Sukyerɛma Abon Anwonwade No
So abon a ɛte sɛ ntakra na emu sɔ gye ahwɛyiye ɔpepem pii a ɛba wɔ sukyerɛma tɔ bere mu no ma wo ho dwiriw wo? Bere a mpɛn pii no sukyerɛma abon no nenam wim bɛyɛ dɔnhwerew biako anaa nea ɛboro saa no, ɛba bɛyɛ adwinni a ɛyɛ nwonwa. Nea ɛyɛ nwonwa no, abien biara nni hɔ a wɔahu a ɛsɛ pɛpɛɛpɛ da, na ahorow ahorow pii wɔ hɔ a enti wobetumi aka sɛ wɔrenhu bi saa da. Nanso, ne nyinaa wɔ afã asia hwɛbea!
Dɛn nti na sukyerɛma abon nyinaa wɔ afã anaa nsa asia no? Ɔbenfo James .S. Langer a ɔwɔ Institute of Theoretical Physics a ɛwɔ Santa Barbara, California no ka sɛ: “Nnipa pii asusuw sɛ ɛsɛ sɛ biribi wɔ hɔ a ɛte sɛ obi a ɔte sukyerɛma abon no nyinaa mfinimfini na ɔka nea wɔn nyinaa nyɛ no kyere wɔn.”
Ampa, dodow a nyansahufo sua sukyerɛma abon ho ade no, dodow no ara na wogye tom sɛ, sɛnea “The New York Times” bɔɔ amanneɛ wɔ January 6, 1987 mu no: “Sukyerɛma abon di akontaabu mmara bi akyi wɔ ahobrɛase a ɛyɛ nwonwa mu.” So wunnye ntom sɛ sukyerɛma abon kamfo wɔn Yɛfo no nyansa? “Na ɔka kyerɛ sukyerɛma sɛ: Tɔ gu fam!”—Hiob 37:6.
[Kratafa 31 mfoni fibea]
Snowflakes, Bentley and Humphreys