Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
DAPƐN A EDI KAN
Dwom 63
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Our Bulletin no mu Nkaebɔ a ɛfata. Ka asɛnka nhyehyɛe ho asɛm. Ka nsɛmma nhoma a wɔama wɔakra ho osuahu biako anaa abien.
25 min: “Dan Nnipa Fi Sum mu Bra Hann Mu.” Asemmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ. Sɛ mudu nkyekyem 6 a, ma anyɛ yiye koraa no atiefo baanu nka osuahu a ɛkyerɛ sɛnea wɔn anaa wɔn abusua anya Ɔwɛn-Aban no mu mfaso nkyerɛ. Sɛ mudu nkyekyem 7 a, ka sɛnea wobetumi ahu sɛ wɔwɔ nsɛmma nhoma no ho nokware anigye ansa na wɔaka ne kra ho asɛm ho asɛm. Wɔde nyansahyɛ ahorow a ɛboa ama wɔ May 1991 Our Bulletin no mu.
10 min: Asemmisa Afã. Asemmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ. Si nhyira a yenya fi nneɛma a wɔkamfo kyerɛ wɔ teokrase kwan so akyidi mu no so dua.
Dwom 192 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A ƐTO SO ABIEN
Dwom 221
8 min: Asafo mu nkaebɔ ne sika akontaabu. Fa ntoboa a wɔkyerɛ sɛ nsa aka ho asɛm ka ho. Fa anigye kamfo asafo no wɔ sika fam mmoa a wɔde ma wɔ Ahenni nneɛma ho, wɔ mo asafo no mu ne wiase nyinaa.
15 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Anwummere.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm ho. Ka mo asafo no anwummere adansedi nhyehyɛe ho asɛm. Wubetumi aka mo hɔnom osuahu tiawa bi de asi anwummere adansedi so mfaso so dua.
22 min: “Ma Yehowa Din Nyɛ Kɛse Denam Wo Mudi Mu a Wubekura So.” Ɔkasa a ɛkanyan anigye a egyina 1978 Yearbook no mu osuahu ahorow so. Da nsɛntitiriw yi adi. Mma ɔhaw ahorow mmu w’aba mu sɛ wode nsiyɛ bɛyɛ Ahenni adwuma. (Kratafa 165, nkyekyem 9 kosi kratafa 166, nkyekyem 3) Nokwaredi a yɛde gyina ɔtaa ano yɛ adanse pa. (Kratafa 164, nkyekyem 6 kosi kratafa 165, nkyekyem 8) Mfaso fi papa a yɛde si bɔne ananmu bere a wɔsɔre tia yɛn no mu ba. (Kratafa 164, nkyekyem 5) Yehowa wowaw ne nkoa ma wogyina asɔretiafo nnɛɛdɛe ano.—Kratafa 172, nkyekyem 7 kosi kratafa 173, nkyekyem 5.
Dwom 65 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A ƐTO SO ABIƐSA
Dwom 181
5 min: Asafo mu nkaebɔ. Si nsɛmma nhoma a aba foforo mu asɛntitiriw biako anaa abien so dua. Ka wiasefo nnapɔnna, June 4, no mu adansedi ho nhyehyɛe titiriw biara ho asɛm.
15 min: “Afoforo a Wobɛboa Wɔn Bere a Mowɔ Asɛnka Mu.” Ɔkasa a atiefo nya mu kyɛfa bi. Nsɛm ntiantiaa a wobisa ɔdawurubɔfo a ne ho akokwaw a ɔkyerɛkyerɛ mfaso horow a n’ankasa anya afi afoforo a ɔne wɔn yɛ adwuma wɔ asɛnka mu no mu.
25 min: “1991 ‘Wɔn a Wɔpɛ Ahofadi’ Ɔmantam Nhyiam.” Atiefo a wɔne wɔn susuw krataa a ɛhyem ho. Boa anuanom na wonhu bere ne faako a wɔbɛyɛ nhyiam a wɔkyerɛ sɛ mo asafo nkɔ no.
Dwom 115 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A ƐTO SO ANAN
Dwom 170
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Teokrase Nsɛmmansɛmma. San ka nhoma a yɛde bɛma July mu ho asɛm, ne sɛnea wobetumi de atoa July Nkɔmmɔbɔ Asɛmti foforo a ɛne “Bere a Ɛsɛ sɛ Wɔhwehwɛ Onyankopɔn Akyi Kwan Ni” no so. Kyerɛwnsɛm a yɛde bedi dwuma ne Yesia 55:6, 7 (yebetumi ahu nokware Nyankopɔn No) ne Asomafo no Nnwuma 17:26, 27 (ɛsɛ sɛ onipa hwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan nnɛ).
20 min: “Fa Bible no Di Dwuma wɔ Asɛnka Mu.” Asemmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ. Sɛ mudu nkyekyem 6 a, ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ tiawa a wɔde nhoma a yɛde bɛma July rema wom. Fa Nkɔmmɔbɔ Asɛmti foforo no mu kyerɛw nsɛm no mu biako pɛ di dwuma.
15 min: “Sɛnea Abusua no Betumi Anya Index no mu Mfaso.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm ho. Sɛ moresusuw nkyekyem 2 ho a, ma awarefo bi nyɛ sɛnea wɔde Index no di dwuma ho ɔyɛkyerɛ, na wɔmmobɔ nsɛmti nketewa ahorow a ɛkanyan anigye a ɛwɔ asɛmti titiriw a ɛne “Marriage” ase no din.
Dwom 151 ne mpaebɔ a wɔde wie.