Mmofra Bisa Sɛ. . .
Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Mitie Mama Ne Papa?
NÁ JOHN ne ne mfɛfo sukuufo mmeawa baanu gyina tokuru kɛse bi a ɛwɔ ban bi a wɔagye de resiw ɔkwan a ɛkɔ ɔtempɔn a ɛso wɔ akwan asia a adagyew nni so no ano. Bere a kar ahorow twam hwimhwim no, mmeawa baanu no siesiee wɔn ho sɛ wobetu mmirika atwa ɔkwan no mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobedu fie ntɛm.
Mmeawa no kae sɛ: “Bra, John. Wone yɛn rekɔ, ɛnte saa?” John fii ase dii wɔn akyi. “Afei mekaee sɛ me mama ne papa aka akyerɛ me sɛ mma mintwa ɔkwan no ankasa mu da na mmom memfa ɔkwan a wɔnantew so a ɛwɔ soro no so bere nyinaa.”
Bere a mmeawa no hui sɛ ɔretwentwɛn ne nan ase no, obiako yii no ahi sɛ: “Woyɛ akokɔ ba paa!” Asɛm no twa kɔɔ akyiri. John a na onsuro no ampɛ koraa sɛ mmeawa baanu begu n’anim ase.
Bisa wo ho sɛ, ‘Sɛ mene John a, dɛn na anka mɛyɛ?’ Sɛ wanyɛ n’atipɛnfo no mpoatwa no ho biribi a, n’ani bewu. N’awofo—a wɔmmɛn hɔ baabiara no—ahyɛde no nkutoo na esi ɔkwan mu.
Akyinnye biara nni ho sɛ w’awofo ama wo akwankyerɛ a ɛte saa ara a wɔhwɛ kwan sɛ wubedi so. Ebia ɛnyɛ ahotew, ofie nnwuma, bere a ɛsɛ sɛ woyɛ nneɛma bi, anigyede ahorow nkutoo na mmara a ɛte saa no fa ho na mmom nneyɛe ne abrabɔ nso. Nanso, ɛtɔ mmere bi a, mmofra hyia sɔhwɛ a ɛbɛma wɔabu ani agu awofo mmara so. Nanso susuw ho sɛ . . .
Dɛn Nti na Awofo Hyehyɛ Mmara Horow?
Ɔwofo nyansafo bi kyerɛwee sɛ: “Me ba, di me mmara nsɛm so na nya nkwa.” (Mmebusɛm 7:1, 2) Yiw, ɔwofo mmara, “mmara nsɛm” no wɔ hɔ ma wo yiyedi. Wɔda wo ɔwofo no nokware dɔ ne wo ho a osusuw no adi. Nokwarem no, akwankyerɛ ne mmara pintinn a enni hɔ no de ahobammɔ a wonni na ɛba.
Sɛ nhwɛso no, abofra bi kyerɛwee sɛ: “M’awofo . . . ma mefa me ho di wɔ biribiara mu. Mɛka sɛ mmofra pii wɔ hɔ a wɔbɛpɛ sɛ wɔn awofo ma wɔyɛ nea wɔn ani gye ho biara. Wiɛ, ɛnyɛ anika. Ɛma mete afobu nka sɛ masɛe. Misuro sɛ mɛyɛ ade bɔne bi dakoro. Ɛho a misusuw no ma mebɔ hu.” Saa abofra yi wɔ ntease pa a enti ɛsɛ sɛ osuro. Wɔ nsɛm no bi mu no, ɔwofo mmara a ɛho hia a wɔamfa ansisi hɔ no de asiane na aba.
Sɛ nhwɛso no, aberantewaa bi sɛee ne papa kar mprɛnsa. Ne papa no adwumawura kae bere a ɔtee asiane ahorow no ho asɛm no sɛ: “Ɛda adi sɛ wo ba no nnim afirika. Dɛn nti na wokɔ so ma ɔfa wo kar no?” Agya no buae sɛ ɔmpɛ sɛ opira ne ba no nkate denam afirika a ɔbɛbara no no so. Enti ɔde kar no safe maa abarimaa no—nea etwa to.
Simma aduonu wɔ bere a ne ba no tuu kar no akyi no, polisifo frɛɛ agya no wɔ telefon so. Ná wɔpɛ sɛ ɔba bɛkyerɛ ne ba no funu a atetew no. Sɛnea polisifo kyerɛe no, ne ba no kɔpem telefon dua mu bere a na ɔrekɔ bɛboro akwansin 100 dɔnhwerew biara no! Agya no twaa adwo sɛ: “Na anka ɛsɛ sɛ misiw no kwan. Sɛ mede me nan sii fam a, anka ɔte ase nnɛ.”
Nanso mmara horow yɛ pii sen wo ho ban a ɛbɛbɔ afi ɔhaw mu. Ɛdenam ofie nnwuma ne sukuu nnwuma a wode ba fie a wɔbɛhyɛ wo ma woayɛ so no, w’awofo rekyerɛkyerɛ wo ma woayɛ adwumaden. Eyi ho hia dɛn? Wiɛ, nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ mmarimaa 456 a wonnii mfe 20 mu no de wɔn a wosuae sɛ wɔbɛyɛ adwuma wɔ mmofraase no asetra totoo wɔn a wɔanyɛ saa no ho. Nhwehwɛmufo no susuw nneɛma te sɛ ebia na mmarimaa no yɛ adwuma daa wɔ fie na wɔde wɔn ho hyɛɛ sukuu nnwuma mu yiye no ho. Ɛbɛyɛ mfe 30 akyi no, wɔsan ne saa mmarimaa yi mu bi dii nkitaho bio.
Ɛdaa adi sɛ mmarimaa a wɔwɔ adwumayɛ mu nnamyɛ kɛse no wɔ wɔne nnipa ahorow ahorow ntam abusuabɔ pa sen wɔn a wonni bi no mpɛn abien. Na ɛda adi nso sɛ wobetua wɔn ka mpɛn anum wɔ wɔn adwumam. Wɔ ɔkwan foforo so no, na ɛda adi yiye sɛ wɔn a wɔanyɛ adwuma kɛse wɔ wɔn mmofraase no bɛyɛ nea wɔahaw wɔ nkate mu mpɛn du, mpɛn asia na na ɛda adi sɛ wobewu bere a wɔadi mfe 47! Enti, w’awofo mmara a ɛfa ofie nnwuma ne sukuu nnwuma ho a wubedi so no betumi aka w’asetra wɔ ɔkwan a mfaso wɔ so so.
Bere a Ɛyɛ Den sɛ Wubetie
Wɔ nhwɛso bi mu no, ebia na ɛyɛ ahwɛyiye a woannya ara kɛkɛ na ɛma wubuu mmara bi so. Ebia wubehia sɛ wokaakae wo ho wɔ mmara no ho bere ne bere mu. Afei nso, awofo afoforo a wohu mmɔbɔ a wohwɛ wɔn no betumi ama woate nka sɛ, ‘Dɛn nti na me nso merentumi nyɛ saa?’ Kae, ɛsɛ sɛ w’awofo susuw nea eye kyɛn so ma wo no ho. Sɛ awofo afoforo hu mmɔbɔ dodo a, wɔne wɔn mma nyinaa betwa so aba a ɛyɛ nsɛnnennen a anibere wom kɛse akyiri yi, efisɛ “nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa.” (Galatifo 6:7, 8) Dɛn nti na wohwehwɛ sɛ wubetwa bi saa ara?
Ɛtɔ mmere bi a, ebia ɔwofo bi bɛhyɛ da ahyɛ mmara bi a wote nka sɛ ɛmfata. Wote nka sɛ wurentie. Nanso wɔ bere a ɛfata mu no, dɛn nti na wone w’awofo mmɔ wo nkate no ho nkɔmmɔ na wonkyerɛkyerɛ nea enti a wususuw sɛ mmara no mfata no mu. Ebia wubehu sɛ ɛboa kɛse sɛ wubesusuw mmara foforo bi a mo nyinaa betumi agye atom ho. Nanso wɔ nsɛm afoforo bio mu no, nea ɛmma wonntie no yɛ nitan.
Abeawa bi a wadi mfe 17 tee nka sɛ ɔtɔ sin wɔ nkate mu esiane n’awofo a wɔn ankasa ntam akasakasa agye wɔn adwene no anibiannaso nti. Bere a ne bo afuw n’awofo no, osii ne bo sɛ obebu Bible nnyinasosɛm a n’awofo si so dua no so. Ɔne ɔbarima bi a ohyiaa no bere a ɔde keteke retu kwan no bɔɔ aguaman. Akyiri yi ɔkae sɛ: “Metee nka sɛ mede m’awofo ka wɔ ho.” Nanso esiane nitan mu a ofi yɛɛ ade no nti, ɔno mmom na ɔhweree ade efisɛ n’abufuw no de ahonim a ano akum na ɛbae. Ɛno akyi no, ofii ase guan sukuu adesua na ɔde ne ho hyɛɛ nnubɔne nom ne ne tɔn mu.
Wɔbɔɔ ɔtreneeni Hiob kɔkɔ sɛ: “Mma abufuw nnyigye wo nkɔ ahiyi mu, . . . hwɛ yiye, nnan w’ani nkɔ ahuhude so.” (Hiob 36:18-21) Sɛ wote nitan nka a, gyina na susuw ho sɛ: ‘Dɛn na m’asoɔdenyɛ de bɛba? Sɛ mibu mmara no so de pira m’awofo bi mpo a, so ebetumi aba sɛ ɛbɛyɛ nea ɛsɛ sɛ mede nea ebefi mu aba no tra ase asetra mu nyinaa—bere a me nkate ano abrɛ ase no akyi bere tenten no?’ Sɛ anka wobɛyɛ ade wɔ nitan mu no, ɛyɛ bere a ɛsɛ sɛ woyɛ komm na wompere wo ho nyɛ ade.
Nea etwa to no, bere a mmofra nyin kɔ mpanyin afe so no yɛ bere a wɔtaa hwehwɛ wɔn ahofadi. ‘Moyɛ me te sɛ abofraa. Dɛn nti na momma memmfa me fie nnwuma, me dan mu, bere a ɛsɛ sɛ meyɛ ade, ahosiesie, nnamfo ne nna bere ho asɛyɛde nto m’ankasa ho so?’ Mmofra pii te nka sɛ wɔn ankasa betumi ahyehyɛ wɔn mmara horow. Nanso, John a yɛbɔɔ ne din wɔ asɛm yi mfiase hɔ no suaa . . .
Bo a Osetie Som
John ka kyerɛɛ mmeawa baanu no sɛ: “Sɛ mofrɛ me ‘akokɔ ba’ mpo a memfa ho. Ɛsɛ sɛ mitie me maame ara kɛkɛ.” Bere a mmeawa no de mmirika twaa ɔkwan no mu no, John de osetie nantew faa ɔkwan a wɔnantew so no so. Bere a ɔretwam no, ɔtee tae a ɛrekye fam. Bere a ɔhwɛɛ fam hɔ no, ohui sɛ kar abɔ mmeawa baanu no ahuru wɔn kɔ soro. Obiako kɔtɔɔ lɔre kwan a edi nhwɛanim no mu na foforo bɔɔ no wɔ hɔ ma owui. Ne nuabea no nan mu bubui na akyiri yi na ɛsɛ sɛ wotwa.
Saa asiane yi maa John ankasa huu sɛnea ne osuahu nnu baabiara no. Ná wahu sɛnea mmofra pii a mmeawa baanu no ka ho tu mmirika twa ɔkwan no mu a biribiara mmae. Nanso, na ne maame kae yiye sɛ bɛyɛ mfe anum a atwam ni no, kar kum ne nnamfonom mu biako ba bere a ɔbɔɔ mmɔden sɛ obetwa saa ɔkwan no ara mu no. Esiane ne osuahu a emu bae no nti, ɔyɛɛ mmara a ɔde bɛbɔ ne ba no ho ban.
Akyiri yi, John maame a wɔfrɛ no Thelma no kɔsraa mmeawa no na kyekyee ne werɛ. Ɛna a ɔredi awerɛhow no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ná meka kyerɛ mmeawa no daa sɛ wɔmfa ɔkwan a ɛwɔ soro no so nanso wontie. Wosii gyinae sɛ wɔbɛkɔ ara. Me yam a anka wɔyɛɛ osetie te sɛ wo ba no.” Yiw, ebia John osetie no na egyee no nkwa.
Nokwarem no, ɛnyɛ bere biara a wobebu ɔwofo mmara so no na ɛyɛ nkwa anaa owu asɛm. Sɛ woyɛ anifere kakraa bi a, mmere bi wɔ hɔ a wubetumi abu ani agu w’awofo mmara a wɔhyehyɛ biara so. Nanso nsɛm nketenkete ho asoɔdenyɛ betumi abɔ ɔkwan bi a ɛyɛ den sɛ wobɛsakra afi ho ato hɔ. Ebetumi ama obi koma ayɛ den wɔ bɔneyɛ mu.—Ɔsɛnkafo 8:11.
Na John osetie no nnyina sɛ ebia n’awofo rehwɛ no anaasɛ dabi so, efisɛ na onim sɛ Onyankopɔn ahyɛ osetie a ɛte sɛɛ, na na ɔpɛ sɛ ɔsɔ n’ani na ɔnam so anya ahonim pa. (Efesofo 6:1) Ɛsɛ sɛ osetie a ɛte sɛɛ no fi komam. Ɔwofo nyansafo bi tuu ne ba fo sɛ: “Ma wo koma nso me nsɛm mu, di me mmara nsɛm so, na nya nkwa.”—Mmebusɛm 4:4.
[Kratafa 29 mfoni]
Ɛsɛ sɛ wobu w’awofo mmara dɛn?