Ntafo—Wɔbɛn So Dɛn?
Wɔ November 1985 mu no, Mary tee yaw bi a ɛkaa no ma okohuu oduruyɛfo. Wɔ nsrahwɛ ne sɔhwɛ ahorow pii akyi no, oduruyɛfo no hui sɛ na ɛfa ne bɔnwoma kotoku ho.
Bɛyɛ adapɛn abiɛsa akyi no, Mary nubea Martha a saa bere no na ɔte baabi bɛyɛ akwansin 1,500 no yaree dennen. Ɔno nso tee yaw pii nka te sɛ ne nuabea no. Na nsɛnkyerɛnne no sɛ. Asɛnnennen no—ne bɔnwoma kotoku.
Na Jeanette ne ne nuabea Jeanne hyɛ ntade koro bere nyinaa. Wɔn adamfo bi maa wɔn adwene a ɛbɛma wɔatumi anya ntade pii. Esiane sɛ na wɔn nyinaa kɛse yɛ pɛ nti, wɔn mu biara ahyɛ ne yɔnko ntade.
Bere a wogye toom sɛ ɛyɛ adwempa no, wɔpaw aguadidan kɛse bi na obiara faa ne kwan sɛ ɔrekodi gua, na wɔpenee so sɛ wɔbɛsan aba bere pɔtee bi mu na wɔde nneɛma a wɔpawee no atoto ho. Bere a wɔsan behyiae wɔ nnɔnhwerew pii akyi, nea ɛyɛɛ wɔn nwonwa no, na wɔn baanu nyinaa apaw ntade a ɛsesɛ!
SO WOKA sɛ ɛyɛ hu? Ampa, nnipa pii begye atom sɛ ɛda adi sɛ osuahu ahorow a ɛtete sɛɛ no ntaa mma wɔ abusua mufo mu. Nanso, wɔn a wɔabɔ wɔn din wɔ atifi hɔ no nyɛ nuanom ara kwa. Wɔyɛ ntafo. Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ osuahu a ɛtete sɛ eyinom taa sisi wɔ ntafo mu, titiriw bere a wɔsɛ no. Ebia wubebisa sɛ, ‘Nanso dɛn ntia?’ Dɛn nti na ɛtaa ba sɛ ntafo wɔ su ne nneyɛe ahorow koro no ara a mmofra baanu a wɔwo wɔn mu biara nko wɔ abusua bi mu no nni bi no? Wɔbɛn so ankasa dɛn? Ma yɛnhwehwɛ mu.
Ntafo Awo
Wobu ano sɛ ntafo baanu baanu ɔpepem 50 na wɔwɔ wiase nyinaa. Ɛdefi 1960 mu no, ntafo awo nkyekyem no akɔ soro sen bere biara. Wɔ United States nkutoo no, wobu ano sɛ awo 50 biara mu biako yɛ ntafo.
Ntafo ba bere a wonya mmadwoa anaa nkesua a atɔ ba abien na mmom ɛnyɛ biako wɔ ɔbea awotwaa mu no. Sɛ wonyinsɛn mmofra fi mmadwoa abien ne nkwamoaa abien mu a, wɔka sɛ wɔyɛ nta a wɔnsɛ. Wɔrensɛ nkyɛn mmofra a wɔnyɛ nta ahe biara.
Nanso, sɛ nta fi mmadwoa biako a atɔ ba na emu paapae wɔ nyinsɛn akyi bere tiaa bi mu a, wɔka sɛ wɔsɛ. Saa ntafo yi wɔ bɔbea su koro bere nyinaa na wɔwɔ awosu mu ade koro no ara. Wɔn a wɔsɛ no ba wɔ ntafo awo mu fi anan biara mu biako kosi abiɛsa biara mu biako mu. Wɔ wiase nyinaa no, wɔwo ntafo a wɔsɛ wɔ bɛyɛ awo biara 250 kosi 350 mu biako mu.
Sɛ́ wobehu sɛ ntafo bi yɛ nea wɔnsɛ anaa wɔsɛ wɔ awo mu no nyɛ mmerɛw sɛnea na wosusuw bere bi no. Wɔ mfe pii mu no, na nnuruyɛfo kyerɛ sɛ awo akyi ade biako a ntafo a wɔwɔ bɔbea su koro da mu no kyerɛ sɛ wɔsɛ, bere a na awo akyi ade abien no kyerɛ sɛ wɔnsɛ. Mprempren, nnuruyɛfo hu sɛ ebetumi ayɛ yiye sɛ ntafo a wɔnsɛ awo akyi ade bɛka abom ayɛ biako, bere a ntafo a wɔsɛ no mogya tɔw biara betumi anya n’ankasa awo akyi ade, ne n’ankasa nsu a ɔda mu ne funuma.
Nea ɛnyɛ nwonwa no, awogyefo ne nnuruyɛfo dii ntafo pii ho mfomso wɔ mmere a atwam mu. Wɔka kyerɛɛ ebinom sɛ wɔnsɛ bere a na wɔsɛ ankasa anaasɛ wɔsɛ ɛwom sɛ nokwarem no na wɔnsɛ de.
‘Nanso wubetumi ahwɛ ntafo bi ara kɛkɛ na woaka sɛ wɔsɛ—so ɛno nyɛ adanse a ɛdɔɔso?’ Ɛnte saa ankasa. Bere a ɛyɛ nokware sɛ ntafo a wɔsɛ pii yɛ nea wɔn anim sesɛ no, eyi nkyerɛ sɛ wɔsɛ ankasa. Nea asɛm “ntafo a wɔsɛ” no kyerɛ ankasa ne sɛ ntafo no nneɛma a wonya fii awo mu no sesɛ, na ɛnyɛ wɔn anim hwɛbea. Sɛ nhwɛso no, Wade ne Wayne yɛ ntafo a wɔnsɛ a wɔn anim hwɛbea sɛ araa ma mpɛn pii no wodi mfomso ka sɛ wɔsɛ. Dɛn na ɛde eyi ba?
Wɔ Amram Scheinfeld nhoma Twins and Supertwins mu no, ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ ntafo a wɔnsɛ binom nya nneɛma a wonya fi awo mu nkyekyem a ɛkɔ soro boro so a, wobetumi asɛ kɛse—kyerɛ sɛ bere a sɛ wɔkyeyem a ntafo a wɔnsɛ wɔ wɔn awosu mu ɔha biara mu 50 koro no ara no, ebia pii benya nea esua koraa, na ama ayɛ nea wɔnsɛ koraa, ebia ebinom benya pii, na ama woasɛ sɛnea ɛbɛma wɔatumi adi mfomso aka sɛ wɔyɛ ntafo a wɔsɛ.”
Nhwehwɛmu a Wɔyɛ de hu Wɔn a Wɔsɛ
Ɛnde, ɔkwan bɛn so na obi nam hu sɛ ntafo sɛ ampa? Su a wonya fi awo mu no pii sesɛ wɔ ntafo a wɔsɛ mu bere nyinaa. Sɛ nhwɛso no, Scheinfeld kyerɛ sɛ “esiane sɛ wonya mogya mu ade titiriw biara fi awo mu nti, ɛsɛ sɛ mogya mu ade no nyinaa yɛ pɛpɛɛpɛ wɔ ntafo a wɔsɛ mu.” Sɛ saa nneɛma yi mu biara sono a, “ɛsɛ sɛ ntafo no yɛ wɔn a wɔnsɛ.”
Nanso, wɔ nsɛm no mu nkyekyem kakraa bi mu no, ebia mogya mu nhwehwɛmu nyɛ nea ɛdɔɔso a wobegyina so ahu nta ko no. Enti ebia nnuruyɛfo bɛyɛ nhwehwɛmu wɔ nneɛma afoforo mu a esiane nneɛma a wonya fi awo mu nti ɛsɛ wɔ ntafo a wɔsɛ mu no ho. Nipadua mu nnuru te sɛ nea wohu wɔ fifiri mu ne wɔ ntasu mu no yɛ ade koro bere nyinaa wɔ ntafo a wɔsɛ mu. Eyi kyerɛkyerɛ nea enti a ɛyɛ mmerɛw sɛ ntafo a wɔsɛ no ho pampan bɛma polisifo akraman adwene atu afra no mu. Mpɛn pii no, ɛsɛ sɛ wɔma akraman no ntetee titiriw na ama wɔatumi ayiyi baanu no mu.
Ani hwɛbea ne ti nhwi de ntotoho foforo ma. Wɔ ntafo a wɔsɛ mu no, nneɛma a wonya fi awo mu no ma wonya nsa ano nsensanee a ɛreyɛ ayɛ pɛpɛɛpɛ nso. Eyinom nso betumi aboa wɔ sɔhwɛ mu efisɛ ɛsesɛ kɛse sen ntafo a wɔnsɛ no de koraa.
Nanso, ebia ɔkwan a eye sen biara a wɔde behu ntafo ahorow no ne were a wɔde tare obi ho no. Saa sɔhwɛ yi yɛ yiye wɔ ntafo a wɔsɛ nkutoo mu. Scheinfeld rekyerɛkyerɛ nea enti a ɛte saa no mu no, ose: “Esiane sɛ ntafo a wɔsɛ no sɛ koraa wɔ nneɛma a wonya fi awo mu wɔ wɔn nipadua mu nneɛma nyinaa mu ne wɔ nneɛma a wonya fi awo mu a ɛwɔ mogya ne nnuru nyinaa mu no nti, etumi yɛ yiye sɛ wɔde obiako were anaa nam bɛtare ata foforo no ho anaasɛ wɔde bɛhyɛ ne mu a wɔwɔ awerɛhyem koraa sɛ nea wɔde atare no ‘bɛkye’—sɛnea ɛbɛyɛ wɔ nipadua koro no ara fã bi a wɔde bɛtare mu no.”
Wɔbɛn so Dɛn?
Nanso ɔkwan bɛn so na eyinom nyinaa kyerɛkyerɛ osuahu a ɛyɛ nwonwa a ntafo te sɛ Jeanette ne Jeanne anaa Martha ne Mary nyae no mu? Ade biako ne sɛ, yɛahu sɛnea ntafo bɛn so wɔ awo mu no. Ɛde kodu baabi no, ɛte sɛ nea saa awo mu abusuabɔ yi na ɛde nsɛdi pii a ntafo wɔ, te sɛ nea ɛwɔ nea wɔpɛ ne ntade mu no ba.
Sɛ yɛbɛyɛ ho nhwɛso a, Ɔbenfo Magdalena Krondl a ɔwɔ Toronto Sukuupɔn Aduannuru ho Nyansahu Dwumadibea yɛɛ nhwehwɛmu wɔ ntafo a wɔsɛ ne wɔn a wɔnsɛ nyinaa adidi ho. Nea ɛbɛyɛ na wahu sɛ ebia awosu mu nnyinaso bi wɔ aduan a obi paw mu nti no, ɔpaw ntafo a wɔtraa faako bere a na wɔyɛ mmofra nanso akyiri yi wɔtetew mu sɛnea ɛbɛyɛ a “nea wɔpɛ wɔ aduan mu no bɛda adi.” Ne nhwehwɛmu no daa no adi sɛ “na nnuan a ntafo a wɔsɛ pɛ no sesɛ kɛse koraa sen wɔn a wɔnsɛ no de.”
Eyi boa yɛn ma yɛte nea enti a nnuruyɛfo no ka kyerɛɛ Martha wɔ ne nuabea Mary bɔnwoma kotoku mu yare no akyi sɛ ɔnhwɛ kwan sɛ obenya bɔnwoma kotoku ho nsɛnnennen no ase. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nnuruyɛfo no kae sɛ sɛ m’ataa Mary ahyia nsɛnnennen wɔ ne bɔnwoma kotoku ho dedaw a, yɛn awosu mu nneɛma ne adidi mu nsɛdi no ma ɛda adi sɛ ebi bɛka me.”
Sɛ́ Jeanette ne Jeanne hui sɛ nea wɔpɛ wɔ ntade mu sɛ saa no nyɛ nwonwa saa ara. Ntafo a wɔsɛ foforo anya osuahu ahorow a ɛte saa ara. Sɛ nhwɛso no, Bruce nsa kaa nneɛma bi fii n’ata Brian a ɔte baabi bɛyɛ akwansin 2,500 no hɔ. Ɔde nneɛma no guu mpaboa adaka bi mu na ɛmanae. Bere a Bruce sianee no, ohui sɛ na mpaboa adaka no sɛ nea ɛwɔ ne ntade adaka mu no, na ɛkaa no ma ɔde abien no totoo ho. Bere a na osusuw sɛ ɛyɛ nwonwa sɛ nnaka no sɛ no, ɔfrɛɛ ne nua no na obisaa no ɛho asɛm. Sɛnea ɔde n’ani bui no, na wɔn baanu nyinaa atɔ mpaboa a ɛsɛ wɔ ani hwɛbea, kɛse, ne sɛnea wɔpam no no mu!
Adenim mu nsɛdi nso abu so wɔ ntafo a wɔsɛ mu. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Minnesota Sukuupɔn mu wɔ ntafo bɛboro 350 a na wɔn mu pii atetew mu a bere a wɔwoo wɔn mu no kyerɛe sɛ ɛte sɛ nea awosu di dwuma pɔtee bi wɔ adenim ne nipasu onyin mu. Diane ka kyerɛɛ Seventeen sɛ bere a ɔne n’ataa Karen wiee ntoaso sukuu no, wɔn “nyinaa nyaa mma nkyekyem koro, wonyaa mma koro wɔ sɔhwɛ ahorow no mu, na ɛmfa ho sɛ na obiara te ne baabi no, wɔn nyinaa tii sɔhwɛ nsemmisa koro no ara mpo.”
Nea Efi Nneɛma a Atwa Wɔn ho Ahyia mu Ba
Ntafo mu nhwehwɛmu pii ma nhwehwɛmufo ntam akyinnyegye wɔ nea enya ntafo asetra so nkɛntɛnso kɛse—nneɛma a wonya fi awo mu anaa nea atwa wɔn ho ahyia—no mu yɛ den ara kwa. Nanso, nhwehwɛmufo gye tom sɛ n’abien nyinaa wɔ afã wom.
Wɔ Susan Faber a ɔyɛ adwene ho ɔbenfo bi wɔ New York Sukuupɔn mu no nhoma Identical Twins Reared Apart: A Reanalysis no mu no, ɔkaa Harry ne Alfred asɛm no ho asɛm. Na saa ntafo a wɔsɛ yi hwɛbea nsɛ koraa ma ehiae sɛ wɔyɛ mogya mu nhwehwɛmu na wɔde hui sɛ wɔsɛ ampa. Ɔkae sɛ “na Harry ware kyɛn Alfred bɛboro nsateakwaa abiɛsa na na ne mu yɛ duru kyɛn no pɔn 62. Alfred a ɔne ata a na ɔte baabi a ɛhɔ nye no nyaa adwennwen, abiribiriw, ne adwenem sɛnkyerɛnne bi a ɛkyerɛ sɛ ɔte yaw bi wɔ ne nantin a na emu yɛ den araa ma na ɛsɛ sɛ wɔma no nnuruyɛ ne adwenem ayaresa. Na Harry nni sɛnkyerɛnne biara a ɛtete saa.”
Bere a Faber asan ahwehwɛ nhwehwɛmu 121 a wɔde abom amanneɛbɔ mu yiye akyi no, ɔde baa awiei sɛ ɛwom sɛ nhwehwɛmu no daa “nsɛdi a ɛyɛ nwonwa—a ɛtɔ mmere bi a ɛyɛ ahodwiriw”—adi wɔ ntafo a wɔsɛ mu de, nanso mpɛn pii no nhwehwɛmu no “amfa ntafo a wɔsɛ pii a akyiri yi wohui sɛ wɔne wɔn ho wɔn ho nsɛ no anka ho.” Dɛn ntia? Sɛnea ɔkyerɛkyerɛɛ mu no, wɔn a wɔsɛ a na nhwehwɛmufo no taa pɛ no yɛ nea “mfiase no wɔpaw wɔn maa nhwehwɛmuyɛ efisɛ na wɔne wɔn ho wɔn ho sesɛ ara kwa.”
Ntafo Ntetee
Sɛ ɛyɛ nea ntafo sesɛ wɔn ho wɔn ho kɛse anaasɛ wɔnsɛ koraa no, wɔn ntetee betumi de nsɛnnennen soronko abrɛ awofo. Abenfo pii te nka sɛ mmofra no mu biara onyin mu ade titiriw biako ne sɛnea otumi sisi gyinae a ɔfoforo no nka ho a ebenya nkɔso.
Nhoma The Care of Twin Children a Center for the Study of Multiple Gestation tintimii no da no adi sɛ “akwan horow pii wɔ hɔ a wɔbɛfa so ama onipa soronko a obiara yɛ no anya nkɔso a wɔrensɛe abusuabɔ a ɛda ntafo ntam no.” Nhoma no kyerɛ sɛ ntafo awofo pii paw din horow a “sɛnea wɔbobɔ no no nsɛ” ma wɔn mma na wɔde “mmofra baanu no din taa frɛ wɔn sen sɛnea anka ɛsɛ sɛ ɛyɛ na wɔde sɛnea wɔn mu biara yɛ onipa soronko no hyɛ wɔn adwenem.”
Wɔkamfo bere titiriw a wobenya ama ntafo no mu biara nnakoro nnakoro no ho nhyehyɛe a wɔbɛyɛ, sɛnea ɛte wɔ mmofra no mu biara a “wotwa ɔno nkutoo mfonini sɛnea wɔyɛ wɔn baanu nyinaa no” kyerɛ. Sɛ anka awofo bebu ntafo sɛ wɔyɛ “biako” no, Center no susuw sɛ eye sɛ awofo boa mmofra no ma wohu sɛnea wɔn mu biara yɛ soronko na wɔn mu tew no. Ɛsɛ sɛ wɔhyɛ mmofra no mu biara nkuran ma odi n’ankasa nneɛma atitiriw a n’ani gye ho no akyi. Eyi bɛboa ama wɔanya tebea a ɛbɛma ntafo no “asisi wɔn ankasa gyinae wɔ nsɛm a ɛka wɔn ankasa no mu.”
Center no nhyɛ mmofra no mu biara ade a otumi yɛ a wɔde bɛtoto ho no ho nkuran. Efisɛ “ebia ata biako befi ase de ne ho atoto ɔfoforo no ho na ama wate nka sɛ onni su bi a wɔkyerɛ sɛ ɔfoforo no wɔ no bi.” Ɛyɛ mmerɛw sɛ ntotoho a ɛmfata a ɛte saa no bɛkanyan ahoɔyaw nkate ma ɛde ntawntawdi aba baanu no ntam.
Wiase Soronko
Ɛnyɛ nwonwa sɛ ntafo a wɔsɛ no ma nhwehwɛmufo ho dwiriw wɔn. Psychology Today ka wɔn ho asɛm sɛ wɔka “nneɛma a wɔpɛ mu nhwehwɛmuyɛ pii wɔ adwene ne nnuruyɛ mu nhwehwɛmuyɛ mu no ho.” David T. Lykken a na anka ɔyɛ Society for Psychophysiological Research titrani no rekyerɛkyerɛ nea enti a ɛte saa no mu no, ɔkae sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ nnipa mu nhwehwɛmu biara a obi susuw sɛ ɔbɛyɛ na ɔyɛ wɔ ntafo mu no bɛyɛ anigye kɛse na ɛde nneɛma a ɛsom bo pii aba.”
Yiw, nsɛdi pii a ɛwɔ ntafo a wɔsɛ nipasu mu no ma wonya wɔn ankasa wiase bi a ɛyɛ soronko ampa. Wɔ pii fam no, ɛyɛ wiase bi a anigye ahyɛ no ma. Sɛnea ata bi kyerɛwee no: “Serew abien wɔ hɔ ma aseresɛm biako, anigye abien wɔ hɔ ma anigyede koro no ara. . . . Anika pii wɔ ata a obi yɛ no mu. . . . Sɛ wɔwo obi sɛ ata a, ɛyɛ anigye ara kwa sɛ ɔte ase.”
[Box/Pictures on page 24]
Ntafo Nyinsɛn
Ntafo a Wɔsɛ
Nkwaboaa biako ne mmadwoa biako ka bom
Ntafo a Wɔnsɛ
Nkwammoaa abien ne mmadwoa abien ka bom
[Kratafa 23 adaka]
Na Siam Ntafo Nso Ɛ?
Asɛm “Siam ntafo” no gyee din bere a wiase no huu afeha 19 mu ntafo Chang ne Eng no. Bere a wɔwoo saa ntafo yi wɔ Siam (mprempren Thailand) wɔ 1811 mu no, na ntini bi a ne tenten yɛ nsateakwaa anum na ne kɛse yɛ nsateakwaa ason ne fã no aka wɔn abom wɔ wɔn koko. Wobegyee din wɔ wiase nyinaa sɛ “Siam Ntafo” a na wɔne P. T. Barnum agodi kuw no tutu akwan. Akyiri yi, ntafo no gyaee agodi no, wɔwaree nuabeanom baanu bi a wofi North Carolina, U.S.A, na wɔn baanu woo mma 22. Wɔn asefo bɛboro apem na wɔwɔ bɔ.
Ntafo a wɔtare mu anaa Siam ntafo ba bere a mmadwoa biako a atɔ ba a efi ase paapae ma wonya ntafo a wɔsɛ no mpaapae nwie koraa no. Ebia ntafo a wɔte saa no bɛka abom wɔ honam mu wɔ nipadua no fã biara na ɛtɔ mmere bi a wɔn nyinaa wɔ akwaa titiriw biako anaa nea ɛboro saa. Wobu ano sɛ wɔwo Siam ntafo wɔ bɛyɛ awo 100,000 biara mu biako mu wɔ wiase nyinaa.
[Kratafa 21 mfoni]
Ntafo a wɔsɛ a wofi nkwaboaa ne mmadwoa koro no ara mu no yɛ mmarima anaa mmea bere nyinaa. Wɔ ɔkwan foforo so no, ntafo a wɔnsɛ a wofi nkwammoaa abien ne mmadwoa abien mu no betumi ayɛ ɔbarima ne ɔbea, te sɛ ntafo a wuhu wɔn wɔ ha yi
[Kratafa 26 mfoni]
Mpɛn pii no ataa biako te sɛ ɔfoforo no a ogyina ahwehwɛ mu