Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/91 kr. 7
  • Afoforo A Wobɛboa Wɔn Bere A Mowɔ Asɛnka Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Afoforo A Wobɛboa Wɔn Bere A Mowɔ Asɛnka Mu
  • Yɛn Ahenni Som—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • MONYƐ ADWUMA MMOM
  • Yɛ Ɔboafo Pa wɔ Asɛnka Mu
    Yɛn Ahenni Som—2010
  • Boa Nea Wo Ne no Rekɔ Asɛnka No​—Nka W’ano Ntom
    Yɛn Ahenni Som—2014
  • Boa Afoforo Ma Wonnya Nkɔso Wɔ Ɔsom Adwuma No Mu
    Yɛn Ahenni Som—1985
  • Asɛnka Nhyiam a Ɛhyɛ Nkuran na Ɛtu Mpɔn
    Yɛn Ahenni Som—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1991
km 6/91 kr. 7

Afoforo A Wobɛboa Wɔn Bere A Mowɔ Asɛnka Mu

1 Efi Kristofo asafo no mfiase no, ayɛ asɛmpakafo ahyehyɛde. Yesu ankasa tetee n’asuafo wɔ asɛnka adwuma no mu, na “ofii ase somaa wɔn baanu baanu.” (Marko 6:7: Luka 8:1) Ɔsomafo Paulo kaa ne “yɔnko adwumayɛfo” a wɔwɔ Filipifo asafo no mu a ‘wɔkaa ne ho peree asɛmpa no’ ho asɛm. (Fii. 4:3) Ɛwom sɛ enhia bere nyinaa sɛ yebenya obi aka yɛn ho wɔ ɔsom adwuma no mu de, nanso sɛ afoforo ka yɛn ho a, yɛn mu pii ani sɔ. (Ɔsɛnk. 4:9) Ɛnde, ɔkwan bɛn so na yebetumi ahyɛ yɛn ho nkuran na yɛaboa yɛn ho yɛn ho bere a yɛka asɛm no?

2 Atirimpɔw ahorow nti a yɛyɛ yɛn asɛnka nhyiam horow no biako ne sɛ yɛbɛboa abɛɛfo ne adawurubɔfo a wɔn ho nkokwaw pii no. (omTW nkr. 71, 97) Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ yɛn nuanom 3,000 adan wɔn a wɔnkɔ asɛnka daa wɔ bere a nsa da yɛn dwumadi so yi mu no si sɛnea eyi ho hia so dua. Akwampaefo a wɔapaw wɔn foforo mpo bɛpɛ sɛ wɔne adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw kɛse, ɔpanyin anaa asafo mu ɔsomfo bi yɛ adwuma. Hokwan fɛfɛ a ɛbɛma “yɛahyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran” bɛn ara ni!​—Rom. 1:12, New World Translation.

3 Ahobammɔ nti, ɛbɛyɛ papa sɛ adawurubɔfo bɛbom ayɛ adwuma wɔ mmeae bi. Anaasɛ ɛtɔ da bi a, ebehia sɛ yɛsakra nhyehyɛe a yɛne obi ayɛ dedaw sɛ yɛne no bɛyɛ adwuma no, na ama yɛne adawurubɔfo a wɔn ho nkokwaw pii a wɔba asɛnka nhyiam no ayɛ adwuma. Sɛ wɔka kyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ saa a, ɛbɛkyerɛ ɔdɔ a yeyi adi kyerɛ sɛ yɛbɛyɛ nsakrae a ehia no na ‘yɛaboa wɔn a wɔyɛ mmerɛw no,’ ɛwom sɛ ebia yɛtaa ne obi na ɛbom yɛ adwuma de.​—Aso. 20:35.

MONYƐ ADWUMA MMOM

4 Bere biara a yɛbɛka afoforo ho akɔ asɛnka no, yɛbɛpɛ sɛ yɛyɛ adwuma bom sɛ kuw. (Fa toto 1 Korintofo 3:6, 9 ho.) Mo baanu nyinaa betumi akyɛ adanse a mubedi no, ebia sɛ obiako fi nkɔmmɔbɔ ase wɔ ofie biako mu a, ɔfoforo no nso bɛyɛ saa wɔ ofie foforo mu. Suban pa bɛkyerɛ sɛ yɛde obu betie asɛm no yiye bere a yɛn hokafo no rekasa no.

5 Ɛwom sɛ ɛtɔ mmere bi a, ebetumi ayɛ nea ɛfata sɛ yɛde yɛn ano bɛto nkɔmmɔbɔ no mu bi bere a yɛn hokafo no afi ase no de, nanso atɛmpa ho hia wɔ saayɛ mu. Yɛmpɛ sɛ yɛbɛka biribi de atwa nsɛm a ɔde di dwuma yiye de anya ofiewura no so nkɛntɛnso pa no mu. Ɛwom, sɛ ɛyɛ den ma ɔdawurubɔfo bi a ne ho nkokwaw pii no sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ asɛm bi mu a, akyinnye biara nni ho sɛ n’ani bɛsɔ mmoa a wɔde ma wɔ ɔkwan pa so no.​—Ɔsɛnk. 4:12.

6 Yebetumi de bere a yenya bere a yefi ofie biako mu rekɔ foforo mu no adi dwuma yiye de asusuw ɔkwan a yɛbɛfa so ama nsɛm a yɛka no atu mpɔn no ho. Ebia Reasoning nhoma no mu nnianim nsɛm no biako anaa Our Bulletin no mu nyansahyɛ bi a wɔaka ho asɛm a yɛde bedi dwuma no betu mpɔn. Adwuma a yebom yɛ nso ma yehu yɛn ho yiye, na ɛhyɛ yɛn Kristofo onuayɛ no mu abusuabɔ no mu den.

7 Yɛn som adwuma no yɛ ademude a ɛsom bo yiye. (2 Kor. 4:1, 7) Bere a yenya hokwan ne afoforo yɛ adwuma wɔ asɛnka mu no, yebetumi ama yɛn ho yɛn ho anya adwuma kronn no ho anisɔ a emu dɔ. Bere koro no ara mu no, yebenya nkuranhyɛ, na yɛasua biribi afi yɛn ho yɛn ho hɔ. Anigye kɛse, mpɔntu kɛse wɔ adansedi mu, nea yɛne yɛn nuanom ntam biakoyɛ a akomatɔyam wom na ebefi mu aba.​—Dw. 133:1.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena