Asɛmpa a Wɔbɛka Akyɛre—Denam Bible No a Wɔde Di Dwuma So
1 “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na aboɔden wom.” (Heb. 4:12) Sɛ ebetumi de n’ahoɔden no ama kɛse na ama nkwa a, ɛsɛ sɛ wɔkenkan na wɔde di dwuma. Nea ɛbɛyɛ na wɔatumi akɔ so ayɛ eyi nti no. Yehowa ahyehyɛde no ahyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmmfa Bible no nni dwuma wɔ yɛn afie afie ɔsom adwuma no mu, titiriw fi 1954 mu. Wɔtetee yɛn na ama yɛde simma abiɛsa kosi awotwe ɔkasa ama wɔ afie afie nsrahwɛ mu na yɛatwe afiewuranom adwene asi nea Bible no wɔ ka wɔ nsɛmti ahorow a ɛho hia ho no so.
2 Wɔ nnansa yi mfe no mu no, Yɛn Ahenni Som taa de Nkɔmmɔbɔ Asɛmti ma a ɛda kyerɛw nsɛm abien anaa abiɛsa a ɛfa asɛmti bi a yɛde bedi dwuma wɔ asɛnka mu no adi. Sɛ nhwɛso no, mprempren Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no ne “Ɔsom a Ɛho wɔ Mfaso Ankasa.” Kyerɛw nsɛm a wɔde bedi dwuma no si nsonsonoe a ɛwɔ atoro som ne nokware som mu no so dua.
3 Bible a wobetumi de adi dwuma ma atu mpɔn no gye sua a wosua ne ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛboa nkurɔfo ma wɔahu sɛ ɛyɛ Onyankopɔn asɛm ampa na ɛwɔ nkwa na ahoɔden wom. Bere a wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa asɛnka ntiantia ne nea esi asɛm no so nni dwuma wɔ nsɛmma nhoma-da dwumadi mu no, yɛmpɛ sɛ yebebu yɛn ani agu Bible no a yɛde bedi dwuma wɔ asɛnka adwuma no afã afoforo mu no so. Anyɛ yiye koraa no, yɛyɛ Bible asuafo, na ɔkwan pa bɛn na ɛwɔ hɔ a yɛde bɛkyerɛ sɛ ɛte saa kyɛn sɛ yɛbɛbɔ mmɔden afi Onyankopɔn Asɛm no ankasa mu akyerɛ nkurɔfo nea Yehowa wɔ ma adesamma ne asase yi?
MMOA A EFI REASONING NHOMA NO MU
4 Nea ɛka Nkɔmmɔbɔ Asɛmti a ɛwɔ Yɛn Ahenni Som mu no ho no, yɛwɔ Reasoning From the Scriptures nhoma no. Bere a woretĩ nnianim nsɛm a edidi so wɔ nkratafa 9-15 no mu no, wubehu Bible mu nkyekyem ahorow a wɔaka ho asɛm a wubetumi de adi dwuma de ada Ahenni nkrasɛm no adi. Yɛwɔ akwan horow pii a yɛbɛfa so akɔ Bible no mu na yɛakyerɛ nkurɔfo nea ɛwɔ ka.
5 Sɛ nhwɛso no, sɛ afiewuranom bi ahaw wɔ wɔn a wɔn mfe akɔ anim ho a, ɛbɛboa sɛ wubedi nea wɔahyɛ ho nyansa wɔ Reasoning nhoma no kratafa 14 wɔ asɛmti a ɛne “Old Age/Death” ase no akyi. Asemmisa yi bɛyɛ nea ɛfata dɛn ara: “So woasusuw nea enti a yenyinyin na yewuwu no ho pɛn? Mɛpɛ sɛ mekyerɛ wo nea Bible kyerɛwfo bi a honhom kaa no kae wɔ Romafo 5:12.” Afei wubetumi aka sɛ: “Nanso bere a Bible no kyerɛ nea enti a yenyinyin na yewuwu no, ɛde anidaso a ɛyɛ nwonwa sen biara nso ma, sɛnea yehu wɔ Adiyisɛm 21:3, 4 no.” Afei wubetumi de nhoma a yɛde rema no ama.
6 Nkurɔfo taa ka nnansa yi sɛ, “Dabi, minni adagyew.” Pii nni adagyew ampa, na ɛsɛ sɛ yehu sɛ ebia ɛte saa wɔ wɔn fam. Sɛ saa mpo a, sɛ tebea no ye a, wubetumi aka sɛ: “Mete nka saa, efisɛ adagyew nni hɔ nnansa yi. Nanso, mɛpɛ sɛ migyaw wo ade biako pɛ ma wususuw ho,” na dan kɔ kyerɛw nsɛm a ɛwɔ yɛn mprempren Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no mu biako so. Bere a woakenkan awie no, wubetumi akyerɛ nhoma a wode rema no ntɛm, woagyaw nsaano krataa bi anaasɛ woaka sɛ ɛrenkyɛ wobɛsan aba mpɔtam hɔ na wobɛfa hɔ ma moasusuw nsɛm afoforo a ɛfa hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ yɛbɛtra ase a yɛrenwu ho no ho.
7 Sɛ nkurɔfo hu sɛ yɛyɛ Bible asuafo na yɛaben wɔ Onyankopɔn Asɛm no a yɛde di dwuma wɔ yɛn som adwuma no mu mu a eye dɛn ara! Ɛboa wɔn ma wohu wɔn a wɔde wɔn ho to Onyankopɔn Asɛm no so na wɔde di dwuma wɔ wɔn da biara da asetra mu nnɛ no. Enti, wɔ nsɛmma nhoma akyi no, siesie wo ho sɛ wode Bible no bedi dwuma bere a wode nhoma a yɛde ma rema no. Mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛde Bible no bedi dwuma no de Yehowa nhyira bɛba yɛn som adwuma no so na asi so dua wɔ pii adwene mu sɛ Onyankopɔn Asɛm wɔ nkwa, ahoɔden wom ampa, na ebetumi anya wɔn asetra so nkɛntɛnso.