Mmofra Ahwɛe—Nea Eye Kyɛn so a Wobɛpaw Ama Wo Ba!
MMOFRA ahwɛe ho ɔsɛmpɔw no yɛ hwanyann. Wɔ mmusua pii fam no, mmofra ahwɛe di ahiade ankasa bi ho dwuma. Bere koro no ara mu no, nsemmisa a ɛhaw adwene sɔre fa ne nkɛntɛnso wɔ mmofra so no ho. Enti ɛsɛ sɛ awofo gyina nokwasɛm a ɛyɛ sɛ mmofra ahwɛe wɔ nneɛma a eye ne nea enye nyinaa, sɛ ɛnyɛ ahwɛe no nyinaa na ɛma ɔhwɛ pa no ano. Ɛsɛ sɛ wosusuw ho anibere so ansa na wɔde abofra bi akɔ mmofra ahwɛe.
‘Dɛn na Eye Kyɛn so ma Nkokoaa?’
Sɛ nhwɛso no, so wo ba no yɛ akokoaa? Abenfo binom, te sɛ adwene ho ɔbenfo Burton White a wobu no yiye no, kasa tia nkokoaa a wɔde wɔn kɔ mmofra ahwɛe no dennen. Ɔka kyerɛɛ Nyan! sɛ: “Wɔ asetra mu asram asia a edi kan no mu no, mmofra a wonyin yiye no ne wɔn a wɔde ani kɔ wɔn so kɛse no; wɔn a wɔhwɛ wɔn ntɛm ara bere a biribi haw wɔn ne wɔn a wɔne obi a osusuw sɛ biribiara nni hɔ wɔ wiase a ɛho hia sen saa abofra no di agoru a ɛyɛ anika no!”
Ɔbenfo White toa so sɛ: “Bere a abofra no fi ase wea na wadi asram asia anaa ason no, afei saa abofra no hia sɛ ɔka kɔ obi a wabɔ ne ho dam no no! Ɛno fata na ama adesua kwan a onya fi awo mu no akɔ so, aboa ne nsekuru, ama n’anigye ayɛ kɛse, na wɔayɛ nneɛma pii a ebetumi ama wanyin ayɛ onipa mũ no. Mmofra nnya saa mmoa yi mfi ahwɛfo a wosi ananmu hɔ. Ɛntaa mma sɛ obi foforo biara a ɔnyɛ abofra no ɔwofo anaasɛ nananom bɛkyerɛ anigye a ɛte saa.”
Tete diyifo bi bisae sɛ: “So ɔbea werɛ befi ne ba akokoaa, na ne yam renhyehye no ne yafumma ho?” (Yesaia 49:15) Ɛnanom di ɔdɔ ne ɔhwɛ a akokoaa hwehwɛ a ɛte sɛ nea ɛmma awiei da no ho dwuma ntɛm. Nanso so ɔhwɛfo a wɔabɔ no paa—a ɔwɔ nkokoaa pii a wɔresu sɛ ɔbɛhwɛ wɔn—yɛ ade sɛnea ɔwofo bɛyɛ no? Bible no ka sɛnea “ɔbagyigyefo bi yɛn n’ankasa mma” ho asɛm. (1 Tesalonikafo 2:7) Ɛwom sɛ ɛnyɛ ɛnanom nyinaa na wotumi ma wɔn mma nufu de, nanso saa a wɔyɛ no ma ɛna ne ɔba ntam abusuabɔ mu yɛ den. So akokoaa a ɔwɔ mmofra ahwɛe benya saa ɔhwɛ yi?
W’ahiade a Edi Kan mu a Wobɛhwehwɛ
Enti nnuruyɛfo bi kamfo mmofra a afoforo bɛhwɛ wɔn a wɔbɛtwentwɛn ase anyɛ yiye koraa no akosi sɛ akokoaa no bedi asram anan no kyerɛ. Nanso, Ɔbenfo White hyɛ nyansa sɛ ɛsɛ sɛ akokoaa nya “nea ɛnyɛ hwee sɛ nnakoro nnakoro ɔbagyigyefo wɔ asetra mu asram asia a edi kan no mu. Wɔ ɛno akyi no, ɛnsɛ sɛ ɛboro ɔnanmusifo ɔhwɛ a ɛkɔ soro yiye nnɔnhwerew abiɛsa kosi anan da biara.”
Ma yɛmfa no sɛ mmofra ahwɛe nye mma nkokoaa. Sɛ nkokoaa no nyin a so wɔrentumi nni nsɛnnennen biara a efi mu ba no so? Ɔbenfo White bɔ saa adwene no gu: “Ɛno yɛ nea wɔde ani bu. Meremfa me mma nni agoru wɔ saa kwan no so, na merenkamfo nkyerɛ obi foforo biara nso.”
Ɛwom sɛ pii wɔ hɔ a wɔbɛpɛ sɛ wɔpow gyinabea a emu yɛ den sɛɛ no de, nanso ɛyɛ den sɛ wɔbɛbɔ Ɔbenfo White nkate no agu. Ne nyinaa akyi no, awofo—ɛnyɛ nhwehwɛmufo—na ɛsɛ sɛ wosi nea eye ma wɔn ne wɔn mma no ho gyinae, na mpɛn pii no sikasɛm ho nsusuwii na edi so. Enti bere a ebinom akari nokwasɛm a ɛwom no nyinaa ahwɛ akyi no, ebia wobesi gyinae ara sɛ wɔde mmofra ahwɛe ma nkokoaa bedi dwuma.—Hwɛ kratafa 10.
Ebia ebinom bɛba gyinabea bi mu a ɛbɛma wɔasusuw nneɛma a ɛho hia wɔn kɛse no ho. Anyɛ yiye koraa no, mmofra yɛ nkokoaa pɛnkoro pɛ. Hokwan a wɔwɔ sɛ wɔbɛtete abofra “fi mmofraase” no twam ntɛmntɛm. (2 Timoteo 3:15) Sɛ adwuma a wobegyae yɛ wɔ mfe kakraa bi mu—anaasɛ akatua a ɛba fam a wɔde bɛtra ase—rentumi nyɛ yiye a, ɛnde ebia binom besi gyinae sɛ wɔde wɔn bere fã bɛyɛ adwuma. Eyi ma awofo nya kwan yɛ wɔn ba ahwɛfo titiriw.
Mmofra Ahwɛe a Wobɛpaw
So wobetumi de mmofra a wɔn nan nnyee fam akɔ mmofra ahwɛe a asiane nnim? Nhwehwɛmufo mu apaapae, nanso pii gye tom sɛ bere a abofra no nyin no, tumi a ɔwɔ sɛ obegye n’awofo ho a ɔtew ne ho fi no atom no kɔ anim. Bio, awofo na ɛsɛ sɛ wosi gyinae sɛ wɔn ba betumi akɔ mmofra ahwɛe anaa. Sɛ saa a, eyi nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔde no kɔ mmofra ahwɛe ofi anaa beae a wodi kan hu no ara mu. Doby Flowers a ɔyɛ New York Mmofra Onyin ho Kuw no kwankyerɛfo abadiakyiri no tu fo sɛ: “Fa ahwɛyiye paara paw mmofra ahwɛe. Din pa bɛn na beae no wɔ wɔ mpɔtam hɔ? Nneɛma no ne agode ahorow no fata mmofra no mfe a wɔadi? Wɔhwɛ hɔ yiye na ɛhɔ tew? Adwumayɛfo no fata dɛn?”
Yiw, adwumayɛfo no—ɛnyɛ nneɛma ne agode a ɛyɛ fɛ—ne ade a ɛho hia sen biara wɔ mmofra ɔhwɛ mu. Enti kɔsrasra mmeae ne afi ahorow pii mu na w’ankasa hwɛ ɔkwan a wɔfa so hwɛ mmofra no—titiriw wo ba no. Bisa sɛ: Adwumayɛfo no tra mu kyɛ dɛn? Nnuan bɛn na wɔde ma? Mmofra baahe na odwumayeni biara hwɛ wɔn? (Dodow a wosua no, dodow a eye nen.) So ɛte sɛ nea mmofra no ani gye na wɔn ho dwo wɔn? So beae no anaa ofi no du mpɔtam hɔ tumi krataa ne ahobammɔ ahwehwɛde ahorow no ho? Da biara da dwumadi nhyehyɛe ne dɛn?
Nim a wunim sɛ wowɔ abofra ɔhwɛ a ɛsen biara—na wubetumi anya—no betumi ayɛ pii de ayi afobu a ɛmfata afi hɔ.
Nea Ɛsen Biara a Wubenya na Mmofra Ahwɛe Mu
Afei a woanya ofi anaa beae a eye no, mfi ase mfa wo ba no nkɔto hɔ ara kwa. Kyerɛkyerɛ nea enti a ɛsɛ sɛ ɔkɔ hɔ no mu. Ma no awerɛhyem sɛ wɔmpow no. Ma mmofra ahwɛe hɔ kɔ nyɛ no mmerɛw a ebia woka ne ho nsrahwɛ dodow bi mu—a bere tenten a wudi wɔ hɔ no kɔ anim bere biara—kɔ beae anaasɛ ofi hɔ ansa na woagyaw no hɔ ɛda mũ no nyinaa mu. Na ahwɛe kwankyerɛfo Bernice Spence tu fo sɛ bere a wurekogyaw no hɔ anɔpa no, “mpiapia abofra! Sɛ wayɛ basaa a gye bere fa dwudwo ne bo.”
William ne Windy Dresken a na wɔn ankasa wɔ mmofra ahwɛe no bɔ kɔkɔ sɛ: “Mmofra betumi afi ase ate nka sɛ biribi foforo biara nni hɔ a wobetumi ayɛ, na wobefi ase akoko wɔn ho. Ebia wobegyae sɛ wɔbɛda wɔn nkate adi akyerɛ mmofra ahwɛe adwumayɛfo no ne wɔn awofo, nanso saa nkate yi ntu nkɔe ɛ.” Enti ɛsɛ sɛ woma w’ani kɔ sɛnea wo ba no yɛ n’ade wɔ mmofra ahwɛe ho no so. Gye bere na wone no mmɔ ɛda no mu nsɛm a esisii ho nkɔmmɔ. Tie n’anwiinwii. (Mmebusɛm 21:13) Ma w’ani nna hɔ sɛ wubehu ɔhaw, te sɛ ehu anaasɛ kɛtɛ so dwensɔ ho sɛnkyerɛnne bi. Mmofra ahwɛe ho ɔbenfo Delores Alexander kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Abofra biara yɛ n’ade wɔ ɔkwan soronko so. Na ɛnyɛ mmofra nyinaa na wobetumi ne akuw horow abɔ.”
Ɛho hia sɛ Kristofo awofo de ani kɔ wɔn mma so titiriw. Sɛ nhwɛso no, Yehowa Adansefo pow sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ dwumadi ahorow bi a ɛfa nyamesom nnapɔnna binom ho no mu. Ɛwom sɛ wɔbɔ mmɔden kɛse de gyinapɛn a egyina Bible so yi kyerɛkyerɛ wɔn mma de, nanso ebia wɔn mma a wɔnsoo sukuu kɔ no rentumi nte nsɛm a ɛwom no ase nwie. Sɛ wɔamma wɔamfa wɔn ho anhyɛ dwumadi ahorow a ɛyɛ “anika” no mu a, ɛbɛhaw wɔn. Enti ɛsɛ sɛ Kristofo awofo yɛ wɔn mma akwankyerɛfo na wɔma wɔn a wɔhwɛ wɔn no hu dwumadi pɔtee a wonni hokwan no na wosusuw nea wobetumi de asi ananmu ho.a
Wɔhwɛ nso sɛ wɔn mma no remfa su horow a ɛnyɛ nyamesom pa de mfi mmofra afoforo hɔ. Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no a Wubetie No nhoma (a Ɔwɛn Aban Asafo no tintimii) no aboa awofo pii ma wɔde nyamesom pa nnyinasosɛm ho anisɔ ahyɛ wɔn mma nkumaa mu.
Mma mmofra ahwɛe nsɛe ɔdɔ a ɛda wo ne wo ba ntam no. Bible no ka ɔbea bi a wɔfrɛ no Hana a ɛwom sɛ ná watew ne ho afi ne ba kumaa Samuel ho bere tenten de, nanso okuraa ɔne no ntam ɔdɔ abusuabɔ no mu ara no ho asɛm. (1 Samuel 2:18, 19) Ɛda adi sɛ wubetumi ayɛ saa ara sɛ wode bere a ɛsom bo a wo ne wo ba no wɔ ɛda biara awiei ne dapɛn awiei biara no bedi dwuma wɔ nyansa mu a. Ampa, sɛ wode w’adwene kɔ so yiye a, saa abusuabɔ no betumi adi yiye!
Aboro so koraa no, ananmusifo ɔhwɛ yɛ sɛnea ɛte no ara—ɛna ne agya a wɔwɔ ɔdɔ no ɔhwɛ ananmusi. Yegye tom sɛ ɛnyɛ papa biara. Enkosi sɛ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo a wahyɛ ho bɔ no de ne tebea pa ahorow no bɛba no, ebia nhyɛso bɛma awofo pii de ananmusifo ɔhwɛ adi dwuma. (2 Petro 3:13; Yesaia 65:17-23) Nanso sɛ eyi yɛ nokware wɔ wo fam a, fa ahwɛyiye paw bi. Ma w’ani nkɔ sɛnea ɛka wo ba no so yiye—ɔhonam, nkate, ne honhom mu. Anyɛ yiye koraa no, mma yɛ agyapade a efi Onyankopɔn hɔ.—Dwom 127:3.
[Ase hɔ nsɛm]
a Wubetumi agyaw nhomawa School and Jehovah’s Witnesses (a Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo a ɛwɔ New York, Inc. no tintimii) no bi ama mmofra ɛhwee akyerɛkyerɛfo na ama wɔabu Kristofo gyinapɛn wɔ saa nsɛm yi ho no mu yiye.
[Kratafa 10 adaka]
Mmofra Ahwɛe a Wɔpaw—Nea Eye ne Nea Enye
Awofo mu dodow no ara fa ɔkwan a wɔnhyehyɛe so na ɛhwɛ wɔn mma. Emu binom ni:
NANANOM: Ebinom gye di sɛ sɛ́ ahwɛfo no, sɛ awofo ankasa nni hɔ a, nananom na wodi hɔ. Ebia nananom bɛhaw ntɛmntɛm wɔ asɛyɛde a ɛba bɛka ho bere a mmofra fi ase nantew no ho. Na mmofra yɛn ho gyinapɛn mu nsonsonoe (‘Nanabea na onim nea eye!’) no taa de akasakasa ba. Wɔ Fredelle Maynard nhoma The Child Care Crisis no mu no, ɔka sɛ: “Esiane sɛ [nanabea] yɛ obusuani nti, onni ahyɛde so na ebia ebehia sɛ wɔyɛ no brɛbrɛ. Sɛ ɔhwɛfo a woabɔ no paa bɔ wo ba anaasɛ ɔnhwɛ no yiye a, wubetumi akasa atia na sɛ ɛho hia mpo a wode nhyehyɛe no aba awiei. Sɛ nanabea bu nea ɛsom bo ma wo ne wo gyinapɛn ahorow so a, ɛyɛ asɛnkɛse.”
Nanso, awofo ne nananom ntam nkɔmmɔbɔ pefee betumi asiw ntɔkwaw a ɛho nhia ano. Bible no se: “Wɔkwati agyinakɔ a, tirimpɔw yɛ ɔkwa.” (Mmebusɛm 15:22) Ebia nanabea bi ani begye abofra bi ho, nanso ɛsɛ sɛ ogye tom sɛ Bible no de mmofra ntetee ho asɛyɛde to abofra no awofo so. (Efesofo 6:4) Enti ɛsɛ sɛ awofo ne nananom de mmara ne gyinapɛn bi a wɔpene so sisi hɔ sɛ nhyehyɛe a ɛte sɛɛ no betumi ayɛ adwuma yiye a.
NUANOM A WONNII MFE 20: Sɛ wɔanyin sɛnea ɛsɛ na wotumi di asɛyɛde ho dwuma a, eyi nso betumi ayɛ adwuma fɛfɛ. Mmere pii no, mmofra mpɛ koraa sɛ wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Hwɛ wo nuabea ketewaa no.’ Na ɛda adi yiye sɛ abofra a asɛm mfa ne ho yɛ obi a wontumi mfa ho nto no so, onni ahwɛyiye, obu n’ani gu nneɛma so. Kae, Bible no se: “Agyimisɛm kyekyere abofra koma ho.”—Mmebusɛm 22:15.
Enti ɛsɛ sɛ wɔma ani kɔ mmofra nkumaa a nuanom hwɛ wɔn no so yiye. Hwɛ hu sɛ wo babarima anaa wo babea a wanyin no wɔ akwankyerɛ pɔtee bi a ɛfa aduanma, ɔhwɛ, ne aniberesɛm ho dwumadi ho ne sɛ ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛma wo ba no ɔhwɛ a ohia no.
ADWUMAYƐ BERE A ƐSONSONOE: Awarefo pii bɔ mmɔden sɛ wɔn ankasa bedi mmofra ɔhwɛ no ho dwuma denam adwuma a wɔbɛyɛ wɔ mmere a ɛsonsonoe mu so. Agya bi kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mekɔ adwuma awia mu hɔ anaasɛ ɛrekɔ n’awiei bere a me yere aba fie no. Wɔ saa kwan no so no ɔwofo biako anaasɛ ɔfoforo no hwɛ yɛn mma no. . . . Yɛte nka sɛ saa nhyehyɛe yi aboa yɛn baanu nyinaa ma yɛahu yɛn mma no yiye na yɛabɛyɛ nkɛntɛnso titiriw wɔ wɔn asetra so.”
Nanso, bɔnwoma bata saa dɛdɛ yi ho. Ebetumi aba sɛ awarefo bɛyɛ ‘ahyɛn a etwam anadwo’ a wonni bere ma wɔn ho wɔn ho. Na ɔwofo a ofi anadwo dwuma aba seesei ara no ntaa nyɛ ɔhwɛfo a n’ani da hɔ; saa ara nso na ɛda adi sɛ ɔrennya ahome pii ɛda no mu. Awarefo binom te nka sɛ sɛnea wɔn ankasa tumi hwɛ wɔn mma no fata afɔrebɔ no.
MMAGYIGYEFO A WƆBƆ WƆN PAA: Ɔbagyigyefo a ɔfata na ɔwɔ mmɔborohunu anaasɛ bere nyinaa mmofra hwɛfo betumi ayɛ ɔhwɛfo a oye. Nanso, mmofra ahwɛfo ho ka so. Mmusua binom tew sikasɛm mu nsɛnnennen no so denam abusua biako anaa abien a wɔne wɔn ka bom bɔ obi paa ma ɔhwɛ wɔn mma no so. Asɛnnennen no ne obi no a oye a wobenya no. Bible bɔ kɔkɔ sɛ: “Nea ɔbɔ . . . ɔnantewfo paa no te sɛ bɛmatofo a opira nnipa nyinaa.”—Mmebusɛm 26:10.
Eyi kyerɛ sɛ wobɛhwehwɛ obiara a wode wo ba bɛhyɛ ne nsa no mu fefeefe. Dɛn ankasa na wunim wɔ onii a ɔrebɛyɛ ɔbagyigyefo no ho? So ɔwɔ ho nimdeɛ bi dedaw anaasɛ wanya mmofra hwɛ mu ntetee bi? Abusuabɔ bɛn na ɛda ɔne wo ba no ntam ne nea ɛtete saa? So ɔwɔ su horow bi a enye—te sɛ TV hwɛ pii, tawanom, anaa nnubɔne nom? So ɔwɔ ɔpɛ sɛ obedi wo nnyinasosɛm ne ofie mmara horow so?
Awiei koraa no sɛ abusua bi nya obi a otumi di asɛyɛde ho dwuma na ɔwɔ mmɔborohunu a, wɔtaa hu wɔ ɔkwan a ɛyɛ awerɛhow so sɛ mmagyigyefo ntaa ntra hɔ nkyɛ wɔ ɔkwan a enye so. Wɔ abofra no fam no, eyi betumi akyerɛ bere ne bere mu koma a ebubu bere a mmagyigyefo ba—na wɔkɔ no.
[Kratafa 11 adaka]
Mmofra a Wogyaw Wɔn Nkutoo
Mmofra pii a wɔn dodow kɔ anim bere nyinaa na wɔyɛ wɔn ankasa ho ahwɛfo. Wɔfrɛ wɔn korɔkorɔ safe mmofra efisɛ wɔde wɔn afi safe ma wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn ankasa betumi akɔ mu esiane sɛ obiara mmaa fie nti. Ebinom bu ano sɛ korɔkorɔ safe mmofra ɔpepem pii na wɔwɔ United States nkutoo.
Mmofra ɔhwɛ ho abenfo mu apaapae wɔ mfe a ɛsɛ sɛ abofra di ansa na wɔagyaw ɔno nkutoo bere tenten a asiane nnim no ho. Enti ɛsɛ sɛ awofo de ahwɛyiye si gyinae wɔ nea eye kyɛn so ma wɔn ba, a wosusuw ne mfe, nkate, tumi, ne ofie no ne mpɔtam hɔ nsɛm tebea pɔtee ho. Ɔman no mu mmara nso ho hia esiane sɛ ebia abofra a wobegyaw no a obiara nhwɛ no no yɛ mmarasobu wɔ mpɔtam hɔ no nti.—Romafo 13:1.
Sɛ ɛsɛ sɛ wɔde korɔkorɔ safe nhyehyɛe no di dwuma a, ebia nneɛma bi a ɛho hia a wɔbɛyɛ no bɛboa ma abofra no anya ahobammɔ:
1. Hwɛ hu sɛ onim ɔkwan a ɔbɛfa so ne wo adi nkitaho, sɛ ebia telefon so a ɔne wo bɛkasa bere a ofi sukuu aba fie no.
2. Fa telefon nɔma ahorow a ɛho hia (oduruyɛfo, polisifo, dumgyafo) tare baabi a ɛbɛn telefon no.
3. Kyerɛ wo ba no sɛ ommmue ɔpon mma ahɔho.
4. Ma wo ba no akwankyerɛ wɔ sɛnea ɔde nneɛma a asiane wɔ ho bedi dwuma no ho. Nnyaw mankyese ntoto hɔ basabasa
5. Ma wo ba no ofie nnwuma bi a ɛbɛma ayɛ nea onni adagyew.—Hwɛ Nyan! (Borɔfo de) a ɛbae August 22, 1986, nkratafa 14-16.
[Kratafa 9 mfoni]
Ɛntaa mma sɛ mmofra ahwɛe odwumayeni bɛkyerɛ abofra bi ho anigye sɛnea ɔwofo bɛyɛ