Nea Enti A Mmofra Rewuwu
Wɔ bere a ebegye wo ma wode akenkan saa kasamu yi awie no, na mmofra baasa awuwu a anka ɛho nhia sɛ ɛba saa.
NANSO ɛnyɛ nsuyiri anaa ɔkɔm anaa ɔpɛ na ɛretew mmofra nkwa so a biako wu anibu abien biara a ɛyɛ ahodwiriw no. William U. Chandler kyerɛw wɔ Worldwatch Institute amanneɛbɔ State of the World 1986 no mu sɛ: “Mmofra pii wuwu efisɛ wonntwa wɔn nufu yiye mmom sen sɛ anka ɛbɛyɛ nea efi ɔkɔm. Mmofra pii wuwu efisɛ wɔn awofo nnim sɛnea wobedi ayamtu ho dwuma mmom sen sɛ anka ɛbɛyɛ nea efi owuyare. . . . Nhwehwɛmufo nyinaa gye tom sɛ mmofra bɛyɛ ɔpepem 17 wuwu afe biara esiane nea eti nnuan pa a wonnya, ayamtu, atiridii, emu yare, ntoburo, nkɔnkɔn, ne asensen mu ba nti. Ɛkame ayɛ sɛ saa owu yi nyinaa sisi wɔ Wiase Aman a Ɛto so Abiɛsa no mu.”
Nokwasɛm bi a ɛyɛ ahodwiriw ma saa adehwere yi mu awerɛhosɛm no mu yɛ den. Chandler toa so sɛ: “[Saa owu yi mu] fa kosi abiɛsa mu nkyem abien so yɛ nea anka wobetumi abɔ ho ban denam ɔkwantiaa so.” (Yɛn na yɛde nkyerɛwee soronko akyerɛw afa bi no.) Yiw, ɛho nhia sɛ awofo a wɔwɔ aman a afei na wɔrenya nkɔso mu no twɛn nniso no nhyehyɛe akɛseakɛse anaasɛ akwahosan dwumadi a emu trɛw no. Nea wɔbɛyɛ de agye wɔn mma nkwa no wɔ hɔ dedaw! Nea wohia nyinaa yɛ ɔpɛ a wobenya sɛ wobesua na wɔde akwan bi a ɛyɛ ntiantiaa na ne bo nyɛ den no bedi dwuma. Enti yɛto nsa frɛ wo sɛ kenkan amanneɛbɔ a efi Nyan! akyerɛwfo a wɔwɔ Afrika aman abien mu hɔ no. Yɛwɔ anidaso sɛ ɛnyɛ sɛ saa nsɛm yi bɛyɛ nea ɛde kaseɛbɔ ma nko na mmom ebetumi agye nkwa nso.