Fa Wo Dom Akyɛde Horow Di Dwuma Yiye
1 Yehowa te nka dɛn wɔ wo koma mu a wufi som no no ho? Ofi ɔdɔ mu ma wɔn a wɔde wɔn ho ma ne som no akatua. Tete abakɔsɛm a ɛfa mmarima ne mmea anokwafo ho di eyi ho adanse. Abraham (Gen. 12:1-3; Rom. 4:3) , Rahab (Yos. 2; 6:25; Mat. 1:5) ne Pinehas (Num. 25:10-13) ka wɔn a wɔn nsa kaa saa akyɛde no ho.
2 Wɔkae Abraham, Rahab ne Pinehas esiane wɔn gyidi ne osetie nti. So ɛnyɛ eyi na Yehowa hwehwɛ wɔ yɛn hɔ? Yiw. Na nea ɛma yɛn ani gye koraa ne sɛ Yehowa yɛ anisɔ Nyankopɔn. Akyɛde biara a yɛwɔ a yɛde di dwuma wɔ ɔkwan pa so de som No no sɔ n’ani. Woyii ɔbea kunafo a mman abien pɛ na otumi de mae no mpo ayɛ. (Luka 21:3) Wɔ tete Israel no na nea obi betumi de ama no na wɔhwɛ kwan sɛ ɔde bɛma wɔ afɔre a wɔbɔ ma Yehowa no mu.—Deut. 16:17.
3 Saa nso na nnɛ, yɛn mu biara wɔ su soronko bi a obetumi de aka asɛmpa no akyerɛ afoforo. Ankorankoro nsɛm tebea wɔ asetra mu nso yɛ soronko, na eyi nso ka nea yetumi yɛ. Te sɛ tete no, ɛnyɛ nneɛma akɛse a nkurɔfo yɛ no na ɛma asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no kɔ so. (Mat. 28:19, 20; Mar. 13:10) Na mmom, wɔ yɛne yɛn nuanom nyinaa dwumadi mu no, nea yɛwɔ a yefi yɛn pɛ mu de di dwuma yiye no na ehia. Ɔdom akyɛde horow a yɛwɔ a yɛde di dwuma yiye, a yɛn nuanom nyinaa dwumadi ka ho, tumi de nhyira pii a efi Yehowa hɔ ba. Eyi na yɛahu wɔ Yehowa som mu, ɛnte saa? Ɛno nti ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye sɛnea Yehowa de yɛn mmɔdenbɔ ahorow, sɛ ɛsõ anaasɛ esua, di dwuma de hyɛ ne din anuonyam no ho.
4 Ebinom bɔ adanse a wodi wɔ aguadidan akɛse mu, mmɔnten so, guaso, lɔre gyinabea ne mmeae horow a nnipa taa hyia hɔ ho mmɔden. Afoforo nso bɔ mmɔden yiye wɔ afie afie adansedi mu. Bɔnnɔso adansedi nso yɛ ɔkwan foforo a wɔnam so redi dwuma pa kɛse. Fa wo ho hyɛ hokwan ahorow yi mu biara mu sɛnea wubetumi. Sɛnea wo dom akyɛde ahorow te biara no, fa di dwuma yiye, bere a wo ne wo nuanom bom yɛ adwuma wɔ asafo no mu no.
5 Sɛ nhwɛso no, awarefo ahɔho bi a wɔn mfe akɔ anim yiye tumi ma nsɛmma nhoma pii bere a wɔredi adanse wɔ afie afie. Wɔma nsɛmma nhoma ɔhaha pii wɔ bosome biara mu. Bere a nnawɔtwe biara wɔde nsɛmma nhoma foforo kɔ no, wɔhyɛ wɔn a wɔkyerɛ ho anigye no nsow. Sɛnea ɛbɛyɛ na anuanom pii akɔ so aboa anigyefo a wɔn nsa aka wɔn no, afoforo a wɔwɔ asafo no mu de wɔn dom akyɛde horow adi adwuma de ayɛ sankɔhwɛ ne Bible adesua ahorow.
6 Kɔ so sɛ wobɛma wo mmɔdenbɔ wɔ asɛmpaka adwuma no mu akɔ anim. Mpɛn dodow a yɛte ase yi, pii wɔ hɔ a yebesua na yɛanya nkɔso. Bere a wobɔ mmɔden sɛ wubenya nkɔso no, sɛ wuntumi nyɛ nea afoforo yɛ wɔ ɔsom adwuma no afã horow mu a, mma ennye wo asabaw mu. Nya nea wutumi yɛ mu anigye na fa wo dom akyɛde horow yi dwuma yiye.
7 Yehowa ani sɔ n’asomfo a wɔn ani gye na wɔn ho sɛpɛw wɔn wɔ n’apɛdeyɛ mu. Enti, momma yɛnkɔ so mfi ɔkra nyinaa mu mfa yɛn ho mma ne som na ɛnyɛ yɛn anigye sɛ yɛde yɛn dom akyɛde ahorow di dwuma de ahyɛ Yehowa anuonyam na yɛde ayi no ayɛ.—Dw. 110:3.