Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 12/15 kr. 3-4
  • Akyɛde so Wɔhwɛ Kwan?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Akyɛde so Wɔhwɛ Kwan?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔma mu Anigye Kɛse No ​—So Wunya Bi.?
    Nyan!—1988
  • Buronya—Ɛyɛ Kristofo Afahyɛ Ampa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Buronya Adema ​—Anigye Anaa Adwenemhaw Bere?
    Nyan!—1988
  • Fa Wo Dom Akyɛde Horow Di Dwuma Yiye
    Yɛn Ahenni Som—1980
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 12/15 kr. 3-4

Akyɛde so Wɔhwɛ Kwan?

EBIA wunim yiye sɛ, mpɛn pii no amammerɛ na ɛde adekyɛ ba. Wɔ aman dodow no ara mu no, mmere bi wɔ hɔ a wɔhwɛ akyɛde kwan. Ebia akyɛde a ɛte saa no yɛ ɔkwan a wɔfa so kyerɛ obu anaa ɔdɔ a wɔda no adi. Emu pii wɔ hɔ a nea wɔkyɛ no ade no mfa nni dwuma; afoforo nso boa di ahiade atitiriw ho dwuma na wɔkyerɛ ho anisɔ kɛse.

Wɔ Denmark no, sɛ wɔwo akokoaa bi a, nnamfo ne abusuafo bɛkɔ akɔsra akokoaa no akɔma no akyɛde a wɔwɔ anidaso sɛ ɛbɛyɛ no mmoa. Wɔ nsase foforo so no, ebia nnamfo bɛto pon na wɔde akyɛde a ɛte saa ama ahwɛ abofra no awo kwan.

Wɔ mmeae pii no, mmere a wɔhwɛ akyɛde kwan ne afedi ahorow. Ɛwom sɛ tete Kristofo no anni afahyɛ a ɛtete saa de, nanso abegye nhin yiye wɔ nnipa dodow no ara a wose wɔyɛ Kristofo ne wɔn a wɔnyɛ Kristofo nyinaa mu. Ebia bere a mmofra nyin yɛ mpanyimfo no, akyɛde a wɔde ma wɔ awoda ho no renhia bio de, nanso Greecefo amammerɛ hwehwɛ biribi foforo. Wɔ Greece no, wɔtwe adwene si awoda so kɛse. Wɔkyɛ obi ade nso wɔ “da a wɔde to no din” no. Dɛn na ɛno kyerɛ? Nyamesom mu amammerɛ ma da biara a ɛwɔ afe no mu “ɔhotefo” biako, na wɔde nkurɔfo pii to “ahotefo” no. Sɛ “ɔhotefo” no da du so a, wɔn a wokura saa din no nya akyɛde.

Nea ɛka wɔn mma awodadi ho no, Koreafo wɔ ɔman dapɔnna a wɔfrɛ no Mmofra Da. Ɛyɛ bere a mmusua bom pue na wɔkyɛ mmofra ade, a da a wɔwoo wɔn mfa ho. Koreafo wɔ Awofo Da nso, bere a mmofra kyɛ wɔn awofo ade, ne Akyerɛkyerɛfo Da, bere a sukuufo di wɔn akyerɛkyerɛfo ni na wɔkyɛ wɔn ade. Sɛnea Koreafo amammerɛ kyerɛ no, sɛ obi di mfe 60 a, wɔto pon kɛse. Abusuafo ne nnamfo bom ma no tiri nkwa sɛ onnya nkwa tenten ne anigye, na wɔkyɛ onii ko a wanyin adu saa no ade.

Ayeforohyia yɛ afahyɛ foforo a amammerɛ a agye din bɛhwehwɛ sɛ wɔkyɛ ade. Wɔ Kenya no, sɛ ɔbarima ne ɔbea bi ware a, wɔhwɛ kwan sɛ ayeforokunu no abusuafo bɛkyɛ ayeforo no abusuafo ade. Ahɔho no nso de akyɛde ba. Sɛ ayeforo ne ayeforokunu no di amammerɛ so a, wɔbɛtra bamma bi so, ma ahɔho no de wɔn akyɛde abrɛ wɔn. Bere a wɔde akyɛde no mu biara ba no, wɔbɛbɔ amanneɛ sɛ, “Asiamasi de akyɛde abrɛ awarefo no.” Sɛ wɔn a wɔkyɛ ade no mu pii annya anisɔ a ɛte saa a, ɛbɛhaw wɔn kɛse.

Wɔ Lebanonfo mu no, sɛ obi ware a, nnamfo ne afipamfo, ne nnipa a wonnim awarefo no yiye mpo de akyɛde ba nna pii wɔ ɛno akyi. Wɔkyerɛ wɔn fi mmofrabere mu sɛ adekyɛ yɛ asɛyɛde te sɛ ka a obi retua. Lebanonni barima bi kae sɛ: “Sɛ woanyɛ saa a, w’ani nnye. Ɛyɛ amammerɛ.”

Nanso, wɔ nsase pii so no, Buronya na edi kan wɔ adeyɛ a wɔhwɛ akyɛde kwan no nyinaa mu. Ɛnte saa wɔ baabi a wote no? Nnansa yi ara wɔ 1990 mu no, wobuu akontaa sɛ Amerikafo sɛe bɛboro dɔla ɔpepepem 40 wɔ Buronya akyɛde ho. Buddhafo ne Shintofo nso de anigye kɛse di saa dapɔnna no wɔ Japan, na wodi afahyɛ no akwan horow so wɔ Europa, Amerika Kesee Fam, ne Afrika afã bi.

Buronya yɛ afahyɛ a wɔhwɛ kwan sɛ nkurɔfo ani begye, nanso nnipa pii ani nnye. Na wɔn mu pii hu sɛ nneɛma a wɔhaw wɔn ho totɔ kyɛ, ne ɛho aka a wobetua ho dadwen boro anigye biara a wonya so.

Nanso, Bible ka sɛ ɔma mu wɔ nhyira. Nokwarem no, ɛte saa, na egyina adwene a obi de kyɛ ade no so.—Asomafo no Nnwuma 20:35.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena