Boa Afoforo Ma Wonnya Nkɔso Wɔ Ɔsom Adwuma No Mu
1 Yesu tuu Petro fo wɔ Luka 22:32 sɛ ‘ɔnhyɛ ne nuanom den.’ Petro yɛɛ saa. Ne som adwuma a ɔde nokwaredi yɛe no hyɛɛ ne nuanom Kristofo den. (1 Pet. 5:12) Sɛnea yɛn ani sɔ bere a wɔboa yɛn ma yenya asɛnka adwuma no mu kyɛfa daa no, saa ara na afoforo nso te. Bisa wo ho sɛ: Henanom na wɔwɔ mo asafo no mu a wohia nkuranhyɛ na ama wɔanya nkɔso wɔ ɔsom adwuma no mu? Ɔkwan bɛn so na wobetumi aboa wɔn?—1 Tes. 5:11.
2 Ɔkwan biako ne sɛ wɔbɛboa wɔn ma wɔn ho akokwaw wɔ Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no a wɔde di dwuma mu. Sɛ nhwɛso no, fa nnianim asɛm a ɛfata wɔ mo mpɔtam hɔ ho nyansahyɛ ma. Kyerɛ wɔn sɛnea wobetumi abisa nsɛm de ama ofiewura anya mu kyɛfa ne sɛnea wɔde kyerɛw nsɛm no bɛtõam yiye. Hyɛ nyansa sɛ wɔne anuanom ahorow nyɛ adwuma na wonsua sɛnea wɔda asɛm no adi no. (Mmeb. 20:18) Yɛ nhyehyɛe a ɛma moyɛ de sɔ hwɛ a ɛkanyan tebea ankasa a muhyia wɔ asɛnka mu ho adwuma. (Mmeb. 27:17) Wobetumi ayɛ pii de aboa adawurubɔfo afoforo anaa wɔn a wɔn ho nkokwawee pii no wɔ asɛnka nhyiam ase, nhoma adesua akyi, bere a morekɔ asasesin no mu, anaa wɔ abusua no mu.
HYƐ AFOFORO NKURAN
3 Adwuma a ɛho hia bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ Kristoni biara yɛ. Wɔka kyerɛ yɛn sɛ ‘yɛnkyekyere yɛn adwene asen mma adwumayɛ.’ Ma w’ani nna hɔ wɔ asafo no mufo a wɔwɔ ahiade atitiriw, te sɛ nyisaa, wɔn a wɔn mfe akɔ anim ne wɔn a wɔn ahokafo nnye nni, no ho. So wubetumi ayɛ bere nhyehyɛe ma wo ne wɔn ayɛ adwuma wɔ asɛnka mu? (1 Pet. 1:13; Ɔsɛnk. 4:9, 10) Hokwan fɛfɛ wɔ hɔ ma eyi wɔ nsɛmma nhoma dwumadi mu Memeneda a ɛto so abien ne anan no.
4 Akwampaefo, mowɔ gyinabea a ɛso bi nni a mode bɛboa. Mo osuahu a ɛhyɛ nkuran no betumi anya afoforo so nkɛntɛnso pa. (Aso. 15:3) Dɛn nti na wonyɛ nhyehyɛe ma obi nka wo ho wɔ Bible adesua anaa sankɔhwɛ yɛ mu? Sɛ woreyɛ nhyehyɛe a ɛte sɛɛ a, hwɛ sɛ wobɛma ɔdawurubɔfo no ahu nsɛm a w’ani da so sɛ mubesusuw ho no sɛnea ɛbɛyɛ a obenya nkɔmmɔbɔ no mu kyɛfa. Wo nnamyɛ wɔ Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpaka adwuma no mu no bɛhyɛ afoforo nkuran ma wɔayɛ saa ara.
5 Ɛnyɛ nhwɛso pa a wɔbɛyɛ wɔ Ahenni ho dawurubɔ no mu hokwan nko na mpanyimfo wɔ na mmom sɛ wɔbɛboa wɔn nuanom ma wɔn mmɔdenbɔ wɔ ɔsom adwuma no mu anya nkɔso nso. Asafo Nhoma Adesua so ahwɛfo ne ɔsom adwuma sohwɛfo no betumi ahwehwɛ Asafo ɔdawurubɔfo Kyerɛwtohɔ nkratasin no mu efi bere kɔ bere mu na ama wɔahu nea ɛrekɔ so wɔ obi asɛnka adwuma ho. Sɛ wɔyɛ saa a, wobetumi aboa kɛse ma wɔatete Ahenni adawurubɔfo no ma wɔn ho akokwaw wɔ ɔsom adwuma no afã horow no mu. Wobetumi aboa nguankuw no ma wɔadi abasamtu a asasesin a emu yɛ den anaa asetra mu ɔhaw ahorow de ba a ebetumi ahaw wɔn som adwuma no so. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ asɛnka nhyiam a ɛbɛyɛ nea eye ma adawurubɔfo no ho nhyehyɛe daa, na wobetumi ayɛ asɛnka ho nhyehyɛe titiriw wɔ nnapɔnna ahorow mu. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo ma wɔn ani da hɔ wɔ asafo no ahiade ho wɔ eyi mu.
AFOFORO A WOBOA WƆN DE ANIGYE BA
6 Akomatɔyam ne anigye pii fi obi foforo a wɔboa no ma onya Ahenni asɛnka adwuma no mu kyɛfa kɛse mu ba. (Neh. 8:10) Wɔ nna a edi akyiri yi mu no, fa hokwan biara a wubenya no boa afoforo ma wɔne wo nnya anigye a mmati koro a wɔde yɛ adwuma wɔ Kristofo biakoyɛ mu de ba no!—Sef. 3:1.