Sɛnea Yebetumi Aboa Nkurɔfo Ama Wɔate Asɛm no Ase
1 Na wonim ɔsomafo Paulo sɛ ɔsomfo a otumi boa nkurɔfo ma wɔte asɛm no ase. (Aso. 19:26) Ɔhene Agripa mpo ka kyerɛɛ no sɛ: “Aka kakraa na woama madan okristoni.” (Aso. 26:28) Dɛn nti na na Paulo tumi boa nkurɔfo saa? Na ogyina Kyerɛwnsɛm no so ne n’atiefo no susuw nsɛm a ɛhaw wɔn no ho.—Aso. 28:23.
2 Te sɛ Paulo no, ɛsɛ sɛ yɛn nso yehu sɛnea yɛbɛboa nkurɔfo ama wɔate asɛm no ase wɔ yɛn som adwuma no mu. Ɔkwan bɛn so? Ɛne sɛ yɛbɛda nhumu adi bere a yɛrekasa akyerɛ afoforo anaasɛ yɛretie wɔn no. (Mmeb. 16:23) Nneɛma titiriw abiɛsa bɛboa yɛn ma yɛayɛ eyi.
3 Wɛn W’aso Tie: Bere a onipa no rekasa no, tie nea ɔreka no na ama woahu nea ɛsɛ sɛ wo nso woka. Sɛ obisa asɛm bi a, bɔ mmɔden sɛ wubehu nea enti a obisa saa. Ɛbɛma woahu ne gyidi ankasa, nea enti a ɔwɔ saa gyidi no, ne ahotoso a ɔwɔ wom. (Mmeb. 18:13) Fa anifere yɛ nhwehwɛmu a ɛte saa fi no hɔ.
4 Bisabisa Nsɛm: Sɛ onipa no gye Baasakoro di a, wubetumi abisa sɛ: “Wugye Baasakoro di dedaw?” San bisa sɛ: “So woyɛɛ nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri de huu nea Bible ka wɔ asɛm no ho?” Wubetumi abisa bio sɛ: “Sɛ Onyankopɔn yɛ Baasakoro a, so anka Bible no renka no pefee?” Mmuae a ɔde bɛma no bɛboa ma wo ne onipa no asusuw nea Kyerɛwnsɛm no ka ho.
5 Fa Nkyerɛkyerɛmu a Ɛtɔ Asom Ma: Ɔdansefo bi bisaa ɔbea bi a ogye di sɛ Yesu yɛ Nyankopɔn sɛ: ‘Sɛ wopɛ sɛ wokyerɛ me sɛ nnipa baanu yɛ pɛ a, abusuafo ntam abusuabɔ bɛn na wode bɛyɛ ho mfatoho?’ Ɔbea no buae sɛ: “Anka mede anuanom baanu na ɛbɛyɛ ho mfatoho.” Ɔdansefo no de kaa ho sɛ: “Ebia anka wode ntafo a wɔsɛ. Nanso, bere a Yesu kyerɛkyerɛɛ yɛn sɛ Onyankopɔn ne Agya no na ɔno Yesu nso ne Ɔba no, dɛn na na ɔrepɛ akyerɛ?” Ɔbea no kae sɛ obiako yɛ panyin a ɔwɔ tumi kɛse. (Mat. 20:23; Yoh. 14:28; 20:17) Ɔnam nsɛm a wɔde dan ti so duu n’adwene ne ne komam.
6 Nokwarem no, ɛmfa ho sɛ yɛbɛka nsɛm a ɛtɔ asom anaasɛ edi mu no, ɛnyɛ nnipa nyinaa na wobetie nokware no. Nanso, te sɛ Paulo no, momma yɛmfa nsiyɛ nhwehwɛ komapafo a wɔwɔ yɛn asasesin mu no, na yɛmmoa wɔn mma wɔnte Ahenni asɛm no ase.—Aso. 19:8.