Dɛn Nti Na Nneɛma Bɔne Tumi To Nnipa Pa?
San Salvador ogya bepɔw a ɛwɔ El Salvador no ase na San Ramón kurow no da. Wɔ September 19, 1982 anɔpa no, dɔte a ɛte sɛ asorɔkye ahorow abiɛsa bɛbɔɔ no. Bere a osu a ano yɛ den atɔ aka ho no, na asorɔkye a edi kan no sorokɔ reyɛ adu abansoro a ɛtoa so abien na ɛtwee abotan ne nnuasin kɔe. Bere a etwaa ɛkã a emu dɔ yɛ anammɔn 160 na emu trɛw yɛ anammɔn 250 no, ɛtene faa ogya bepɔw no ho, na bere a ɛrekɔ no na emu reyɛ den na emu nso retrɛw. Bere a eduu ase no, ɛbobɔɔ ntayaa adan a ɛwɔ ne kwan mu no.
Ana fie bubui wɔ asorɔkye a ano yɛ den no mu wɔ bere tiaa a ɛyɛ hu mu. Ana mmabea soo ne mu na wɔteɛɛm sɛ, “Bɔ mpae ma yɛn!” Afei dɔte no kataa wɔn so. . .
Nanso, ɛbae sɛ ntayaa a wɔde abɔ ɔdan no so no bi besii Ana anim, na ɛma onyaa ahome. Ose: “Mekɔɔ so teɛɛm, teɛɛm hwehwɛɛ mmoa.” Bɛyɛ nnɔnhwerew anan akyi no, afipamfo tee ne nteɛm no na wofii ase yii no fii mu. Wohui sɛ dɔte no amene no adu ne mmɔtoam, na ne mmabea no afunu tetare ne ho wɔ dɔte a wonnya ahome wom no mu.
NÁ NNIPA a wɔwɔ San Ramón no dwo na wɔwɔ adamfofa su. Ná awufo no mu binom yɛ Kristofo a wɔahyira wɔn ho so a awarefo baanu bi a wɔaware foforo, Miguel ne Cecilia, ne abusua bi a emufo yɛ baanum a bere a wohuu wɔn afunu no na wɔtetare mu no ka ho.
Nanso, asiane nyiyi nnipa pa ne nnipa bɔne mu, nokwasɛm a ɛyɛ den ma pii sɛ wɔbɛka ɛne ɔdɔ Nyankopɔn bi mu gyidi abom no. Wobisa sɛ, ‘Onyankopɔn bɛn na ɔbɛma kwan ama nkwa a wɔhwere a ɛho nhia saa aba? Anaasɛ sɛnea ɛte no, ɔkwan bɛn so na Onyame tumfo kɛse bi betumi ahwɛ bere a wɔn a wɔn mfe akɔ anim nnya baabi nna, mmusua a wɔyɛ adwumaden hwere wɔn asetra mu nyinaa sika a wɔde asie, ɔyare ka mmerante ne mmabaa a wɔasi so—na ɔnyɛ ho hwee?’
Bere a Harold S. Kushner a ɔyɛ Yudani rabi no tee sɛ ɔyare bi a ɛntaa mma bekum ne babarima no, obisaa nsɛm a ɛte saa. Eyi mu ntɛnkyea a ɛkyere adwene no maa Kushner ho dwiriw no. Ɔka sɛ: “Mayɛ onipa pa. Mebɔ mmɔden sɛ mɛyɛ nea ɛteɛ wɔ Onyankopɔn ani so. . . . Na migye di sɛ meredi Onyankopɔn akwan akyi na mereyɛ n’adwuma. Ɔkwan bɛn so na na eyi betumi ato m’abusua?” Nea efi mmuae a ɔhwehwɛe no mu bae ne ne nhoma a agye din a wɔfrɛ no When Bad Things Happen to Good People no.
Kushner yɛ nyamekyerɛfo a wɔabɔ mmɔden sɛ wɔbɛma nea enti a Onyankopɔn ma bɔne ho kwan ho mmuae no mu biako pɛ. Sɛnea ɛte no, onipa de Onyankopɔn agyina asennibea. Atɛn bɛn na Kushner ne nyamekyerɛfo afoforo abu? So wɔn atemmu no teɛ?