Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/10 kr. 1
  • Ma Wo Nkyerɛkyerɛ Ntɔ Asom

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ma Wo Nkyerɛkyerɛ Ntɔ Asom
  • Yɛn Ahenni Som—2010
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kyerɛwnsɛm a Wɔde Di Dwuma Ɔkwan a Ɛteɛ So
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • So Wokamfo Onyankopɔn Asɛm Kyerɛ?
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • Fa “Honhom No Nkrante” Di Dwuma Yiye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Sɛnea Yebetumi Aboa Nkurɔfo Ama Wɔate Asɛm no Ase
    Yɛn Ahenni Som—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2010
km 4/10 kr. 1

Ma Wo Nkyerɛkyerɛ Ntɔ Asom

1. Onyankopɔn Asɛm a yɛde bedi dwuma ma atu mpɔn wɔ asɛnka adwuma mu no hwehwɛ sɛ yɛyɛ dɛn?

1 Te sɛ ɔsomafo Paulo no, asomfo a wotu mpɔn nim sɛ, ‘nokwasɛm no mu a wobekura pɛpɛɛpɛ’ no nkyerɛ sɛ wɔbɛkenkan Kyerɛw Kronkron no ara kɛkɛ. (2 Tim. 2:15) Sɛ yɛde Onyankopɔn Asɛm no redi dwuma a, yɛbɛyɛ dɛn de akyerɛkyerɛ ma ‘atɔ asom’?—Aso. 28:23.

2. Yɛbɛyɛ dɛn aboa nkurɔfo ma wɔanya obu kɛse ama Onyankopɔn Asɛm no?

2 Ma Onyankopɔn Asɛm no Nkasa: Nea edi kan no, twe adwene kɔ Bible no so sɛnea ɛbɛma otiefo no ahu sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm a nyansa wom. Ahotoso a yebenya wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no bɛka yɛn atiefo ma wɔatie kyerɛwsɛm a yɛbɛkenkan no yiye. (Heb. 4:12) Yebetumi aka no tiawa sɛ: “Mahu sɛ mfaso wɔ so sɛ yehu nea Bible ka wɔ asɛm yi ho. Tie nea Onyankopɔn Asɛm no ka.” Bere biara a ɛbɛyɛ yiye no, ma Onyankopɔn Asɛm no nkasa denam kenkan a wobɛkenkan no tẽẽ no so.

3. Sɛ yɛkenkan kyerɛwsɛm bi a, yɛbɛyɛ dɛn aboa yɛn atiefo ma wɔate ase?

3 Nea ɛto so abien no, kyerɛkyerɛ kyerɛwsɛm a wobɛkenkan no mu. Sɛ wɔkenkan kyerɛwsɛm bi nea edi kan a, ɛyɛ den ma nnipa pii sɛ wɔbɛte ase. Mpɛn pii no, ɛho hia sɛ yɛkyerɛkyerɛ mu ma wohu sɛnea kyerɛwsɛm no fa asɛm a yɛreka no ho. (Luka 24:26, 27) Twe adwene si emu nsɛntitiriw no so. Asɛmmisa a wode bedi dwuma no bɛboa ma woahu sɛ ɔte nea woreka no ase.—Mmeb. 20:5; Aso. 8:30.

4. Ade a ɛho hia bɛn bio na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛn nkyerɛkyerɛ atɔ asom?

4 Munsusuw Kyerɛwnsɛm no Ho: Nea ɛto so abiɛsa no, bɔ mmɔden ma asɛm no nka ne koma na ɔnte ase. Boa ofiewura no ma onhu sɛnea asɛm no fa n’ankasa ho. Kyerɛwnsɛm a mubesusuw ho no betumi aboa no ma wasesa ne nsusuwii. (Aso. 17:2-4; 19:8) Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛkenkan Dwom 83:18 wie a, yebetumi ne no asusuw ho ma wahu sɛnea ehia paa sɛ yehu obi din na yɛatumi ne no anya abusuabɔ. Afei yebetumi abisa sɛ, “Wususuw sɛ Onyankopɔn din a yebehu no betumi ama yɛn mpaebɔ atu mpɔn kɛse?” Sɛ yɛma kyerɛwsɛm no fa ofiewura no asetena ho a, ɛbɛma wahu mfaso ankasa a ɛwɔ so. Nkyerɛkyerɛ a ɛtɔ asom saa a efi Onyankopɔn Asɛm mu no twe nnipa komapafo ma wɔbɛsom Yehowa, Onyankopɔn teasefo nokwafo no.—Yer. 10:10.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena