Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 12/8 kr. 4-6
  • “Munguan Mprempren”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Munguan Mprempren”
  • Nyan!—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsasewosow ne Pae a Ogya Bepɔw no Paee
  • ‘Omununkum a Ɛsɛ Mmerɛ a Ɛte sɛ Atomik Ɔtopae a Apae’
  • Aguan ho Ahyɛde wɔ Supɔw no so Nyinaa
  • Wonni Afie—Nanso Wɔte Ase!
    Nyan!—1987
  • Kɔkɔbɔ A Wubetie No Betumi Agye Wo Nkwa.
    Nyan!—1987
  • So W’ani Wɔ Nea Ɛrekɔ So Nnɛ No So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Nyan!—1987
g87 12/8 kr. 4-6

“Munguan Mprempren”

Efi Japan “Nyan!” kyerɛwfo hɔ

Nnipa Ɔpedu Tukɔ Wɔ Anadwo Biako Mu

“MUNGUAN mprempren! Ntɛm ara!” Wɔka kyerɛɛ mmarima ne mmea a wɔn mfe akɔ anim a wɔwɔ Oshima Home for Senior Citizens mu no sɛ wonguan nkɔ sukuudan bi mu esiane pae a Bepɔw Mihara paee November 21, 1986 mu no nti. Ɛwom sɛ na wɔasiesie ofie no mu adwumayɛfo ama otu a wobetu no fi bere a ogya bepɔw no kekaa ne ho nna kakraa bi a abɛsen no de, nanso sɛnea ɛpaee mpofirim saa awia no amma anyɛ mmerɛw amma wɔn sɛ wobeguan.

Kakuzo a ɔyɛ ofie no mu adwumayɛfo mu biako no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Yɛankae ahamankaa a na yɛasiesie no mpo. Yɛfaa wɔn a wɔn mfe akɔ anim no wɔ yɛn nsa so ne yɛn akyi de wɔn kɔɔ bɔs ahorow a na kurow no mu mpanyimfo ama wɔde abesisi hɔ no mu. Ankyɛ na eyinom yeyɛɛ mama, na na ɛsɛ sɛ wɔde lɔre akɛse fa nnipa no binom kɔ baabi a wɔreguan akɔ hɔ no bi mu.”

Bere bi akyi no, wɔn a wɔn mfe akɔ anim no duu po so hyɛn gyinabea na wɔde wɔn traa Maritime Safety Agency kuw no korow bi mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde wɔn beguan afi supɔw no so. Ná wɔka wɔn a wodii kan kɔe no ho. Supɔw no sofo ne nsrahwɛfo bɛboro ɔpedu no twe dii hɔ.

Nsasewosow ne Pae a Ogya Bepɔw no Paee

Bepɔw Mihara a ɛwɔ Izu-Oshima supɔw a wɔtaa frɛ no Oshima so no yɛ ogya mmepɔw anan a ebetumi apae a wɔhwɛ no yiye wɔ Japan no mu biako. Wonim sɛnea ɛyɛ ade brɛoo no. Nanso, wɔ November 15, 1986 mu no, bepɔw no paee bere a na Volcano Eruption Predicting Laison Conference (kuw bi a ɛde ogya mmepɔw a ebetumi apae ho kɔkɔbɔ ma) no aka sɛ bepɔw no ho nyɛ hu akyi adapɛn abien no. Ogya kɔɔ so tu faa bɔn a edi kan no mu. (Hwɛ asase mfonini a ɛwɔ kratafa 6 no) Dɔte a ɛyɛ hyew nam saa bɔn no mu faa ogya bepɔw no ano puei. Afei, wɔ ɔsram no da a ɛto so 21 no, pae a epaee a na wɔnhwɛ kwan no maa supɔw no sofo ho dwiriw wɔn. Ɛbɔn foforo ano buei. Tu a etutu faa fam hɔ faako a ɛhɔ apaapae na ɛtotoo gya kɔɔ soro a ne sorokɔ bɛboro anammɔn 330 no dii eyi akyi. Ogya afoforo tutuwii bere a bepɔw no ho kɔɔ so paapae no.

Nsasewosow maa nnipa a na nea ɛretutu no ama wɔabɔ hu no ho wosowee. Wɔ dɔnhwerew biako mu no sɛ wɔka ne nyinaa bom a, na nsasewosow 80 na awosow supɔw no. Atɛkyɛ a adɔ a efi bepɔw no mu tene faa bepɔw no ho sianee na ɛde n’ani kyerɛɛ Oshima kurow a emu nnipa dɔɔso kɛse a ɛne Motomachi no mu. Tene a na ɛretene no kaa kurow no sohwɛfo Hidemasa Uemura ma ɔhyɛe sɛ wɔntwe supɔw no sofo mfi Motomachi. Saa bere yi no na wɔbɛka sɛ Habu a ɛwɔ supɔw no kusuu fam hɔ no nyɛ hu.

‘Omununkum a Ɛsɛ Mmerɛ a Ɛte sɛ Atomik Ɔtopae a Apae’

Jiro Nishimura a ɔno nkutoo ne ɔpanyin wɔ Yehowa Adansefo Asafo a ɛwɔ Izu-Oshima no mu no kae sɛ: “Ná yɛrenom tii. Afei yɛtee biribi a ɛpaee. Bere a mepuee abɔnten no, mihuu omununkum bi a ɛsɛ mmerɛ a ɛte sɛ atomik ɔtopae bi apae pɛpɛɛpɛ wɔ Bepɔw Mihara so. Mihui sɛ na eyi nyɛ pae a ogya bepɔw no apae ketewaa bi ara kwa. Na mete sɛ wɔreka asɛm bi wɔ kurow no mu akasam afiri no so nanso esiane sɛ na mente nkaebɔ no yiye nti, me ne kurow no sohwɛfo dwumadibea no kasae. Wɔkae sɛ wonnya nka nkyerɛɛ Motomachifo sɛ wonguan. Na minim sɛ ɛsɛ sɛ yedidi, enti meka kyerɛɛ me yere sɛ ɔnnoa ɛmo mfa nyɛ ɛmo tuo. Nanso ansa na midii ɛmo tuo a edi kan no wiei no, na wɔaka sɛ obiara nguan.

“Yɛn baanum, a me yere nã a wadi mfe 90 no ka ho guan kɔɔ Motomachi Hyɛn gyinabea hɔ. Ná nkurɔfo ato santen a wɔrebɛforo ɔkorow a ɛde wɔn beguan afi supɔw no so no. Ná santen no ware, nanso esiane sɛ me yere na no anyin na ɔno nkutoo ntumi nnantew nti, wɔma yɛn foroo ɔkorow a edi kan a ɛrekɔ Atami no.”

Wɔ ebinom fam no, na ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobegyaw supɔw a wɔwɔ ho nkate a emu yɛ den no hɔ. Kichijiro Okamura a wadi mfe 84 a ɔyɛ oduruyɛfo wɔ baabi a wɔde ɔman mma wɔn mfe akɔ anim tra hɔ wɔ Oshima no atra Oshima mfe 40. Okamura ka sɛnea ɔtee nka no kyerɛ sɛ: “Ná nsasewosow no nye koraa, nanso misusuwii sɛ biribiara ye na mepɛe sɛ mihu sɛnea nneɛma bɛkɔ so wɔ nna kakra bi mu. Metaa hu ogya mmepɔw a ɛpaapae ne nsasewosow. Anhaw me kɛse efisɛ na minim sɛ ɛrenkyɛ ano bɛbrɛ ase. Nanso dumgyafo hyɛɛ me ma meguanee. Ná ɛsɛ sɛ megyae mu ma wɔn.” Ɔne ne yere Yoshie ne ne mmabea baanu ne ne nenanom baanan na ɛkɔe.

Aguan ho Ahyɛde wɔ Supɔw no so Nyinaa

Nea edi kan no, ná dɔte a adɔ a ɛretene no yɛ hu wɔ supɔw no kesee fam hɔ nkutoo. Wɔde wɔn a wɔtete Motomachi no mu bi traa lɔre mu kɔɔ Habu mpɔtam hɔ. Wɔka kyerɛɛ supɔw no sofo a wɔwɔ kusuu fam no ara kwa sɛ wɔmmoaboa wɔn ho ano wɔ agodibea ne sukuu adan mu.

Kaoko Hirakawa a oguan kɔtraa agodibea bi mu bere a na abɔ 5.00 p.m. no se: “Nea na mewɔ nyinaa yɛ nnaso abien ne saa kotoku yi. Misusuwii sɛ ɛbɛyɛ anadwo biako pɛ.” Ne kunu Rinzo dwenee n’awofo a wɔnte apɔw a na wɔte bɛn bepɔw no ho no ho. Bere a wɔahaw no, wɔforo traa kar mu sɛ wɔrekɔfa n’awofo no. Rinzo ka sɛ: “Ná nsasewosow no mu yɛ den. Ná ɛte sɛnea wote ɔkorow mu ara pɛ. Bere a yɛde m’awofo traa kar no mu ara pɛ, ogya tu fii asase a efi m’awofo fi kɔ hɔ yɛ akwansin kakraa bi no mu.” Wɔbɔɔ mmɔden koduu Nomashi agodibea hɔ, nanso akyiri yi wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wontu nkɔ Habu.

Ɛbɔɔ 10:50 p.m. no, kurow no sohwɛfo hyɛe sɛ wonguan mfi supɔw no so nyinaa. Owura yere Tamaoki ka sɛ: “Yeguan kɔhyɛɛ Third Junior High School a ɛwɔ Habu no mu. Afei wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnnantew nkɔ hyɛn gyinabea hɔ. Nanso Habu Hyɛn gyinabea no mu nnɔ sɛnea akorow akɛse betumi agyina hɔ, enti akyiri yi na ɛsɛ sɛ yɛde bɔs kɔ Motomachi, faako a yɛforoo ɔkorow bi a ɛrekɔ Tokyo no.”

Supɔw no sofo ne nsrahwɛfo ɔpedu no tukɔ no baa awiei November 22 bere a na abɔ bɛyɛ 5:55 a.m. no, a kurow no sohwɛfo ne mpanyimfo no na na wɔwɔ aguanfo no ɔkorow a etwa to no mu. Wowiee Izu-Oshima aguan no ho adwuma nnɔnhwerew anum mu wɔ bere a bepɔw no paee kɛse no akyi. Ɛkɔɔ so bɔkɔɔ ne wɔ ano wɔ ano wɔ ɔfa kɛse no ara mu wɔ ɔkwan a ɛhyɛ kurow no mu mpanyimfo, po so hyɛn adwuma kuw a ɛde ahyɛn kɔɔ Oshima kɔtwee aguanfo no, ne kurow no mufo nkabom a wofi wɔn pɛ mu yɛe no anuonyam. Nnipa mmiako mmiako bi pɛ na wɔanni ahyɛde a ɛne sɛ wonguan no so ntɛm ara. Polisifo, dumgyafo, ne adwumayɛfo afoforo kakraa bi pɛ na wɔkaa supɔw no so a na nnipa kakraa bi a wɔpowee sɛ wobeguan ka ho.

Nanso ɛhe na aguanfo no kɔtrae? Hena na na ɔbɛhwɛ wɔn? Nneɛma kɔɔ so dɛn maa Yehowa Adansefo a wɔwɔ supɔw no so no?

[Diagram/Maps on page 6]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)

OSHIMA

MT. MIHARA

Tokyo

Shimoda

Inatori

Sakurajima

Ito

Atami

Ebina

[Mfoni] Oshima

Okata

Kitanoyama

lava flow

crater no.2

eruptions

crater no.1

outer rim of the crater

Sashikiji

Port Habu

MT. MIHARA

Nomashi

Motomachi

airport

[Kratafa 4 mfoni]

“Dumgyafo hyɛɛ me ma meguanee”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena