Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g88 2/8 kr. 21-23
  • Boasipem Yɛ Aniberesɛm Dɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Boasipem Yɛ Aniberesɛm Dɛn?
  • Nyan!—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Na Bible no Ka?
  • Ɛkanyan “Akɔnnɔ Nhyɛso”
  • Egu Obi ho Fĩ Adwene ne Nkate Nyinaa Mu
  • Akodi ho Adwene a Ɛteɛ
  • Ɛyɛ a Megoro Me Ho Ma Me Ho Ba—Mɛyɛ Dɛn Agyae?
    Nsɛm a Mmabun Bisa—Mmuae a Ɛbɛboa Wɔn, Ɔfã 1
  • Dɛn Nti na Ɛyɛ Den Saa sɛ Wobɛpow Boasipem No?
    Nyan!—1988
  • Di Boasipem So Nkonim
    “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
  • Onyankopɔn Adwene Wɔ Ɔbarima Ne Ɔbea Nna Ho Mu A Yebekura
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1988
g88 2/8 kr. 21-23

Mmofra Bisa Sɛ. . .

Boasipem Yɛ Aniberesɛm Dɛn?

“Misusuw ho sɛ ebia boasipem yɛ bɔne wɔ Onyankopɔn ani so anaa. So ɛbɛka me nipadua mu/anaa adwenem akwahosan daakye ne sɛ ɛba sɛ maware a?”​—Mellisa a wadi mfe 15.

SAA asemmisa yi ahaw mmofra pii. Dɛn ntia? Boasipem anaasɛ, goru a obi hyɛ da goru ne ho sɛnea ɛbɛyɛ a obenya nna ho akɔnnɔ, abu so. Wɔbɔ amanneɛ sɛ bɛyɛ mmarima mu ɔha biara mu 97 ne mmea bɛboro ɔha biara mu 90 na wɔde wɔn ho hyɛ boasipem mu ansa na wɔadi mfe 21. Bio nso, wɔka sɛ saa adeyɛ yi na ɛde nyarewa ahorow nyinaa bi ba​—efi ɛpɔw ne ani kɔkɔɔ so kosi abiribiriw ne adwenemyare so.

Nanso, nnɛyi nnuruyɛ mu nhwehwɛmu ntumi nkyerɛɛ honam mu nyarewa biara a boasipem de ba. Nhwehwɛmufo William Masters ne Virginia Johnson de ka ho sɛ: “Nnuruyɛ mu adanse a wɔasi so dua biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ boasipem de adwenemyare ba, a mpɛn dodow a wɔyɛ saa no mfa ho.”

Nanso, Kristofo mmofra pii ahaw wɔ sɛnea saa su yi yɛ bɔne fa no ho. Abofra bi kyerɛwee sɛ: “Sɛ migyae me ho mu ma [boasipem] a, mete nka te sɛ nea meredi Yehowa Nyankopɔn huammɔ. Ɛtɔ bere bi a minya adwenemhaw kɛse.” Abofra foforo bisae sɛ: “So boasipem yɛ bɔne a wɔmmfa mfiri?”

Dɛn Na Bible no Ka?

Ɛwom sɛ wɔkasa tia ɔbarima ne ɔbea nna mu nnebɔne te sɛ nna a edi aware anim (aguamammɔ) , mmarima a wɔne wɔn ho wɔn ho da, awaresɛe, ne mmoa a wɔne wɔn da fann wɔ Bible mu de, nanso wɔmmɔ boasipem din. (Genesis 39:7-9; Leviticus 18:20, 22, 23; 1 Korintofo 6: 9, 10) Ná boasipem abu so wɔ Helafo mu wɔ Bible mmere no mu, na wɔde Hela nsɛmfua ahorow pii kaa adeyɛ no ho asɛm. Nea ɛyɛ nwonwa no, wɔamfa eyinom mu biako mpo anni dwuma wɔ Bible no mu.a

Esiane sɛ wɔnkasa ntia boasipem tẽẽ wɔ Bible mu nti, so ɛno kyerɛ sɛ entumi mpira? Dabida! Wɔn a Onyankopɔn adwene mfa wɔn ho titiriw mpo nte nka wɔ ɔkwan pa so wɔ adeyɛ no ho. Sɛ nhwɛso no, Ɔbenfo Aaron Hass bɔɔ amanneɛ wɔ ne nhwehwɛmu a ɛfa sɛnea mmofra 625 a wonnii mfe 20 yɛ wɔn ade wɔ ɔbarima ne ɔbea nna ho no mu sɛ: “Wɔn a wɔrebɛn mpanin afe so a wɔde wɔn ho ahyɛ boasipem mu pɛn no bɔɔ afobu, fɛre, afideyɛ, agyimisɛm, basaayɛ, anaa nneɛma a atõtõ nkate ho amanneɛ.” Ampa, boasipem yɛ su a ɛho ntew. Nanso esiane sɛ, sɛnea Bible kyerɛ no, “efi” yɛ asɛm a wɔde kyerɛ anibere ahorow a ɛsonsonoe wɔ asɛm bi mu nti, ɛnsɛ sɛ wɔde boasipem ka bɔne aanibere wom te sɛ aguamammɔ anaa ɔbarima ne ɔbea nna mu ɔbrasɛe ahorow afoforo a anibere wom no ho.​—Efesofo 4:19.

Nanso, Onyankopɔn nim sɛ di a wobedi ɔbarima ne ɔbea nna mu ɔbrasɛe a anibere wom a Bible no bara no so no nyɛ mmerɛw. Enti ɔde sɛnea wobetumi akwati ɔbarima ne ɔbea nna mu ɔbrasɛe no ho afotu ma. ‘Ɔkyerɛ wo nea eye ma wo.’ (Yesaia 48:17) N’asɛm no mu nnyinasosɛm da no adi sɛ “eye ma wo” sɛ wobɛko atia saa su a ɛho ntew yi dennen, titiriw no efisɛ . . .

Ɛkanyan “Akɔnnɔ Nhyɛso”

Bible no hyɛ yɛn sɛ: “Enti munkum mo akwaa a ɛwɔ asase so no: . . . akɔnnɔ nhyɛso.” (Kolosefo 3:5) Saa “akɔnnɔ nhyɛso” yi nyɛ ɔbarima ne ɔbea nna ho akɔnnɔ foforo a mmofra pii te nka bere a wɔrebɛn mpanin afe so a ɛno de ɛho nhia sɛ wɔfɛre wɔ ho no. “Akɔnnɔ nhyɛso” ba bere a saa nkate ahorow yi mu yɛ den na wontumi nni so no. Akɔnnɔ nhyɛso a ɛte saa no de ɔbarima ne ɔbea nna mu ɔbrasɛe a anibere wom aba, sɛnea Paulo kyerɛkyerɛɛ mu wɔ Romafo 1:26, 27 no.b

Nanso so boasipem ‘nnkum’ saa akɔnnɔ ahorow yi ano? Nea ɛne no bɔ abira no, sɛnea abofra bi kae no: “Sɛ wode wo ho hyɛ boasipem mu a, wode w’adwene nyinaa si akɔnnɔ bɔne so, na nea ne nyinaa de ba ne sɛ ɛma wo kɔn a ɛdɔ no mu yɛ den.” Mpɛn pii no, ɔbrasɛe mu ade bi a wɔde ani bu ma nna ho anigye no kɔ so. (Mateo 5:27, 28) Sɛ wunya hokwan no a, ɛnyɛ den sɛ wode wo ho bɔhyɛ ɔbrasɛe mu. Abofra bi dii yaw wɔ bere a ɔbɔɔ aguaman no akyi sɛ: “Bere bi no, metee nka sɛ boasipem betumi ayi nhyɛso afi hɔ a memfa me ho nka ɔbea. Nanso minyaa akɔnnɔ a emu yɛ den sɛ mɛyɛ saa.” Nokwarem no, ɔman mũ mu nhwehwɛmu bi a wɔyɛe daa no adi sɛ mmofra a wɔrebɛn mpanin afe so a wɔde wɔn ho hyɛɛ boasipem mu no mu dodow no ara bɔɔ aguaman. Ná wɔdɔɔso kyɛn wɔn a na wɔyɛ mmaabun no ɔha biara mu 50! Ɛda adi sɛ adeyɛ no amma wɔn “akɔnnɔ nhyɛso” no so antew.

