Buronya Nokwasɛm Anaasɛ Anansesɛm Ahorow?
“SƐ WUBISA Katolekfo a wɔpɛ wɔn asɔre nea enti a wodi Buronya December 25 a, anyɛ yiye koraa no, du mu baakron a asemmisa no yɛ wɔn mu bi ahodwiriw ne ebinom nso serew no bebua sɛ: ‘Ɛno ne da a wɔwoo Yesu!’ Nanso, sɛ wubisa Yehowa Ɔdansefo nea enti a onni afahyɛ yi a, nea ɛte biara no, obebua sɛ: ‘Efisɛ wɔammɔ din wɔ Nsɛmpa no mu.’”
Saa kwan yi so na wofii Buronya ho asɛm bi a ɛwɔ Il Mattino, a ɛyɛ Naples, Italy, atesɛm krataa bi mu no ase. Nanso adwenkyerɛ yi mu nea ɛwɔ he na ɛteɛ? Atesɛm krataa no de ka ho sɛ: “Nea ehia sɛ woyɛ ara ne sɛ wobɛkenkan Mateo ne Luka (asɛmpakafo abien pɛ a wɔka Yesu Awo ho asɛm no) na wubehu sɛ mmuae a edi akyiri no ne nokware.”
Nsɛm a ɛte sɛɛ nyɛ na bio. Dawurubɔ nsɛm taa da no adi sɛ Buronya ho gyidi ahorow a nnipa pii kura no yɛ anansesɛm. Sɛ nhwɛso no, wɔ December 1990 mu no, asɛm “The Six Myths of Christmas” (Buronya ho Anansesɛm Ahorow Asia) no puei wɔ Christchurch, New Zealand, nsɛmma nhoma The Press no mu. Ɛkae sɛ:
“ANANSESƐM 1. Papa Buronya, a ɔte Asase Atifi Fam no de ahoɔhare tu kwan kyin asase so nyinaa bere a ade rebɛkye ma wɔadi Buronya no na ɔde akyɛde ahorow koma mmeawa ne mmarimaa nketenkete a wayɛ mmofra pa no. Obiara mpɛ sɛ ɔbɛsɛe anigye a ɛwom no, nanso ɛnyɛ nokware, ɛnte saa? Ɔbɛyɛ dɛn atumi akɔ afie pii saa mu anadwo biako pɛ, na ɔbɛyɛ dɛn adi nnuaba ɔfam anom bobesa bebree a wogyaw si hɔ ma no no nyinaa? Na sɛ owusiw kwan a wose ɔfa mu ba no bi nni hɔ nso ɛ? Dabida, asɛm a ɛkyere adwene yi rentumi nyɛ nokware . . .
“ANANSESƐM 2. December 25 ne Kristo awoda. Ɛrentumi nyɛ nokware. Luka asɛmpa no se bere a wɔwoo Yesu wɔ Betlehem no, na nguanhwɛfo wɔ sare so rehwɛ wɔn nguan anadwo. Wɔ saa Palestina mantam mu hɔ no, wim yɛ nwunu bɛyɛ 7oC awia na ɛyɛ nwunu koraa sen saa anadwo. Osu a emu yɛ nwunu taa tɔ, na ɛtɔ mmere bi a sukyerɛmma tɔ wɔ mmepɔw so. Nguanhwɛfo no bɛtra faako a wɔn nguan wɔ bere biara wɔ afe no mu saa bere no mu—nguannan mu. . . .
“ANANSESƐM 3. Wodii Buronya a odi kan no wɔ Betlehem, bere a wɔwoo Kristo no. Nokwarem no, ɛte sɛ nea efii ase wɔ Roma, na bere a wodii kan dii ho kyerɛwtohɔ a akyɛ sen biara no yɛ 336. Ɛtrɛw kɔɔ Apuei ne Atɔe kosii sɛ Yerusalem Asɔre no gye toom wɔ afeha a ɛto so 5 no mfinimfini.
“Ɔkwan bi so no, Buronya fii ase nkakrankakra na ɛyɛ afahyɛ no din ara kɛkɛ na ɛsakrae: na abosonsom agobɔne ne apontow kɔ so wɔ ɛde rekɔ December awiei mu mfehaha pii sɛ awɔw bere mu owia awo afahyɛ a na ɛkɔ so wɔ asase no kusuu fam no fã bi ansa na Kristo reba . . .
“Ɛte sɛ nea asɔre mpanyimfo a na ɛte sɛ wɔn ani gye wɔn nguankuw a wɔbɛdɔɔso na ama wɔanya tumi pii ho sen nokware anaa nyamekyerɛ kronn ho no ansɔre antia Kristo awo ho asɛm a wɔde baa saa abosonsom mu asanom bebrebe yi mu no koraa. . . .
“Ɛnyɛ nwonwa sɛ Puritanfo a wɔwɔ Scotland, England ne New England bɔɔ mmɔden sɛ wobetwa Buronya mu wɔ afeha a ɛto so 17 no mu, na wɔkasa tiae sɛ ɛyɛ ‘ahuhubra ne ahohwibra a abosonsomfo de wɔn ho hyem no’ ntoaso.
“Enti ntease nni asɛm a wɔka no afe afe sɛ ‘wɔmma Kristo mmra Buronya mu bio’ no mu koraa: nokwasɛm no ne sɛ, wamfi ne pɛ mu anyɛ ne fã da.
“ANANSESƐM 4. Atetesɛm a ɛne akyɛde a wɔde ma wɔ Buronya mu no yɛ adeyɛ a ɛne sika kɔkɔɔ, ohuamfufu ne kurobow akyɛde a wɔde maa Yesu no a wodi akyi. Nokwarem no, na nkurɔfo kyɛ wɔn ho wɔn ho ade wɔ December 25 ne 26 mu bere tenten sɛ owia awo afahyɛ no fã bi ansa na Kristo reba. Tete Romafo no kyekyɛɛ wɔn ho wɔn ho ade sɛ wɔn owia som afahyɛ a wɔfrɛ no Saturnalia no fã bi.
“Sɛnea ɛte biara no, Magifo (Anyansafo) no de akyɛde maa Yesu, ɛnyɛ wɔn ho wɔn ho, na na ɛne nea wɔtaa yɛ bere a wɔakɔsra nnipa atitiriw no hyia. Mateo asɛmpa no kyerɛ sɛ na Yudafo hene a Yesu bɛyɛ daakye no nti na na wɔn ani gye ne ho no.
“ANANSESƐM 5. ‘Anyansafo baasa’ ne nguanhwɛfo no nyinaa kotow Yesu bere a ɔda mmoa adididaka mu no. Wɔn a wɔyɛ saa Yesu awo ho mfonini sɛ nguanhwɛfo ne anyansafo no nyinaa wɔ mmoa dan no mu no nkenkan wɔn Bible no yiye.
“Mateo asɛmpa no ka no pefee sɛ bere a ‘anyansafo’ no kohuu Yesu no, na saa bere no ɔwɔ ofi bi mu—na ɛfata saa, efisɛ ebetumi aba sɛ na ɛyɛ n’awo akyi mfe abien.
“Bio nso, bere a Mateo kyerɛkyerɛ Magifo no nsrahwɛ no mu no, ɔka Yesu ho asɛm sɛ abofra, ɛnyɛ akokoaa. Na wɔmfa ntamagow nkyekyere no bio saa bere no, na na bere tenten a atwam no nguanhwɛfo no asan akɔ dedadedaw rekɔhwɛ wɔn nguan.
“Susuw ho bio nso sɛ bere a na Herode pɛ Mesia no akum no no, ɔde bere a Magifo no de maa no no na edii dwuma na ɔhyɛe sɛ wonkum mmarimaa a wɔadi kosi mfe abien nyinaa.
“Sɛ na onim sɛ nea ɔhwehwɛ no akum no no adi adapɛn kakraa bi pɛ a, so anka ɔde ahyɛde a ɛyɛ hu—na nnipa pii ani annye ho nso yi—bɛma? . . .
“Nokwarem no, Bible no nkyerɛ Magifo a wɔbae no dodow wɔ baabiara. Hela asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ asɛmpa no mu ne magoi, na emu na asɛmfua ‘magic’ fi. . . .
“ANANSESƐM 6. Buronya yɛ bere a ɛsɛ sɛ wonya asomdwoe wɔ asase so na yiyedi ba ma nnipa nyinaa. Nokwarem no, ɛno yɛ nsusuwii pa, nanso ɛnyɛ saa na Bible no ka. . . .
“Luka asɛmpa no nkyerɛase ahorow a mfitiase Hela kasa no ka ho no kyerɛ sɛ asɛm a abɔfo mpempem pii a woyii wɔn ho adi kyerɛɛ nguanhwɛfo no kae ankasa ne sɛ: ‘na asomdwoe wɔ nnipa adwempafo mu’.
“Na ɛno ne nsonsonoe a ɛwom no. Afe no mu da koro a wɔde bow nsa, didi tra so, na wodi gua mmoroso wom no mma obi nyɛ Kristoni; Bible no se, asomdwoe nni hɔ ma wɔn a wodi Yesu atoro awoda bi no, na mmom ɛwɔ hɔ ma wɔn a wodi ne nkyerɛkyerɛ akyi—afe mũ nyinaa no.”