Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 12/15 kr. 4-7
  • Buronya—Ɛyɛ Kristofo Afahyɛ Ampa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Buronya—Ɛyɛ Kristofo Afahyɛ Ampa?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Buronya” Abosonsom Fibea
  • Asɛm a Ɛyɛ Anigye
  • Buronya Akyɛde Horow
  • Di Kristo Ni sɛ Ɔhene!
  • Ɛsɛ sɛ Kristofo Di Buronya Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • Buronya Nokwasɛm Anaasɛ Anansesɛm Ahorow?
    Nyan!—1992
  • Adɛn na ebinom nni Buronya?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  •  Nea Ɛkɔfaa Nnɛyi Buronya Bae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 12/15 kr. 4-7

Buronya—Ɛyɛ Kristofo Afahyɛ Ampa?

SƐNEA The World Book Encyclopedia kyerɛ no, “Buronya yɛ da a Kristofo di Yesu Kristo awoda.” Nanso, nhoma no san ka sɛ: “Tete Kristofo no anni Yesu awoda, efisɛ wobuu obiara awodadi sɛ abosonsom amanne.”

The Making of the Modern Christmas, a Golby ne Purdue kyerɛwee no gye tom sɛ: “Tete Kristofo no anni Kristo awoda. Na abosonsom nneyɛe bata awodadi ankasa ho; Nsɛmpa no nka biribiara mfa da ankasa a wɔwoo Kristo no ho.”

Sɛ na Kristofo nni wɔn awoda a, ɛyɛɛ dɛn na Kristo awoda bɛyɛɛ “Kristofo” afahyɛ titiriw?

“Buronya” Abosonsom Fibea

“Obiara didi mee gyee n’ani, wogyaee adwumayɛ ne aguadi kakra, wɔde nhwiren ne nhabammono siesiee afie mu, nnamfo srasraa wɔn ho momaa wɔn ho akyɛde, na afoforo maa wɔn a wɔne wɔn yɛ adwuma akyɛde. Ná wɔde bere no nyinaa gye wɔn ani boa afoforo, na nnipa no de wɔn ho hyɛɛ anigyede ahorow nyinaa mu.”—Paganism in Christian Festivals a J. M. Wheeler kyerɛwee no.

So asɛm yi ne Buronya afahyɛ ahorow a wunim no hyia? Nea ɛyɛ nwonwa no, na eyi nyɛ Buronya! Mmom no, ɛyɛ asɛm a ɛfa Saturnalia—Romafo dapɛn biako abosonsom afahyɛ a ɛfa awɔw bere mu awia (a ne mfonini wɔ kratafa a edi hɔ no mu) ho no ho. Wodii owia a ɛbɔ kɛse no awoda December 25, Roma Mithra som apontow da kɛse.

Sɛnea The New Encyclopædia Britannica kyerɛ no, “Asɔre no faa December 25, a ɛyɛ Mithra, Iranfo hann nyame no awoda ne . . . da a wɔde sii hɔ maa owia a ɛbɔ kɛse, ne da a edi Saturnalia no akyi sɛ Buronya, Kristo awoda, de bɔɔ nea efii saa afahyɛ ahorow yi mu bae no gui.” Enti, abosonsom awodadi no kɔɔ so denam edin Mithra a wɔsakra yɛɛ no Kristo ara kwa no so!

Nanso, ebia wobɛte nka sɛ Onyankopɔn Ba, Yesu, no awoda yɛ biribi titiriw a ɛfata sɛ wɔkae. Nea Bible no ka wɔ eyi ho a yɛbɛhwɛ no bɛma yɛahu sɛnea asɛm no te yiye.

Asɛm a Ɛyɛ Anigye

Luka Asɛmpa no ti a ɛto so 2 de asɛm no ho amanneɛbɔ ma. Luka ka sɛnea ɔsoro abɔfo, nguanhwɛfo ahobrɛasefo, Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ ahofama, ne Maria ankasa yɛe wɔ saa asɛm titiriw yi ho kyerɛ yɛn.

Di kan susuw ‘nguanhwɛfo a wɔda wuram’ “rewɛn wɔn nguankuw anadwo,” a wɔrenyɛ wɔ awɔw bere mu no ho. Bere a “[Yehowa] bɔfo” bae na Nyankopɔn anuonyam hyerɛn twaa wɔn ho hyiae no, nguanhwɛfo no dii kan bɔɔ hu. Wɔmaa wɔn awerɛhyem bere a ɔbɔfo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Munnsuro, na hwɛ, mede asɛmpa a ɛyɛ anigye pii na ɛbɛyɛ ɔman nyinaa dea merebrɛ mo, sɛ nnɛ wɔawo Agyenkwa a ɔne Kristo no, Awurade.” Bere a “ɔsoro asafo” a wɔyɛ abɔfo bebree bae mpofirim no, nguanhwɛfo no hui sɛ saa awo yi yɛ soronko wɔ afoforo a aka nyinaa ho. Anigye so no, abɔfo no amfa akyɛde biara ammrɛ akokoaa a wɔawo no foforo no. Mmom abɔfo no yii Yehowa ayɛ sɛ: “Anuonyam wɔ sorosoro ma Onyankopɔn, na asomdwoe wɔ asase so, nnipa a wɔsɔ n’ani mu.”—Luka 2:8-14.

Sɛnea ɛte no, na nguanhwɛfo no pɛ sɛ wɔn ankasa hu abofra yi, efisɛ Yehowa na na wabɔ anigyesɛm yi ho amanneɛ. Bere a wohuu akokoaa no sɛ ɔda mmoa adididaka mu no, wɔkaa nea abɔfo no kae no kyerɛɛ awofo no. Afei nguanhwɛfo no kɔe “kɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam” na ɛnyɛ abofra no.—Luka 2:15-18, 20.

Akyinnye biara nni ho sɛ Yesu maame Maria ani gyee n’abakan a ɔwoo no dwoodwoo yi ho. Nanso, ‘odwenee ho nso wɔ ne koma mu.’ Afei, ɔne ne kunu, Yosef, tuu kwan kɔɔ Yerusalem de dii Mose Mmara no so. Ná eyi nyɛ awodadi. Mmom na bere adu sɛ wɔde akokoaa no kɔma Onyankopɔn, “sɛnea wɔakyerɛw [Yehowa] mmara mu sɛ: Ɔbarima biara a obebue ɔyafunu ano no, wɔbɛfrɛ no kronkron ama [Yehowa]” no.—Luka 2:19, 22-24.

Wɔ Yerusalem asɔrefi hɔ no, Maria ne Yosef hyiaa Simeon, a Luka ka ne ho asɛm sɛ ‘ɔteɛ na ɔfɛre ade, na ɔretwɛn Israel awerɛkyekye no.’ Ná wɔnam honhom so ayi akyerɛ no sɛ ɔrenwu, gye sɛ wahu “Kristo a ɔyɛ Awurade” no ansa. Nea edii hɔ bae no nso nam ‘Onyankopɔn honhom no tumi’ so. Simeon faa akokoaa no too n’abasa so, dabi, na ɛnyɛ sɛ ɔbɛma no akyɛde, na mmom sɛ obehyira Onyankopɔn sɛ: “Awurade, afei woregya w’akoa kwan asomdwoe mu sɛnea w’asɛm se; efisɛ m’ani ahu wo nkwagye a woasiesie aman nyinaa anim.”—Luka 2:25-32.

Nea edi hɔ no, odiyifobea Hana a ne mfe akɔ anim no twiw bɛn hɔ. ‘Ɔno nso fii ase yii Onyankopɔn ayɛ saa ara, na ɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔretwɛn ogye a wobegye Yerusalem no nyinaa.’—Luka 2:36-38.

Maria, Simon, Hana, nguanhwɛfo no ne ɔsoro abɔfo no nyinaa ani gyei wɔ Yesu awo no ho. Nanso, yɛsrɛ wo sɛ hyɛ no nsow sɛ wɔamfa wɔn ho anhyɛ awodadi ho aponto a ɛtra so bi mu, na wɔamfa akyɛde ammoma nso. Mmom, wɔhyɛɛ Yehowa, ɔsoroni a Ɔde ɔkwan a wɔnam so benya nkwa mae no anuonyam.

Ebia, ebinom bɛkɔ so asusuw sɛ, ‘Ɛda adi sɛ akyɛde a wɔde ma wɔ Buronya mu no rentumi nyɛ bɔne, efisɛ “anyansafo baasa no” amfa akyɛde horow anni Yesu ni?’

Buronya Akyɛde Horow

Ma yɛnhwehwɛ Bible kyerɛwtohɔ no mu bio. Wubehu sɛ wɔakyerɛw wɔ Mateo Asɛmpa no mu, ti 2. Wɔmmɔ awodadi biara din wɔ hɔ, na wɔmfa bere pɔtee bi mma, ɛwom sɛ ɛda adi sɛ esii bere bi wɔ Yesu awo no akyi. Wɔ nkyekyem 1, NW, no, Mateo frɛ nsrahwɛfo no “nsoromma mu ahwɛfo [Hela, maʹgoi] a wofi apuei fam,” enti na wɔyɛ abosonsomfo a wonni Yehowa Nyankopɔn ho nimdeɛ. Nsoromma a saa mmarima yi dii akyi no amfa wɔn ankɔ beae a wɔwoo Yesu wɔ Betlehem no tẽẽ, na mmom Yerusalem, beae a Ɔhene Herode dii tumi no.

Bere a sodifo tirimɔdenfo yi tee sɛ wɔrebisa “Yudafo hene a wɔawo no no” ase no, okohuu asɔfo no bisaa wɔn ‘beae pɔtee a wɔbɛwo Kristo no’ sɛnea ɛbɛyɛ a obenya abofra no akum no. Asɔfo no faa Mika nkɔmhyɛ a na ɛkyerɛ beae a wɔbɛwo Mesia no wɔ Betlehem de buae. (Mika 5:2) Herode nam nyaatwom kwan so hyɛɛ ne nsrahwɛfo no sɛ: “Monkɔ nkɔhwehwɛ abofra no yiye; na sɛ munya hu no a, mommɛka nkyerɛ me, na me nso menkɔ nkɔkotow no bi.” Nsoromma mu ahwɛfo no siim kɔe, na nsoromma no “dii wɔn anim ara kosii sɛ ekogyinaa faako a abofra no wɔ no atifi.” Hyɛ no nsow sɛ wɔka ne ho asɛm sɛ “abofra,” na ɛnyɛ akokoaa a wɔawo no foforo.—Mateo 2:1-10.

Sɛ́ atitiriw a wofi Apuei Fam rebɛsra sodifo bi no, nsoromma mu ahwɛfo abosonsomfo no kotow no ‘de sika kɔkɔɔ, aduhuam ne kurobow kyɛɛ abofra no.’ Mateo de ka ho sɛ: “Afei, esiane sɛ woyi kyerɛɛ wɔn ɔdae mu sɛ wɔnnsan nnkɔ Herode hɔ bio nti, wɔfaa ɔkwan foforo bi so san kɔɔ wɔn kurom.”—Mateo 2:11, 12.

Nnipa bi bɛbɔ mmɔden sɛ wobenya nnyinaso bi ama akyɛde a wɔde ma wɔ Buronya mu no afi Kyerɛwnsɛm mu kyerɛwtohɔ tiawa yi mu. Nanso, Discovering Christmas Customs and Folklore kyerɛkyerɛ mu sɛ nnansa yi amanne a ɛne akyɛde horow a wɔde moma no fi Saturnalia akyɛde horow a Romafo no de maa wɔn afipamfo ahiafo no mu. “Tete asɔre no . . . nam nyansa kwan so yii emu ade titiriw no de bɛkaa Magi akyɛde no ho amanne no ho.” Hwɛ abirabɔ a eyi yɛ wɔ nokware asomfo—te sɛ nguanhwɛfo ahobrɛasefo no—a woyii Onyankopɔn ayɛ ara kwa wɔ Yesu awo mu no ho!

Di Kristo Ni sɛ Ɔhene!

Ɛnnɛ, Yesu nna so ara nyɛ abofra. Ɔyɛ Otumfoɔ hoɔdenfo, Onyankopɔn soro Ahenni no Hene, na ɛsɛ sɛ wodi no ni saa.—1 Timoteo 6:15, 16.

Sɛ woyɛ ɔpanyin mprempren a, so ahaw wo pɛn bere a wɔ w’anim no, nkurɔfo de wo mmofraberem mfonini kyerɛ no? Ampa, mfonini a ɛte saa no ma w’awofo kae anigye a wonyae bere a wɔwoo wo no. Nanso, seesei a woayɛ ɔpanyin yi, mpɛn pii no wompɛ sɛ afoforo behu wo sɛnea wote no anaa? Wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so no, susuw sɛnea ɛyɛ animtiaa a wobu Kristo Yesu bere a wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ n’akyidifo no de wɔn ho hyɛ Buronya ho abosonsom amanne mu kɛse afe biara ma wodi obi ni sɛ akokoaa, bere a wonni no ni sɛ Ɔhene. Wɔ afeha a edi kan no mu mpo no, Kristoni somafo Paulo dwenee teɛ a na ɛteɛ sɛ wobesusuw Kristo ho sɛnea ɔte mprempren no ho—Ɔhene wɔ soro. Paulo kyerɛwee sɛ: “Na sɛ yehuu Kristo ɔhonam fam mpo a, afei de, yennim no saa bio.”—2 Korintofo 5:16.

Ɛrenkyɛ na Kristo, sɛ Onyankopɔn Ahenni no Hene no, ama nkɔmhyɛ mu bɔhyɛ a ɛne sɛ wobeyi ɛyaw, amanehunu, nyarewa ne owu afi hɔ no abam. Ɔno ne Obi a ɔbɛma obiara anya ɔdan pa ne adwuma pa wɔ Paradise tebea mu. (Yesaia 65:21-23; Luka 23:43; 2 Korintofo 1:20; Adiyisɛm 21:3, 4) Nokwarem no, eyinom yɛ ntease pa a enti ɛsɛ sɛ yɛkwati sɛ yɛrenni Yesu ni no!

Esiane sɛ nokware Kristofo di Kristo ankasa nhwɛso no akyi nti, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde akyɛde horow a ɛsen biara a obi betumi de ama no mu biako bɛma wɔn yɔnkonom—Onyankopɔn atirimpɔw a ebetumi ama wɔanya daa nkwa mu ntease. (Yohane 17:3) Saa akyɛde yi a wɔde ma no ma wonya anigye pii, sɛnea Yesu kae mpo no: “Ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye.”—Asomafo no Nnwuma 20:35; Luka 11:27, 28.

Ɛnyɛ den mma Kristofo a wɔwɔ nokware anigye ma wɔn ho wɔn ho no sɛ wobefi wɔn pɛ mu ada ɔdɔ adi bere biara wɔ afe no mu. (Filipifo 2:3, 4) Sɛ́ nhwɛso tiawa no, hwɛ anigye ara a ɛbɛyɛ sɛ wo nsa bɛka mfonini bi afi Kristoni abofra bi a ɔyɛ de kyerɛɛ anisɔ bere a otiee Bible mu ɔkasa bi wiei no nkyɛn! Nea ɛhyɛ nkuran saa ara ne akyɛde a wonhwɛ kwan a wubenya afi obusuani bi nkyɛn sɛ saa onii no dɔ ho sɛnkyerɛnne. Saa ara na Kristofo awofo nya anigye pii bere a wɔpaw mmere a ɛfata wɔ afe no nyinaa mu de kyɛ wɔn mma ade no. Asɛyɛde a wosusuw sɛ wɔwɔ a ɛne sɛ wɔbɛma akyɛde wɔ nnapɔnna anaasɛ abosonsom amanne mu no nsɛe Kristofo ayamye yi.

Enti, ɛnnɛ nso, Kristofo bɛboro ɔpepem anan ne fã a wofi aman nyinaa mu no nni Buronya. Eyinom ne Yehowa Adansefo a wodi Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa ho adanse daa kyerɛ wɔn yɔnkonom no. (Mateo 24:14) Ebetumi aba sɛ wubehyia wɔn bere a wɔba wo fie no, ebia nnansa yi ara. Ɛmmra sɛ ahopere a wode begye nea wɔde brɛ wo no bɛma w’abusua no anya anigye kɛse, bere a wusua sɛnea wubeyi Yehowa Nyankopɔn ayɛ da biara da wɔ afe no mu no.—Dwom 145:1, 2.

[Kratafa 7 mfonini]

Kristofo de akyɛde a ɛsen biara no biako ma wɔn yɔnkonom—Onyankopɔn atirimpɔw a ɛde kɔ daa nkwa mu no mu ntease

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 4]

Culver Pictures

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena