Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 12/8 kr. 7-9
  • Wonni Afie—Nanso Wɔte Ase!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wonni Afie—Nanso Wɔte Ase!
  • Nyan!—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ogye Adwuma wɔ Tokyo
  • Afoforo ho a Wosusuw Hyɛɛ Wɔn Nkuran
  • “Munguan Mprempren”
    Nyan!—1987
  • Ɔsom Adwuma a Yɛde Boa Afoforo
    Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!
  • Atoyerɛnkyɛm Si a, Moboa Nkurɔfo Anaa?
    Nsɛm a Nkurɔfo Taa Bisa Fa Yehowa Adansefo Ho
  • Atoyerɛnkyɛm Bi Si a, Yɛbɛyɛ Dɛn Aboa?
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 12/8 kr. 7-9

Wonni Afie​—Nanso Wɔte Ase!

Efi Japan “Nyan!” kyerɛwfo hɔ

AKOROW a aguanfo wɔ mu a edi kan no duu ahyɛn gyinabea a ɛwɔ Izu Supɔw no so November 21 anadwo. Akyiri yi, wosii gyinae sɛ esiane sɛ Oshima wɔ Tokyo mantam no nniso ase nti, ɛsɛ sɛ wɔde saa nkurɔfo yi kɔ Tokyo. Ɔmantam no nniso ne ɔman no nniso no ka boom dii anim yɛɛ ogye ho nhyehyɛe. Yehowa Adansefo a wɔwɔ Izu ne Tokyo mpɔtam hɔ nyinaa ne wɔn a wɔwɔ baa dwumadibea a ɛwɔ Ebina Kurom a efi hɔ kɔ Bepɔw Mihara ho yɛ akwansin 50 no nso yɛɛ ogye ho nhyehyɛe.

Bere a amanneɛbɔ ahorow a ɛfa nea asi no ho betwaa TV so dwumadi a wɔyɛ daa no mu no, Yehowa Adansefo a wɔtete bɛn hɔ no honhom mu anuanom a wɔwɔ supɔw no so no ho asɛm haw wɔn titiriw. Nobumasa Obata a ɔwɔ Ito Asafo no mu ne afoforo a wɔka ne ho ne Adansefo a wɔwɔ Izu mpɔtam hɔ no dii nkitaho na wɔyɛɛ dwumadi a wɔde begye aguanfo no ho nhyehyɛe. Ɛbɔɔ 6:30 p.m. saa da no, na Adansefo no wɔ Izu Supɔw no ne Atami ahyɛn gyinabea hɔ nyinaa, a wɔasiesie wɔn ho sɛ wobegye wɔn nuanom a wofi Oshima no.

Bere a Jiro Nishimura ne nnipa baanan afoforo duu Atami bɛyɛ nnɔndu saa anwummere no, Adansefo a wɔwɔ Atami, a wokurakura Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma wɔ wɔn nsam behyiaa wɔn. Esiane sɛ na aban mpanyimfo no nnya nhuu nea wɔbɛyɛ nti, wɔmaa aguanfo no kwan ma wɔkɔtraa obiara a wɔpɛ nkyɛn. Wɔde wɔn ani kyerɛɛ Yugawara, faako a Nishimura babarima som sɛ ɔpanyin wɔ asafo a ɛwɔ hɔ no mu no. Ofi a wɔkɔtraa mu no bɛyɛɛ faako a wofi hɔ di aguanfo a wofi Oshima Asafo no mu no ahiade ho dwuma.

Ɛbɔɔ 8:00 anɔpa a edi hɔ no, Baa Boayikuw a ɛwɔ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ Ebina no sii gyinae sɛ wɔbɛsoma baa no ananmusifo baanu akɔ Izu mpɔtam hɔ na baanu nso akɔ Tokyo mpɔtam hɔ na wɔakɔyɛ ogye adwuma ho nhyehyɛe.

Bere a baa ananmusifo no ne Nishimura resusuw ogye adwuma no ho no, Mitsuo Shiozaki de ogye nneɛma fi n’asafo a ɛwɔ Nazamu no mu bae. Aguanfo no ani gyee ntade a wɔkyekyɛ maa wɔn no ho titiriw, efisɛ na wɔn mu pii nni ntade biara ka nea na ɛhyɛ wɔn a wɔde fii supɔw no so no ho. Wɔde aseda gyee nnuan a wɔde kaa ho bae no nso.

Wɔde ogye boayikuw sisii hɔ wɔ Izu ne Tokyo ma wɔkyekyɛɛ sika a Oshima Asafo no mufo hia maa wɔn. Ná ɛsɛ sɛ boayikuw a ɛte saa no hwɛ di aguanfo no honhom fam ahiade nso ho dwuma.

Ogye Adwuma wɔ Tokyo

Bere a ɛbɔɔ 9:55 p.m. wɔ November 21 mu bere a na ahyɛn bi abɛfa aguanfo no bi de wɔn rekɔ nkurow a ɛwɔ Izu supɔw no so mu no. Tokyo kurow sohwɛfo no hyɛe sɛ wɔmfa aguanfo no nyinaa nkɔ Tokyo. Wɔka kyerɛɛ Yoshio Nakamura a ɔyɛ ɔpanyin wɔ Mita Yehowa Adansefo Asafo a ɛwɔ Tokyo no mu sɛ ɔnyɛ ogye adwuma ho nhyehyɛe wɔ hɔ. Nakamura fie bɛyɛɛ ogye adwuma no dwumadibea wɔ Tokyo.

Ɔfrɛɛ ebinom a wɔwɔ n’asafo no mu ne ebinom a wɔwɔ Shinagawa Asafo no mu sɛ wɔmmɛka ne ho. Eyinom mu du fii Nakamura fie hɔ Memeneda anɔpa bɛyɛ nnɔnabien na wɔde wɔn ani kyerɛɛ hyɛn gyinabea a akorow a efi Oshima no bɛba abegyinagyina no. Ná anuanom yi kurakura nsɛnkyerɛnnede bi a ese: “Oshima Yehowa Adansefo Asafo mufo, yɛsrɛ mo moma yenhu mo.”

Ansa na po so hyɛn a edi akyi reba no, wodii nnyinaso abien a na akorow no abegyinagyina ho so no akɔneaba Saa bere no na Memeneda anɔpa nnɔndu abɔ apa ho. Yehowa Adansefo a wofi Chuo Asafo no mu nso kɔɔ nnyinaso foforo a na ahyɛn a efi Oshima rekɔ akogyina ho no so. Bere a Tokyo Adansefo no nnim ahyɛn a wɔn nuanom gyidifo no wom no, wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛkɔ hyɛn biara a ɛbɛba abegyina Tokyo no ho.

Kazuyuki Kawashima kae sɛ: “Yehowa Adansefo nkutoo ne nyamesom kuw a n’ananmusifo behyiaa wɔn mfɛfo gyidifo wɔ nnyinaso no ho. Kuw foforo biako pɛ a ebehyiaa aguanfo no ne akyerɛkyerɛfo kuw no.”

Eduu Memeneda anwummere no, na Mita ne Shinagawa Asafo horow no mufo fi wɔn pɛ mu aboaboa ntade ne ogye nneɛma afoforo ano a wɔrebɛkyekyɛ ama wɔn honhom fam anuanom a wofi Oshima no ntɛm ara. Adansefo no de nneɛma yi guu lɔre mu na wɔde kyinkyinii mmeae a Adansefo aguanfo no tete no. Adansefo a wofi Oshima ne wɔn a wɔnyɛ Adansefo a wɔwɔ hɔ no nyaa ogye nneɛma no ho mfaso.

Afoforo ho a Wosusuw Hyɛɛ Wɔn Nkuran

Ɔdansefo oguanfo bi kae sɛ: “Bere a yefii Oshima no, na yennim baabi a yɛrekɔ. Nanso, bere a yefi hyɛn no mu sii no, yehuu sɛnkyerɛnnede bi a ese ‘Yehowa Adansefo.’ Hwɛ sɛnea yɛn ho dwiriw yɛn na ɛkaa yɛn koma fae! Bere a me yere hui sɛ yɛn nuanom aba nnyinaso no ho rebehyia yɛn na anigye ahyɛ no ma no, n’ani taataa nsu.

“Agodibea Asa a ɛwɔ Koto Ward no so a yedui na yɛfrɛɛ Onua Nakamura wɔ telefon so ne du a baa dwumadibea ananmusifo no duu hɔ bɛhyɛɛ yɛn nkuran no yɛ biako. Eyi kaa yɛn koma ankasa, na na yennya nsɛm a yɛde bɛkyerɛ yɛn anisɔ.”

Wɔ dapɛn no mu no, ogye boayikuw no mufo srasraa atrae ahorow a Adansefo no wom no na wobisabisaa wɔn mfɛfo gyidifo no nneɛma a ehia wɔn. Wohui sɛ asafo ahorow a ɛwɔ hɔ no redi Adansefo aguanfo no ahiade ho dwuma yiye. Wɔtoo nsa frɛɛ Bible asuafo binom ma wokodidii wɔ Adansefo no afie mu da biara, na wɔkyerɛɛ ayamye nnwuma a Adansefo a na wonnim wɔn ansa na saa asiane yi resi no yii adi kyerɛɛ wɔn no ho anisɔ.

Saa aguan yi tumi yɛ yiye efisɛ wɔde kɔkɔbɔ a ɛfata mae na nkurɔfo no nso tiei. Nanso adesamma nyinaa rehyia asiane bi a ɛyɛ kɛse koraa a ɛreba ɔhare kɛse so. Wɔde kɔkɔbɔ rema mprempren, a wɔrekyerɛ nkurɔfo ɔkwan a wɔbɛfa so aguan afi saa asiane yi mu na wɔakora wɔn nkwa so. So wubetie saa kɔkɔbɔ yi?

[Kratafa 7 mfoni]

Jiro Nishimura rebisabisa faako ne mfɛfo gyidifo wɔa

[Ase hɔ nsɛm]

a Saa Yehowa ɔdansefo a wɔdɔ no yi wui wɔ February 1987 mu.

[Kratafa 8 mfoni]

Mitsuo Shiozaki kyekyɛ ogye nneɛma

Aguanfo pii daa agodibea fam hɔ a ɛhɔ yɛ nwini no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena