Sɛnea Ebinom Kyerɛkyerɛ Nea Enti A Onyankopɔn Ama Bɔne Ho Kwan No Mu
Onyankopɔn—odi fɔ anaa bem wɔ adesamma amanehunu a ɔma ɛba no mu? Wobisa saa asɛm yi wɔ amanehunu ahorow nyinaa mu, sɛ ɛyɛ nea ɛto ankorankoro anaasɛ nnipa pii te sɛ nea ɛbae wɔ San Ramón no. Britaniafo krataa The Evangelical Quarterly no ka sɛ: “Nea ɛyɛ akwanside kɛse wɔ Onyankopɔn bi a ɔwɔ tumi ne ɔdɔ kɛse no mu gyidi mu ne amanehunu a ɛte sɛ nea ɛmfata a ɛwɔ wiase no mu no.”
Enti ebinom bɛka sɛ Onyankopɔn adi mfomso sɛ ɔpene amanehunu so—sɛ ɛnyɛ ɔno na ɔma ɛba ankasa mpo a. Nyamekyerɛfo John K. Roth kyerɛwee sɛ: “Abakɔsɛm ankasa ne Onyankopɔn asotõ. . . . Mmu Onyankopɔn asɛyɛde a ɛwom no adewa.”
Nanso, wɔn a wodwen nyamesɛm mu nsɛm ho fi Augustine so no de anotew aka sɛ Onyankopɔn di bem. Afeha a ɛto so dunson no mu nyansapɛfo Leibniz pɛɛ asɛm bi maa saa mmɔdenbɔ yi: theodicy anaa “Onyankopɔn bemdi.”—Hwɛ kratafa 6.
Nnɛyi Nyamekyerɛ Gyina Adanse Adaka Mu
Mmɔden a wɔbɔ sɛ wobeyi asodi afi Onyankopɔn so no atoa so abedu nnɛ bere yi mu. Mary Baker Eddy a ɔno na ɔde Christian Science Asɔre bae no bɔɔ mmɔden sɛ obesiesie asɛm no denam pow a ɔpowee sɛ bɔne biara nni hɔ nea edi kan koraa no so! Ɔkyerɛwee wɔ Science and Health With Key to the Scriptures mu sɛ: “Onyankopɔn . . . anyɛ onipa da sɛ obetumi ayɛ bɔne . . . Enti bɔne yɛ adaeso, na enni nnyinaso biara.”—Yɛn na yɛde nkyerɛwee soronko akyerɛw afa bi no.
Ebinom nso gyina nea wɔka sɛ ade pa bi wɔ amanehunu mu no so na ebu Onyankopɔn bem. Rabi bi kae bere bi sɛ: “Amanehunu ma onipa di mũ, eyi ahantan ne aniani adeyɛ fi ne nsusuwii mu.” Wɔ akwan a ɛtete saa ara so no, nyamekyerɛfo binom akyerɛ sɛ asase so amanehunu ho “hia na ama asiesie yɛn sɛ nnipa a wɔn bra ye ma daakye ɔsoro ahenni no mu asetra.”
Nanso so ntease wom sɛ wobegye adi sɛ Onyankopɔn de asiane ba anaasɛ ɔma kwan sɛnea ɛbɛyɛ a ɔde bɛtew nkurɔfo ho na watwe wɔn aso? Ɛda adi sɛ wɔn a wosiee wɔn animono wɔ San Ramón no annya hokwan biara sɛ wɔbɛma wɔn abrabɔ mu onyin anya nkɔso. So Onyankopɔn de wɔn bɔɔ afɔre sɛ asuade ma wɔn a wonyaa nkwa no anaa? Sɛ saa a, dɛn ne asuade no?
Enti, wɔ ntease mu no, nnipa pii ani gyee Kushner nhoma When Bad Things Happen to Good People no ho. Esiane sɛ na ne kyerɛwfo no ankasa ate amanehunu mu yaw pɛn nti, ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyekye n’akenkanfo werɛ, na ɔmaa wɔn awerɛhyem sɛ Onyankopɔn ye. Nanso, eduu sɛ Kushner bɛkyerɛkyerɛ nea enti a Onyankopɔn ma kwan ma wɔn a wodi bem hu amane no mu no, ne nsusuwii no sakrae koraa. Kushner kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Onyankopɔn pɛ sɛ treneefo tra ase wɔ asomdwoe ne anigye mu, nanso ɛtɔ bere bi a ɔno mpo ntumi mma ɛmma.”
Enti na Kushner reka Onyankopɔn bi a ɔnyɛ ɔbɔnefo na mmom ɔyɛ mmerɛw, Onyankopɔn bi a ɔnyɛ ade nyinaa so tumfoɔ papa ho asɛm. Nanso nea ɛyɛ nwonwa no, Kushner kɔɔ so ara hyɛɛ n’akenkanfo nkuran sɛ wɔmmɔ mpae nsrɛ ɔsoro mmoa. Nanso ɛfa sɛnea saa Onyankopɔn a ɔrekyerɛ sɛ ɔtɔ sin yi betumi aboa ankasa no ho de, Kushner antumi amma emu anna hɔ.
Tete Akyinnyegye
Enti wɔn a wosusuw nyamesom mu nsɛm ho wɔ wiase no mu no antumi anka bi amma Onyankopɔn wɔ ɔkwan a ntease wom na ɛde awerɛkyekye ankasa ma wɔn a wohu bɔne mu amane no so. Ebia nea ɛsɛ sɛ wɔde no gyina asennibea no nyɛ Onyankopɔn na mmom nyamekyerɛ! Efisɛ saa nkyerɛkyerɛ ahorow a ɛne wɔn ho wɔn ho bɔ abira yi si nsusuwii bi a ntease nnim a wɔkae bɛyɛ mfe mpem anan a atwam ni no so dua. Saa bere no mu no na akyinnyegye no fa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Hiob a na osuro Onyankopɔn, Apuei famni ɔdefo ne otitiriw bi a ohuu asiane a ɛba ntoatoaso mu amane no ho. Wɔ ɔhare so ne ntoatoaso mu no, Hiob hweree n’agyapade, ne mma wuwui, na awiei koraa no, ɔyare bɔne bi kaa no.—Hiob 1:3, 13-19; 2:7.
Nkurɔfo baasa bi a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Hiob nnamfo bae sɛ wɔrebɛboa no. Nanso sɛ anka wɔbɛkyekye ne werɛ mmom no, wɔde nyamekyerɛ puapuaa no. Ná wɔn asɛm no tiatwa ara ne sɛ: ‘Hiob, Onyankopɔn na wayɛ wo saa! ɛda adi sɛ ɔretwe w’aso efisɛ woayɛ bɔne bi! Afei nso, Onyankopɔn nni gyidi biara wɔ ne nkoa mu.’ (Hiob 4:7-9, 18) Ná Hiob ntumi nte nea enti a ɛte sɛ nea Onyankopɔn ‘de no asi hɔ ayɛ ne botae’ no ase. (Hiob 16:11, 12) Wɔ ɔkwan a ɛyɛ nkamfo ma Hiob so no, okuraa ne mudi mu na wammfa bɔne anto Onyankopɔn so tee da.
Nanso, na Hiob awerɛkyekyefo no ‘abu Onyankopɔn fɔ’ denam ka a wɔkae sɛ ɔretwe obiara a ohu asiane mu amane no aso wɔ bɔneyɛ ho no nti no so. (Hiob 32:3, NW) Nanso ankyɛ na Onyankopɔn teɛɛ wɔn nsusuwii a mfomso wom no.