Sɛ wote nka sɛ wubetumi adi wo ho so wɔ tebea a ɔbrasɛe ho asiane wom mu mpo a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ wofa boasipem so kanyan w’akɔnnɔ? Sɛ aguamammɔ hokwan bi sɔre a, so wubetumi aka dabi ampa?

Egu Obi ho Fĩ Adwene ne Nkate Nyinaa Mu

Boasipem de su ahorow bi nso hyɛ obi mu a etumi sɛe adwene. (Fa toto 2 Korintofo 11:3 ho.) Saa su yi kyerɛkyerɛ obi sɛ ommu ne nipadua sɛ ɛyɛ ade a wɔde di dwuma de nya nna mu anigye ara kwa. Sɛ obi de ne ho rehyɛ boasipem mu a, nea egye n’adwene ne n’ankasa akɔnnɔ nkutoo​—ahopɛ. Ɔbarima ne ɔbea nna bɛyɛ nea wɔatew afi ɔdɔ ho ma nea aka ne akɔnnɔ a wɔde dwudwo ɔhyew ano nkutoo. Nanso Onyankopɔn pɛe sɛ wɔde nna ho akɔnnɔ bedi dwuma wɔ ɔbarima ne ɔbea nna mu. ɔbarima ne ne yere ntam ɔdɔ a woyi adi.​—Mmebusɛm 5:15-19.

Saa adwene yi a yebebu ani agu so no betumi de asɛnnennen aba wɔ abusuabɔ pa a ɛwɔ yɛne wɔn a wɔwɔ bɔbea su foforo mu ntam no mu. Wubetumi abu eyinom sɛ wɔyɛ nna mu ade mmom sen sɛ wubebu wɔn sɛ nnipa a wɔwɔ nkate. Obi betumi afa ɔfoforo no sɛ ɔyɛ adwinnade bi a wɔde dwudwo akɔnnɔ ano kɛkɛ. Su bɔne a ɛtete sɛɛ a boasipem kyerɛkyerɛ no betumi aguobi “honhom” anaa n’adwene ho fĩ. Wɔ ntease pa mu no, Bible no hyɛ sɛ: “Adɔfo, momma yɛnhohoro yɛn ho mfi ɔhonam ne honhom mu fi nyinaa mu.” (2 Korintofo 7:1) Ampa, awarefo pii tumi yi nsɛnnennen a boasipem de bae no fi hɔ wɔ aware akyi. Nanso, nhwɛso ahorow pii si sɛnea nsɛnnennen yi mu bi tumi yɛ den ne nea ɛkɔ so bere nyinaa a mpɛn pii no ɛka awarefo no fata a wɔbɛfata wɔn ho no so dua.

Nanso sɛ obi rebɔ mmɔden sɛ obedi su bɔne yi so na bere a wɔ ɔkwan bi so no ɔredi nkonim no, ɔda so ara wɔ nsɛnnennen nso ɛ?

Akodi ho Adwene a Ɛteɛ

Ɛwom sɛ bɔne biara yɛ bɔne de, nanso Bible no kyerɛ sɛ Onyankopɔn bu yɛn bɔneyɛ sɛ ɛwɔ anibere ahorow a ɛsonsonoe, na ɔyɛ mmɔborohunufo kɛse. “Na wo, [Yehowa], wuye, na wode firi, na w’adɔe dɔɔso ma wɔn a wɔfrɛ wo nyinaa.” (Dwom 86:5) Sɛ Kristoni bi gyae ne ho mu ma boasipem a, mpɛn pii no ne koma bu no fɔ. Nanso Bible no kyerɛ sɛ “Onyankopɔn so kyɛn yɛn koma na ohu ade nyinaa.” (1 Yohane 3:20) Onyankopɔn hu nneɛma pii sen yɛn bɔne. Ne nimdeɛ kɛse a ɛyɛ no boa no ma ɔde timmɔbɔ tie yɛn fafiri ho mpaebɔ a ɔhyew wom no. Sɛnea abeawa bi kyerɛwee no: “M’ate afodi nka akodu baabi, nanso nim a minim ɔdɔ Nyankopɔn a Yehowa yɛ no ne sɛ obetumi ahu nea ɛwɔ me komam na onim mmɔden a mebɔ ne me tirim nsɛm no bɔ me ho ban fi adwenemhaw kɛse ho bere a madi nkogu da koro bi no.” Ɛdenam boasipem a wobɛko atia so no, ɛnyɛ nea ebia ɛbɛba sɛ wobɛbɔ aguaman a ɛyɛ bɔne a anibere wom no.

Yɛn nsɛmma nhoma yi hokafo Ɔwɛn-Aban no biako bi a ɛbae February 15, 1954 no kae sɛ: “[Ebia] yebehu sɛ yehintiw na yɛhwe ase mpɛn pii wɔ su bɔne bi a edidi kɔɔ akyiri wɔ yɛn kan abrabɔ no mu sen sɛnea yetumi hu no ho. Afei yefi ase te abasamtuw ne fata a yɛmfata nka . . . Mpa abaw. Nka sɛ woayɛ bɔne bi a wontumi mfa mfiri. Saa na Satan bɛpɛ sɛ wususuw. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wote awerɛhowdi nka na wo bo afuw wo ho no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ wonkɔɔ akyiri dodo. Mmrɛ da sɛ wode ahobrɛase ne ɔhyew bɛdan akɔ Onyankopɔn nkyɛn na woahwehwɛ ne fafiri ne aguare ne mmoa. Kɔ ne nkyɛn sɛ ɔba kɔ n’agya nkyɛn bere a asɛm ato no no a mpɛn dodow a woyɛ saa wɔ bɔne koro no ara ho no mfa ho, na Yehowa de mmoa no bɛdom wo esiane n’ayamye a ɛnsɛ no nti, na sɛ woyɛ ɔnokwafo a, ɔbɛma woanya ahonim a wɔatew ho.”

[Ase hɔ nsɛm]

a Onyankopɔn kum Onan efisɛ ‘ɔmaa n’ahobaa guu fam sɛee.’ Nanso, na nea ɛwɔ asɛm no mu yɛ ɔbarima ne ɔbea nna a wotwaa so, ɛnyɛ boasipem. Bio nso, wokum Onan efisɛ ɔde pɛsɛmenkominya powee sɛ ɔbɛware ne nua yere sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛtoa ne nua a wawu no abusua anato no so. (Genesis 38:1-10) Ɛda adi sɛ “ahobaa” a wɔka ho asɛm wɔ Leviticus 15:16-18 no nyɛ boasipem na mmom efa ahobaa a ɛba anadwo ne nea ɛba wɔ ɔbarima ne ɔbea nna mu no ho.

b Afeha a edi kan mu abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus de mfitiase Hela asɛmfua a wɔde gyina hɔ ma “akɔnnɔ nhyɛso” (pathos) no na ɛkaa Potifar yere a esiane ‘akɔnnɔ a aboro so” [pathos] nti, ɔbɔɔ mmɔden se ɔbɛdaadaa aberantewaa Yosef no; ne ɔbarima Amnon a bere a “akɔnɔɔ redɛw wɔ ne mu na akɔnnɔ ntraso [pathos] reka no no ɔsɛee ne nuabea [ɔtoo no mmonnaa]” no. Potifar yere no ne Amnon mu biara antumi anni n’akɔnnɔ so.​—Genesis 39:7-12; 2 Samuel 13:10-14.

[Kratafa 23 mfoni]

Ɛwom sɛ boasipem betumi ama woate nkate a enye nka de, nanso mpaebɔ a efi nokwaredi mu a wode srɛ Onyankopɔn hɔ fafiri ne adwumaden a wobɛyɛ de asiw adeyɛ no kwan no betumi ama woanya ahonim pa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena