Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g85 6/8 kr. 16-19
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Agyae TV a Mehwɛ No Pii Dodo No?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Agyae TV a Mehwɛ No Pii Dodo No?
  • Nyan!—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ne Ka Yɛ Mmerɛw Sen Ne Yɛ
  • Ɔkwan Bɛn So no Metumi Adi Me Ho So wɔ ne Hwɛ Mu?
  • Migyaee TV Hwɛ
  • So Television Asakra Wo?
    Nyan!—1991
  • Nya Television So Tumi Ansa Na Anya Wo
    Nyan!—1991
  • Television—Sɛnea Ɛka Yɛn
    Nyan!—1983
  • Television a Wode Bedi Dwuma Nyansam
    Nyan!—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1985
g85 6/8 kr. 16-19

Mmofra Bisa Sɛ. . .

Mɛyɛ Dɛn Atumi Agyae TV a Mehwɛ No Pii Dodo No?

SƐ WUDU fie pɛ a, so wubue TV no ntɛm ara? So wubue si so kosi bere a ɛsɛ sɛ wokɔda​—anaasɛ kosi ahemadakye? So ɛkyere wo tra hɔ ma wohwɛ ɛso dwumadi ahorow a wompɛ mpo no​—anaasɛ wunim sɛ ɛnsɛ sɛ wohwɛ no? So wohwɛ bere a wowɔ nneɛma ahorow a ɛho hia a ɛsɛ sɛ woyɛ​—te sɛ adwuma a wɔde ama wo sɛ yɛ wɔ fie no?

Sɛ saa a, ɛnde hwɛ yiye! Efisɛ eyinom yɛ nea ebinom frɛ no TV a wɔhwɛ no pii no ho sɛnkyerɛnne no mu kakraa bi.a Ɛnyɛ sɛ TV yɛ ade a mfaso nni so. Debbie a wadi mfe 12 ka sɛ: “Mehwɛ TV efisɛ ɛma m’ani gye, ɛkyerɛkyerɛ me ade na ɛma me ho dwo me.” Nanso ade a eye a wɔyɛ ma ɛtra so mpo betumi apira obi. Na nneɛma a ɛba TV so no mu fã kɛse no ara yɛ nea enye. Basabasayɛ a ɛrenya nkɔso ne ɔbrasɛe atrɛw adu TV ‘asasetaw kɛse’ no so. Television de ɔbrasɛe sini mpo reba afie mu. Ɛnde ɔkwan bɛn so na abofra renyɛ n’ade ntra so, sɛ ɛba TV a wɔhwɛ so a?

Ne Ka Yɛ Mmerɛw Sen Ne Yɛ

“Ɛkame ayɛ sɛ mihu television sɛ ɛnyɛ ade a metumi agyae hwɛ. Sɛ́ mibue si so a, mintumi nnyaw hɔ nkɔ. Mintumi ntow mu. . . . Sɛ mesɔre sɛ merekotow television no mu a, mintumi nsõ mu ntow mu. Enti metra ase hwɛ nnɔnhwerew pii.” Abofra bi a ne ho nkokwawee ɛ? Dabi, na eyi yɛ tebea a ɛyɛ awerɛhow a ɔkyerɛkyerɛfo bi a ɔkyerɛ Engiresi kasa wɔ kɔlege bi mu wom! Susuw mmofra bi a wɔpenee so sɛ “WORENHWƐ TV DAPƐNBIAKO” no sɔhwɛ a wohyiae no ho:

“M’adwene reyɛ basaa . . . merebɔ dam.”​—Susan a wadi mfe 12.

“Miwiaa me ho kɔhwɛe nnɛ . . . mehwɛɛ ɛsõ dwumadi ahorow bɛyɛ aduonu​—wiɛ, ebia ne dodow no rennu saa. Minnye nni sɛ metumi agyae hwɛ. Mepɛ TV hwɛ dodo.”​—-Linda a wadi mfe 13.

“Na nkate no ano yɛ den kɛse. Mekɔɔ so tee nka. Na bere a emu yɛ den sen biara ne bere a ɛsɛ sɛ mekɔda a ɛne nnɔnwɔtwe ne nnɔndu ntam no.”​—Louis a wadi mfe 11.

Ampa, wɔ “gyae a wogyaee hwɛ ho yaw” yi nyinaa mu no, mmofra no nyaa nneɛma pa bi de sii TV ananmu. Abeawa biako kae sɛ: “Me ne me maame bɔɔ nkɔmmɔ. Misusuw sɛ ɔbɛyɛɛ obi a ɔwɔ anigye kɛse efisɛ na meyɛ asõ ma ɔno nkutoo a ɛnyɛ ɔno ne Television.” Abeawa foforo dii ne ho so wɔ bere yi mu denam mmɔden a ɔbɔe sɛ obesua aduannoa no so. Abarimaa biako a wɔfrɛ no Jason hui sɛ ebetumi ayɛ anigye sɛ ɔbɛkɔ “beae a wodi agoru mmom sen sɛ ɔbɛhwɛ TV” na saa ara na obetumi akoyi nsu mu nam, ɔbɛkenkan nhoma anaasɛ ɔbɛkɔ mpoano.

Nanso mmofra no mu fã kɛse no ara de ahopere kɔhwɛɛ television no bere a “DAPƐN A WƆRENHWƐ TV” no baa awiei no. Eyi nkyerɛ sɛ TV hwɛ nyɛ nea wɔrentumi nnyae. Abusua biako sii gyinae sɛ wɔbɛtɔn wɔn Teleuision, na wɔbɔ amanneɛ sɛ: “TV a yenni bi no ayɛ te sɛ nea yɛn ho atɔ yɛn koraa wɔ bere a ɔyare bi a emu yɛ den abɔ yɛn bere tenten akyi no.” Ebia pii rente nka sɛ ɛho hia wɔ wɔn fam sɛ wogyae TV hwɛ koraa. Wɔ wɔn fam no, asemmisa no ne sɛ . . .

Ɔkwan Bɛn So no Metumi Adi Me Ho So wɔ ne Hwɛ Mu?

Ɔkyerɛwfo Linda Nielson ka sɛ: “Ahosodi fi ase denam sua a wosua sɛnea wɔde botae horow sisi hɔ no so. Enti sɛnea ɛbɛyɛ a wubedi wo ho so wɔ TV hwɛ mu no, ɛho hia sɛ wotew bere a wode hwɛ no so sɛnea ɛsɛ. Breaking the TV Habit nhoma no hyɛ nyansa sɛ ɛsɛ sɛ wufi ase denam su ahorow a wuyi adi wɔ ho mprempren no mu a wobɛhwehwɛ no so. Ebia wubetumi ayɛ ɛso dwumadi ahorow a wohwɛɛ no dapɛn biako ne bere dodow a wode tra TV no anim da biara no ho kyerɛwtoho. Afei hwehwɛ ɛso dwumadi ahorow a wohwɛ no mu yiye. Bible no bisa sɛ, “So ɛnyɛ aso na ɛsɔ nsɛm hwɛ, na dodom nso ka aduan hwɛ?” (Hiob 12:11) Enti fa nhumu (a w’awofo afotu ka ho) di dwuma na hwɛ sɛ ɛso dwumadi ahorow bɛn na mfaso wo so sɛ wohwɛ ankasa.

Ebinom di kan hu ɛso dwumadi ahorow a wɔbɛhwɛ no na wobue TV no hwɛ ɛso dwuma di ahorow yi nkutoo! Afoforo yɛ nhyehyɛe a emu yɛ den na wɔhyɛ mmara ma wɔn ho sɛ wɔrenhwɛ television wɔ dapɛn a wɔkɔ sukuu wom no mu anaasɛ dɔnhwerew biako da biara. (Akyerɛkyerɛfo binom kamfo kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ mmofra a wɔanya mfe a ɛma wotumi kɔ sukuu no de nnɔnhwerew du hwɛ TV dapɛn biara.) Ade a ɛho hia ne sɛ wɔbɛtew ne hwɛ so. Nanso sɛ TV a wɔatow mu yɛ sɔhwɛ kɛse ma wo nso ɛ? Abusua biako dii ɔhaw no ho dwuma wɔ saa kwan yi so: “Yɛde yɛn television no sii ɔdan a ɛwɔ fam no biako mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrenyɛ ɔhaw mma yɛn . . . Ɛyɛ den sɛ wobɛkɔ saa ɔdan no mu akobue bere a woaba fie no. Ɛsɛ sɛ wosian kɔ ase hɔ ansa na woatumi ahwɛ ɛso dwumadi bi.” Ebia wo television no a wode besi ɔdan a wode wo ntade sensɛn mu no mu anaasɛ ne nhama a womfa nhyɛ anyinam ahoɔden tokuru no mu no bɛma woatumi adi ho dwuma.

Ebia wubebisa sɛ, ‘Na sɛ m’ani haw nso ɛ?’ Wiɛ, TV no a wobɛtow mu no bɛma woatumi ayɛ nneɛma pii a worentumi nyɛ bere a TV akyere wo atra hɔ no. (Hwɛ kratafa yi atifi hɔ.) Nanso TV wɔ tumi a ɛtwetwe obi. Enti egye ɔpɛ a emu yɛ den na ama woatumi agyae ne hwɛ. Wɔ asɛm bi a yɛadi kan akyerɛw mu no, yehyiaa aberantewaa bi a wɔfrɛ no Wyant a na ɔwɔ ɔpɛ a ɛte saa. Enti momma yɛne no ntoa yɛn nkɔmmɔbɔ no so.

Migyaee TV Hwɛ

Nyan!: Ɛda di sɛ na woyɛ obi a ɔhwɛ TV pii dodo ankasa, so ɛnte saa?

Wyant: Yiw. Bere a na meyɛ abofra no, sɛ midu fie ara pɛ a, mifi ase hwɛ TV kosi bere a ɛsɛ sɛ mekɔda. Nanso mifii ase gyaee TV hwɛ bere a mekɔɔ ntoaso sukuu akyi no. Wunim, bɛyɛ mfe bi a atwam ni no, m’abusua no fii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no. Nanso yɛansua ade ankyɛ, na bere a mifii ase kɔɔ ntoaso sukuu no na yɛagyae Kristofo nhyiam horow a yɛkɔ no koraa. Enti mantumi ne Adansefo mmofra ammɔ wɔ sukuu mu. Wɔ mmofra afoforo no fam de, na nneɛma a wosusuw ho nkutoo ne ɔbarima ne ɔbea nna ne agumadi ahorow. Na minim Bible no yiye ma enti mantumi ne wɔn nso ammɔ saa ara.

Nyan!: Enti den na woyɛe?

Wyant: Mihui sɛ ɛsɛ sɛ mede me ho bɔ kuw biako anaasɛ foforo no ho. Enti mepaw fekuw a me ne Adansefo mmofra no bɛbɔ no. Esiane eyi nti, mifii ase nyaa nkɔso wɔ honhom mu. Mifii ase suaa Bible no bio na mekɔɔ Kristofo nhyiam horow no bi.

Nyan!: Na eyi fa TV a wohwɛ no ho dɛn?

Wyant: Bere a anisɔ a mewɔ ma honhom mu nneɛma yɛɛ kɛse no, mihui sɛ ɛso dwumadi ahorow pii a metaa hwɛ no nye ma Kristofo ankasa. Bio nso, metee nka sɛ ɛho hia sɛ mede bere pii sua Bible no na misiesie me ho ma Kristofo nhyiam horow. Eyi kyerɛ sɛ na ɛsɛ sɛ metew bere pii a mede hwɛ TV no so. Na ɛnyɛ mmerɛw. Na m’ani gye Memeneda TV so dwumadi ahorow no ho. Nanso afei me nua Kristoni bi a ɔwɔ asafo no mu too nsa frɛɛ me sɛ me ne no nkɔ afie afie asɛnka Memeneda anɔpa. Ɛno na ɛma migyaee TV a mehwɛ no Memeneda anɔpa no. Enti awiei koraa no, misuae sɛ mɛtew TV a mehwɛ no so ankasa.

Nyan!: Ɛnnɛ nso ɛ?

Wyant: Wiɛ, meda so ara wɔ ɔhaw a ɛne sɛ, sɛ mibue TV no a, mintumi nyɛ hwee. Enti mentaa mmue. Wɔ nokwarem no, me TV no asɛe bɛyɛ asram kakraa bi a atwam ni nanso menhaw me ho sɛ mesiesie no.

So wuhuu nea ɛmaa Wyant yɛɛ nsakrae ahorow atitiriw yi? Ná ɛyɛ “anisɔ a ɔwɔ ma honhom mu nneɛma” a ɛyɛɛ kɛse bere a osuaa Bible no. Bio nso, Wyant nyaa mmoa fii ne nnamfo Kristofo a wɔboaa no ma ohuu bo a ɛsom sɛ ‘obɛkɔ so wɔ Awurade adwuma mu daa’ no ho. (1 Korintofo 15:58) ɔbɛyɛɛ obi a onni adagyew koraa ma enti na onni bere mma TV so dwumadi ahorow a mfaso nni so no.

Wo nso, wubehu sɛ Onyankopɔn a wobɛbɛn no ne w’ani a wobɛma abere wɔ n’adwuma mu no bɛboa wo ma woadi TV a wohwɛ no pii dodo no so. (Yakobo 4:8) Ampa, bere a wode hwɛ TV a wotew so no bɛkyerɛ sɛ worentumi nhwɛ ɛso dwumadi ahorow a w’ani gye ho no mu binom. Nanso dɛn nti na ɛsɛ sɛ wode TV di dwuma ‘kosi ase’ na woma ɛso dwumadi biara a wobɛhwɛ de wo yɛ akoa? (Hwɛ 1 Korintofo 7:29, 31.) Eye sɛ wubedi wo ho “nya” te sɛ ɔsomafo Paulo a ɔkae bere bi sɛ: “Mehyɛɛ me nipadua ahometew na midii no nya” no. (1 Korintofo 9:27) So eyi nyɛ nea eye nsen akoa a wobɛyɛ ama TV?

[Ase hɔ nsɛm]

a Yɛsrɛ wo, hwɛ asɛm a ɛne “Mmofra Bisa Sɛ . . . So Mehwɛ TV Pii Dodo?” a epuei wɔ December 22,1984 Awake mu no.

[Kratafa 18 adaka]

Nneɛma Ahorow a Wubetumi Ayɛ Bere a Woatow TV no Mu

Wo ne wo nnamfo mmɔ nkɔmmɔ

Bɔ nnwom

Fa wo ho hyɛ apɔw-mu- teɛteɛ agoru ahorow mu

Fɛ wo ho hyɛ fie agoru ahorow mu

Kɔsrasra mmeae horow a ɛhɔ yɛ anigye wɔ kurow no mu(tete nneɛma akorae, mmoa yɛmmea ahorow, abura a wɔyɛn mpataa wom ne nea ɛkeka ho)

Sua nneɛma a wɔde bɔ nnwom no bi bɔ

Sua aduannoa

Sua adepam

Yɛ ofie nnwuma ahorow no bi

Kyerɛw nkrataa

Sua sɛnea wosiesie mfiri ahorow bi

[Kratafa 17 mfoni]

Sɛ wode television si baabi a ɛma ne hwɛ yɛ den a, ɛma ho sɔhwɛ a ɛbɛma woakobue no yɛ ketewaa bi

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena