Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g89 6/8 kr. 3-4
  • Nneɛma Bo A Ɛrekɔ Sobo​—Sɛnea Ɛka Nnipa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nneɛma Bo A Ɛrekɔ Sobo​—Sɛnea Ɛka Nnipa
  • Nyan!—1989
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Basabasayɛ a Ohia Ma Ɛba no
  • Hena na Ɛsɛ Sɛ Wɔde Asodi no to no So?
  • Nneɛma Bo Kɔ Ara Na Ɛrekɔ Soro Wɔ Wiase Baabiara—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • So Nneɛma Bo A Ɛkɔ So Yɛ Den No Bɛba Awiei Da Bi?
    Nyan!—1981
  • Dɛn Nti Na Asetra-Mu-Ayɛ Den?
    Nyan!—1989
  • Ɔfã 1—Wɔ Sika Ho Dadwen Mpokyerɛ Mu
    Nyan!—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1989
g89 6/8 kr. 3-4

Nneɛma Bo A Ɛrekɔ Sobo​—Sɛnea Ɛka Nnipa

Efi Spain Nyan! kyerɛwfo hɔ

ƆBEA warefo bi a ɔwɔ India kae sɛ: “Yɛagyae tomatese di koraa efisɛ ne bo yɛ den dodo. Na aduaba de menkae da a etwa to a metɔɔ bi.”

Mexiconi bi a ɔyɛ adwuma wɔ ntamawembea a ɔrebɔ mmɔden ahwɛ abusua a emufo yɛ baanum de ɛyaw ka sɛ: “Yentumi ntɔ mpaboa anaa ntade. Mfirihyia anan a atwam ni no na yenni sika pii de nanso na biribiara bo nyɛ den. Ɛnnɛ sika nye mma hwee.” Wɔ ne man mu no adetɔ tumi a peso wɔ no kɔɔ fam ɔha biara mu nkyem 35.4 wɔ 1982 ne 1986 ntam.

Muhammed el-Ghani yɛ anadwo wɛmfo wɔ Cairo, Egypt, beae a ahiade ahorow bo bu bɔɔ ho abien wɔ asram dumien pɛ mu no. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Yɛtra ase da biara nanso nna no bi wɔ hɔ a yentumi nnya nea yebedi.”

Wɔ Brazil no, na ɛsɛ sɛ mmɔborɔni bi a onyaa keteke akwanhyia de mfirihyia 20 twɛn asennibea gyinaesi wɔ sika a ɛsɛ sɛ wotua ma no no ho. Akyiri yi wɔkae sɛ wɔde bere a akwanhyia no sii no mu akatua a esua koraa wɔ ɔman no mu no fã betua no ka ɔsram biara. Nanso, esiane nneɛma bo a na ayɛ den nti na sika yi ntumi ntua bɔs a ɔforo kogyee akatua no mpo ka.

Bere a Bala a ofi Nigeria, a ɔwɔ mma baasa dedaw no tee sɛ ne yere awo ahennasã no, ɔtɔɔ piti. Ɛwom po sɛ na ɔyɛ nnwuma ahorow abien de nanso na ɛyɛ den sɛ sika a abusua no nya no bɛso nneɛma a ɛho hia no totɔ, na na nnuan bo kɔ so ara yɛ den. Onim sɛ ɛbɛyɛ den sɛ obenya nneɛma a ehia wɔ asetra mu no ama ne mma. Na wayɛ krado sɛ ɔde nkokoaa no bɛma nkurɔfo.

Ebia ɛbɛsono nkyerɛkyerɛmu ahorow no de, nanso saa na ɛte wɔ wiase nyinaa. Nneɛma bo kɔ so yɛ den. Wɔ nnipa pii fam no brodo ne nufusu abɛyɛ asetrade a ɛho nhia ankasa, na wɔntaa nnidi mprɛnsa da koro. Amanneɛbɔ bi a efi Nigeria ka sɛ: “Adefo nkutoo na wotumi tɔ brodo a anka ɛyɛ aduan a Nigeriafo taa di no. Ɛmo yɛ nea wodi no afahyɛ mmere mu.”

Ebinom ma ɔhaw no ano brɛ ase denam nnɔnhwerew pii a wɔde yɛ adwuma no so, nanso adwumayɛ yɛ den ma ebinom anaasɛ wonnya bi nnyɛ mpo. Ɛhyɛ wɔn ma wɔde da biara da si hɔ de yɛ adwuma a ɛmma awiei da a wɔyɛ de hwehwɛ aduan nanso wɔntaa nya no. Wɔ wɔn fam no ɛnyɛ asetra mu a ɛyɛ den ano a ɛsɛ sɛ wogyina ho asɛm, mmom no, ɛyɛ pere a ɛsɛ sɛ wɔpere na wɔatumi atra nkwa mu.

Nea ɛtaa de ɔhaw yi ba ne nneɛma bo a ɛkɔ so yɛ den no. Ebia wɔbɛtoto akatua nso mu, nanso ɛne nneɛma bo a ɛkɔ so yɛ den no ntaa nhyia. Wɔn a eyi ka wɔn kɛse ne wɔn a wonya akatua pɔtee bi bere nyinaa, te sɛ wɔn a onyin ama wɔagyae adwumayɛ anaasɛ wɔn a wonni adwuma a wɔyɛ no. Wɔ wiase no mu aman a wonnyaa nkɔanim pii mu no, asetra mu gyinapɛn no akɔ fam kɛse wɔ nnansa yi mfe no mu. Wɔ wiase nyinaa no, wobetumi aka no nokware mu sɛ ɛwom sɛ ebia adefo no kɔ so nya wɔn ho bere nyinaa de, nanso ɛda adi pefee sɛ ahiafo hia mu kɔ so yɛ den. So eyi te saa wɔ wo man mu anaa?

Basabasayɛ a Ohia Ma Ɛba no

Ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa pii ma wɔn nne so kasa tia eyi. Sɛ nhwɛso no, akyerɛkyerɛfo ahiafo a wofi Chiapas ne Oaxaca sisii ntamadan wɔ Mexico City borɔn titiriw no so a wɔwɔ anidaso sɛ wɔn apesi no de sikasɛm mu atɛntrenee bɛba. Wɔn mu biako kae sɛ: “Wɔresisi nkurɔfo.” Wɔ aman afoforo mu no basabasayɛ ba bere a nneɛma bo kɔ soro mpofirim no.

Nsɛmmɔnedi a ebinom ka ho asɛm sɛ ɛyɛ ahiafo anidan a ɛyɛ hu a wɔyɛ wɔ sum ase de tia adefo no nso renya nkɔanim. Polisifo nhyiam bi kae sɛ amanaman ntam mmofra asoɔden a ayɛ kɛse no fi ohia a wontumi nyɛ ho hwee a aka amanfo pii no. Ɛtɔ mmere bi a sikasɛm mu abasamtu dan biribi a ɛyɛ hu. Wɔ India nkuraa abien bi ase wɔ 1987 mu no, apaafo a ɔkɔm de wɔn ɔhaha pii a wɔtee nka sɛ wɔn nsase wuranom a wɔanya wɔn ho no sisi wɔn no kunkum adefo bɛboro 50.

Hena na Ɛsɛ Sɛ Wɔde Asodi no to no So?

Wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu no, wɔaboa ahonyade ano asen bere biara a atwam. Nanso sɛnea yɛbɛka no wɔ nyansakwan so no, bere a afeha yi rekɔ awiei no, ohia kɔ so memene nnipa ɔpepem pii. Bɔhyɛ ahorow a ɛfa daakye bi a eye kyɛn so ho, sikasɛm mu nsakrae pa a ɛbɛba, akatua a eye a obiara benya, ne nyinaa taa yɛ amansɛm mu adaeso ara kwa.

Hena anaasɛ dɛn so na ɛsɛ sɛ wɔde asodi no to? Nnipa pii de asodi no to wɔn nniso horow so. Ebia nniso horow no nso de asodi no bɛto aman afoforo mu sikasɛm nhyehyɛe ahorow no so. Wɔakasa atia wiase mũ no nyinaa sikasɛm nhyehyɛe no denneennen nso. Nokwarem no, nsɛnnennen no mu yɛ ohuna na ano aduru nya yɛ den. Wɔ asɛm a edi hɔ no mu no, yebesusuw mfitiase nneɛma a ɛde asetra mu a ayɛ den no ba binom ne nea ent a ɛyɛ den dodo sɛ wobenya ano aduru no ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena