Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/91 kr. 1-8
  • Dan Nnipa Fi Sum Mu Bra Hann Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dan Nnipa Fi Sum Mu Bra Hann Mu
  • Yɛn Ahenni Som—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • BUE ADWENE NE KOMA ANI
  • ƆWƐN-ABAN NO YƐ MMOA
  • FA NHUMU Dl DWUMA
  • Onyankopɔn Hann Hyerɛn Esum Mu!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Di Wiase Hann No Akyi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • ‘Monhyɛ Hann Akode’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • “Hann No Aba Wiase”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1991
km 6/91 kr. 1-8

Dan Nnipa Fi Sum Mu Bra Hann Mu

1 Honhom mu sum akata asase no so. (Yes. 60:2) Efi bere a adesamma tɔɔ bɔne mu no, Satan, “wi yi ase nyame,” ama nnipa akɔ so atra honhom mu sum mu, na ɔbrasɛe na afi mu aba.​—2 Kor. 4:4.

2 Mprempren a nokware no ama yɛate nneɛma ase no, so yenya ayamhyehye ma nkurɔfo sɛnea Yesu yɛe no? (Mat. 9:36) Sɛ yɛyɛ saa a, yebehu nea ahyɛde a ɔde maa ɔsomafo Paulo sɛ ‘ommue nkurɔfo ani na ɔnnan wɔn mfi sum mu mmra hann mu, na ɔmma womfi Satan tumi ase mmra Onyankopɔn nkyɛn no’ kyerɛ.​—Aso. 26:16-18.

BUE ADWENE NE KOMA ANI

3 Esiane sɛ Satan fura wɔn a onya wɔn no ani, na opirim wɔn koma nti, dɛn na yebetumi ayɛ de aboa wɔn? Ehia sɛ yɛma Onyankopɔn Asɛm du wɔn adwene ne wɔn koma mu. Paulo bɔɔ mpae sɛ Efesofo no bɛma wɔn koma ani atew. (Efe. 1:17, 18) Biribiara nni hɔ a tumi wom a wɔde bedu koma no mu asen Onyankopɔn Asɛm. (Heb. 4:12) Ɛsɛ sɛ eyi a yenim no kanyan yɛn ma yɛma yɛn ho kokwaw wɔ Bible no a yɛde di dwuma bere a yɛne afoforo kasa no mu.

4 Nsemmisa a edidi so yi ho mmuae a wobɛma no betumi aboa wo ma woatu mpɔn kɛse wɔ ɔsom adwuma no mu. So wusiesie wo ho yiye ma asɛnka? So wusua nsɛm a wobɛka akyerɛ a ɛbɛma woahu nsɛm a ebue nkɔmmɔbɔ ho kwan a ɛkanyan afiewuranom anigye? So wode yɛ wo su sɛ wubesua mprempren Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no, na woabɔ mmɔden sɛ wode bedi dwuma? So wobɔ mmɔden sɛ wo ne nkurɔfo besusuw Kyerɛwnsɛm no ho wɔ ɔkwan a ɛdan ti so wɔ asɛnka mu?​—Aso. 17:2.

ƆWƐN-ABAN NO YƐ MMOA

5 Ɔwɛn-Aban no aboa ɔpepem pii ma wɔadan afi sum mu aba hann mu, akyerɛ yɛn sɛnea yɛde Bible no mu abrabɔ ho gyinapɛn ahorow bedi dwuma, na yɛate ne nkɔmhyɛ ahorow ma yɛn bere yi ase, ahu nokware som ne atoro som mu nsonsonoe, na yɛanantew ɔkwan a Yehowa pene so so.

6 Dɛn na Bible mu nokware a wɔbɔ no dawuru kɛse wɔ Ɔwɛn-Aban no mu no atumi ayɛ? Ɛreboa nnipa ahorow nyinaa ma wɔaba nkwagye mu denam Onyankopɔn ne ne Ba ho nokware nimdeɛ so. (Yoh. 17:3; 1 Tim. 2:4) Ɔkenkanfo bi kyerɛwee sɛ: ‘M’ani gye Ɔwɛn-Aban no ho yiye! Ɛsɛ sɛ emu nsɛm boa yɛn nyinaa ma yehu nna ne bere a yɛte mu no yiye. Meda mo ase yiye wɔ nhwehwɛmu, adesua, ne adwuma pii a moyɛ de yɛ Ɔwɛn-Aban no a ɛyɛ honhom fam aduan ampa no ho.’

FA NHUMU Dl DWUMA

7 Wɔ ɔsram a ɛto so abien wɔ Ɔwɛn-Aban kra ɔsatu yi mu no, ehia sɛ yɛhwehwɛ hokwan ahorow de dan nnipa fi sum mu ba hann mu. Bible mu nkɔmmɔ a yɛne nnipa a yɛkɔ wɔn nkyɛn wɔ afie afie mu bɔ no boa yɛn ma yɛyɛ saa. Sɛ yehu nnipa a wɔkyerɛ Ahenni nkrasɛm no ho nokware anigye a, yebetumi ada Ɔwɛn-Aban no a wɔbɛkenkan no daa mu mfaso adi akyerɛ wɔn. Wobɛyɛ dɛn atumi ahu wɔn a wowɔ nokware anigye? Ɔpɛ a wɔbɛda no adi sɛ wɔne wo bɛbɔ nkɔmmɔ, aso a wɔbɛyɛ atie, nsemmisa a wobebua na wɔakyerɛ wɔn adwene na ɛbɛma woahu. Nneɛma afoforo a ɛbɛma woahu nso ne Bible no mu a ɔbɛhwɛ bere a wokenkan, sankɔhwɛ a ɔbɛpene so, kratawa anaasɛ nhoma foforo bi a obegye. Sɛ ofiewura no nim nsɛmma nhoma no, na n’ani gye ho a, wubetumi abisa no sɛ ɔbɛpɛ sɛ ɔkra anaa. Ebia wobɛpɛ sɛ woma obi a ɔrekra bi foforo no akra asram asia, sɛ ɛfata wɔ saa bere no mu a. Bere a wokɔ so kɔsra onipa no na ama wanya ho anigye no, wubetumi ahu sɛ ebia ɛsɛ sɛ woma ɔsan kra anaa.

8 Sɛ yɛkɔ afie afie anaa yedi yɛn mfɛfo adwumayɛfo, sukuufo, ne abusuafo adanse wɔ bɔnnɔ so a, yenya nokware a ebetumi ama nnipa ade wɔn ho a wɔtrɛw mu no mu kyɛfa. (Yoh. 8:32) Ɔwɛn-Aban no yɛ adwinnade titiriw a ebetumi aboa wɔn ma wɔanya ahofadi, na wɔanya daa nkwa anidaso, na adan wɔn afi sum mu aba hann mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena