Nsɛm A Ɛdan ti A Yɛnam So Bedu Nkurɔfo Komam
NNIPA pii nni asɛmfua “tidan” ho adwempa. Sɛ obi te a, ebia ɔde n’adwene bɛkɔ ɔdetɔnfo bi a n’ano yɛ dɛ, anaa aguade ho dawurubɔ bi a wɔbɔ de daadaa adetɔfo anaa wɔfa nyansa kwan so de nya wɔn, so. Bible mu mpo no, ɛtɔ mmere bi a tidan nkyerɛ ade pa, na mmom ɛkyerɛ obi adwene a wɔsɛe no anaa fom a wɔma ɔfom kwan. Sɛ nhwɛso no, Kristoni somafo Paulo kyerɛw kɔmaa Galatifo no sɛ: “Mututuu mmirika yiye; hena na osiw mo kwan sɛ munntie nokware no? Tidan yi mfi nea ɔfrɛ mo no.” (Galatifo 5:7, 8) Paulo bɔɔ Kolosefo no nso kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔma obiara ‘de nsɛm a wɔde dan ti to wɔn brada.’ (Kolosefo 2:4, NW) Tidan a ɛte saa no yɛ anifere kwan so nsɛm a wɔkeka a egyina atoro so.
Nanso wɔ ɔsomafo Paulo krataa a ɛto so abien a ɔkyerɛw kɔmaa Timoteo no mu no, ɔde tidan dii dwuma de kyerɛɛ biribi foforo. Ɔkyerɛwee sɛ: “Tra nea wusuae na wɔdanee wo ti ma wugye dii no mu, na wunim nnipa a wusua fii wɔn nkyɛn no.” (2 Timoteo 3:14, NW) Bere a Timoteo maame ne ne nena a osuaa Kyerɛwnsɛm mu nokware fii wɔn hɔ no ‘danee ne ti ma ogye dii’ no, na ɛnyɛ sɛ wɔrekɛntɛn ne so.—2 Timoteo 1:5.a
Bere a na ɔwɛmfo bi hwɛ Paulo so wɔ fie sɛ ɔdeduani wɔ Roma no, odii nnipa pii adanse fefeefe, “na ɔde Mose mmara ne adiyifo no kyerɛɛ wɔn [dan wɔn ti wɔ, NW] Yesu ho nsɛm no mu fi anɔpa kosii anadwofa.” (Asomafo no Nnwuma 28:23) So na Paulo redaadaa n’atiefo no? Ɛnte saa koraa! Enti ɛda adi pefee sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na tidan yɛ ade bɔne.
Sɛ wɔde di dwuma ɔkwampa so a, Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase “dan ti” no kyerɛ sɛ wɔbɛma obi agye biribi adi, sɛ wɔnam nsɛm a ɛtɔ asom na ntease wom a wɔka so bɛma wasesa n’adwene. Enti ɔkyerɛkyerɛfo betumi de Kyerɛwnsɛm no ayɛ nnyinaso, de adan afoforo ti ma wɔabegye Bible mu nokware adi. (2 Timoteo 2:15) Nokwarem no, eyi daa adi wɔ Paulo som adwuma no mu. Demetrio a na ɔyɛ dwetɛ ho adwuma a na obu Kristofo nkyerɛkyerɛ sɛ ɛyɛ atoro no mpo kae sɛ: “Ɛnyɛ Efeso ha nko, na ɛkame ayɛ [sɛ] Asia nyinaa, na Paulo yi atu nkurɔfo bebree aso [adan nkurɔfo bebree ti, NW] adan wɔn ani ka sɛ: Anyame a wɔde nsa ayɛ nyɛ anyame.”—Asomafo no Nnwuma 19:26.
Nsɛm a Ɛdan Ti a Yɛde Bedi Dwuma Wɔ Asɛnka Mu
Yesu Kristo maa n’akyidifo ahyɛde sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron din mu, na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.” (Mateo 28:19, 20) Yehowa Adansefo redi saa ahyɛde yi so wɔ nsase bɛboro 230 so. Wɔ wɔn 1997 ɔsom afe mu no, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, ɔsram biara wɔyɛɛ ofie Bible adesua 4,552,589 wɔ wiase nyinaa.
Sɛ wunya hokwan sɛ wobɛyɛ ofie Bible adesua a, wubetumi ahwɛ nsɛnnennen a ɛbɛsɔre a ɛbɛhwehwɛ sɛ wode nsɛm a ɛdan ti di ho dwuma kwan. Sɛ nhwɛso no, fa no sɛ bere foforo a wone obi besua ade no, obisa wo Baasakoro ho asɛm. Sɛ wunim sɛ wo suani no gye saa nkyerɛkyerɛ no di a, wobɛyɛ no dɛn? Wubetumi ama no nhoma bi a ɛka ho asɛm. Sɛ ɔkenkan wie a, ebia wubehu sɛ ɔbɛba abegye adi sɛ Onyankopɔn ne Yesu nyɛ onipa biako. Nanso sɛ ɔda so ara wɔ nsɛmmisa foforo a, wobɛyɛ no dɛn?
Wɛn w’aso tie. Eyi bɛboa wo ma woahu nea wo suani no gye di wɔ asɛm no ho dedaw. Sɛ nhwɛso no, sɛ wo suani no ka sɛ, “Migye Baasakoro di” a, anhwɛ a wobɛyɛ ntɛm ne no asusuw Kyerɛwnsɛm no ho de abɔ saa nkyerɛkyerɛ no agu. Nanso Baasakoro nkyerɛkyerɛ no gu ahorow. Ebia na ɛsono nea wo suani no gye di na ɛsono nea wususuw sɛ ɛyɛ Baasakoro nkyerɛkyerɛ no. Saa ara na ɛte wɔ nkyerɛkyerɛ afoforo te sɛ ba a obi san ba na wɔwo no bio, ɔkra a enwu da, ne nkwagye ho. Enti wɛn w’aso tie ansa na woabue w’ano. Nsusuw sɛ wunim nea osuani no gye di.—Mmebusɛm 18:13.
Bisabisa nsɛm. Nea wubetumi abisa no bi ne sɛ: ‘Wugye Baasakoro di dedaw? So woayɛ nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri de ahu nea Bible ka wɔ asɛm no ho pɛn? Sɛ Onyankopɔn yɛ baasakoro a, anka N’asɛm Bible no renka nkyerɛ yɛn pefee?’ Sɛ worekyerɛkyerɛ osuani no a, ɛwom ara a gyina na bisa no nsɛm bi te sɛ: ‘So ntease wɔ nea yɛasusuw ho de besi ha yi mu ma wo?’ ‘Wugye nkyerɛkyerɛmu yi tom?’ Ɛdenam nsɛmmisa a wode di dwuma ɔkwan a etu mpɔn so no, woma osuani no nya adesua no mu kyɛfa. Ɛnsɛ sɛ otie asɛm no ho nkyerɛkyerɛmu a wode ma kɛkɛ.
Fa nkyerɛkyerɛmu a ɛtɔ asom ma. Sɛ nhwɛso no, sɛ moresusuw Baasakoro nkyerɛkyerɛ no ho a, wubetumi aka akyerɛ wo suani no sɛ: ‘Bere a wɔbɔɔ Yesu asu no, ɛnne bi fi soro bɛkae sɛ: “Wone me dɔba, wo na wosɔ m’ani.” Sɛ na Onyankopɔn wɔ asase so na na wɔrebɔ no asu ampa a, so anka ɔbɛma ne nne so akɔ soro asan de aba asase so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛte saa nsɛm no wɔ asase so? Anka ɛno renyɛ nnaadaa? So Onyankopɔn a “onni atoro” no bedi nnaadaasɛm a ɛte saa?’—Luka 3:21, 22; Tito 1:1, 2.
Nkyerɛkyerɛmu a ɛtɔ asom a wɔde ma wɔ anifere kwan so no taa tu mpɔn paa. Susuw ɔbea bi a yɛbɛfrɛ no Barbara nhwɛso no ho. Ná ofi ne mmofraase agye adi sɛ Yesu yɛ Nyankopɔn, na honhom kronkron no ka ho ma wɔyɛ baasakoro. Nanso Yehowa Adansefo no mu biako ka kyerɛɛ no sɛ ɛsono Onyankopɔn na ɛsono Yesu, na ɔkyerɛɛ no kyerɛwsɛm ahorow de foaa n’asɛm no so.b Barbara antumi annye nea Bible aka no ho kyim. Bere koro no ara nso na wayɛ basaa. Ne nyinaa akyi no, na Baasakoro nkyerɛkyerɛ no som bo ma no paa.
Ɔdansefo no tɔɔ ne bo ase ne Barbara susuw nsɛm ho. Obisaa no sɛ: “Sɛ wopɛ sɛ wokyerɛ me sɛ nnipa baanu yɛ pɛ a, abusuafo ntam abusuabɔ bɛn na wode bɛyɛ ho mfatoho?” Osusuw ho kakra, na afei ɔkae sɛ: “Anka mede anuanom baanu na ɛbɛyɛ ho mfatoho.” Ɔdansefo no buae sɛ: “Saa pɛpɛɛpɛ. Ebi mpo a anka wode ntafo a wɔsɛ. Nanso bere a Yesu kyerɛkyerɛɛ yɛn sɛ Onyankopɔn ne Agya no na ɔno nso ne Ɔba no, dɛn na na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ?” Barbara haa n’ani kae sɛ: “Mate ase. Ná ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ obiako yɛ panyin, na ɔwɔ tumi sen nea ɔka ne ho no.”
Ɔdansefo no kae sɛ: “Yiw, na na Yudafo a wɔretie Yesu no bɛte ase saa paa, efisɛ na wofi agyanom mpanyimfo mmusua mu.” Bere a ɔresi n’asɛm no so dua no, Ɔdansefo no de baa awiei sɛ: “Sɛ yɛatumi de mfatoho a ɛfata saa—nea ɛfa anuanom anaa ntafo a wɔsɛ ho—akyerɛkyerɛ nnipa baanu a wɔyɛ pɛ mu a, akyinnye biara nni ho sɛ na Yesu, Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no nso betumi ayɛ saa. Mmom no, ɔde nsɛmfua ‘agya’ ne ‘ɔba’ na ɛkyerɛɛ abusuabɔ a ɛda ɔne Onyankopɔn ntam no mu.”
Afei Barbara bɛtee asɛm no ase, na ogye toom. Wɔnam nsɛm a wɔde dan ti so duu ne komam.
Nea Yɛbɛyɛ Wɔ Afoforo Nkate Ho
Nyamesom gyidi a agye ntini wɔ nkurɔfo mu no taa ma wɔde wɔn koma bata ho. Susuw Edna a na Katoleksom adi ne ti no asɛm ho. Ne nenanom nketewa bi de Kyerɛwnsɛm mu nkyerɛkyerɛmu a emu da hɔ pefee maa no de kyerɛe sɛ Onyankopɔn ne Yesu nyɛ onipa biako. Edna tee nea wɔka kyerɛɛ no no ase. Nanso, ɔkaa no pen a abufuw nnim sɛ: “Migye Baasakoro kronkron no di.”
Ebia woanya osuahu a ɛte saa pɛn. Nnipa pii bu wɔn som mu nkyerɛkyerɛ sɛ ɛyɛ biribi a ɛhyɛ wɔn nsow. Sɛ yebetumi adan Bible asuafo a wɔte saa no ti a, ɛhwehwɛ pii sen nsɛm a ɛtɔ asom ara kwa anaa kyerɛw nsɛm pii a ɛkyerɛ sɛ onipa no nsusuwii nteɛ. Ɔkwampa a yebetumi afa so adi tebea a ɛte saa ho dwuma ne sɛ yɛde tema bɛka nsɛm a etumi dan obi ti ho. (Fa toto Romafo 12:15; Kolosefo 3:12 ho.) Ɛwom, ɛsɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛfo a otu mpɔn no gye nea ɔka no di. Sɛ nhwɛso no, Paulo de nsɛm bi te sɛ “migye midi ampa” ne “minim na migye midi Awurade Kristo mu,” dii dwuma. (Romafo 8:38; 14:14) Nanso, sɛ yɛreka nea yegye di a, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn kasa kyerɛ sɛ yɛyɛ katee, anaa yebu yɛn ho atreneefo, na saa ara nso na ɛnsɛ sɛ yɛde mpoatwa di dwuma anaa yebu afoforo abomfiaa bere a yɛreka Bible mu nokware kyerɛ wɔn no. Ɛrenyɛ papa koraa sɛ yɛbɛyɛ biribi ma ahaw osuani no, anaa yebedidi no atɛm mpo.—Mmebusɛm 12:18.
Nea ɛboa paa ne sɛ yɛbɛkyerɛ obu ama nea osuani no gye di, na yɛagye hokwan a ɔwɔ sɛ onya saa adwene no atom. Ahobrɛase ne asɛm no. Ɔkyerɛkyerɛfo a ɔwɔ ahobrɛase adwene no nte nka sɛ ɔsen ne suani no. (Luka 18:9-14; Filipifo 2:3, 4) Tidan a ɛfata hwehwɛ ahobrɛase a ɛma obi nya adwene no sɛ: ‘Yehowa fi mmɔborohunu mu ama mahu eyi. Ma menkyerɛ wo.’
Paulo kyerɛw kɔmaa ne mfɛfo Kristofo a na wɔwɔ Korinto no sɛ: “Yɛn sa a yɛkɔ no akode nyɛ ɔhonam mu de, na mmom ɛyɛ den Onyankopɔn anim sɛ yɛde beburuw aban akɛse, na yɛaburuw adwene ne ade biara a ɛkorɔn a wɔma so ne Nyankopɔn nimdeɛ di asi, na yɛafa adwene nyinaa nnommum de ahyɛ Kristo asoɔmmerɛw ase.” (2 Korintofo 10:4, 5) Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo de Onyankopɔn Asɛm reburuw atoro nkyerɛkyerɛ a ase atim, ne afei nneyɛe ne su horow a ɛnsɔ n’ani a agye ntini gu. (1 Korintofo 6:9-11) Bere a Adansefo no yɛ eyi no, wɔkae sɛ Yehowa fi ɔdɔ mu anya wɔn ho abotare. Hwɛ anigye ara a wonya sɛ wɔwɔ N’asɛm Bible no, na wɔde saa adwinnade a ano yɛ nnam yi tutu atoro nkyerɛkyerɛ ase, na wɔnam nsɛm a wɔde dan ti so du nkurɔfo komam!
[Ase hɔ nsɛm]
a Hwɛ asɛm a ɛne “Eunike ne Lois—Akyerɛkyerɛfo a Wɔyɛɛ Nhwɛso Pa,” wɔ Ɔwɛn-Aban yi nkratafa 7-9.
b Hwɛ Yohane 14:28; Filipifo 2:5, 6; Kolosefo 1:13-15. Sɛ wopɛ ho nsɛm bi aka ho a, hwɛ So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro No Di? nhomawa a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no.
[Kratafa 23 adaka]
Wo Suani Komam A Wubedu
◻ Bɔ mpae srɛ Yehowa akwankyerɛ a ɛbɛma woadu Bible suani no komam.—Nehemia 2:4, 5; Yesaia 50:4.
◻ Hu nea osuani no gye di ne nea enti a ebia n’ani gye atoro nkyerɛkyerɛ bi ho.—Asomafo no Nnwuma 17:22, 23.
◻ Fi odwo ne boasetɔ mu fa Kyerɛwnsɛm mu nkyerɛkyerɛmu a ɛtɔ asom ma, na si nneɛma a mo adwene hyia wɔ ho so dua.—Asomafo no Nnwuma 17:24-34.
◻ Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, fa mfatoho ahorow a etu mpɔn hyɛ Bible mu nokware mu den.—Marko 4:33, 34.
◻ Kyerɛ osuani no mfaso a ɛwɔ so sɛ obegye Bible mu nokware nimdeɛ atom.—1 Timoteo 2:3, 4; 2 Timoteo 3:14, 15.