Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g91 10/8 kr. 17-18
  • Nya Television So Tumi Ansa Na Anya Wo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nya Television So Tumi Ansa Na Anya Wo
  • Nyan!—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛso Tumi a Wobenya
  • Hena No Wo Kyerɛkyerɛfo?
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Agyae TV a Mehwɛ No Pii Dodo No?
    Nyan!—1985
  • So Television Asakra Wo?
    Nyan!—1991
  • Television—Sɛnea Ɛka Yɛn
    Nyan!—1983
  • Television a Wode Bedi Dwuma Nyansam
    Nyan!—2000
Nyan!—1991
g91 10/8 kr. 17-18

Nya Television So Tumi Ansa Na Anya Wo

TELEVISION wɔ tumi kɛse. Bere a Amerika TV adwuma no rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛma aman a afei na wɔrenya nkɔanim atotɔ TV no, ɛde TV ho adwene a ɛnyɛ nokware mae. Na ɔman mũ nyinaa bɛdan adesuakuw, na nnipa a wɔwɔ akyirikyiri mpo ahwɛ ɛso dwumadi a ɛho hia te sɛ kuayɛ ho akwan, asase no a wɔbɛbɔ ho ban ne mma dodow a ɛsɛ sɛ wɔwo. Na mmofra besua nnuruyɛ na wɔasua amammerɛ afi wɔn ho wɔn ho nkyɛn.

Nokwarem no, adwene a ɛte saa no yerae wɔ sɛnea TV a wɔde pɛ sika ho dwumadi te ankasa no mu​—nanso ɛnyɛ korakora. Newton Minow a ɔyɛ Federal Communications Commission panyin a ɔtoo TV din sɛ “asase kɛse a wɔmfa nyɛ hwee” no kae wɔ saa 1961 mu ɔkasa koro no ara mu sɛ TV adi dwuma kɛse na ɛwɔ anigyede ahorow.

Nokwarem no eyi te saa ara nnɛ. TV amanneɛbɔ ahorow ma yehu nneɛma a esisi wɔ wiase. TV so nsɛm a ɛfa abɔde ho no ma yehu nneɛma a anka yɛrenhu da: sɛnea apẽẽpẽẽ a wotwa no mfonini, a ɛte sɛ ɔnam mframa mu bɔkɔɔ no ahoɔfɛ te; anaasɛ nhwiren a ɛrefifi yɛbea a ɛyɛ fɛ a wotwa no mfonini fɛfɛ. Ɛwɔ amammerɛ ho dwumadi ahorow te sɛ asaw, nnwonto ne agoru ahorow. Na ɔyɛkyerɛ, ne mfonini ne dwumadi ahorow wɔ hɔ​—emu bi yɛ nwonwa ne nea wobetumi asua ade afi mu, afoforo nso yɛ nea wɔde gye ani ara kwa.

Dwumadi ahorow a wɔde kyerɛ mmofra ade nso wɔ hɔ. National Institute of Mental Health bɔ amanneɛ sɛ sɛnea mmofra tumi sua basabasayɛ fi TV so no, wobetumi asua sɛnea wobenya ayamye, adamfofa ne ahosodi su afi TV so dwumadi a eye mu nso. Dwumadi ahorow a ɛkyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ wɔyɛ ade wɔ ahokyere bere mu no agye mmofra nkwa mpo. Enti, Vance Packard kyerɛw wɔ Our Endangered Children no mu sɛ: “Sɛ ɛnyɛ sɛ tebea a awofo ntumi nyɛ ho hwee wɔ wɔn mma ho na sɛ wɔde abufuw anaa ahometew pia wɔn TV hyehyɛ mpa ase a, na wɔreyɛ ade atra so.”

Ɛso Tumi a Wobenya

Ɛda adi pefee sɛ, sɛ yɛreka mpanyimfo anaa mmofra ho asɛm a, ano aduru ara ne​—ɛso tumi a wobenya. So yɛwɔ TV so tumi, anaasɛ TV na ɛwɔ yɛn so tumi? Owura Packard kae sɛ wɔ ebinom fam no, ɔkwan a wɔbɛfa so anya TV so tumi ara ne sɛ wobeyi afi wɔn ho. Nanso afoforo ahu akwan a wɔbɛfa so anya TV so tumi na bere koro no ara mu no wɔde so mfaso horow no adi dwuma. Nea edidi so yi yɛ nyansahyɛ ahorow.

✔ Dapɛn biako anaa abien no, fa boasetɔ yɛ w’abusua no TV hwɛ ho kyerɛwtohɔ. Sɛ bere no ba awiei a, ka nnɔnhwerew no bom na hwɛ sɛ ɛfata sɛ TV di saa bere no.

✔ Hwɛ TV so dwumadi ahorow​—ɛnyɛ TV ara kwa. Hwɛ TV so dwumadi hyehyɛpon no na hwɛ nea ɛsɛ sɛ mohwɛ.

✔ Yi mmere ahorow bi si hɔ ma w’abusua no nkɔmmɔbɔ ne nhyiam horow.

✔ Abenfo bi bɔ kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔma mmofra anaa wɔn a wonnii mfe aduonu no ankasa nya TV wɔ wɔn dan mu. Ɛbɛyɛ den ama awofo sɛ wobehu nea abofra bi rehwɛ.

✔ Sɛ wubetumi atɔ VCR (videocassette recorder) a, anka eye. Sɛ wugye video kasɛt a wɔfɛm tua ho ka a eye anaasɛ wutumi kyere dwumadi ahorow a eye gu kasɛt so na mohwɛ no bere pa mu a, anka wubetumi de VCR adi dwuma na aboa ma woanya nea ɛba wo TV so no so tumi​—ɛne bere a wode sɔ wo TV no. Nanso, ahwɛyiye ho hia. Sɛ woanya VCR no so tumi a, ɛbɛma woasɛe bere pii de ahwɛ TV anaasɛ ebetumi ama woahwɛ ɔbrabɔne wɔ video so.

Hena No Wo Kyerɛkyerɛfo?

A human being is a virtual learning machine. Our senses are Onipa desani yɛ obi a osua ade. Yɛn nkatede ahorow no boaboa nsɛm ano bere nyinaa, na ɛde nsɛm bɛboro 100,000,000 ma adwene no simma biara. Yebetumi akyerɛ nea ɛsɛ sɛ saa nsɛm no yɛ no denam nea yɛbɛma akɔ yɛn nkatede ahorow mu no so. Sɛnea TV ho asɛm no kyerɛ pefee no, nneɛma a yɛhwɛ no betumi asɛe adwene ne honhom no te sɛ nea ade a yedi na yɛnom tumi sɛe nipadua no.

Yɛbɛyɛ dɛn asua wiase a yɛte mu no ho ade? Amanneɛbɔ fibea bɛn na yɛbɛpaw? Hena anaa dɛn na ɛbɛyɛ yɛn kyerɛkyerɛfo? Yesu Kristo nsɛm no boa yɛn ma yesusuw eyi ho anibere so: “Osuani nsen ne kyerɛkyerɛfo; nea wɔakyerɛ no ade yiye no yɛ sɛ ne kyerɛkyerɛfo.” (Luka 6:40, New International Version) Sɛ yɛma TV yɛ yɛn kyerɛkyerɛfo bere tenten a, ebia yebefi ase asuasua no​—yɛbɛfa brabɔ ne gyinapɛn ahorow a eyi kyerɛ no. Mmebusɛm 13:20 ka sɛ: “Wo ne anyansafo mmɔ, na dan onyansafo, na nea ɔne nkwasea bɔ no hu amane.”

Sɛ TV mfa nkwaseafo anaa wɔn a wɔbɔ ɔbrabɔne mma yɛn afi mu mpo a, enni biribi a ɛho hia yiye. Nea ɛba TV so no mu kakraa bi na ɛfa ade a ɛho hia ɔdesani biara no ho: honhom mu ahiade. TV betumi ayɛ nea eye a wɔde bɛkyerɛ tebea bɔne a wiase yi wɔ mu no, nanso dɛn na ɛyɛ na akyerɛ yɛn nea enti a onipa ntumi nni ne ho so no? Ebetumi ayɛ nea eye a wɔde bɛkyerɛ yɛn sɛnea abɔde yɛ fɛ no, nanso dɛn na ɛyɛ na atwe yɛn abɛn Ɔbɔadeɛ no? Ebetumi de yɛn akyin asase afãnan nyinaa, nanso so ebetumi akyerɛ yɛn sɛ ebia onipa betumi atra hɔ wɔ asomdwoe mu?

So “Wiase mfɛnsere” bi antumi ammua nsemmisa ahorow a ɛfa honhom mu nneɛma a ɛho hia yi ho a, na enni mũ. Ɛno nti na Bible no som bo saa no. Ɛde Ɔbɔadeɛ no “wiase mfɛnsere” ma. Wɔayɛ na aboa yɛn ma yɛate yɛn atirimpɔw wɔ asetra mu no ase na ama yɛn daakye ho anidaso pintinn. Asetra mu nsemmisa a ɛkyere adwene sen biara ho mmuae a ɛma akomatɔyam wɔ hɔ. Wobetumi akenkan wɔ Bible no nkratafã ahorow pii a ɛyɛ anigye no mu.

Nanso sɛ yɛannya TV so tumi a, ɛhe na yebenya bere no?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena