So Nnɛyi Nyamesom Ahorow No Yɛn Nguan No Anaasɛ Etwitwa Wɔn Nhwi?
“Munnue, Israel nguanhwɛfo a wɔyɛn wɔn ho no; so ɛnyɛ nguan na nguanhwɛfo yɛn wɔn?”—Hesekiel 34:2.
SƐNEA na ɛte wɔ tete Israel nna no mu no, saa ara na ɛtaa yɛ nnɛ: Nyamesom nguanhwɛfo mu pii yɛn wɔn ankasa ho na wɔma nguan no kyen kɔm. Wɔ afe a etwaam no mu no, na television so asɛnkafo gyina asɛnka agua mfinimfini, na wɔde nsiyɛ twitwaa nguan no ho nhwi.
Na agodifo atitiriw no ne Jim ne Tammy Bakker a wɔwɔ PTL, nanso na wɔwɔ aboafo a wɔyɛ den. PTL gyina hɔ ma “Praise the Lord” (Kamfo Awurade) ne “People That Love” (Nkurɔfo a Wɔwɔ Ɔdɔ) , nanso ekoduu afe no awiei no na atesɛm amanneɛbɔfo pii reka sɛ “Pass the Loot” (Fa Fow Ade no Bra) ne “Pay the Lady” (Tua Ɔbea no Ka) ne nea ɛfata kɛse. Ɔkyerɛwfo biako bi kaa wɔn som adwuma no ho asɛm sɛ “asɔrefi sika sesa” na ɔfrɛɛ no: “Asɛmpa no a wɔka bere a wɔware ahiafo ho nnaadaa.”
Bere bi na Bakkernom na wɔhwɛ Heritage USA a ɛyɛ ahomegyebea bi a ne kɛse ye susuhama 2,300 a ɛwɔ Fort Mill, South Carolina, na wobu ano sɛ ɛsom bo dɔla ɔpepem 178 no so. PTL ahemman no ma wonya dɔla ɔpepem 129 afe biara. Efi 1984 mu no atesɛm amanneɛbɔ ka sɛ Bakkernom nya akatua ne akyɛde a ne nkabom yɛ dɔla ɔpepem 4.8—wɔkyerɛ sɛ wɔ 1986 mu no na Jim Bakker akatua yɛ dɔla ɔpepem 1.6, na Tammy de yɛ dɔla 300,000. Na wɔte South Carolina ofi bi a esi ɔtare ano a wɔde dɔla ɔpepem 1.3 na esii na wɔde sika kɔkɔɔ ayeyɛ aguaree nneɛma—na ɔkraman dan a air-condition wom na wotumi ka mu hyew si akyi—mu. Na Bakker taa ka sɛ: “Onyankopɔn pɛ sɛ ne nkurɔfo tra yiye.” Anyɛ yiye koraa no ɔne Tammy ne wɔn akraman yɛɛ saa—bere dodow a na ɛwɔ hɔ no.
Nanso ne nyinaa baa awiei bere a Bakker gye toom sɛ ɔne asɔre ɔkyerɛwfo bi asɛe aware no. Wɔ PTL sika dɔla 265,000 a wɔayi ato hɔ sɛ nea wɔde brabra nsɛm so no akyi no,—saa ntwaho kakra yi ne nea wogyinaa so kyerɛɛ PTL ase sɛ “Pay the Lady” (Tua Ɔbea no Ka] no. (Nanso, ɔbea a ɛfa ne ho no nsa annka saa sika yi.) Wɔdan Pentekostefo PTL a ɛtwetwe nkurɔfo no maa Jerry Falwell a odi mfitiasesɛm akyi no.
Falwell de ɔdɔ ne fafiri na efii ase, nanso ankyɛ na ofii ase kekaa afoforo ho nsɛmmɔne. Ɔkasa tiaa Bakker PTL no sɛ ɛne “Kristosom mu ntutuwii ne akisikuru a ɛsen biara wɔ asɔre abakɔsɛm mu wɔ mfe 2,000 a atwam no mu.” Falwell de trenee abufuhyew ho adeyɛ pa boboom sɛ: “Mihu adifudepɛ no. Mihu pɛsɛmenkominya no. Mihu anibere a ɛma wɔhwee ase no.” Bere a PTL bedii Falwell nsam no, ɔyɛɛ tirimbɔ yi, sɛnea Newsweek bɔɔ amanneɛ no: “Falwell kae sɛ ade biako a ɔrennyɛ ne sɛ ‘ɔbɛsrɛsrɛ sika wɔ radio so.’ Dapɛn a etwaam no, Falwell kasae radio so na ɔsrɛɛ sika.”
Wɔ asɛmti a ɛne “Falwell se Akyidifo sɛ: Fa Fow Ade no Bra” ase no, New York Daily News toaa so kae sɛ: “Falwell baee ne sika asawu mu nnɛra bio na ɔhyɛɛ ne radio so nguan no sɛ wonyi sika pii mma. Osee n’asafo a ahiafo na wɔwom titiriw no sɛ: “Yehia afɔrebɔ akyɛde biara a mubetumi de aba no. . . . Sɛ wompɛ sɛ saa ɔsom adwuma yi kɔ so a, bu ani gu me so.” Wɔannyɛ saa. Wonyaa dɔla 20,000,000. Afei—sɛnea ɔhyɛɛ bɔ sɛ sɛ adeyɛ no di nkonim a ɔbɛyɛ no—ɔhyɛɛ ntade bruu fɛfɛ bi, okogyinaa Heritage USA asubura bi a ne tenten yɛ anammɔn 163 no ti so, ɔbɔɔ Awurade Mpae no, na ɔde ne ho nuu mu. Falwell twee ne ho fii PTL no mu akyiri yi.
Newsweek bɔɔ amanneɛ sɛ: “Michael Korpi a na anka ɔyɛ Falwell ‘Old Time Gospel Hour’ no mfoninitwafo no ka sɛ ɔsom no [Falwell de no] nam 1979 adesrɛ a wɔyɛ maa Cambodia aguanfo no so nyaa nea ɛboro dɔla ɔpepem 4 nanso dɔla 100,000 pɛ na ɔde kɔboaa amanehunufo no.”
TV so ɔsɛnkafo Oral Roberts nam n’ankasa adeyɛ so yɛɛ Falwell asuaguare ade no bi. Wɔ afe a etwaam no mfiase mu hɔ no ɔka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ Onyankopɔn abɔ no kɔkɔ sɛ ennu March 31 na sɛ onyaa dɔla 8,000,000 a, wɔbɛfrɛ no “akɔ fie.” Ɔkae wɔ ne mpaebɔ a ɔde wie no mu sɛ: “Monto me nkwa nna so. Momma mentra ase wɔ March akyi.” Ne ba srɛe sɛ: “Mommma yɛmmma eyi nyɛ me papa awoda a etwa to!” Saa nkate mu nsisi yi a Roberts ne ne ba yɛe no yɛɛ adwuma. Roberts traa ne mpaebɔ aban no mu—wɔkyerɛ sɛ ɛma ɔbɛn Onyankopɔn anammɔn 200 bio—na ne television atiefo no de dɔla 8,000,000 no bae. Nanso, n’akyidifo no mu biako yii ho aseresɛm sɛ: “Sɛ owu a, ɛno rennyɛ bɔne. Ɔsoro yɛ baabi pa a ɛsɛ sɛ wɔkɔ.”
Bere bi ɔde ahokyere asɛm bi a nea efii mu bae no yɛ anigye maa ne TV so atiefo no ho dwiriw wɔn. Ɔbonsam baa ne dan mu na ɔne no peree. Sɛnea Roberts bɔɔ amanneɛ no: “Metee nka sɛ ɔde ne nsa aso me kɔn, na ɔremia me ama mawu. Meteɛɛm frɛɛ me yere sɛ, ‘Ɔdɔ, bra!’ Ɔbae na ɔhyɛɛ ɔbonsam no ma ofii adi. Mifii ase homee na mesɔre fii me mpa so a na me ho yɛ den.” Ɛda adi sɛ, na ne yere wɔ Ɔbonsam so tumi sen n’ankasa.
Wɔ 1980 mu bere a na sika mma no, ɔkae sɛ ohuu Yesu a ne tenten yɛ anammɔn 900 na ɔnhyɛ mpaboa na ɔne no kasae. Saa anisoadehu yi ma woyii ntoboa dɔla 5,000,000. Ɔka sɛ wanyan awufo. Bere bi ɔbɔɔ amanneɛ sɛ: “Aba pɛn sɛ na ɛsɛ sɛ migyae asɔreyɛ na mekonyan obi a wawu.” Eyinom nyinaa kaa Newsweek ma ɛkae sɛ: “Oral Roberts se onyan awufo, nanso sika gyigye ne nea ɔreyɛ.”
Wɔka sɛ Pentekosteni ɔsɛnkafo Jimmy Swaggart ne TV so ɔsɛnkafo a wagye din sen biara a TV ahwɛfo ɔpepem awotwe na wotie no Kwasida biara. Sɛ́ nyamesɛm odwontofo kɛse no, wanya dɔla ɔpepem 100 afi ne nnwom a wɔakyere agu kasɛt so no mu. Swaggart ka faa Bakker asɛm no ho sɛ: “Mete nka sɛ adebɔne no nyinaa yɛ akisikuru bi a ɛsɛ sɛ wotu ase fi Kristo nipadua no mu.” Swaggart de kaa ho wɔ akyiri yi bere bi mu se: “Nkurɔfo bɛka sɛ, ‘Hwɛ, wɔwɛre ɔmanfo ho.’ Na sɛ mɛka no nokwarem a, ɛno pɛpɛɛpɛ ne nea na wɔreyɛ.”
Nanso sɛnea amanneɛbɔ ahorow kyerɛ no, ɛte sɛnea na Swaggart ankasa nkaa akyi biara. Newsweek bɔɔ amanneɛ sɛ George Jernigan a na anka ɔyɛ Swaggart de no mu ɔpanyin bi no kae sɛ Swaggart “gyigyee dɔla ɔpepem 20 maa mmofra ntoboa bi nanso emu nea ennu ɔha biara mu 10 pɛ na ɔde yɛɛ nhyehyɛe no ho adwuma. Jernigan se: ‘wɔsɛee nkae no wɔ Baton Rouge’ faako a sɛnea WBRZ-TV bɔ amanneɛ no, nea ɛka Swaggart fie nneɛma ho ne ne fie a ɛsom bo dɔla ɔpepem 1, ne ba nsase a ɛsom bo dɔla 776,000 ne ne banana nnua dan a air-condition wom no.”
Wɔ ABC Nightline dwumadi ahorow a ɛfa television so asɛnkafo ho mu no, ABC sɛnkyerɛwfo Marshall Frady kae sɛ: “Anyɛ yiye koraa no, nnipa pii ahu sɛ nnɛyi television so asɛnka mfiri pii no te sɛ nea ɛwɔ akyiri koraa fi Galileani aberantewaa ɔnwonwani a na ɔyɛ hyew a na onni agyapade biara, onni adwuma akwankyerɛfo, a okyinkyinii asase ntwea baabi a mfutuma wɔ kasae mfe mpem abien ni no asetra tiawa no ho.”
Ɛyɛ nokware sɛ “nnɛyi television so asɛnka mfiri pii no” ne akwan a Yesu faa so no ntam twe yiye. Nanso ɛyɛ nokware nso sɛ bere asakra. Sɛ wɔbɛka asɛmpa akyerɛ ɔpepem pii wɔ wiase nyinaa no gye sɛ wɔde nnɛyi nneɛma ahorow ne ahyehyɛde a etu mpɔn di dwuma, na egye sika kɛse. Ne saa mpo no, Yesu asetra kwan no mu nnyinaso ahorow no da so ara yɛ nhwɛso ma Kristofo. Nnepa ne nnyinasosɛm ahorow a ɔde too hɔ no da so ara yɛ ɔkwan koro pɛ a ɛwɔ hɔ ma Kristofo nnɛ.—1 Petro 2:21.
Saa nnyinasosɛm ahorow no bi ni: ‘Munyaa nokware no kwa, momfa mma kwa. Munnnwinnwen honam fam nneɛma ho. Monhwehwɛ Ahenni no kan. Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye. Monkyerɛkyerɛ wɔ nkurɔfo afi mu. Onyankopɔn Asɛm yɛ nokware. Dɔ Onyankopɔn, dɔ wo yɔnko. Yɛ afoforo sɛnea wopɛ sɛ wɔnyɛ wo no. Yɛn me nguan.’ Nokware Kristosom nsakrae; nneɛma a wɔde trɛw mu no nkutoo na asakra.
Ɛnyɛ sika akɛseakɛse a ɛwom no ne asɛm no. Egye ɔpepem pii na wɔatumi aka asɛm wɔ wiase nyinaa. Sika nyɛ bɔne. Sika ho dɔ ne bɔne nyinaa ntini. Ɛyɛ akwan horow a wɔfa so nya sika—abisade, bradato, ɔsrɛ, nnaadaa, atoro no—na ɛyɛ bɔne. Ɛyɛ ahiafo a wɔnam wɔn ahotoso so sisi wɔn de gye no na ɛyɛ bɔne. Na wogyigye ma atirimpɔw bi na afei wɔde di foforo ho dwuma, wɔde nya wɔn ho—ɛno yɛ korɔnbɔ. Na Farisifo no dɔ sika. Yuda tɔn Kristo gyee sika. Nyamesom nguanhwɛfo pii di wɔn anammɔn akyi nnɛ mmom sen sɛ anka wobedi Yesu akyi.
Wɔhwɛ wɔn ho, ɛnyɛ nguan no. Na ɛnyɛ Pentekostefo no nkutoo. Mfitiasesɛmfo no kyerɛkyerɛ Baasakoro, hellgya, asase a wɔbɛhyew no—ne nyinaa yɛ tete Babilon ne Misraim abosonsom nkyerɛkyerɛ. Nnɛmmafo no pow Bible no—emfi honhom mu, mfomso wom, ɛnyɛ wɔn a wɔka sɛ wɔkyerɛwee no na wɔkyerɛwee anaasɛ wɔankyerɛw wɔ bere a wɔkyerɛ no mu, na wonnye adebɔ nni na mmom adannandi. Afei asɛnkafo a wɔtɔn nyansahu a agye din, nnepa ho asɛnkafo a wɔn ano atew a wɔde nsɛm dɛdɛ nunu wɔn a wontie Bible mu nokware a nkekae nnim no asom no wɔ hɔ. Ɛnyɛ awi na mmom ntɛtɛwa na wɔde ma wɔn nguankuw no.—Yesaia 30:10; 2 Timoteo 4:3, 4.
Ampa, ɛte sɛnea na ɛte wɔ Yesu bere so no nnɛ: “Na ohuu nkurɔfo akuwakuw no, ne yam hyehyee no maa wɔn, efisɛ na wɔabrɛ, na wɔsam hɔ sɛ nguan a wonni hwɛfo.” (Mateo 9:36) Na ohuu wɔn no, “ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii.” (Marko 6:34) Yesu wɔ akyidifo wɔ asase so nnɛ a wodi n’anammɔn akyi, wɔka asɛm sɛnea ɔyɛe no, na wɔkyerɛkyerɛ Bible mu nokware a eyi honhom mu kɔm fi hɔ no.—Amos 8:11.
Saa akyidifo no ne Yehowa Adansefo. Wɔn wiase nyinaa asɛmpaka adwuma no hia sika akɛse pii, nanso efi ntoboa a wofi wɔn pɛ mu yi na wɔnsrɛsrɛ mu. Wotintim nhoma ahorow na wɔkyekyɛ wɔ bo a wɔatew so so. Wɔyɛ dapɛn dapɛn Bible adesua wɔ afi mu a wonnye ho hwee. Wonnye asafo nhyiam horow ho hwee, wonnyigye sika biara, sika ho abisade biara nni hɔ, wonntua obiara ka. Adansefo pii yɛ nnwuma ahorow de hwɛ wɔn ho na wɔde wɔn bere ne wɔn sika boa sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi adi Ahenni asɛmpaka no ho dwuma.—Mateo 24:14; Asomafo no Nnwuma 1:8.
Wɔyɛ sɛnea Yesu kyerɛe no: “Munyaa no kwa, no momfa mma kwa!” Wɔyɛ sɛnea Petro kyerɛe no: “Monyɛn Onyankopɔn nguankuw a wɔhyɛ mo nsa no, ɛnyɛ ɔhyɛ so, na mmom ɔpɛ so, ɛnyɛ ɔkwammɔne so adenya ho dɔ mu, na mmom koma a ɛpɛ mu, ɛnyɛ sɛ wɔn a wodi wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn apɛgyade so wuranom, na mmom monyɛ nhwɛso mma nguankuw no.”—Mateo 10:8; 1 Petro 5:2, 3, NW.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]
“Oral Roberts se onyan awufo, nanso sika gyigye ne nea ɔreyɛ”
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]
“Asɛmpa no a wɔka bere a wɔwɛre ahiafo ho nnaadaa”
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 8]
“Munyaa no kwa, na momfa mma kwa”