Wiase No Fi 1914
Ɔfã 7: 1960-1969 1960 Mfe No—Ɔkasatia A Ano Yɛ Den Mmere
WIMHYƐN no tew bɛhwee fam, na eyii anidaso biara a ɛwɔ hɔ sɛ ɛrenkyɛ Ɔko Nwininwini no mu nhyɛso ano bɛbrɛ ase no fii hɔ. Ná ɛyɛ United States akwansrafo wimhyɛn U-2 no, na wɔde tuo tew kyenee wɔ Soviet Union wɔ May 1, 1960 mu.
Soviet ɔmampanyin Nikita Khruschev kae sɛ United States mpa kyɛw na wɔnhyɛ bɔ sɛ wobegyae wimhyɛn a ɛtete saa a wɔde tu no. Bere a mmuae a Ɔmampanyin Eisenhower mae no anyɛ no abodwo no, ɔnam Apuei-ne-Atɔe nhyiam a na wɔahyehyɛ sɛ wobefi ase wɔ Paris wɔ May 16 a wankɔ no so kasa tiae.
Ná ɛnyɛ mfiase pa mma 1960 mfe no. Mmom no na ɛyɛ bere bi a wobehu ɔkasatia honhom ne nkurɔfo adwene a entumi nhyia—sɛ wɔn adwene behyia wɔ biribiara ho—ho sɛnkyerɛnne.
Asomdwoe Akyi no, Ɔko Ahorow Abiɛsa
Ná Ɔko Nwininwini da so ara wɔ hɔ. Ná nsɛm a ebesisi akyiri yi bɛma akɔ so. Wɔ August 1961 mu no Sovietfo too Berlin Ɔfasu no de tew wɔn atrae a ɛwɔ Berlin no fii Atɔefo de no ho. Afe biako akyi no, wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔde Soviet asraman besisi Cuba. Eyi antumi anyɛ yiye esiane U.S. po so asraafo “anosiw,” anaa pampim nti. Sukuufo basabasayɛ wɔ Czechoslovakia boa ma wɔhyehyɛɛ nniso foforo. Nanso wɔ 1968 mu no Sovietfo de wɔn ho gyee mu, efisɛ anyɛ saa a nniso no nsakrae ahorow no bɛdan nea wɔfrɛ no Prague Asusow no ma ayɛ ahohuru bere ankasa.
Wɔ Ɔko Nwininwini no mu awɔw akyi no, wiase no hyiaa ɔko “dedaw” mu ɔhyew nso. Anyɛ yiye koraa no ntawntawdi ahorow 54 na na afi ase wɔ 1945 ne 1959 mfinimfini hɔ. Afei wɔ 1960 mfe yi mu no na afoforo 52 na na ɛrebɛka ho, a na Congo ne Nigeria amanko, Mfinimfini Apuei Nnansia Ɔko no, ne Vietnam ɔko no ka ho.a
Nanso, ɔko a ɛto so abiɛsa bi fii ase wɔ 1960 mfe no mu. Ede besi saa bere no sɛ wɔde toto ho a na kommyɛ wɔ asetra anaasɛ ɔmanfo mu. Nanso afeina na mmofra a wɔwɔ ɔko akyi awo ntoatoaso no mu no renyin. Bere a wɔmpɛ wiase a wohu no na wɔtee nka sɛ wonni ne nsɛnnennen ho dwuma wɔ ɔkwan pa so no, wofii wɔn ankasa ɔko bi ase—ɔkasatia ɔko.
Sukuufo tu Aprenten
Wotwaa akwansin pii wɔ “mommara ɔtopae” aprententu no mu. Nokwarem no, ɛkame ayɛ sɛ biribiara a na ɛsɛ sɛ wɔkasa tia no hwehwɛe sɛ wotu aprenten, sukuufo sɔre gyina, wɔyɛ basabasa wɔ sukuu anaa adwuma mu, anaasɛ ɔmanfo yɛ asoɔden. Ɛda adi sɛ mmerante ne mmabaa dodow no ara penee saa ɔko foforo yi so, anyɛ yiye koraa no wɔ nnyinasosɛm mu. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Germanfo mmofra mu wɔ 1968 mu kyerɛe sɛ na ɔha biara mu 67 pene so, na ɛkaa Germanfo atesɛm krataa a agye din Der Spiegel ma ɛkae sɛ: “Sɛ ɛba aprententu mu a, ɛnyɛ wɔn koma nko na wɔn mu dodow no ara wɔ ɔpɛ sɛ wɔde bɛboa na mmom wɔn anammɔn ne, sɛ ɛho hia a, wɔn akuturuku nso.”
Wɔyɛɛ eyi ho ɔyɛkyerɛ wɔ Germanfo nkurow bɛboro 20 mu wɔ Easter dapɛn awiei no mu bere a nnipa mpempem yɛɛ basabasa wɔ akwan so no. Nnipa baanu wuwui; ɔhaha pii pirapirae. Ná eyi fi ɔsɔretia bi a na wɔayɛ de atia Iran Shah no ne ne nniso no afe biako ni no mu. Wɔ saa bere no mu wɔ June 2 wɔ Berlin no, nea efii asɔretiafo ne polisifo ntam apereperedi mu bae ne onipa biako a owui ne pii a wopirapirae.
Ɔkyerɛwfo William Burroughs kae wɔ ntease pa mu wɔ 1968 mu sɛ: “Mmofra atuatew no yɛ wiase nyinaa ade a wonhuu bi saa da wɔ abakɔsɛm mu.” Wɔ saa afe no mu no sukuufo basabasayɛ maa ɔsɔretia kɛse baa Franse a anka ɛreyɛ atu de Gaulle nniso no agu. Wɔ mfe du no mfiase no, sukuufo ɔsɔretia ma wotuu nniso bi gui ankasa wɔ Korea Adehyeman mu, ɛwom sɛ ɛmaa nnipa 200 hweree wɔn nkwa de. Ɛdefa sukuufo asɔretiafo a wɔwɔ Japan ho no, nhoma a wɔfrɛ no 1968 Weltpanorama se: “Japan nyɛ soronko wɔ Amerika ne Europa ho biara. Aboro so koraa no na ɛte sɛ nea Japanfo sukuufo hwɛ ade kɔ akyiri kakra sen wɔn mfɛfo a wɔwɔ Berkeley, Paris, anaa Frankfurt.”
“Monhwehwɛ Ɔdɔ, Ɛnyɛ Ɔko”
Ná wɔde saa ɔkasatia yi pii tia ɔko—ɔko nyinaa ne Vietnam ɔko no titiriw. Ná ahofadi ho ɔko bi apae agu wɔ Indochina a na Vietnam yɛ ne fã no wɔ 1946 mu a na wɔde tia Franse atubrafo tumidi no. Mfe awotwe akyi no, atuo a wɔpenee so de guu fam no ma wɔkyɛɛ ɔman no mu abien a na ɛyɛ bere tiaa mu nhyehyɛe bi de kosi sɛ wobetumi atow aba na wɔasan aka abom bio. Ɔfã biako bɛhyɛɛ komunistfo tumi ase na ɔfã a aka no nso wɔ wɔn a wɔnyɛ komunistfo ase. Sɛnea na ɛte wɔ Germany ne Korea no, tumi akɛse no de wɔn ho bɛhyɛɛ Ɔko Nwininwini a na wɔko wɔ amammui mu ahye so mu.b
Akyiri yi koraa no, Ɔko Nwininwini nhyɛso no dan ɔko kɛse wɔ Vietnam. Mfiase no United States de asraafo nneɛma nkutoo na ɛmaa kesee famfo no. Nanso wɔ 1960 mfe no mu no, ofii ase de asraafo kɔe a ansa na mfe du no reba awiei no, na wɔn dodow akɔ soro akodu ɔpepem fã. Ɔko no bɛyɛɛ te sɛ kuru a efi mogyasufene a entumi nwu. Charles R. Morris ka wɔ ne nhoma A Time of Passion—America 1960-1980 no mu sɛ: “Wɔ May [1965] mu no, nhyiam a wɔde sua ade bi a sukuufo mpem dumien reyɛ [wɔ United States] no bɛyɛɛ aguabɔ a wɔde kasa tia akodi, na ɛbɛyɛɛ nhwɛso maa sukuufo kasa a wɔkasa tia ɔko ho ɔyɛkyerɛ ahorow a wohui wɔ mfe du no fã a aka no nyinaa mu.” Sɛ́ nea wɔde resi eyi so dua no, mmerante ɔpepem pii hyew wɔn nkrataasin a wɔde refrɛ wɔn ma wɔakɔyɛ asraafo no. Morris se ebinommpo yɛɛ nea ɛsen saa, na ɔde nhwɛso ahorow abien a ɛkyerɛ mmarima bi a “wɔhyew wɔn ho wɔ baguam kosii sɛ wowuwui de sɔre tiaa ɔko no” mae.
“M’aso Dae Bi”
Ebia sukuufo dii kan wɔ ɔko ho ɔkasatia mu, nanso na ɛnyɛ wɔn nkutoo. Sɛ nhwɛso no, abibifo ne aborɔfo a wɔadi mfe ahorow boaa U.S. ɔmanfo hokwan ahorow kuw no wɔ ne kannifo Martin Luther King, Jr. a na ɔyɛ Southern Baptist ɔsɛnkafo no ase. Wɔ 1963 mu no nnipa bɛboro 20,000 tuu aprenten wɔ Washington so, faako a King de ne kasa “M’aso dae bi” no kanyan wɔn no.
Wodii nkonim koduu baabi bere a U.S. mmarahyɛ bagua no yɛɛ nea wɔfrɛɛ no “ɔdesani hokwan mmara a ɛsen biara wɔ saa afeha yi mu” no. Na King ankasa dii nkonim bere a wɔmaa no Nobel Asomdwoe Akyɛde wɔ 1964 mu no.
Obiara Reyɛ Nea Ɔpɛ
Mmofra nso kyerɛɛ sɛnea wɔapow nhyehyɛe no denam ne ntade ne n’ahosiesie a wogye tom a wɔpowee no so. The New Encyclopaedia Britannica kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ntadehyɛ anidan a efii ase wɔ Carnaby Abɔnten a ɛwɔ London so wɔ 1957 mu no de ahosiesie a ɛsɔre tia nea wɔde asi hɔ a ɛda ahofadi ne mmofra adwene adi no na ɛbae.” Wɔ mmea pii fam no na ɛyɛ ntade asinasin ne nea ɛma wohu wɔn ho bere; wɔ mmarima fam no na ɛyɛ bogyesɛ ne timum; na wɔ wɔn baanu no nyinaa fam no na ɛyɛ mmarima ne mmea ntadehyɛ a wɔatu abom ne wɔn ho a wɔtaa ma ɛyɛ basaa a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no hippiefo ahosiesie no.
Nnwom a na ɛwɔ hɔ saa bere no bi nso kanyan ɔsɔretia honhom no denam nnubɔne a ɛhyɛɛ ho nkuran ne mmarima ne mmea nna ne mmarima a wɔne wɔn ho wɔn ho da a ɛpenee so no so. Rock nnwontofo ne wɔn a wɔn nnwom ano yɛ den bɛyɛɛ wɔn a nkurɔfo ani gye wɔn ho kɛse, na na wɔn na wɔkyerɛ ntadehyɛ ne abrabɔ kwan. Ka a wɔka wɔn ho bom tra faako bɛyɛɛ nea abu so. Eyi ne asetra kwan afoforo a bere bi na wobu no sɛ ɛmfata no bɛyɛɛ nea afei de wogye tom. Ná eyinom nyinaa betwa aba a ɛyɛ awerɛhow wɔ 1970 ne 1980 mfe no mu.
Aggiornamento ne “Yesu Nkurɔfo” No
Nsɛm asekyerɛ nhoma bi kyerɛ aggiornamento ase sɛ “Roman Katolek nkyerɛkyerɛ ne ahyehyɛde ahorow a wɔyɛ no foforo a wogye toom sɛ Vatican Bagua Nhyiam a Ɛto so Abien 1962-1965 no botae horow no mu biako.” Paapa John XXIII fii saa adeyɛ yi ase sɛnea ɛbɛyɛ a wɔ ɔfã bi no ɔde bedwudwo asɛm a wɔka sɛ asɔre no ayɛ atetekwaa no ano ne wɔ ɔfãbi nso no sɛ wɔde besiw sɛnea na ebinom pɛ sɛ wɔkasa tia asɔre no nkyerɛkyerɛ ne nneyɛe wɔ baguam no ano. Ná Katolek asɔfo a wonim wɔn yiye bi mpo ka ho. Sɛ nhwɛso no, wɔfrɛɛ Germanni nyamekyerɛfo Hans Kung sɛ ɔmmra Rome mmɛkyerɛkyerɛ ne nsusuwii ahorow a ɛne nea wonim dedaw bɔ abira no mu nanso wankɔ.
Nyamesom mu ɔkasatia honhom no anso ɔsom mu nneɛma dedaw a wobesiesie so. Europafo mmofra pii buu akuw horow bi animtiaa koraa, na wɔdan kɔɔ awaefo akuw horow mu anaasɛ Asiafo nyansapɛ so. Kuw ahorow te sɛ Divine Light Mission, Hare Krishna, ne Children of God nyaa wɔn mfiase wɔ 1960 mfe no mu na nnipa pii begye toom.
Fi Ɔkasatia mu kɔ Basabasayɛ ne Amumɔyɛsɛm mu
Ɔkasatia honhom no yii obu a wɔwɔ ma tumidi a asɛe wɔ wiase nyinaa adi—awofo ho, nhomasua, nniso, ne ɔsom mu nyinaa. Ɛde honhom a na ɛtaa de basabasayɛ a ɛho nyɛɛ nã fi 1914, sɛ ɛyɛ akono anaasɛ baabi foforo no, na ɛbae.
Kaakae w’adwene wɔ nsɛm ahorow a esisii wɔ 1960 basabasayɛ mfe no mu no bi ho: wokum Patrice Lumumba, Congoni a na ɔyɛ Afrika ɔmampɛ ho sɛnkyerɛnnede no ne South Africa Ɔsoafo Panyin Hendrik F. Verwoerd; wokum Vietnam Adehyeman Ɔmampanyin Ngo Dinh Diem bere a wotuu ne nniso no gui; United States nam awudifo aboba so hweree n’akannifo baasa wɔ nea ennu mfe anum mu: Ɔmampanyin John F. Kennedy, ɔmanfo hokwan ahorow ho ɔkannifo Martin Luther King, Jr., ne Mmarahyɛ Baguafo Robert F. Kennedy.
Saa tumidi animtiaabu yi a na ɛmmfa ho sɛ ɛde basabasayɛ bedi dwuma de anya ne ɔkasatia no mu botae ahorow no boae ma wɔde amumɔyɛsɛm nhyɛase too hɔ. Nokwarem no, ɔkyerɛwfo ne amammuisɛm mu nhwehwɛmufo Claire Sterling se nnɛyi amumɔyɛsɛm no fii ase wɔ 1968, “afe a ɛda adi yiye sɛ ɛyɛ bere a ɔko a etwa to no akyi awo ntoatoaso no tuu n’ankasa ɔsa wɔ asetra mu” no mu.
Mmoa a Wɔhwehwɛ fi Ɔsoro
So ɔsoro so nkonimdi betumi aboa ma wɔadi asase so nsɛnnennen so? Ɛda adi sɛ saa na ebinom susuwii. Wim nneɛma mu nhwehwɛmu kɔɔ so dennen a na Ɔko Nwininwini no gu so na mmirikatu no mu akanni kɔ soro ba fam wɔ Apueifo ne Atɔefo ntam. Ɛdefi 1961 mu, bere a Sovietfo de onipa a odi kan kosii asase kwan no mu de besi 1969 mu a United States de onipa a odi kan kosii ɔsram sono, wim nneɛma ahorow a wɔyeyɛe no maa wiase no ho dwiriw no.
Bere a mfe du no reba n’awiei no, Collier’s 1970 Year Book kae sɛ: “Ɛte sɛ nea ɛfata sɛ 1969 a ɛno mu na onipa nantew ɔsram so nea edi kan no nso ne afe a nsoromma mu hwɛ nyaa nkɔanim a ɛsen biara . . . a saa okyinsoromma yi ahu pɛn. Aquarius Mfe no . . . [bere a] onuadɔ bedi hene wɔ asase so no betumi aba anaasɛ ɛrentumi mma.”c
Ɛda adi sɛ na nnipa pii rehwɛ mmoa kwan afi ɔsoro. Na sɛnea asase so asraman a wɔde kyere nsɛm a wɔyeyɛe tumi ma ɛyɛɛ yiye sɛ anka nsasepɔn ahorow no nyinaa reyɛ atumi ne wɔn ho wɔn ho adi nkitaho no, saa ara nso na ɔsoro ankasa yi maa aman no bemmɛn wɔn ho wɔn ho kɛse. Nanso amma wɔantumi annka ammom sɛ wobedi wiase nsɛnnennen ho dwuma. Ná amanaman no ntam atetew kɛse sɛnea ɛte dedaw no, wɔda so yɛ “apamsɛefo.”—2 Timoteo 3:1-3.
Dɛn ntia? Efisɛ sɛnea ɔkasatia honhom no—1960 mfe no honhom no—su no te no, entumi mma wɔnyɛ biako. Ɛde mpaapaemu na ɛba. Sɛ nnipa betumi adi wiase nsɛnnennen ho dwuma a, ɛsɛ sɛ wɔyɛ biako. Sɛ wobenya saa biakoyɛ yi a, ɛnyɛ ɔsoro ankasa yi anaasɛ nsoroma mu na ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ mmoa fi, na mmom fi Onyankopɔn nniso no ɔsoro no hɔ.
Ɛno ne nea na Yehowa Adansefo—a ɛde besi 1969 mu no na wɔn dodow akɔ soro aboro 1960 dodow nkyekyem no so ɔha biara mu 48 no—reyɛ. Hwɛ sɛnea wɔde aseda mae sɛ na Romafo ti 13 mu nkyerɛkyerɛmu a ɛfa Kristofo ahobrɛase ho a ɛbae wɔ ne bere mu no aboa wɔn ma wɔakwati ɔkasatia dennen honhom a ɛhyɛɛ 1960 mfe no ma a ɛbɛtwe wɔn akɔ no!—Hwɛ Ɔwɛn-Aban, April 15, June 1, ne June 15, 1963.
Bere a 1960 mfe no reba awiei no, na Yehowa Adansefo reka Onyankopɔn Ahenni no bere bi a “onuadɔ bedi hene wɔ asase so” ho asɛm a wonni adagyew, na mmom ɛnyɛ Aquarius Mfe bi ho asɛm. So wɔn ankasa bɛtra ase ahu eyi? So wobɛyɛ saa? Mma asɛm a etwa to wɔ nsɛm a ɛfa “Wiase No Fi 1914” ho a ɛbɛba wɔ yɛn nsɛmma nhoma a edi hɔ no mu no mpa wo ti so: “Bere a Wiase no Redwiriw Agu no, Ma W’anidaso Nhyerɛn!”
[Ase hɔ nsɛm]
a Amanaman Nkabom no amanneɛbɔ ahorow bobɔ ako 160 a ɛbae wɔ 1945 ne 1985 mu din.
b Wɔ Daniel 11 no Bible yɛ komunism aman no ho mfonini sɛ “benkum fam hene” ne aman a wɔsɔre tia no no sɛ “nifa fam hene.” Hwɛ nhoma a wɔfrɛ no “Wo Pɛ Nyɛ Asase So” a Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo no yɛe wɔ 1958 mu no nkratafa 264-307.
c Wɔkyerɛ Aquarius Mfe no ase sɛ “wiase mu bere bi a nsoromma mu ahwɛfo kyerɛ sɛ ɛhyɛ ahofadi a ɛbɛba wɔ asetra mu afã horow nyinaa, onuadɔ a ebedi hene wɔ asase so, ne wim nkonimdi agyirae.”
[Box on page 20]
Nsɛntitiriw Afoforo a Esisii
1960—Nsasewosow a ano yɛ den sisii wɔ Morocco ne Chile
Wɔkyeree Adolf Eichmann wɔ Argentina na wɔsan de no kɔɔ Israel, faako a wobuu no fɔ wɔ Wiase Ko ll mu nsɛmmɔne ahorow ho na wokum no
1961—Amanaman Nkabom Ɔkyerɛwfo Panyin Dag Hammarskjold wui wɔ wimhyɛn a ɛtew hwee wɔ Afrika no mu
1962—Wofii ase de asraman a wɔde di nkitaho a wɔfrɛ no Telstar no dii dwuma
1963—Ahum ne nsuyiri kum nnipa 30,000 wɔ Pakistan Apuei Fam
1964—Wosii Olympik Akane XVIII no wɔ Tokyo, Japan. Wɔn a wodii nkonim sen biara no ne USSR (nkonimbo 96) ne U.S.A. (nkonimbo 90)
1965—Paapa Paul Vl de Vatican Bagua Nhyiam a Ɛto so Abien baa awiei na ɔhyɛe sɛ wɔnhwehwɛ asomdwoe wɔ ɔkasa a ɔde maa Amanaman Nkabom Nhyiam Kɛse no mu
1966—Amammerɛ ho Anidan fii ase wɔ China
1967—Oduruyɛfo Christiaan Barnard a ofi South Africa maa obi koma foforo a edi kan
1968—Wofii ase dii aduru a wɔfrɛ no Thalidomide no ho asɛm wɔ asennibea bere a ama wɔawo mmofra a wodi dɛm kɛse pii no akyi
1969—Nea wɔfrɛ no Bɔɔlbɔ Ɔko no bae wɔ El Salvador ne Honduras ntam wɔ bɔɔlbɔ bi akyi; nnipa bɛboro apem wuwui
Basabasayɛ a ɛkaa mogya pii gui bae wɔ Belfast a ɛwɔ Ireland wɔ Katolekfo ne Protestantfo ntam
[Kratafa 19 mfoni]
Aguabɔ a wɔde tia ɔko wɔ New York