Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g89 1/8 kr. 17-18
  • Nea Mmofra Hia Fi Awofo Nkyɛn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Mmofra Hia Fi Awofo Nkyɛn
  • Nyan!—1989
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bere, Ɔdɔ, ne Wɔn ho a Wodwen
  • Wotumi de Toto Nnua Ho
  • Awofo Asɛyɛde
    Yehowa Adansefo ne Nhomasua
  • Awofo—Montete Mo Mma Wɔ Ɔdɔ Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Awofo, mo Mma Hia Ɔhwɛ Soronko
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Awofo—So Mo Mma Renyin Honhom Mu?
    Yɛn Ahenni Som—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1989
g89 1/8 kr. 17-18

Nea Mmofra Hia Fi Awofo Nkyɛn

ƐNSƐ sɛ wogyina mma a abofra nya so de hwɛ ne nhomasua mu mmɔdenbɔ. Nea ɛho hia kɛse ne gyinapɛn ahorow a onya, n’abrabɔ mu gyinapɛn, ne nneyɛe, ne ne nsusuwii. Nanso hena na abofra onyin wɔ eyinom mu no ho asɛyɛde da ne so titiriw?

Obi a wayɛ sukuu ɔfotufo bere tenten bua sɛ “ɛyɛ awofo no de. Nhomasua nhyehyɛe botae titiriw ne sɛ ɛbɛboa awofo ma wɔanya mma a wɔanyinyin ayɛ mpanyimfo a wotumi di asɛyɛde ho dwuma na wɔanya adwene, honam, ne nkate mu onyin a eye.”

Sukuu afotufo a wɔtete saa no taa hu nea etumi yɛ adwuma ne nea entumi nyɛ adwuma wɔ mmofra a wonyinyin yɛ mpanyimfo a wɔasesɛw wɔn yiye no mu. Roddy Cameron a ɔyɛ ɔfotufo foforo saa ara no adi nsɛm ɔhaha pii ho dwuma wɔ mfe no mu. Nyan! bisaa no sɛ: “Dɛn na mmofra hia paa ankasa na ama wɔadi yiye?”

Bere a wadwen ho kakra akyi no, obuae sɛ: “Sɛ wokyerɛ me abofra a wahaw a, hokwan a ɛkɔ soro wɔ hɔ sɛ metumi akyerɛ wo awofo a wɔahaw.” Bere a ɔretĩ ne osuahu ahorow a onyae wɔ awofo a wɔte saa a ɔne wɔn kasae mu no mu no, ɔkae sɛ: “Bere a wɔrebɔ mmɔden akyerɛkyerɛ nea enti a wɔyɛ adwuma dennen saa na wɔtaa fi fie mpɛn pii saa no mu akyerɛ me no, ɛkame ayɛ sɛ bere nyinaa nea wɔka ne sɛ wɔpɛ sɛ wɔma wɔn mma nea wɔn ankasa nsa anka.”

Nanso, so honam fam nneɛma a awofo pii nsa anka bere a wosusua no ne nea wɔn mma hia ankasa? So kar a ne bo yɛ den, ntade a ɛyɛ fɛ, ne akwamma a wokodi wɔ aburokyiri ho hia na ama asuafo adi yiye ayɛ wɔn a wɔasesɛw wɔn yiye? Cameron bisae wɔ ɔkwan a na onnye mmuae so sɛ: “Mfomso bɛn na ɛwɔ ɔbam, ano a wɔfew, ɔdɔ, asoyɛ mu? Eyinom mmɔ ka biara, nanso ɛnonom ne nneɛma a mmofra hia sen biara.”

Bere, Ɔdɔ, ne Wɔn ho a Wodwen

Ɔhwɛ a efi ɔdɔ mu ne mmofra ahiade titiriw. Na ɔkwan a etu mpɔn sen biara a awofo betumi afa so de ama ne sɛ wɔde wɔn ho, wɔn bere, bɛma a pɛsɛmenkominya nnim, na wɔremfɛre sɛ wɔbɛda nokware dɔ a wɔnsɔw ano ne wɔn ho a wodwen a emu dɔ adi. Ɔkyerɛwfo bi kae sɛ akyɛde a ɛsen biara a obi betumi de ama ɔfoforo ne sɛ “ɔwɔ hɔ.”

U.S. National Institute for Mental Health no bɔɔ awofo a wɔatumi adi nkonim ho nhwehwɛmu bi ho amanneɛ wɔ nhomawa Plain Talk About Raising Children no mu. Wɔkyerɛe sɛ wɔne wɔn a wɔn mma boro mfe 21 “a wɔn nyinaa ayɛ mpanyimfo a wɔn ho wɔ mfaso a ɛda adi sɛ wɔsesɛw wɔn yiye ma ɛne yɛn asetra hyiae.” Wobisaa mmofra a wɔasesɛw wɔn yiye yi awofo sɛ: ‘Ɛde gyina w’ankasa osuahu so no, afotu a eye sen biara a wubetumi de ama awofo afoforo ne dɛn?’ Mmuae a na wɔtaa de ma ne sɛ: ‘Dɔ pii,’ ‘fa nteɛso a esiesie ade ma,’ ‘mommom ntra ase,’ ‘kyerɛkyerɛ wo mma ma wonhu papa ne bɔne mu nsonsonoe,’ ‘munnya obu mma mo ho mo ho,’ ‘tie wɔn ankasa,’ ‘fa akwankyerɛ mmom ma na ɛnyɛ ɔkasa,’ ne ‘di nokwasɛm akyi.’

So ɛte sɛ nea ɛno yɛ bosoo, atetekwaasɛm? Nanso, awofo betumi abisa wɔn ho sɛ: ‘Sɛ biribi tumi yɛ adwuma a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ wogyaw na wɔkɔfa biribi foforo, biribi a entumi nyɛ adwuma?’ Yiw, bere, ɔdɔ, ne wɔn ho a wodwen ka bom yɛ amaa a ɛka mmusua fam ho. Ɛyɛ awofo ofie adwuma sɛ wode saa ahiade atitiriw yi bɛma wɔn mma. Wɔn adwuma no a wɔbɛyɛ no bɛboa wɔn mma no ma wɔayɛ adesuafo a wodi yiye ne afei mpanyimfo a wodi yiye. Ɔkwantiaa biara, nsiananmu biara nni hɔ, te sɛ honam fam nneɛma a wɔde bɛma wɔn na wɔasusuw sɛ ɛno de nsonsonoe bi bɛba.

Wotumi de Toto Nnua Ho

Wɔ akwan pii so no, mmofra nyin te sɛ nnua. Okuafo a odi yiye nim nea egye na wanya nnɔbae pii​—asase pa a wɔasiesie; owia; nsu; adɔw; ne banbɔ. Mpɛn pii no wohyia mmere a emu yɛ den ne akomatu, kosi otwa bere no mu pɛɛ. Nanso sɛ akuafo a wodi yiye no hu akatua a wɔnam ɔbrɛ pii mu anya no a, wɔhoahoa wɔn ho dɛn ara!

Ampa ara, ɔdesani nkwa som bo kɛse koraa sen okuafo nnɔbae! Enti, so ɛsɛ sɛ wɔhwɛ kwan sɛ wɔde mmɔdenbɔ kakraa bi benya nea wɔpɛ no? Awofo a National Institute of Mental Health yɛɛ nhwehwɛmu wɔ wɔn mu, ne awofo ne adesuafo pii a Nyan! bisabisaa wɔn nsɛm mfe abien a atwam no mu no kyerɛ sɛ ɛnte saa.

Ɔwofo a odi nkonim no nim sɛ abofra a wɔtete no gye ahofama bi. Ɛsɛ sɛ ofie tebea no yɛ nea eye a ɔhyew ne ntease pii wɔ hɔ. Wɔ ɔkwan a ɛyɛ brɛoo ne nea ɛkɔ so daa so no, ɛho hia sɛ awofo ma wɔn mma nya adesua ne asetra ho anisɔ. Wohia sɛ wɔde ntoboase sesɛw wɔn, wɔwɛn wɔn, na wɔnam mmoa so ne wɔn kyɛ mmere a emu yɛ den ne akomatu a ɛka asetra kwan biara no. Sɛ awofo yɛ eyinom a, hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ nea wobetwa no bɛyɛ abofra a odi yiye a onyin yɛ ɔpanyin pa no yɛ kɛse.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 17]

‘Kyerɛ me abofra a wahaw, na hokwan a ɛkɔ soro wɔ hɔ sɛ metumi akyerɛ wo awofo a wɔahaw’

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 17]

Bere, ɔdɔ, ne wɔn ho a wodwen ka bom yɛ amaa a ɛka mmusua fam ho

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena