Bere Woyɛ Ne Wura Anaa N’akoa?
BERE a Albert nantew baa sukuu dan no mu no, ɔkyerɛkyerɛfo no bisaa no sɛ: “Dɛn nti na woaka akyi?” Albert a ɛte sɛ nea ontumi nhome no kae sɛ: “Efisɛ mede mmirika di me baesekre no nkyɛn mu araa kosii sɛ miduu sukuu mu.”
Ɔkyerɛkyerɛfo no bisae nsekuru mu sɛ: “Dɛn nti na woantra baesekre no so? Albert kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Efisɛ na maka akyi araa ma mannya bere annyina hɔ amforo baesekre no.”
Saa aseresɛm a wɔagugu mu yi yɛ tebea a yɛn mu pii hyia da biara da no ho nhwɛso. Bere a dwumadi pii a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yewie ma yɛpere yɛn ho no, ebia yebete nka sɛ yetu mmirika fi biako ho kɔ foforo ho. Nanso, te sɛ Albert no, ɛtɔ bere bi a yɛn ankasa yɛ ade nyaa denam ka a yɛka sɛ yenni bere de bɛhyehyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ no so.
Wɔ ne nyinaa akyi no, na anka yebetumi anya bere na awiei koraa no yɛayɛ pii na yɛatew nhyɛso so sɛ anka yegyinae hyehyɛɛ bere no yiye a. Afei, sɛ anka yebebu bere sɛ owura otirimɔdenfo no, ebetumi abɛyɛ akoa ɔboafo.
Ɔkwan bɛn so na wubetumi ahyehyɛ wo bere wɔ ɔkwan a etu mpɔn kɛse so? Nea edidi so yi yɛ nyansahyɛ ahorow bi. Bere a wokenkan no, paw nea ɛne w’ahiade hyia no na fa di wo nsɛm tebea ho dwuma.
Yɛ Wo Da no mu Nhyehyɛe
Fa no sɛ afei na wo da no ahyɛ ase. Dwumadi ahorow a ɛte sɛ nea enni awiei na esisi w’anim. Ebia saa dwumadi ahorow yi nyinaa ho a wudwen no bɛma woabɔ hu ɛda no ho. Ɛhe na ɛsɛ sɛ wufi ase? Denam wo da no mu nhyehyɛe a wobɛyɛ so.
Pii fi ase denam nea wɔfrɛ no Nea Ɛsɛ sɛ Meyɛ a wɔkyerɛkyerɛw no so. Obi a ɔwɔ asɛyɛde pii wɔ ahyehyɛde kɛse bi mu ka sɛnea odi nhyehyɛe akyi ho asɛm. Ɔka sɛ: “Mekyerɛkyerɛw nneɛma a ɛsɛ sɛ meyɛ no nyinaa. Bere a dwumadi afoforo ba anaasɛ ɛba m’adwene mu no, mede ka nea makyerɛw no ho. Afei mitwa dwumadi biara a mawie no mu.”
So nhyehyɛe a ɛte saa betumi aboa wo ma woahyehyɛ wo da no mu dwumadi anaa? Ebia wubebua sɛ: ‘Ebia ɛno bɛboa me ma mafi ase, nanso merenwie biribiara a makyerɛw no da!’ Na ebia nea woka no teɛ. Enti na ɛboa sɛ . . .
Wubehu Nea Ɛho Hia Kan
Wubetumi ahu nea ɛho hia kan no denam nneɛma a woakyerɛkyerɛw no a wobɛma no nɔma sɛnea hia a ehia no te no so. Afei, sɛnea ɛbɛyɛ yiye biara no, di dwumadi no biara ho dwuma saa kwan no so. Sɛnea ɛte no, mmere bi bɛba a ebia wobɛpaw sɛ wubeyi bi afi mu na wurenni asɛm bi ho dwuma kyenkyenee sɛnea ahiade nhyehyɛe no te, sɛnea wo nsɛm tebea ne nea wopɛ no te. Enti yɛ fakãã. Botae no ne sɛ wubetumi adi nneɛma so sɛnea ɛbɛyɛ a nea wobɛyɛ da biara no bɛyɛ nea wopawee na mmom amma kwa.
Mpere wo ho mfi adwuma biako so nkɔ foforo so anaasɛ nhaw wo ho sɛ wobɛyɛ biribiara a woahyehyɛ no. Bere nhyehyɛe ho ɔbenfo Alan Lakein si so dua sɛ: “Ɛntaa mma sɛ obi bewie nea ɛwɔ Nea Ɛsɛ sɛ Meyɛ no so nyinaa. Ɛnyɛ nea woakyerɛkyerɛw no a wubewie ne nea ɛho hia, na mmom bere a wode di dwuma wɔ ɔkwan a eye sen biara so no.”
Sɛ wode wo bere no mu fã kɛse di nea wuhia ampa no ho dwuma a na wubetumi anya eyi. Wɔ nneɛma a woantumi anwie no ho de, hwɛ sɛ ebia wubetumi de ahyɛ afoforo nsa anaasɛ wode bɛkɔ ɔkyena nhyehyɛe no so anaa. Ɛtɔ bere bi a sɛ wohwɛ nneɛma a ɛho nhia pii no kɔ akyiri a wuhu sɛ ɛho nhia sɛ woyɛ koraa. Ɔkwan foforo so no, biribi a etwa ɛnnɛ nhyehyɛe no to no betumi abɛyɛ ahiade a edi kan ɔkyena.
Dɛn so na wugyina si dwumadi ahorow a ɛyɛ wo nhyehyɛe no so ahiade a edi kan no ho gyinae? Anyɛ yiye koraa no, bere a wohwɛ dwumadi nhyehyɛe tenten no so no, ebia nneɛma pii wɔ hɔ a ɛbɛyɛ te sɛ nea ne nyinaa hia pɛ. Enti sɛ wubetumi ahu ahiade a edi kan no yiye a, ɛsɛ sɛ . . .
Wuyiyi “Nea Egye Ntɛmpɛ” ne “Nea Ɛho Hia” Mu
Bible bere so ɔhene nyansafo bi kae sɛ ɛsɛ sɛ onipa “hu adepa ne brɛ nyinaa mu.” (Ɔsɛnkafo 3:13) Dwumadi bi sow aba pa sen afoforo. Enti sɛ worehwehwɛ wo dwumadi nhyehyɛe no mu a, susuw aba a ebefi emu biara mu aba no ho. So saa adwuma no a wubewie no de mfaso a ɛho hia bɛba? So wubehu ‘adepa wo brɛ no mu’? Sɛ ɛnte saa a, ebia na ɛnyɛ dwumadi a ɛho hia kan.
Ampa, sɛ wohwɛ biribiara a woakyerɛw no nea edi kan a ɛbɛyɛ te sɛ nea egye ntɛmpɛ. Nanso so adwuma a egye ntɛmpɛ taa yɛ nea ɛho hia, a ɛfata sɛ wunya ho bere pii anaa? Michael LeBoeuf a ɔyɛ bere nhyehyɛe ho ɔbenfo wɔ New Orleans Sukuupɔn mu no ka eyi sɛ: “Nneɛma a ɛho hia ntaa nyɛ nea egye ntɛmpɛ. Nneɛma a egye ntɛmpɛ ntaa nyɛ nea ɛho hia. Tae a adwo a wode foforo bɛhyɛ de adi ɔfrɛ bi ho dwuma no ntɛmpɛ a egye no yɛ kɛse koraa sen sɛ wobɛkae sɛ ɛsɛ sɛ wukotua kar wo no ho insurance, nanso sɛ wɔde toto ho a [tae no] hia a ɛho hia no sua koraa wɔ nsɛm no pii mu.”
Afei ɔka sɛ: “Nea enye no, yɛn mu pii de yɛn asetra nyinaa di apere wɔ nea egye ntɛmpɛ atirimɔdensɛm no ase. Nea efi mu ba ne sɛ yebu ani gu nea ennye ntɛmpɛ kɛse nanso ɛho hia sen biara wɔ asetra mu no so. Ɛyɛ mpɔntu kumfo kɛse.”
Enti sɛ worehwehwɛ nea ɛho hia no a, bisa wo ho sɛ dwumadi ahorow bɛn na ɛho hia ampa. Afei bɔ mmɔden sɛ wobɛsɛe bere pii wɔ eyinom ho. Ebia na biribi a egye ntɛmpɛ no nhwehwɛ sɛ wudi ho dwuma seesei ara. So ɛfata sɛ wugye ho bere pii? So wubetumi adi ho dwuma ntɛmntɛm na woakɔ dwumadi bi a ɛde mfaso kɛse bɛba so? Nea eye ara no, so wubetumi de ahyɛ obi foforo nsa?
Akyinnye biara ho nni sɛ wubegye atom sɛ mfaso wɔ so kɛse sɛ wobɛyɛ biribi a nea efi mu ba no ho hia ho adwuma sen sɛ biribiara a ɛwɔ hɔ no remma wunnya adagyew. Bɔ mmɔden sɛ wobɛdan wo mmɔdenbɔ pii akɔ dwumadi ahorow a ɛyɛ mfaso ampa no so sɛnea wubetumi.
80/20 Mmara No
Sɛ wode nnyinasosɛm ahorow a yɛasusuw ho abesi ha yi no redi dwuma a, wo da no mu dwumadi mu nkyekyem bɛn na wobɛhwɛ kwan sɛ ɛbɛyɛ nea ɛho hia kan? Nokwarem no, ɛno begyina w’asɛyɛde ahorow pɔtee no so. Nanso bere nhyehyɛe ho abenfo pii te nka sɛ wɔ nsɛm no pii mu no, wubetumi atew nneɛma a ɛho hia kan no so aba fam abedu bɛyɛ ɔha biara mu 20. Sɛ akwankyerɛ no, wɔfa 80/20 mmara no ka.
Afeha 19 mu Italiani sikasɛm hyehyɛfo Vilfredo Pareto na ɔde saa nnyinasosɛm yi bae. Ɛkyerɛ sɛ nsɛm nhyɛase mu bɛyɛ ɔha biara mu 20 na ɛde nea efi mu ba no mu bɛyɛ ɔha biara mu 80 ba. Sɛ woma w’ani da hɔ a, ebia wubehu sɛ tebea horow pii wɔ da biara da asetra mu a Pareto nnyinasosɛm yi yɛ adwuma wɔ hɔ. Nanso ɔkwan bɛn so na wubetumi de 80/20 mmara yi adi dwuma wɔ wo bere ho dwumadi mu?
Pɛɛpɛe nneɛma a ɛwɔ wo Nea Ɛsɛ sɛ Meyɛ no so no mu. Ebia wubetumi anya mpɔntu ɔha biara mu 80 denam nneɛma du a woakyerɛw no mu abien a wubetumi adi ho dwuma no so. Sɛ saa a, eyinom ne nneɛma abien a ɛho hia sen biara wɔ nea woakyerɛkyerɛw no mu. Afei nso, pɛɛpɛe dwumadi bi mu ansa na wode wo ho ahyem. Emu baahe na ɛho hia ampa wɔ wo botae no ho? Adwuma no fã bɛn na ɛde mfaso a ɛho hia bɛba? Adwuma no fã yi ne nea ɛho hia kan.
Bere a bere nhyehyɛe ho ɔbenfo Dru Scott aka Pareto nnyinasosɛm yi ho asɛm awie akyi no, ɔkyerɛkyerɛ sɛnea wubetumi de ayɛ adwuma no mu. Ose: “Hwehwɛ nea ɛho hia a ebetumi ama woadu wo botae no ho mu. Yɛ eyinom kan. Wubenya mfaso a ɛsen biara no afi bere kakraa bi mu.”
Ma W’ani Nnye Mfaso no Ho
Ebia ɛde besi ha no wubetumi agye atom yiye sɛ wo bere wura a wobɛyɛ no nyɛ bere a worensɛe no anaasɛ wobɛpere afi asɛnnennen biako mu akɔ foforo mu ne asɛm no. Bere nhyehyɛe a etu mpɔn no kyerɛ sɛ wobɛpaw adwuma a eye wɔ bere pa mu. Ɛkyerɛ sɛ wubehu dwumadi a ɛde mfaso pa bɛba na woasɛe wo bere wɔ eyinom ho bere biara a ɛbɛyɛ yiye no.
Wɔnhyɛɛ mmara biara wɔ sɛnea wode w’ankasa bere bedi dwuma no ho. Sɛ wubenya mfaso afi nyansahyɛ ahorow a ɛwɔ asɛm yi mu no mu a, yɛ fakãã. Sɔ hwɛ. Dan wo ho. Hwehwɛ nea ɛyɛ adwuma yiye ma wo no. Kenkan nsusuwho ahorow a ɛwɔ adaka a ɛwɔ kratafa yi so no na hwɛ nea ɛbɛboa wo ma woadan owura otirimɔdenfo ma wabɛyɛ akoa ɔboafo.
Sɛ wudi wo bere so yiye a, nea woatumi ayɛ ho nkate bɛn ara na wubenya wɔ ɛda biara awiei sɛɛ yi! Ɛwom sɛ ebia nnwuma pii aka a wobɛyɛ ɔkyena de, nanso wubenya akomatɔyam sɛ wode wo mmɔdenbɔ nyinaa adi nneɛma a ɛho hia kɛse no ho dwuma. Wubehu “adepa” wo brɛ mu.
Ebia wobɛte nka sɛ—awiei koraa no—bere pii wɔ hɔ ma nneɛma a ɛho hia ankasa no. Woremmɛhyɛ tebea horow a emu yɛ den ase, na mmom wobɛyɛ wo bere wura. Ɛnyɛ mpɔntu a anya nkɔanim nko na eyi de bɛba w’adwuma mu na mmom ɛda adi sɛ w’anigye nso bɛyɛ kɛse.
[Kratafa 29 adaka]
AKWAN A WOBƐFA SO AKORA BERE SO
1. Fa nneɛma a ɛsom bo ne botae horow pɔtee bi sisi hɔ. Ebetumi aboa wo ma woahu nea ɛho hia kan da biara.
2. Yɛ nnwuma a egye adwene no bere a w’ani da hɔ kɛse no.
3. Frɛ nkurɔfo wɔ telefon so bere a ɛda adi yiye sɛ wubenya wɔn no.
4. Bere biara a ɛbɛyɛ yiye no fa adwuma hyehyɛ afoforo nsa. Ɛma wunya kwan yɛ pii, na ɛma afoforo nya osuahu.
5. Sɛ woreyɛ nkrataa ho adwuma a, bɔ mmɔden sɛ wubeso krataa biako biara mu pɛnkoro mmom sen sɛ ‘wode bɛto nkyɛn’ bere tiaa bi.
6. Wɔ wone afoforo nhyiam horow ase no, mommɔ mmɔden sɛ mubedi nea moakyerɛw no akyi. Munnya bere pɔtee a mode befi ase ne nea mode bewie.
7. Hyehyɛ nneɛma ahorow a wode bedi dwuma no na ma ɛmmɛn wo.
8. Nte nka sɛ ɛyɛ ahyɛde sɛ ɛsɛ sɛ wugye nsa biara a wɔbɛto afrɛ wo no so. Sua sɛ wobɛka dabi nyansa mu.
9. Yɛ aguadi ne nneɛma ho kyerɛwtohɔ a eye sɛnea wubetumi mmom sen sɛ wobɛkyerɛw foforo bere ne bere mu.
10. Gye w’ahome sɛnea ɛsɛ na ama woatumi ayɛ adwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so.
11. Fa mmere a ɛsɛ sɛ wuwie nneɛma yɛ sisi hɔ.
12. Nsɛe bere.
13. Bubu nnwuma a emu yɛ duru mu nketenkete.
14. Nyɛ pɛyɛ hwehwɛfo. Fa adwene si nea ɛho hia ampa so.
15. Fa bere a wode twɛn no di dwuma pa. Kyerɛw krataa, kenkan, anaasɛ di biribi foforo bi a ɛho hia ho dwuma.
16. Hu sɛ bere bi bɛba a ebehia sɛ wosɛe bere wɔ dwumadi ahorow bi a ɛnyɛ wo na wopawee ho. Nsɛe bere a wopere wo ho wɔ ho. Mmom no, yɛ adwuma fa wie.
[Kratafa 27 mfoni]
Pii hu sɛ ɛboa sɛ wobɛyɛ nneɛma a ɛho hia kan ho nhyehyɛe
[Kratafa 28 mfoni]
W’ankasa nneɛma a wobɛhyehyɛ na woahu nneɛma a ɛho hia kan no betumi ayɛ nsonsonoe kɛse wɔ wiase