm kyerɛwfo bi reka Nasisɛm sɔre ho asɛm no, ogye tom sɛ “wɔtaa yeyɛ abakɔsɛm mu nsemmisa ahorow ho mmuae ntiantia no basaa; ɛte saa titiriw wɔ saa asan yi mu.” Ɔkɔ so kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ ɛnyɛ nneɛma a ano yɛ hyew a efi ɔko kɛse no mu bae ne sraadisɛm a yehui fi 1914 kosi 1918 mu no a, anka National Socialism amammui adwene ne ne nniso ho adwene remma obiara tirim.”
Eyi foa nea wogye di sɛ wiase tebea bɔne a atra hɔ wɔ afeha yi mu mfe no mu pii mu no hyɛɛ ase fi nea ɛbaa 1914 ne 1918 mfinimfini hɔ mu no nsɛmmoa. Sɛnea Bible mmerebu kyerɛ no, saa bere no na wotuu ‘nea wɔfrɛ no Ɔbonsam ne Satan, nea ɔdaadaa amanaman nyinaa no’ fii ne soro gyinabea a ofi hɔ di amanaman so a obiara nsɔre ntia no no mu. Bible kyerɛwfo no se ‘wɔtoo no kyenee asase so,’ na afei ɔbɔ kɔkɔ sɛ: “Asase . . . nnue, efisɛ ɔbonsam asian aba mo nkyɛn na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.”—Adiyisɛm 12:9, 12; fa toto Adiyisɛm 11:18 ho.
Ná Wiase Ko I yɛ Ɔbonsam abufuw a oyii no adi, sɛnea na Wiase Ko II nso te no. Enti ɔne ɔko abien no nyinaa ne ɔhaw a ɛde bae no farebae. Ntease wom sɛ ɛyɛ den ma nnipa binom sɛ wobedi wɔn bo a afuw Germanfo no so esiane Auschwitz nti anaasɛ wɔbɛyɛ saa wɔ Japanfo ho esiane Pearl Habor nti. Ɔkwan foforo so no, ebinom bo fuw Britaniafo esiane Dresden nti, anaasɛ Amerikafo esiane Hiroshima nti. Ɛyɛ den sɛ wobeyi ɔman ne onipa bi ho tan afi hɔ. Nanso ɛnsɛ sɛ etumi di Kristofo a wɔ ɔkwan a ɛfata so no wɔn abufuw dɛw hyɛ Satan ɔbonsam no adwene so.
Ɛrenkyɛ Onyankopɔn Ahenni bɛsɛe Ɔbonsam na adi adesamma nsɛnnennen nyinaa ho dwuma. Eyi ne asɛmpa a afei a Wiase Ko II aba awiei no na Yehowa Adansefo a wɔn dodow kɔɔ anim fi 71,509 wɔ 1939 mu koduu 141,606 wɔ 1945 mu no pɛ sɛ wɔka wɔ ɔkwan a wɔatrɛw mu so. Ná “Yiyedi a ɛyɛ Nnaadaa Wɔ Asomdwoe a Na Enni Hɔ Mu” rentumi nsiw wɔn kwan wɔ eyi yɛ mu. Kenkan ɛho asɛm wɔ yɛn nsɛmma nhoma a edi hɔ no mu.
[Ase hɔ nsɛm]
a Sɛ Hitler traa ase asram abiɛsa bio a, anka ebia Germany begye dimmɔne sɛ ɔman a edi kan a atomik ɔtopae kaa no.
b Nasifo mpanyimfo 22 a wodii wɔn asɛm wɔ Nuremberg no mu no, wobuu 12 kumfɔ; baasa pɛ na wogyaee wɔn; wɔde afoforo no guu afiase fi mfe du kosi wɔn nkwa nna nyinaa.
[Kratafa 13 adaka]
Ogyadɛwee Biako A Ne Kɛse Te Sɛ Ɛpo
“Ná Dresden kurow no nyinaa rewosow. Ná pɛtrol ne biribi a wɔfrɛ no phosphorus fi ɔtopae ahorow a ɛredɛw mu ba te sɛ osu a ɛretɔ. Ogyadɛwee tu fii adan so kɔɔ mmɔnten so, hyew adan so nkyɛnsee na ɛmaa lɔre akwan so yɛɛ hyehyeehye. Ná ɛyɛ ogyadɛwee biako a ne kɛse te sɛ ɛpo a ne trɛw yɛ akwansin 2.5 na ne tenten yɛ akwansin 4.5. Na nnipa a wɔhyew animono, atopae tetew wɔn mu, afasu a ɛrebu agu kunkum wɔn, wusiw siw wɔn home kwan ma wowuwui no dodow yɛ mpem aduɔson. Ogya a ɛte sɛ ahum kɛse no totow biribiara kɔɔ wim—na nkongua, yiw nnipa mpo redi ntwaho wɔ ogya a ɛrefram no mu. Ná ankorɛ bi a nsu wom a ne kɛse yɛ anammɔn 10 si gua dedaw no so. Nkurɔfo a wɔreyɛ abobɔ dam huru totɔɔ nsu no mu sɛ wɔrebɔ wɔn ho ban, nsu no faa ebinom anaasɛ mframa a wɔanya nti wowuwui; kakraa bi pɛ na wofii mu a wɔanwuwu. Afunu a ahyehyew nkutoo na na wohu. Ná ɛyɛ den sɛ wobesie awufo no; wɔboaboaa wɔn ano na wohwiee petrol guu so na wɔde ogya too mu ma ɛhyewee nna pii. Yɛn fi hyewee pasaa. Yɛhweree yɛn dɔfo Josie ne ne ba abarimaa ketewaa a wadi mfe anum no.”—H. ne S. M. a wɔte Dresden
“Sɛ wufi soro hwɛ kurow no a, na ɛyɛ fɛ yiye, akanea asosɔ wɔ mu . . . na ogya ahorow a ɛsonosono ani hwɛbea wɔ mfinimfini hɔ. . . . Annka me sɛ ɛyɛ hu saa, efisɛ na ɛyɛ fɛ kɛse.”—Royal Airforce ɔtopae wimhyɛn kafo bi a wonnim no
[Kratafa 16 adaka]
Nsɛntitiriw Afoforo A Esisii
1944—Paapa srɛɛ amanaman a wɔreko no sɛ wonyi Rome mfi ɔtopae a wɔtoto gu nkurow so no mu
1945—Wɔde Amanaman Nkabom sii hɔ sɛ ɛnhwɛ ma amanaman ntam asomdwoe ne dwoodwoo asetra ntra hɔ.
Wɔhyehyɛɛ CARE (Cooperative for American Relief to Everywhere) sɛ bere a sum ase aguadi nya nkɔanim no, ɛmfa nnuan, ntade, ne nnuru nkɔ Europa
Wɔ Wiase Ko II mu asram a edi akyiri no mu no, aman afoforo 13 a wɔn mu 7 wɔ South America tuu Germany so sa
Mmea hokwan ho asɛm bɛyɛ mmara wɔ Franse
Wɔnam ɔman anidan a mogyahwiegu nni mu so tuu Getúlio Vargas a ɔyɛ Brazil ɔmampanyin no nniso a adi mfe 15 no gui
[Kratafa 14 mfoni]
Germanfo V-1 bɛmma (nifa so) ne V-2 ɔtopae (ase hɔ) no sɛnea wɔde dii dwuma wɔ Wiase Ko ll mu
[Asɛm Fibea]
Imperial War Museum, London
[Kratafa 19 mfoni fibea]
U.S. Air Force photo