Ɔma mu Anigye Kɛse No —So Wunya Bi.?
NÃ APONTOW dan no mu akanea no ano abrɛ ase. Na wɔagyae nnwom no bɔ. Na asawfo no agyae asaw. Na wɔakyim kanea bi a ano yɛ den ato nnaka ahorow a wɔakyekyem ho fɛfɛ na wɔde atoatoa so no so. Nnaka akɛse ne nketewa wɔ hɔ. Nea ɛyɛ ahinanan ne nea ɛyɛ nkurukuruwa, kɔkɔɔ ne bruu, nea ɛho te sɛ dwetɛ ne nea ɛho te sɛ sika kɔkɔɔ. Wɔde nneɛma afɛfɛ akyekyere ne nyinaa ho. Ayeforo bi a ne ho pere no nsa a ɛrewosow de ahwɛyiye siane emu biara bere a ayeforokunu a n’ani da ne ho so ayɛ komm boa no no.
Mfiri a wɔde toto nnuan ne nea wɔde yam nneɛma wɔ mukaase wɔ hɔ; nkankyee ahorow, ntama a wɔde sɛw ɔpon so ne nea wɔde popa nsa ho a ɛne no kɔ a wohia wɔ adididan mu ka ho. Mpopaho ahorow pii ne mpasotam ne sumii nnuraho a ɛbɛso obi ne nkwa nna nyinaa. Ɛdɔn a ɛdɔɔso sɛ wobenya bi wɔ ɔdan biara mu ne aduannoa ho nhoma ahorow a nnuan ahorow a obiara betumi akyerɛ nea ɔpɛ ho nsɛm wom.
Bere a wobuebue akyɛde ahorow no so no, wɔte “oo” ne “aa” ne nsɛm ahorow a efi komam a wɔde da ase. Wɔanya anigye a efi ogye mu a efi wɔn a na wonim ɔma mu anigye nkyɛn no bi.
Ayeforohyia, mfedi, Buronya, awodadi, ne afahyɛ ahorow afoforo pii nyinaa yɛ asetra mu amanne ahorow a wɔhwɛ akyɛde-ma kwan na wogye tom sɛ ɛyɛ amanne no fã. Esiane sɛ wɔhwɛ kwan wɔ aman ahorow pii so nti, ɛtaa ma nneɛma mu yɛ den ma nea ɔde rema no na ɛno mma onnya ɔma mu anigye no. Nanso, adema a efi nkate mu, adema a wɔnhwɛ kwan, nso wɔ hɔ. Sɛ akyɛde no sõ anaasɛ esua no, ɛma nea ogye no ani gye, na ɛde anigye a ɛsen biara brɛ ɔmafo no.
Yegye tom sɛ wɔn a wɔwɔ pii no na wotumi ma pii. Sɛ nhwɛso no, na anka afeha 19 mu Amerikani adwumawura Andrew Carnegie betumi abɛyɛ ne man no mu osikani a odi kan a ɔwɔ ɔpepepem. Mmom no, ɔde n’ahonya no mu ɔha biara mu 90 kyekyɛe wɔ mfe 18 mu. Bere a ne kyerɛwfo bɔɔ no kɔkɔ sɛ ɔrehyew n’ankasa dwetiri ase no, ɔde anigye buae sɛ: “M’ani agye sɛ mate saa me ba, kɔ so saa ara.” Saa bere no ara mu na John D. Rockefeller a na ɔyɛ wiase asikafo akɛse mu biako no de dɔla ɔpepepem 750 kyekyɛe wɔ n’asetra mu. Wɔakyerɛw sɛ na odwontofo Elvis Presley “de kar a wɔfrɛ no Cadillac no pii kyekyɛ” na na n’ani gye kɛse sɛ ɔyɛ saa.
Ɛnyɛ Amanne Foforo
Akyɛde-ma yɛ amanne a ɛne onipa ankasa mfe reyɛ ayɛ pɛ. Adi dwuma a ɛho hia wɔonipa asetra mu fi teteete. Abraham akoa a na wanyin no de agude kyɛɛ Rebeka bere a onyaa adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa ayi no sɛ Isak yere no. Nea ɔde mae nso ne “nneɛma a ɛsom bo a ɔde maa ne nuabarima ne ne na.” (Genesis 24:13-22, 50-53) Bere a Hiob amanehunu no baa awiei akyi no. ne nuabarimanom ne ne nuabeanom ne wɔn a wonim no kan no bɛkyɛɛ no ade—wɔn mu biara “maa no sika dwetɛbona biako ne sika kaa biako.”—Hiob 42:10, 11.
Bere a Seba Hemaa a wɔammɔ ne din no tuu kwan kɔɔ Yerusalem kɔsraa Ɔhene Salomo no, ne nyansa a Onyankopɔn de ama no no kaa no ma ɔkae sɛ ne nkoa no wɔ anigye sɛ wobetumi ate saa nnipa mu onyansafo yi nsɛm na wɔanya mfaso afi mu. Ɛkaa no araa ma ɔkyɛɛ Salomo sika kɔkɔɔ talɛnte 120 (bɛyɛ ₵880,000,000) ne abohene ne nnuhuam a ɛsom bo pii. Ebetumi aba sɛ ɔtew n’ahemman ketewaa no foto so a na ɛyɛ sika a ɛkɔ anim araa yiye, nanso akyinnye biara nni ho sɛ onyaa ɔma mu anigye no bi. Na Salomo nso benya ɔma mu anigye no bi efisɛ ɔno nso maa no akyɛde a ɛda adi sɛ ɛbɛkyɛn ademude a Ɔhemaa no de maa no no bo a ɛsom no.-2 Beresosɛm 9:12; American Translation, Moffat.
Tete Kristofo no kyɛɛ wɔn nuanom a ahia wɔn no ade anaasɛ woyii ntoboa maa wɔn. Ɔsomafo Paulo kyerɛw Makedonia ne Akaia Kristofo a na ɛwom sɛ ahia wɔn de nanso wɔyeree wɔn ho sen sɛnea na wobetumi ankasa no de maa wɔn nuanom a na ahia wɔn wɔ Yudea no ade no ho asɛm. Paulo kae sɛ: “Ɛyɛɛ wɔn anigye sɛ wɔyɛɛ saa.”—Romafo 15:26. 27. NW.
Akyɛde Ahorow a “Ɛkasa“
Ɛnnɛ ɛda adi sɛ akyɛde-ma da so ara yɛ ɔkwan titiriw a onipa fa so de nya ɔdɔ ne adamfofa na ɔhyɛ mu den, ɛma afoforo hu sɛ yedwen wɔn ho.
Akyɛde ahorow wɔ hɔ a aware mu ɔhokafo biako de ma ɔfoforo no a ɛka tiawa sɛ “medɔ wo”—tɔfe adaka ketewa biako anaasɛ nhwiren. Akyɛde a mmofra de ma wɔn awofo wɔ hɔ. Na awofo a wɔwɔ ɔdɔ bɛn na wɔmma wɔn mma ade bere nyinaa? Akyɛde ahorow wɔ hɔ a edwudwo koma a abubu, ɛma ɔkra a ahaw ani gye. ɛka sɛ “wo ho nyɛ wo den ntɛm.” ɛkyerɛ ayamye ne ahɔhoyɛ a wɔayi adi akyerɛ ho anisɔ. anaasɛ ɛka ara kwa sɛ “m’ani gyei kɛse.”
Akyɛde ahorow a wɔde ma ahiafo, wɔn a wohu asiane bi mu amane a ebia yɛrenhu wɔn da na ebia yɛrennya aseda biara mũ wɔn nkyɛn wɔ hɔ. Nnuaba kɛntɛn ma a wɔde ma ɔyarefo, nnua a wodua wɔ ne a wɔde ma wɔn a wontumi mpue, fagude ketewaa bi a wɔde ma adamfo a wɔdɔ no-nneɛma nketenkete a ɛkyerɛ pii. Ɛyɛ ade a wɔde anigye a efi komam ma. Eyinom ne akyɛde ahorow a wɔtaa kyerɛ ho anigye pii.
Wɔ mmere a wɔma nneɛma no nyinaa mu no, emu biara nni hɔ a wohu sɛ Buronya mu guasodeyɛ a wɔyɛ wɔ wiase nyinaa no. Ɛyɛ akyɛde-ma bere kɛse a efi tete. Ɛyɛ afahyɛ a ɛbɔ pii hu na afoforo nso de ahopere hwɛ kwan. Ebetumi ayɛ sikasɛm mu amanehunu ne pii a obi nya ntam nsonsonoe. Ɛwom sɛ nnamfo kyekyɛ wɔn ho wɔn ho ade de, nanso amanne no betumi aka wɔn abom anaasɛ ama wɔn ntam atetew. Saa Buronya bere mu adema a ayɛ abebu yi na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.
[Kratafa 2 mfoni]
Agode ahorow betumi ayɛ anika, NANSO WO NE WO BA NO AKYƐDE A ƐSEN BIARA