So Television Asakra Wo?
‘Wiase mfɛnsere.’ Saa na wɔfrɛ TV. Wɔ nhoma Tube of Plenty—The Evolution of American Television no mu no, ɔkyerɛwfo Erik Barnouw ka sɛ eduu 1960 mfe no mfiase no na “[TV] ayɛ wiase mfɛnsere ama nnipa pii. Na ɛte sɛ nea na ɛma wohu ara ne wiase no. Na wɔwɔ sɛnea eye na edi mũ no mu awerɛhyem.”
Nanso, mfɛnsere ara kwa ntumi mpaw nea ɛma wohwɛ no mma wo; entumi nkyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ ɛhyerɛn ne sɛnea ɛsɛ sɛ ɛbɛn wo; na entumi nsakra adehwɛ no mpofirim na ama w’ani akɔ so agye ho. TV betumi ayɛ saa. Nokwasɛm ahorow yi ma wunya nea wohwɛ no ho nkate ne adwene a emu yɛ den, nanso wɔn a wɔyɛ TV so dwumadi ho nhyehyɛe no na ɛkyerɛ no kwan. Atesɛm ne mfonini ahorow a enni obiara afa mpo wɔ nkɛntɛnso a ɛte saa ase a sɛnea ɛnkɔ amannɔne no mfa ho.a
Ɔdaadaafo Kɛse
Nanso mpɛn pii no, nnipa a wɔhwɛ TV so dwumadi so no bɔ mmɔden sɛ wobenya wɔn a wɔhwɛ no so nkɛntɛnso. Sɛ nhwɛso no, wɔ adetɔn ho dawurubɔ mu no, wobetumi de biribiara adaadaa wo ma woanya ɔpɛ sɛ wobɛtɔ. Ade no su. Dwom. Nnipa a wɔn ho yɛ fɛ. Ɔbarima ne ɔbea nna ho akɔnnɔ. Mmeae a ɛyɛ fɛ. Nneɛma a wɔde di dwuma adɔɔso, na wɔde di dwuma ahokokwaw so.
Adetɔn ho dawurubɔfo panyin bi ka ne mfe 15 a ɔde yɛɛ adwuma no ho asɛm sɛ: “Mihui sɛ na metumi afa kaseɛbɔ kwan [te sɛ TV] so akasa akyerɛ nnipa no tee, na afei te sɛ nkonyaayifo no, mede nneɛma ahyɛ wɔn adwenem a ebetumi ama wɔayɛ nea wonsusuwii da sɛ wɔbɛyɛ.”
Tumi a TV wɔ wɔ nnipa so no daa adi wɔ 1950 mfe no mu. Adwuma bi a na ɛyɛ lipstik a enya mfaso $50,000 afe biara no fii ase bɔɔ ho dawuru wɔ U.S. TV so. Edii mfe abien no, adetɔn no nyaa nkɔso kɛse ma wonyaa $4,500,000 afe biara! Sika a wɔde to sikakorabea bi koduu $15,000,000 mpofirim bere a wɔbɔɔ wɔn dwumadi ho dawuru wɔ TV so dwumadi bi a mmea ani gye ho titiriw mu akyi no.
Ɛnnɛ, Amerikani biara hwɛ nneɛma ho dawurubɔ ahorow bɛboro 32,000 afe biara. Nneɛma ho dawurubɔ no kanyan nkate. Mark Crispin Miller kyerɛwee wɔ Boxed In—The Culture of TV mu sɛ: “Ɛyɛ nokware sɛ nea yɛhwɛ no nya yɛn so nkɛntɛnso. Nneɛma ho dawurubɔ a abu so wɔ da biara da asetra mu no nya yɛn so nkɛntɛnso ntɛm ara.” Sɛnea ɔka ka ho no, saa nkɛntɛnso yi “yɛ asiane efisɛ ɛtaa ba sɛ ɛyɛ den sɛ yebehu akyi, nti enni huammɔ kosi sɛ yebesua sɛnea yebehu akyi.”
Nanso TV tontɔn nea ɛsen lipstik, amammui nsusuwii horow ne amammerɛ Ɛtɔn abrabɔ pa nso—anaasɛ abrabɔ bɔne.
TV ne Abrabɔ Pa
Nnipa kakraa bi pɛ na sɛ wɔte sɛ wɔtaa yi ɔbarima ne ɔbea nna ho nneɛma wɔ Amerika TV so a, ɛbɛyɛ wɔn nwonwa. Nhwehwɛmu bi a wotintimii wɔ 1989 mu wɔ Journalism Quarterly mu no daa no adi sɛ wɔ TV adwumayɛ bere nnɔnhwerew 66 mu no, woyii ɔbarima ne ɔbea nna ho ade mpɛn 722, nea wogyina nneyɛe bi so kyerɛe, nea wɔde ano kae anaasɛ nea wɔyɛe ankasa. Nhwɛso horow no fa agoru a edi ɔbarima ne ɔbea nna anim so kosi nna no ankasa, boasipem, mmarima a wɔne wɔn ho wɔn ho da ne mogyafra so. Sɛ wɔkyekyɛ mu pɛpɛɛpɛ a, na wɔyɛ no mpɛn 10.94 dɔnhwerew biara!
Ɛnyɛ United States nkutoo na woyi. Franse TV so dwumadi ahorow yi ɔbarima ne ɔbea nna mu atirimɔdenne a wɔyɛ no pefee kyerɛ. Woyi obi ho a ɔbɔ no kwatrekwa de saw wɔ Italia TV so. Spania ɔdasu mu TV so dwumadi ahorow yi basabasayɛ ne ɔbarima ne ɔbea nna ho nneɛma. Ebi keka ho.
Basabasayɛ yɛ TV so ɔbrabɔne foforo. Wɔ United States no, obi a ɔkasa tia TV so dwumadi wɔ Time nsɛmma nhoma mu no kamfoo “aseresɛm a ɛyɛ abofono” a na ɛwɔ dwumadi ahorow bi a na ɛyɛ hu mu no. Na nea ɛwɔ dwumadi ahorow no mu ne titwa, nnipa a wotwitwa wɔn, nnipa a wosina wɔn ne wɔn a honhomfĩ asi wɔn so. Nokwarem no, TV so basabasayɛ pii nyɛ hu saa—na ɛnyɛ den sɛ wobebu ani agu so. Bere a wɔkɔsɔɔ Atɔe fam TV hwɛe nnansa yi wɔ Afrika Atɔe fam wɔ Côte d’Ivoire akuraa bi a ɛwɔ akyirikyiri ase no, akɔkoraa bi a ne ho adwiriw no bisae sɛ, “Dɛn nti na aborɔfo wowɔ wɔn ho sekan, bobɔ wɔn ho tuo na wɔbobɔ wɔn ho akuturuku bere nyinaa saa?”
Nokwarem no, mmuae no ne sɛ wɔn a wɔyɛ TV so dwumadi ahorow ho nhyehyɛe no pɛ sɛ woyi nea wɔn a wɔhwɛ no pɛ sɛ wohu kyerɛ wɔn. Basabasayɛ no twetwe nnipa pii. Ɔbarima ne ɔbea nna nso yɛ saa ara. Enti TV de emu biara kakra ma—nanso ɛnyɛ pii ntoatoaso, anyɛ saa a ɛbɛfono wɔn a wɔhwɛ no. Donna McCrohan ka wɔ Prime Time, Our Time mu sɛ: “Dwumadi atitiriw no mu pii yi kasafĩ, ɔbarima ne ɔbea nna, basabasayɛ, anaa nea asɛm no fa ho no kɔ akyiri; afei, bere a wɔadu akyiri no, wɔtra. Enti, nnipa no yɛ krado ma biribi foforo.”
Sɛ nhwɛso no, bere bi na wobu mmarima a wɔne wɔn ho wɔn ho da ho asɛm sɛ “ɛtra” nea ɛfata sɛ woyi wɔ TV so. Nanso bere a wɔn a wɔhwɛ no penee so no, wɔhwɛɛ nea ɛboro saa kwan. Franseni sɛnkyerɛwfo bi kae sɛ: “Obi a ɔhyehyɛ TV so dwumadi biara ntumi nka mmarima a wɔne wɔn ho wɔn ho da ho asɛm sɛ ɛyɛ adebɔne nnɛ . . . Mmom no ɛyɛ gye a ɔmanfo nnye nto mu no na ɛnteɛ.” Wɔ 1990 mu no, woyii ‘mmarima a wɔne wɔn ho wɔn ho da sini ahorow nea edi kan wɔ nkurow 11 mu wɔ Amerika cable TV so. Na mmarima a wɔne wɔn ho wɔn ho reda wɔ dwumadi ahorow no mu. Nea ɔhwɛ dwumadi no so no kae wɔ Newsweek nsɛmma nhoma mu sɛ mmarima a wɔne wɔn ho wɔn ho da na wɔyɛɛ dwumadi no ho nhyehyɛe na “anyɛ wɔn a wɔhwɛ no tan bio na nnipa ahu sɛ yɛte sɛ obiara.”
Adaeso Ne Ade a Ɛrekɔ So Ankasa
Wɔn a wɔbɔɔ nhwehwɛmu bi a wɔyɛe ho amanneɛ wɔ Journalism Quarterly mu no kae sɛ, esiane sɛ ɛte sɛ nea TV nyi nea efi ɔbarima ne ɔbea nna ho ɔbrabɔne mu ba no da nti, ɛso “ɔbarima ne ɔbea nna a ɛkanyan akɔnnɔ no” yɛ atoro a wɔbɔ no dawurubɔ. Wɔkaa nhwehwɛmu foforo ho asɛm sɛ TV so dwumadi a woyi no asinasin da asɛm yi adi sen biara sɛ: Ɔbarima ne ɔbea nna wɔ hɔ ma wɔn a wɔnyɛ awarefo na obiara nnya ɔyare mfi mu.
So saa na ɛte wɔ wiase, sɛnea wunim no? So ɔbarima ne ɔbea nna a edi aware anim a wɔde wɔn hyem no mma wɔn a wonnii mfe aduonu nnyinsɛn anaasɛ nkurɔfo nnya ɔyare a efi ɔbarima ne ɔbea nna mu ba biara? Bɔbeasu koro mufo a wɔne wɔn ho wɔn ho da ne wɔn a wɔne mmarima ne mmea nyinaa da mma wonsuro sɛ wobenya AIDS? Basabasayɛ ne nsɛmmɔnedi a akatakyie di nnebɔneyɛfo so nkonim—nanso anwonwa kwan so no, ɛntaa mma wɔn mu biara mpira? TV da wiase bi a emu nneyɛe yɛ anigye a amanehunu biara nni mu adi. Ɛde akɔnnɔ a wodwudwo no ntɛm ara asi ahonim, ne abrabɔ pa ne ahosodi anan mu.
Ɛda adi sɛ, TV nyɛ “wiase mfɛnsere”—anyɛ yiye koraa no, ɛnyɛ wiase no ankasa. Nokwarem no, wɔato nhoma bi a nnansa yi wɔkyerɛw faa TV ho no din sɛ The Unreality Industry. (Nneɛma a Enni hɔ ho Dwumadi) Ne kyerɛwfo no kae sɛ TV “abɛyɛ nneɛma a ɛwɔ yɛn asetra so nkɛntɛnso kɛse no mu biako. Nea afi mu aba ne sɛ ɛnyɛ sɛ nokware nkutoo na TV da no adi, mmom no sɛnea ɛho hia na ɛhaw adwene kɛse no nso, TV sɛe nsonsonoe, ɔhye a ɛda nokware ne atoro ntam no.”
Ebia wɔn a wosusuw sɛ TV ntumi nya wɔn so nkɛntɛnso no bebu nsɛm yi sɛ ahunahuna. Ebinom ka sɛ ‘Ɛnyɛ nea mehwɛ biara na migye di.’ Ebia na wunnye TV nni. Nanso abenfo de kɔkɔbɔ ma sɛ kasa a wɔkasa tia ntɛm so yi rentumi mmɔ yɛn ho ban mfi anifere kwan a TV fa so nya yɛn nkate ahorow so nkɛntɛnso no ho. Ɔkyerɛwfo bi kae sɛ: “TV nnaadaa atitiriw mu biako ne sɛ ɛmma yenhu sɛnea enya yɛn so nkɛntɛnso no da.”
Afiri a Ɛwɔ Nkɛntɛnso
Sɛnea 1990 Britannica Book of the Year ka no, sɛ wɔkyekyɛ mu pɛpɛɛpɛ a, Amerikafo de nnɔnhwerew ason ne simma abien hwɛ TV da biara da. Akontaabu foforo ka sɛ ɛyɛ nnɔnhwerew abien da biara da, nanso ɛno mpo bɛkyerɛ sɛ obi de ne nkwa nna mu mfe ason hwɛ TV! Ɛbɛyɛ dɛn na TV a wɔhwɛ no pii saa no rentumi nnya nkurɔfo so nkɛntɛnso?
Ɛnde ɛnyɛ nwonwa sɛ yɛkenkan nnipa a wontumi nhu TV ne nokware ntam nsonsonoe ho nsɛm no. Nhwehwɛmu bi a wɔatintim wɔ Britania nsɛmma nhoma Media, Culture and Society mu no kyerɛ sɛ TV ma nkurɔfo pii nya “sɛnea wiase no te ankasa ho adwene foforo,” na ɛdaadaa wɔn ma wosusuw sɛ nea wɔhwehwɛ sɛ ɛba no ne nokware ankasa. Ɛte sɛ nea nhwehwɛmu afoforo a wɔayɛ, titiriw U.S. National lnstitute of Mental Health de no, ne nneɛma a wɔahu yi hyia.
Sɛ TV tumi kɛntɛn nea pii susuw sɛ ɛyɛ nokware no so a, ɛbɛyɛ dɛn na ɛrentumi nya nnipa asetra ne wɔn nneyɛe so nkɛntɛnso? Donna McCrohan kyerɛw wɔ Prime Time, Our Time mu sɛ: “Sɛ wɔyɛ akyide na wɔka kasafĩ wɔ TV so dwumadi a agye din yiye mu a, yɛte ahofadi nka kɛse sɛ yɛn ankasa nso betumi ayɛ saa. Saa ara nso na enya yɛn so nkɛntɛnso bere a . . . ɛma ɔbrabɔne ho kwan, anaasɛ ɔkatakyie bi ka condom a ɔde di dwuma no ho asɛm no. Wɔ emu biara mu no, TV nkɛntɛnso—yɛ nyaa—te sɛ ahwehwɛ a ɛma yehu onii a yebetumi ate nka sɛ yɛyɛ ma enti mpɛn pii no, yɛbɛn nnipa a wɔte saa.”
Nokwarem no, TV a aba pii no ama ɔbrabɔne ne basabasayɛ nso adɔɔso. So ehyiae ara kwa? Ɛnte saa ankasa. Nhwehwɛmu bi daa no adi sɛ aman abiɛsa so nsɛmmɔnedi ne basabasayɛ nyaa nkɔanim bere a wɔde TV kɔɔ emu biara so no akyi. Beae a wɔde TV kɔɔ hɔ ntɛm no, nsɛmmɔnedi no kɔɔ soro ntɛm wɔ hɔ.
Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, TV nka nneɛma a wɔde gye wɔn ahome no ho mpo sɛnea ebinom susuw no. Nhwehwɛmu bi a wɔde nnipa 1,200 yɛe wɔ mfe 13 mu no daa no adi sɛ nneɛma a wɔde gye ahome nyinaa mu nea etwa to ne TV hwɛ. Mmom no ankanyan wɔn a wɔhwɛɛ no nanso na wɔabrɛ ma wontumi mfa wɔn adwene nsi biribiara so. Wɔn a wɔhwɛe bere tenten no titiriw tebea sɛe sen bere a wofii ase hwɛe no. Nea ɛne eyi bɔ abira no, akenkan maa nnipa no ho tɔɔ wɔn, wɔ nkate pa mu na ɛma wotumi de wɔn adwenem si nneɛma so!
Nanso nhoma bi ye sɛ dɛn araa a, TV a ewia bere no betumi apia ato nkyɛn. Bere a wɔde TV kɔɔ New York City nea edi kan no, ankyɛ na nhomakorabea ahorow bɔɔ amanneɛ sɛ nhoma kyekyɛ akɔ fam. Nokwarem no, eyi nkyerɛ sɛ adesamma rebegyae akenkan. Nanso, wɔka sɛ nnɛ nnipa mfa boasetɔ nkenkan nhoma, sɛ wonhu mfonini ahorow a ɛyɛ fɛ no a, wɔn adwene brɛ. Nkontaabu ne nhwehwɛmu biara nni hɔ a ɛbɛkyerɛ sɛ adwenem naayɛ a emu nna hɔ yiye yi yɛ nokware. Nanso, sɛ yɛkɔ so hwɛ TV so dwumadi ahorow a wɔahyehyɛ na agye yɛn adwene bere nyinaa no a, dɛn na yɛhwere wɔ yɛn ankasa ho a yɛbɛhyɛ so no mu?
Adaka no ho Mmofra
Nanso, mmofra fam na TV ho asɛm no ho hia ankasa. Nea TV betumi ayɛ mpanyimfo biara no, ebetumi ayɛ mmofra—ɛka wɔn kɛse. Anyɛ yiye koraa no, mmofra na wogye atoro wiase a wohu wɔ TV so no di. German atesɛm krataa Rheinischer Merkur/Christ und Welt kaa nhwehwɛmu bi a wɔyɛe nnansa yi a ɛkyerɛ sɛ mmofra ntaa nhu “sɛnea asetra te ankasa ne nea wohu wɔ TV so no mu nsonsonoe ho asɛm. Wɔde nea wohu wɔ atoro wiase no mu no ba wiase ankasa no mu.”
Nyansahu mu adesua horow bɛboro 3,000 ne mfe du du a wɔde ayɛ nhwehwɛmu si so dua sɛ TV so basabasayɛ nya mmofra ne wɔn a wonnii mfe aduonu no so nkɛntɛnso bɔne. Ahyehyɛde ahorow a agye din te sɛ American Academy of Pediatrics, National Institute of Mental Health, ne American Medical Association nyinaa gye tom sɛ TV so basabasayɛ tumi ma mmofra yɛ ntɔkwapɛfo a wɔmpɛ nnipa asɛm.
Nhwehwɛmu ama wɔahu nneɛma afoforo nso a ɛhaw adwene. Sɛ nhwɛso no, wɔka sɛ mmofra a wɔyɛ akɛse tra so no fi TV a wɔhwɛ no mmoroso. Ɛda adi sɛ efi nneɛma abien (1) Wɔde bere a wodi wɔ adaka no anim a wɔmfa nyɛ hwee no si nnɔnhwerew a wɔde bedi agoru no ananmu (2) Nneɛma ho dawurubɔ wɔ TV so no ma mmofra pɛ sradennuan a ahoɔden nni mu ahe biara no di. Nhwehwɛmu foforo ma ɛda adi sɛ mmofra a wɔhwɛ TV pii no mmɔ mmɔden wɔ sukuu. Bere a wɔakɔ so ara agye asɛm yi ho akyinnye no, Time nsɛmma nhoma bɔɔ amanneɛ nnansa yi sɛ, adwenem hwehwɛfo ne akyerɛkyerɛfo pii ka sɛ TV na ama mmofra pii ntumi nkenkan ade na wɔmmɔ mmɔden wɔ sukuu bio no.
Asɛm no fa bere ho titiriw nso. Ebedu bere a Amerikani abofra bewie ntoaso sukuu no na wasɛe nnɔnhwerew 17,000 wɔ TV ho sen nnɔnhwerew 11,000 a ɔde kɔɔ sukuu no. Mmofra pii fam no, wɔhwɛ TV titiriw bere a wonni biribiara yɛ, sɛ ɛnyɛ ɛno mpo ne ade a wɔyɛ titiriw a. Nhoma The National PTA Talks to Parents: How to Get the Best Education for Your Child no ka sɛ mmofra a wɔwɔ nkongua a ɛto so anum (wɔadi mfe du) mu fã kɛse no ara de simma anan kenkan ade wɔ fie da biara, nanso wɔde simma 130 na ɛhwɛ TV.
Awiei koraa no, nnipa kakraa bi pɛ na wobegye ho akyinnye sɛ TV nyɛ asiane ankasa ma mmofra ne mpanyin nyinaa. Nanso dɛn na ɛno kyerɛ? So ɛsɛ sɛ awofo bara TV hwɛ wɔ wɔn fie? So ɛsɛ sɛ nnipa tow gu anaa wopia hyɛ mpa ase na wɔde abɔ wɔn ho ban afi ne nkɛntɛnso ho?
[Ase hɔ nsɛm]
a Hwɛ “So wubetumi agye atesɛm no adi ankasa” wɔ August 22, 1990, Awake! mu.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 14]
“Dɛn nti na aborɔfo wowɔ wɔn hɔ sekan, bobɔ wɔn ho tuo na wɔbobɔ wɔn ho akuturuku bere nyinaa saa?”
[Kratafa 16 mfoni]
Dum TV no, fa nhoma kenkan