Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w17 September kr. 23-27
  • ‘Onyankopɔn Asɛm, Tumi Wɔ Mu’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Onyankopɔn Asɛm, Tumi Wɔ Mu’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • YƐN ASETENA MU
  • WƆ ASƐNKA MU
  • BERE A WOREKYERƐKYERƐ WƆ ASƐNKA AGUA SO
  • Bible a Yɛbɛkenkan no Daa so Mfaso
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Sɛnea Wobɛkenkan Bible Anya So Mfaso Kɛse
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
  • So Onyankopɔn Asɛm no Mu Denneennen
    Biako a Wɔayɛ De Resom Nokware Nyankopɔn Koro No
  • So Onyankopɔn Asɛm no Mu Denneennen
    Som Nokware Nyankopɔn Koro No
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
w17 September kr. 23-27
Ɔbarima bi nko ara te hɔ renom nsa; Yehowa Adansefo akɔ ne pon ano rekɔka asɛmpa no akyerɛ no; ɔbarima no akɔ asafo nhyiam

‘Onyankopɔn Asɛm, Tumi Wɔ Mu’

“Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na tumi wɔ mu.”—HEB. 4:12.

NNWOM: 96, 94

WOBƐYƐ DƐN AMA TUMI A ƐWƆ ONYANKOPƆN ASƐM MU AYƐ ADWUMA . . .

  • wɔ w’asetena mu?

  • wɔ asɛnka mu?

  • bere a worekyerɛkyerɛ wɔ asɛnka agua so?

1. Adɛn nti na yebetumi agye adi paa sɛ Onyankopɔn Asɛm wɔ tumi? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

YEHOWA nkurɔfo gye di paa sɛ Onyankopɔn Asɛm a ɔde ama nnipa no “wɔ nkwa, na tumi wɔ mu.” (Heb. 4:12) Yɛn mu bebree ahu sɛ tumi a ɛwɔ Bible mu no asesa yɛn ankasa ne afoforo asetena. Ansa na yɛn nuanom mmarima ne mmea binom rebehu nokware no, na wɔbɔ korɔn, wɔnom nnubɔne, anaa wɔbɔ aguaman. Ná afoforo nso di yiye wɔ wiase yi mu, nanso wohui sɛ biribi nkɔ yiye wɔ wɔn asetena mu. (Ɔsɛnk. 2:3-11) Mpɛn pii na ada adi sɛ Bible tumi sesa nnipa. Aboa nnipa bi a na ayɛ sɛ wɔn anidaso asa ama wɔahu nkwa kwan no. Ebia woakenkan osuahu a ɛte saa a ɛba Ɔwɛn-Aban mu a wɔato din “Bible Tumi Sesa Nnipa” afã hɔ pii ama w’ani agye paa. Afei nso, woahu sɛ sɛ nkurɔfo sakra bɛyɛ Kristofo mpo a, ɛsɛ sɛ wɔma Kyerɛwnsɛm no boa wɔn ma wɔkɔ so hyɛ abusuabɔ a wɔne Yehowa wɔ no mu den.

2. Tumi wɔ Onyankopɔn Asɛm mu. Sɛn na ɛboaa nkurɔfo wɔ asomafo no bere so?

2 Ɛnnɛ, nnipa pii asua Onyankopɔn Asɛm ma aboa wɔn ama wɔayɛ nsakrae akɛse. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa anaa? Dabida! Osuahu a ɛte saa ma yɛkae yɛn nuanom mmarima ne mmea a wɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so no; na wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛkɔ soro. (Kenkan 1 Korintofo 6:9-11.) Bere a ɔsomafo Paulo kyerɛɛ nnipa a wɔrennya Onyankopɔn Ahenni no, ɔde kaa ho sɛ: “Saa na na mo mu binom te.” Nanso, Kyerɛwnsɛm no ne Onyankopɔn honhom kronkron boaa wɔn ma wɔsesae. Bere a wogyee nokware no akyi mpo no, ebinom yɛɛ bɔne a emu yɛ duru tiaa Yehowa. Bible ka sɛ wotuu Kristoni bi a wɔasra no fii asafo no mu wɔ asomafo no bere so, nanso akyiri yi wɔsan gyee no. (1 Kor. 5:1-5; 2 Kor. 2:5-8) Onyankopɔn Asɛm no aboa yɛn nuanom Kristofo pii ama wɔasakra afi wɔn nneyɛe bɔne ho. Yɛn ani nnye ho sɛ yebesusuw wɔn asetena mu nsɛm ho anaa?

3. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

3 Yɛwɔ Onyankopɔn Asɛm a tumi wom no, na yɛpɛ sɛ yɛde yɛ adwuma yiye. (2 Tim. 2:15) Enti adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ sɛnea yɛbɛma tumi a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no ayɛ adwuma (1) wɔ yɛn asetena mu, (2) bere a yɛwɔ asɛnka mu, ne (3) bere a yɛrekyerɛkyerɛ wɔ asɛnka agua so. Yɛn soro Agya no wɔ ɔdɔ, na ɔkyerɛ yɛn nea eye ma yɛn. Enti adesua yi bɛboa yɛn ama yɛn nso yɛadɔ no na yɛada no ase.—Yes. 48:17.

YƐN ASETENA MU

4. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama Onyankopɔn Asɛm no aka yɛn koma? (b) Woyɛ dɛn nya bere kenkan Bible?

4 Ehia sɛ yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm no bere nyinaa na atumi aka yɛn koma. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa da biara da. (Yos. 1:8) Nokwasɛm ne sɛ, yɛn mu dodow no ara nni adagyew koraa. Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛma biribiara twitware Bible a yɛbɛkenkan no daa no mu. Asɛyɛde a ɛfata sɛ yedi ho dwuma mpo, ɛnsɛ sɛ yɛma etwitware mu. (Kenkan Efesofo 5:15, 16.) Yehowa nkurɔfo pii ayɛ nhyehyɛe a ɛma wonya bere kenkan Bible da biara. Ebinom kenkan no anɔpa, ebinom yɛ no awia, na ebinom nso yɛ saa anwummere. Wɔne odwontofo no yɛ adwene. Ɔkyerɛwee sɛ: “Hwɛ sɛnea medɔ wo mmara! Ɛno na midwen ho da mu nyinaa.”—Dw. 119:97.

5, 6. (a) Adɛn nti na ehia sɛ yedwinnwen nea yɛkenkan no ho? (b) Yɛbɛyɛ dɛn atumi adwinnwen nea yɛkenkan no ho yiye? (d) Onyankopɔn Asɛm a wokenkan dwinnwen ho no, aboa wo sɛn?

5 Sɛ yɛkenkan Bible a, ɛnsɛ sɛ yɛde so hɔ ara; ehia sɛ yedwinnwen nea yɛkenkan no ho. (Dw. 1:1-3) Sɛ yɛyɛ saa a, ɛnna yebetumi de nyansa a ɛwɔ Bible mu no abɔ yɛn bra. Yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm no wɔ krataa so oo, ɛlɛtrɔnik afiri bi so oo, nea ehia ne sɛ yɛbɛma asian akɔ yɛn koma mu.

Yehowa Dansefo bi rekenkan Bible

6 Yɛbɛyɛ dɛn atumi adwinnwen nea yɛkenkan no ho yiye? Nnipa pii ahu sɛ, sɛ wɔkenkan Kyerɛwnsɛm no fã bi na wogye bere kakra bisabisa wɔn ho nsɛm bi a, ɛboa paa. Nsɛm a wobetumi abisa no bi ni: ‘Dɛn na saa asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho? Nnyinasosɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm a makenkan yi mu no, ɔkwan bɛn so na mede reyɛ adwuma wɔ m’asetena mu? Nsakrae bɛn bio na ehia sɛ meyɛ?’ Sɛ yedwinnwen Onyankopɔn Asɛm no ho na yɛbɔ nea yɛkenkan no ho mpae a, ɛbɛkanyan yɛn ama yɛde emu afotu abɔ yɛn bra yiye. Sɛ yɛyɛ saa a, yebehu sɛ tumi a ɛwɔ Bible mu no reyɛ adwuma paa wɔ yɛn asetena mu.—2 Kor. 10:4, 5.

WƆ ASƐNKA MU

7. Yɛbɛyɛ dɛn de Onyankopɔn Asɛm no ayɛ adwuma yiye wɔ asɛnka mu?

7 Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛde Onyankopɔn Asɛm no ayɛ adwuma yiye wɔ asɛnka mu? Nea edi kan ne sɛ, sɛ yɛwɔ asɛnka mu anaa yɛrekyerɛkyerɛ a, ɛsɛ sɛ yɛma Bible no kasa bere nyinaa. Onua bi kae sɛ, “Fa no sɛ wo ne Yehowa reyɛ afie afie asɛnka adwuma, anka wo nko ara na wobɛkasa anaa wobɛma ɔno nso aka bi?” Nea na onua no rekyerɛ ne sɛ: Yɛwɔ asɛnka mu na yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm no a, na yɛrema Yehowa akasa akyerɛ ofiewura no. Asɛm biara nni hɔ a yɛbɛka a ebetumi aka obi koma akyɛn sɛ yɛbɛkenkan kyerɛwsɛm bi a ɛfata akyerɛ no. (1 Tes. 2:13) Enti bisa wo ho sɛ, ‘Mereka asɛmpa no a, mebɔ mmɔden biara sɛ mɛkenkan Bible mu asɛm bi akyerɛ wɔn a me ne wɔn rekasa no anaa?’

8. Yɛkenkan kyerɛwsɛm bi wɔ asɛnka mu a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛde so hɔ ara?

8 Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yɛkenkan Bible mu asɛm kyerɛ nkurɔfo a, ɛnsɛ sɛ yɛde so hɔ ara. Adɛn ntia? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, nnipa pii nte Bible ase papa anaasɛ wɔnte ase koraa. Asomafo no bere so no, saa na na ɛte; ɛnnɛ nso saa ara na ɛte. (Rom. 10:2) Enti ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ yɛkenkan kyerɛwsɛm bi kɛkɛ a, obi bɛte ase. Ehia sɛ yegye bere si kyerɛwsɛm no afã bi so dua. Ebia ebehia sɛ yɛsan kenkan nsɛmfua titiriw a ɛwom no na yɛkyerɛkyerɛ mu. Yɛyɛ saa a, ɛbɛboa paa ama Onyankopɔn Asɛm no aka yɛn atiefo no adwenem na asian akɔ wɔn koma mu tɔnn.—Kenkan Luka 24:32.

9. Ɔkwan bɛn so na asɛm a yebedi kan aka ansa na yɛakenkan kyerɛwsɛm bi betumi aboa nkurɔfo ama wɔanya obu ama Bible? Ma ɛho nhwɛso.

9 Afei nso, ansa na yɛbɛkenkan kyerɛwsɛm bi no, ɛsɛ sɛ yedi kan ka asɛm bi a ɛbɛma nkurɔfo anya obu ama Bible no. Nhwɛso bi ni, yebetumi aka sɛ, “Yɛnhwɛ nea Ɔbɔadeɛ no aka wɔ asɛm yi ho.” Sɛ yɛredi obi a ɔnyɛ Kristoni adanse a, yebetumi aka sɛ, “Ma yɛnhwɛ nea Kyerɛw Kronkron no ka kyerɛ yɛn.” Anaa yɛreka asɛm no akyerɛ obi a n’ani nye nyamesom ho a, yebetumi abisa sɛ, “Woate tete abebusɛm yi pɛn anaa?” Anokwa, yesusuw obiara a yɛne no bɔ nkɔmmɔ ho na yɛdannan yɛn nsɛm mu.—1 Kor. 9:22, 23.

Yehowa Adansefo de Bible reyɛ adwuma wɔ asɛnka mu

10. (a) Ka osuahu a onua bi nyae. (b) Tumi a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no, sɛn na woahu sɛ ɛboa wɔ asɛnka mu?

10 Nnipa pii ahu sɛ sɛ wɔkenkan Onyankopɔn Asɛm no kyerɛ nkurɔfo wɔ asɛnka mu a, etumi ka wɔn koma paa. Nhwɛso bi ni. Onua bi kɔsraa ɔbarima bi a n’ani afi a na wakenkan yɛn nsɛmma nhoma no mfe pii. Onua no amfa Ɔwɛn-Aban a aba foforo no amma no kɛkɛ. Mmom, ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛkenkan kyerɛwsɛm bi a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban no mu akyerɛ no. Ɔkenkan 2 Korintofo 1:3, 4. Ɛka sɛ: ‘Nyankopɔn a ɔyɛ ahummɔbɔ Agya ne awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn no kyekye yɛn werɛ yɛn ahohia nyinaa mu.’ Saa asɛm no kaa ofiewura no koma paa ma ɔkae sɛ ɔnsan nkan bio. Ɔbarima no ka kyerɛɛ wɔn sɛ ɔne ne yere hia awerɛkyekye paa, na afei n’ani begyee Bible no ho. Wunnye ntom sɛ tumi a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no boa paa wɔ asɛnka mu?—Aso. 19:20.

BERE A WOREKYERƐKYERƐ WƆ ASƐNKA AGUA SO

11. Anuanom mmarima a wɔkyerɛkyerɛ wɔ asɛnka agua so no, asɛyɛde bɛn na wɔwɔ?

11 Yɛkɔ Kristofo nhyiam, amansin ne amantam nhyiam a, yɛn nyinaa ani gye. Nea enti paa a yɛkɔ saa nhyiam ahorow no ne sɛ yɛkɔsom Yehowa. Onyankopɔn Asɛm a yesua wɔ hɔ no nso, yenya so mfaso kɛse. Anuanom mmarima a wɔkyerɛkyerɛ wɔ asɛnka agua so no anya hokwan kɛse. Bere koro no ara nso ɛsɛ sɛ wohu sɛ wɔwɔ asɛyɛde a emu yɛ duru. (Yak. 3:1) Bere nyinaa ɛsɛ sɛ wɔhwɛ sɛ wɔbɛma wɔn nkyerɛkyerɛ agyina Onyankopɔn Asɛm so pintinn. Sɛ wɔma wo dwumadi sɛ kyerɛkyerɛ wɔ asɛnka agua so a, wobɛyɛ dɛn ama tumi a ɛwɔ Bible mu no ayɛ adwuma?

Onua bi de Bible rekyerɛkyerɛ wɔ asɛnka agua so

12. Dɛn na ɔkasafo bi bɛyɛ na ama ne kasa agyina Kyerɛwnsɛm no so titiriw?

12 Hwɛ sɛ Kyerɛwnsɛm no titiriw na wubegyina so ama wo kasa no. (Yoh. 7:16) Saa asɛm no kyerɛ sɛn? Ade baako ne sɛ, ɛsɛ sɛ wohwɛ yiye na osuahu a wobɛma, mfatoho a wobɛyɛ, anaa ɔkwan a wobɛfa so ama ɔkasa no anyi atiefo no adwene amfi Bible mu nsɛm a wode bɛyɛ adwuma no so. Afei nso, kae sɛ wokenkan kyerɛw nsɛm pii a, ɛno nko ara nkyerɛ sɛ wode Bible no rekyerɛkyerɛ. Nokwarem no, sɛ wokenkan kyerɛw nsɛm pii a anhwɛ a w’atiefo no renkae emu baako mpo. Enti tɔ wo bo ase kenkan, kyerɛkyerɛ mu ma emu nna hɔ, na ma w’atiefo no nhu sɛnea wɔde bɛyɛ adwuma. (Neh. 8:8) Sɛ krataa a asafo no de ama na wobɛhwɛ so ama ɔkasa no a, sua emu nsɛm ne kyerɛw nsɛm no yiye. Bɔ mmɔden hu sɛnea kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so no fa nsɛm a ɛwɔ krataa no so ho. Afei kyerɛw nsɛm a wopɛ sɛ wokenkan no, fa kyerɛkyerɛ nsɛm a ɛwɔ krataa no so mu. (Wohwɛ Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua So Mfaso nhoma no adesua 21 kosi 23 a, wubenya nyansahyɛ pii.) Nea ɛho hia paa no, bɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa wo na wuntumi nkyerɛkyerɛ nneɛma pa a ɛwɔ n’Asɛm mu no mu.—Kenkan Esra 7:10; Mmebusɛm 3:13, 14.

13. (a) Ɔkwan bɛn so na kyerɛw nsɛm a wɔkenkan kyerɛkyerɛ mu wɔ Kristofo nhyiam ase kaa onuawa bi koma? (b) Kyerɛwnsɛm no a wɔde kyerɛkyerɛ wɔ yɛn nhyiam ahorow ase no, aboa wo sɛn?

13 Onuawa bi a ɔwɔ Australia kɔɔ Kristofo nhyiam, na wɔkenkan kyerɛw nsɛm bi kyerɛkyerɛ mu ma ɛkaa ne koma paa. Onuawa no faa ayayade pii mu wɔ ne mmofraase. Ɛwom sɛ na wagye Bible mu asɛm atom ahyira ne nkwa so ama Yehowa de, nanso na onnye nni sɛ Yehowa dɔ no. Bere bi akyi no, ogye toom sɛ Onyankopɔn dɔ no. Dɛn na ɛboaa no? Nea ɛde nsakrae kɛse yi bae ne sɛ, wɔkenkan kyerɛwsɛm bi kyerɛkyerɛɛ mu wɔ asafo nhyiam ase, na odwinnwen ho. Ɔde saa kyerɛwsɛm no totoo Bible mu nsɛm foforo ho.a Wɔakenkan Bible mu asɛm bi wɔ asafo nhyiam, ɔmansin ne ɔmantam nhyiam ase ama aka wo koma saa pɛn?—Neh. 8:12.

14. Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ Yehowa Asɛm no?

14 Yɛn ani nsɔ sɛ Yehowa ama yɛn n’Asɛm Bible no? Ɔdɔ yɛn nti na ɔde n’Asɛm no ama yɛn. Afei nso, ɔhyɛɛ bɔ sɛ n’Asɛm no bɛtena hɔ daa, na wadi ne bɔhyɛ so. (1 Pet. 1:24, 25) Nokwasɛm ne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm no daa, yɛde bɔ yɛn bra, na yɛde boa afoforo nso. Yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ agyapade a Onyankopɔn de ama yɛn no. Nea ɛsen ne nyinaa no, ɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ Yehowa Nyankopɔn a ɔyɛ Bible no Kyerɛwfo no na yɛdɔ no.

a Hwɛ adaka a wɔato din “Nsakrae Kɛse Bi Bae.”

MA TUMI A ƐWƆ ONYANKOPƆN ASƐM MU NYƐ ADWUMA

wɔ w’asetena mu:

  • Kenkan no daa

  • Dwinnwen ho

  • Fa nea wusua no bɔ wo bra

wɔ asɛnka mu:

  • Ma Bible no nkasa bere nyinaa

  • Si kyerɛwsɛm no afã bi so dua na kyerɛkyerɛ nsɛmfua titiriw a ɛwom no mu

  • Ansa na wobɛkenkan kyerɛwsɛm bi no, di kan ka asɛm bi a ɛbɛma nkurɔfo anya obu ama Onyankopɔn Asɛm no

bere a worekyerɛkyerɛ wɔ asɛnka agua so:

  • Ma wo kasa no nnyina Kyerɛwnsɛm no so titiriw

  • Ɛnsɛ sɛ woma osuahu, mfatoho, anaa ɔkwan a wobɛfa so ama ɔkasa no yi atiefo no adwene fi Bible no so

  • Tɔ wo bo ase kenkan kyerɛw nsɛm, kyerɛkyerɛ mu ma emu nna hɔ, na ma atiefo no nhu sɛnea wɔde bɛyɛ adwuma

“Nsakrae Kɛse Bi Bae”

Bere a Victoria huu nokware no akyi mfe pii mpo no, na onnye nni sɛ Onyankopɔn betumi adɔ no. Ɛnde, ɛyɛɛ dɛn na obegye toom sɛ Onyankopɔn dɔ no paa? Victoria kyerɛkyerɛ mu sɛ:

“Mebɔɔ asu akyi no, mfe 15 twaam ansa na nsakrae kɛse bi reba. Bere a onua bi rema ɔkasa wɔ Ahenni Asa so no . . . , ɔkenkan Yakobo 1:23, 24 kyerɛkyerɛɛ mu. Saa kyerɛwsɛm no de Onyankopɔn Asɛm no toto ahwehwɛ ho. Ɛma yehu yɛn ho sɛnea Yehowa hu yɛn. Midwennwen ho sɛ, sɛnea mihu me ho no, saa ara na Yehowa nso hu me anaa? Mfiase no, mannye anni saa. Ná meda so ara te nka sɛ ɛyɛ den paa sɛ Yehowa bɛdɔ me.

“Nna kakra akyi no, mekenkan kyerɛwsɛm bi a ɛsesaa m’asetena. Saa kyerɛwsɛm no ne Yesaia 1:18. Yehowa aka wɔ hɔ sɛ: ‘Afei mommra mma yɛntoto nneɛma yiye. Sɛ mo bɔne te sɛ koogyan a, ɛbɛyɛ fitaa te sɛ sukyerɛmma.’ Ɛyɛɛ me sɛ nea Yehowa rekasa akyerɛ me sɛ: ‘Hwɛ, Vicky, ma yɛntoto nneɛma yiye. Minim wo, minim bɔne a woayɛ, minim nea ɛwɔ wo komam—na medɔ wo.’

“Saa anadwo no, mantumi anna. Ná m’adwene nsi me pi sɛ Yehowa betumi adɔ me. Afei mifii ase dwinnwen Yesu agyede afɔre no ho. Prɛko pɛ na mihui sɛ Yehowa anya me ho abotare akyɛ. Wayɛ nneɛma pii ama me de akyerɛ sɛ ɔdɔ me. Nanso, me mmom na na mereka akyerɛ no sɛ: ‘Wo dɔ ntumi nso me so. Afɔre a wo Ba no bɔe no rentumi mpopa me bɔne.’ Ɛyɛe sɛ nea na merepo agyede a Yehowa de ama me no. Nanso afei midwinnwen agyede a Yehowa de akyɛ yɛn no ho, na metee nka sɛ ɔdɔ me.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena