So Wokamfo Onyankopɔn Asɛm Kyerɛ?
1 Wɔ wiase a nnipa mpɛ sɛ wotie Bible mu asɛm mu no, nokware Kristofo de nnamyɛ bɔ Onyankopɔn Asɛm dawuru. Esiane sɛ yegye di sɛ “Kyerɛwnsɛm nyinaa fi Nyankopɔn honhom mu” nti, yɛne Yesu Kristo a odii adanse wɔ mpae a ɔbɔɔ Yehowa no mu sɛ “w’asɛm yɛ nokware” no yɛ adwene. (2 Tim. 3:16; Yoh. 17:17) Ɔkwan bɛn so na yebetumi akamfo Onyankopɔn Asɛm akyerɛ wɔ ɔkwan a etu mpɔn so?
2 Sua Kyerɛwnsɛm No: Akyinnye biara nni ho sɛ Yesu de nsiyɛ suaa Onyankopɔn Asɛm. Eyi ma otumi de Kyerɛwnsɛm no kyerɛkyerɛɛ afoforo wɔ ne som adwuma no nyinaa mu. (Luka 4:16-21; 24:44-46) Ɔkwan bɛn so na yebetumi de kyerɛw nsɛm pii a ɛbɛboa yɛn asie yɛn tirim? Sɛ yɛkenkan Bible no da biara na afei yedwennwen nkyekyɛm bi a yehui sɛ ɛhyɛ yɛn nkuran titiriw anaasɛ ɛbɛboa yɛn wɔ asɛnka mu no ho a, yebetumi ayɛ saa. Sɛ yɛresiesie yɛn ho ama asafo nhyiam ahorow a, ɛsɛ sɛ yebue kyerɛw nsɛm a emu nsɛm nni nhoma no mu no kenkan no tẽẽ fi Bible no mu na ebia yesiesie mmuae bi wɔ ho. Sɛ yɛkɔ asafo nhyiam a, ɛsɛ sɛ yebue yɛn Bible no na yɛhwɛ mu di ɔkasafo no akyi bere a ɔrekenkan kyerɛw nsɛm no. Kyerɛw nsɛm a yebesua no besiesie yɛn ma ‘yɛakura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.’—2 Tim. 2:15.
3 Ma Bible no Nkasa: Sɛ yɛreyɛ asɛnka adwuma no a, ɛsɛ sɛ yɛma Bible no kasa. Sɛ nhwɛso no, sɛ tebea no ma kwan a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden kenkan kyerɛwsɛm bi kyerɛ ofiewura no. Sɛ obisa asɛm bi anaasɛ ɔne yɛn nyɛ adwene wɔ asɛm bi ho a, ɛyɛ papa sɛ yɛde Bible no ma mmuae. Sɛ ofiewura no nni adagyew a, yebetumi atwe adwene asi Bible mu asɛm bi so na yɛaka sɛ, “Ma menkenkan kyerɛwsɛm biako yi nkyerɛ wo ansa na makɔ.” Bere biara a ɛbɛyɛ yiye no, kenkan asɛm no fi Bible no mu tẽẽ na ma nea ɔretie wo no nhwɛ kyerɛwsɛm a worekenkan no mu bi.
4 Bere a wɔde kyerɛw nsɛm kyerɛɛ ofiewura bi de kyerɛe sɛ Baasakoro nyɛ nokware no, ɔteɛɛm sɛ: “Makɔ asɔre me nkwa nna nyinaa nanso minnim koraa sɛ Bible no ka eyi!” Ɔpenee so ntɛm ara sɛ wɔne no nyɛ Bible adesua. Yesu kae sɛ ne nguan betie ne nne. (Yoh. 10:16, 27) Ɔkwan a eye sen biara a nnipa komapafo bɛfa aso ahu nokware no ne sɛ wobehu no tẽẽ afi Kyerɛwnsɛm no mu. Enti momma yɛnkamfo Onyankopɔn Asɛm a ɛyɛ nokware no nkyerɛ!