Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/91 kr. 1-7
  • Fa Bible No Di Dwuma Wɔ Asɛnka Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa Bible No Di Dwuma Wɔ Asɛnka Mu
  • Yɛn Ahenni Som—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NEA ENTI A ETU MPƆN
  • FA ATƐMPA DI DWUMA
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyɛre—Denam Bible No a Wɔde Di Dwuma So
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nkɔmmɔ a Yɛne Nkurɔfo Bɛbɔ So
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Bible a Wɔhyɛ Nkuran Ma Wɔde Di Dwuma
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • So Wokamfo Onyankopɔn Asɛm Kyerɛ?
    Yɛn Ahenni Som—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1991
km 6/91 kr. 1-7

Fa Bible No Di Dwuma Wɔ Asɛnka Mu

1 Bible no mu nsɛm a efi honhom mu no betumi anya nkurɔfo so nkɛntɛnso kɛse. Enti, afeha a edi kan Kristofo de Kyerɛwnsɛm no dii dwuma yiye bere a wɔbɔ asɛmpa no dawuru no. Paulo ‘kaa Kyerɛw nsɛm no ho asɛm,’ na ɔtwee adwene sii nsɛm so de kyerɛkyerɛɛ ne nsɛm mu de kyerɛe sɛ ɛyɛ nokware. (Aso. 17:2, 3) Bere a Apolo redi Yudafo adanse no, ‘ɔnam kyerɛw nsɛm so kyerɛe pefee sɛ Yesu ne Kristo.’​—Aso. 18:24-28.

2 Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ di nhwɛso yi akyi. Sɛnea wɔaka wɔ March 1, 1986, Watchtower no kratafa 26 no: “Sɛ wɔyɛ baguam ɔsom adwuma no a wɔpɛ sɛ nnipa hu sɛ nkrasɛm a wɔbɔ no dawuru no nyɛ wɔn ankasa nkrasɛm, na mmom efi Onyankopɔn ankasa Asɛm mu. Enti wɔde Bible no di dwuma tẽẽ, na wɔkenkan kyerɛ afoforo bere biara a wobetumi ayɛ saa.” Esiane sɛ nsa a ɛda yɛn dwumadi so no ho hu ano abrɛ ase nti, adawurubɔfo pii de wɔn Bible kɔ asɛnka. So wode Bible no di dwuma kosi ase wɔ anifere kwan so, wɔ wo som adwuma no mu?

NEA ENTI A ETU MPƆN

3 Dɛn nti na Bible no tu mpɔn saa? Efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm na “ɛyɛ koma mu nsusuwii ne adwene temmufo.” (Heb. 4:12) Sɛ yɛma nkurɔfo hu Kyerɛwnsɛm mu nokware no a, adwene ankasa a wokura no da adi yiye, ɛtwetwe nnipa komapafo. Sɛ nhwɛso no, wobisaa awarefo bi a na wɔwaree nkyɛe a wonyaa nkɔso ntɛmntɛm wɔ Yehowa som mu nea enti a wɔyɛɛ asɛmpa no ho biribi ntɛm saa. Mmuae bɛn na wɔmae? “Ɛyɛ Bible no.” Bere a adawurubɔfo a wɔkɔɔ wɔn nkyɛn no twee wɔn adwene sii Bible no so no, wohuu ‘oguanhwɛfo pa no’ nne.​—Yoh. 10:14; wTW 12/78 nkr. 9-10.

4 So ɛtɔ da bi a, wote nka sɛ wuntumi mfa Bible no nni dwuma yiye bere a wode di dwuma wɔ asɛnka mu no? Kokoam adesua ho nhyehyɛe pa, a ahosiesie a wobɛyɛ ama asafo nhyiam horow nyinaa ne ne kɔ ka ho besiesie wo ama adwuma pa biara, na ama woanya ahotoso foforo. (2 Tim. 3:16, 17) Asɛnka mu ahokafo ne abusua mufo betumi ne wɔn ho wɔn ho asua Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no. Afei nso, nnianim nsɛm a ɛwɔ Reasoning nhoma no nkratafa 9-15 wɔ kyerɛwsɛm a wobɛkenkan no ntɛm wɔ nkɔmmɔbɔ no mu. Dɛn nti na munsua eyinom bi? Momfa nea etumi yɛ adwuma na ɛkanyan mo asasesin no mu nnipa anigye no nni dwuma.

FA ATƐMPA DI DWUMA

5 Mmere bi wɔ hɔ a yɛpɛ sɛ yɛka kyerɛ ofiewura no sɛ ɔnkɔfa n’ankasa Bible mmra na ɔne yɛn nhwɛ kyerɛwsɛm bi. Fa atɛmpa di dwuma wɔ tebea horow a ɛte sɛɛ no mu. (Hwɛ Reasoning nhoma no kratafa 67, nkyekyem 3, ne kratafa 279, nkyekyem 2.) Sɛ ehia sɛ yetwa asɛm no tiaa a, ebia yebesi gyinae sɛ yɛbɛkenkan yɛn Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no mu kyerɛw nsɛm no biako pɛ. Sɛ ɛda adi sɛ ofiewura no nni adagyew ana yehu sɛ ɛnyɛ papa sɛ yɛbɛkenkan yɛn Bible no wɔ tebea no mu a, yebetumi afa emu asɛm bi a ɛfata aka, na yɛakyerɛ ofiewura no sɛ efi Bible no mu. Na Yesu ne asomafo no nni wɔn ankasa Hebri Kyerɛwnsɛm a wɔde kɔ asɛnka. Nanso wɔfaa emu nsɛm pii de kaa asɛm. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛbɔ mmɔden sɛ yebesua kyerɛw nsɛm agu yɛn tirim, na aka yɛn adwenem ma yɛde adi dwuma wɔ yɛn som adwuma no mu.

6 Paulo tuu Timoteo fo sɛ ‘ɔmfa nokware asɛm no nni dwuma pɛpɛɛpɛ.’ (2 Tim. 2:15) Afotu koro no ara fa yɛn ho nnɛ. Yɛpɛ sɛ yesuasua Yesu ne asomafo no denam Bible no a yɛde bedi dwuma mpɛn pii wɔ yɛn asɛnka adwuma mu no so. Kenkan bere biara a wubetumi ayɛ saa, nanso sɛ ehia a, ka emu asɛm fi wo tirim. Sɛ yɛyɛ saa wɔ ɔkwan a etu mpɔn so a, ɛbɛma ada adi pefee sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfo, na yɛn nkrasɛm no gyina n’Asɛm so pintinn.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena