Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 4/15 kr. 2-4
  • So Wiase Asomdwoe Abɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wiase Asomdwoe Abɛn?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akodi a Werɛ Afi
  • So Anidaso Bi wɔ hɔ sɛ Yebenya Asomdwoe?
  • Nokware Asomdwoe—Efi He?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Ma “Onyankopɔn Asomdwoe” Nhwɛ Wo Koma So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Bere Bɛn Na Asomdwoe A Enni Awiei Bɛba Ankasa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • So Onipa Rentumi Mfa Asomdwoe Mma?
    Nyan!—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 4/15 kr. 2-4

So Wiase Asomdwoe Abɛn?

ABAKƆSƐM mu nyinaa no, wɔayɛ asomdwoe ho nhyehyɛe pii ne asomdwoe mpaemuka ahorow. Awerɛhosɛm ne sɛ ɛte sɛ nea akodi a ne dodow te sɛ ɛno ara abɛsɛe no. Ɛdefa asomdwoe apam ne mpaemuka ahorow ho no, nnipa bebree asua sɛ wɔremfa wɔn ho nto so pii.

Nanso, mfe kakraa bi a atwam ni no, nnipa a wɔhwɛ nea ɛrekɔ so ne atesɛm mu nhwehwɛmufo pii afi ase te nka sɛ biribi soronko rekɔ so. Wɔ ɔhaw a ɛrekɔ so nyinaa akyi no, wɔakyerɛ sɛ mprempren de, ebia yebetumi anya wiase nyinaa asomdwoe. Stockholm Amanaman Ntam Asomdwoe Asuae kae sɛ: “Anidaso a ɛwɔ hɔ sɛ wobesiesie ntawntawdi wɔ asomdwoe mu no anya nnyinaso pa sen bere biara a atwam fi bere a Wiase Nyinaa Ko II baa awiei no.” Nsɛm a esisi ntɛmntɛm wɔ Europa Apuei Fam maa nsɛm ho amanneɛbɔfo bi kae sɛ: “Ɛte sɛ nea yebetumi anya Asomdwoe wɔ Asase so mprempren sen bere biara a atwam fi bere a Wiase Nyinaa Ko II bae no.” The Bulletin of the Atomic Scientists nsɛmma nhoma no mpo daa saa su yi adi. Wɔ 1988 mu no, ekyim ne ɔsɛe dɔn a agye din no fi anadwo nnɔndubiako apa ho simma aduonum ason de kɔtoo anadwo nnɔndubiako apa ho simma aduonum anan, na afei wɔ April 1990 mu no, ɛsan kyim kɔtoo anadwo nnɔndubiako apa ho simma aduonum.

Eyi nyinaa ma wonyaa anidaso ne anigye kɛse ansa na ɔko no refi ase wɔ Mfinimfini Fam Apuei. Efi saa bere no mpo no, nnipa binom reka aman a wɔwɔ tumi no ntam Tumidi ho Apereperedi ne akodeyɛ ho akansi no ho asɛm sɛ aba awiei. Ebinom resusuw nea wɔde sika a nniso horow no hwɛ kwan sɛ wobenya afi sraadi ho sika a wɔsɛe a ɛso atew no mu bɛyɛ no ho. So ebetumi aba sɛ bere a yebenya asomdwoe a enni awiei adu ampa? So aman no resua sɛnea ‘wɔde wɔn nkrante bɛbobɔ nsɔw ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare’ no ampa? (Yesaia 2:4) Dɛn na nokwasɛm ahorow no kyerɛ?

Akodi a Werɛ Afi

The Economist a wotintim wɔ London no se: “Tumidi ho apereperedi no awiei ne Apuei Fam ne Atɔe Fam ntam apereperedi a ano abrɛ ase foforo no ama ebinom agye adi sɛ asomdwoe aba. Ɛnte saa. Sɛ wuyi ntawntawdi farebae kɛse biako fi hɔ a, nketenkete pii da so ara wɔ wiase no mu.” Dɛn ne saa ntawntawdi anaasɛ akodi “nketenkete” yi?

Lentz Asomdwoe Nhwehwɛmu Dwumadibea, nhwehwɛmu ahyehyɛde bi a ɛnyɛ aban de a ɛwɔ United States no bɔ amanneɛ sɛ ebeduu September 1990 mu no, anyɛ yiye koraa no na akodi 15 rekɔ so wɔ wiase nyinaa. Tow a Iraq kɔtow hyɛɛ Kuwait so no nka eyi ho, efisɛ amanneɛbɔ no kan akodi ahorow a anyɛ yiye koraa no, wokum nnipa apem wom afe biara besi saa bere no nkutoo. Na akodi ahorow yi mu bi akɔ so mfe 20 ne nea ɛboro saa. Sɛ wɔka ne nyinaa bom a, akunkum nnipa 2,900,000, na eyinom mu fã kɛse ara nyɛ asraafo. Wɔn a wokunkum wɔn wɔ akodi ahorow a wokunkum nnipa wom sen biara a ɛbaa awiei nnansa yi ara wɔ afe a etwam no mu, te sɛ nea ɛkɔɔ so wɔ Uganda, Afghanistan, ne Iran ne Iraq ntam no binom mu nka eyi ho.

Wɔakunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem abiɛsa wɔ bere a wɔkyerɛ sɛ asomdwoe wɔ wiase no mu no mu! Ɛno ankasa yɛ awerɛhosɛm. Nanso, nea ɛyɛ awerɛhosɛm kɛse sen biara ne sɛ akodi ahorow yi mu pii rekɔ so a​—wiase no mu nnipa a aka no​—nhu na wɔnka ho asɛm koraa. Ɛne nea wobetumi afrɛ no sɛ akodi ahorow a werɛ afi, efisɛ emu pii​—aban a wotu gu, amanko, ɔman anidan​—rekɔ so wɔ aman a nkɔso kakraa bi na wɔanya no binom mu. Ɛte sɛ nea nnipa a wɔte aman a edi yiye na anya mfiridwuma mu nkɔso no nnwen nnipa ɔpepem fã a wokunkum wɔn wɔ Sudan, anaasɛ ɔpepem biako mu nkyem abiɛsa mu biako a wokunkum wɔn wɔ Angola no ho kɛse. Nokwarem no, ebinom wɔ hɔ a wɔka sɛ wiase no aba asomdwoe bere a ɛso bi mmae da mu fi bere a Wiase Nyinaa Ko II baa awiei, efisɛ ɔko bi ansi aman a anya nkɔso no ntam, na akameakamedi kɛse ne akode pii a wɔaboaboa ano nyinaa akyi no, aman a wɔwɔ tumi kɛse no ne wɔn ho wɔn ho anko.

So Anidaso Bi wɔ hɔ sɛ Yebenya Asomdwoe?

Sɛ asomdwoe kyerɛ nuklea ɔko a ɛremma wiase nyinaa kɛkɛ a, ɛnde ebia obi betumi aka sɛ wiase aman no adi nkonim bi dedaw wɔ mmɔden a wɔbɔ sɛ wobenya asomdwoe no mu. Ɔsɛe a wɔapene so sɛ wɔde bɛba wɔn ho so ho nhyehyɛe no asianka aman a wɔwɔ tumi no abesi saa bere yi. Nanso ɛyɛ asomdwoe ankasa? Ɛbɛyɛ dɛn atumi aba saa bere a nnipa suro daa sɛ ɔsɛe pasaa bɛba mpofirim no? Yɛbɛyɛ dɛn atumi aka asomdwoe ho asɛm bere a akodi nketewa ne akɛse sɛe nnipa pii asetra, nea wɔde hwɛ wɔn ho, ne anidaso a wɔwɔ sɛ wobenya asetra a akomatɔyam wom no wɔ wiase nyinaa no?

Elie Wiesel a onyaa Nobel akyɛde no kyerɛw bere bi sɛ: “Efi teteete no, nnipa aka asomdwoe ho asɛm nanso wonnya. So yenni osuahu a ɛdɔɔso nti? Ɛwom sɛ yɛka asomdwoe ho asɛm de, nanso yedi ako. Ɛtɔ da bi a, yedi ako wɔ asomdwoe din mu mpo. . . . Ɔko ayɛ abakɔsɛm fã a ɛdɔɔso a wontumi nyi mfi hɔ​—koraa.”

Na nnansa yi ara ɔko a ɛbae wɔ Mfinimfini Fam Apuei no san sɛee asomdwoe ho anidaso no. So ebetumi aba sɛ adesamma rehwɛ asomdwoe kwan afi baabi a ɛnyɛ hɔ na ɛsɛ sɛ efi ba?

[Mfonini wɔ kratafa 3]

“Ebia asase so awo ntoatoaso yi behu asomdwoe bere a wɔrentumi nsakra no wɔ anibuei ho abakɔsɛm mu no mfiase.”​—Rusia ɔmampanyin Mikhail Gorbachev, wɔ nhyiam a wɔyɛe wɔ Washington, D.C., U.S.A., May 1990 ase

[Mfonini Fibea]

UPI/​Bettmann Newsphotos

[Pictures on page 4]

“Wiase foforo bi a ahofadi wom da yɛn anim . . ., wiase bi a asomdwoe tra mu daa, a aguadi wɔ ahonim a wotumi yɛ nneɛma a ɛte sɛ nea wobetumi ayɛ nyinaa.”​—U.S ɔmanpanyin George Bush na ɔkae wɔ July, 1990 wiase sikasɛm nhyiam ase wɔ Houston, Texas, U.S.A

[Mfonini Fibea]

UPI/​Bettmann Newsphotos

“Afasu a na aka nkurɔfo ne nsusuwii ahyɛ bere bi no rebubu agu. Europafo resi wɔn ankasa anidaso ho gyinae. Wɔrepaw ahofadi. Wɔrepaw sikasɛm mu ahofadi. Wɔrepaw asomdwoe.”​—Mpaemuka a NATO yɛe wɔ nhyiam wɔyɛe wɔ London England, July ase

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 2]

Cover photos U.S. Naval Observatory photo (stars); NASA photo (earth)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena