Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 11/8 kr. 21
  • “Asɛm No Mu Nhumu“

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Asɛm No Mu Nhumu“
  • Nyan!—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Baabi A Asomdwoe Nni
  • So Television Asakra Wo?
    Nyan!—1991
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Agyae TV a Mehwɛ No Pii Dodo No?
    Nyan!—1985
  • Television—Sɛnea Ɛka Yɛn
    Nyan!—1983
  • Nya Television So Tumi Ansa Na Anya Wo
    Nyan!—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 11/8 kr. 21

“Asɛm No Mu Nhumu“

Baabi A Asomdwoe Nni

Wɔ October 24, 1985 no, Amanaman Nkabom Bagua Kɛse no paee sɛ afe 1986 bɛyɛ Amanaman Ntam Asomdwoe Afe. Mpaemuka no kyerɛɛ sɛ afe no bɛyɛ nea “wɔahyira so ama Amanaman Nkabom no ne Aman a Wɔwom no mmɔden a wobɛbɔ sɛ wɔbɛma asomdwoe ho adwene no angu nkɔanim na atumi aba wɔ kwan biara so no.” Ɔkwan bɛn so na na wɔwɔ anidaso sɛ wobetumi ayɛ eyi? Denam “Aman no ne nkurɔfo no adwuma a wɔbɛkɔ so na wɔde adwempa ayɛ de asiw ɔko ano no so.”

Mprempren a “Asomdwoe” afe no abɛsen kɔ no, dɛn na yehu? Asraafo ntawntawdi a ɛkɔ so wiase nyinaa abu afa adwempa ahorow no so. The West Australian atesɛm krataa no kae sɛ: “Akofo akuw ntɔkwaw, ahye so akasakasa, amammui ne mmusua mu nsonsonoe ne ɔko ‘kronkron’ ahorow na ɛka anyɛ yiye koraa no ntawntawdi ahorow akɛse 19, ne nketewaa pii a aba no ho.” Atesɛm krataa no mu asɛm no daa no adi sɛ asraafo bɛyɛ ɔpepem biako na mprempren wɔde wɔn ho ahyɛ asraafo ntawntawdi mu wɔ wiase nyinaa. Ɛda adi sɛ wɔ ɔpepem pii a wowuwui wɔ akodi a ɛte sɛɛ mu no fam no, na asomdwoe biara nni hɔ.

So adesamma akannifo betumi anya anidaso sɛ wɔnam daakye mpaemuka ahorow a wɔde rehwehwɛ asomdwoe so benya ano aduru a ɛyɛ nokware? Dabi, efisɛ Yeremia 10:23 ka sɛ: “[Yehowa], mahu sɛ onipa kwan nni ne nsam, enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammon.” (Fa toto Yeremia 6:14 ho.) Ampa, Onyankopɔn nkutoo na obetumi de nokware asomdwoe aba.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena